N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
July 22, 2026

Jehovah Jireh 56-0224

Wonim, nkorɔfoɔ ani gye nipadua yi ho paa. Oh, me. Ɛnkyɛree na megyina tete nneɛma akoraeɛ kɛseɛ bi nkyɛn.
Na mmeranteɛ mmienu gyina hɔ rehwɛ onipa nipadua, onipa bi a ne mu duru yɛ hundred and fifty pounds, a ne boɔ a ɔsom yɛ eighty-four cents wɔ chemicals mu. Eighty-four cents, wobɛtumi asusu ɛno ho? Wobɛhyɛ hundred dollar suit wɔ eighty-four cents so, bɛhyɛ ten dollar kyɛ a ɛfiri Stetson wɔ ne ti so. Anuanom mmaa no bi de two hundred mink coat bɛkyekyere eighty-four cents ho na wɔanante abɔntene so. Sɛ nsuo tɔ a anka ɛbɛfa wo. Rehwɛ saa eighty-four cents no so yie…Saa na ɛteɛ. Ɛno ara ne wo nipadua no boɔ. Nanso wo wɔ ɔkra a ne boɔ som ewiase nom ɔpepem du. Ɛno nso ɛ? Amen. Saa ɔkra no nso ɛ? Ampaniampaa wobɛhwɛ eighty-four cents no so yie, nanso ɔkra a ne boɔ som wiase nom mpem du no nso ɛ? Ɛno nso ɛ?
Onuabarima, ɛsɛ wo sɛ wote woabrabɔ ho ma Yesu Kristo, di N’akyi, dɔ No, siesie wo ho ma Ne mmaeɛ.

Dabiara Paanoo
Na moanante sɛdeɛ
ɛfata Awurade…
Kolosefoɔ 1:10

An Independent Church of the WORD,