N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
November 24, 2026

Abraham Ne N’aseni A Ɔdi N’akyi 61-0416 .

Nhwɛ wo ho; hwɛ w’Afɔrebɔdeɛ no. Onyankopɔn nhwɛ wo; Ɔhwɛ w’Afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ Kristo no. Nhwɛ wo ho. Me mfata; Wo nfata; Obiara nni hɔ a ɔfata; Nanso ɛyɛ Ɔno. Memfa me ho nto deɛ mayɛ so, deɛ me yɛ, anyɛ saa a me nnuru botaeɛ no da. Na mmom merehwɛ deɛ Ɔnoo yɛɛeɛ. Ɛhɔ na m’ahotɔsoɔ wɔ: deɛ Ɔyɛeɛ. Ɔno ne m’afɔrebɔdeɛ. Me nfata ayaresa. Dabi, owura. Awurade, anka ɛsɛ sɛ mawu dadaada, na anka ɛnsɛ sɛ wɔwo me mpo da. Nanso mete ase; Me wɔ daa nkwa; Merekɔ Ɔsoro ahemman mu. Adɛn? Ɛfirisɛ Ɔyɛ maa me. Na ɛyɛ Ɔno a. Ɔsii m’ananmu. Na me yɛ ananta, ani a anyam wɔ tebea biara mu, nanso Ɔsii m’ananmu.

Sɛ yɛreka no honhhom afam a, na makyeakyea ayɛ bisibisi basaa, nanso Ɔsii m’ananmu; Enti Ɔyɛ me Onyankopɔn ba barima a me wie pɛyɛ, Onyankopɔn ba baa a ɔwie pɛyɛ. N’afɔrebɔdeɛ no na ɛyɛeɛ, ɛnnyɛ me deɛ.

Na me nni hwee yɛ wɔ ɛho. Wɔwoo me biara biara a na menfata. Nanso me–menfa meho nto deɛ mayɛ so. Me de me ho to deɛ Ɔyɛeɛ so (wahu?), sɛnea na Ɔteɛ no, saa ara na na Ɛteɛ.

Daa paanoo . Onipa ba no ammɛsɛe nnipa akra na Ɔbɛgyee wɔn nkwa. Luka 9:56

An Independent Church of the WORD,