Quote of the Day
July 21, 2026
Onipa A Owie Pɛyɛ Kɛseyɛ 62-1014M
Sɛ wo wu a, mo twe mogya no firi onipa no mu, mo hyɛ no aduro. Ɔhaw a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔn mu dodoɔ no wɔnhyɛ wɔn aduro. Wo twe mogya no firi onipa no mu a, ɔkɔ. Afei adeɛ nkutoo a wo yɛ ne sɛ wo de mogya foforɔ bɛsan agu ne mu; ɔrebɛtena ase bio. Wo twee ne mogya firii ne mu.
Na seesei yɛde Yesu Kristo Mogya agu mu, hwɛ, na ɛno de Yesu Kristo gyidie ba, ahoɔden a ɛfiri Yesu Kristo, nimdeɛ a ɛfiri Yesu Kristo, anidahɔ a ɛfiri Yesu Kristo, boasetɔ a ɛfiri Yesu Kristo, nyamesom pa a ɛfiri Yesu Kristo, onuadɔ a ɛfiri Yesu Kristo, ɛne Nyankopɔn dɔ, a ɛyɛ Yesu Kristo. Ɔno ne Etire no ɛna Ɔdi wo soɔ. Na wo nan ne fapem no, gyidie. Amen! Etire no na Ɛdi soɔ, ɛfa ɔno…?…Ɛhɔ na wowɔ no. Onyankopɔn nipa a owie pɛyɛ na ɔwɔ hɔ no, ɛberɛ a wowɔ saa nneyɛɛpa yi.
Dabiara Paanoo
Enti monwie pɛyɛ, sɛdeɛ mo Agya a Ɔwɔ soro no wie pɛyɛ.
Mateo 5:48