Dɔfoɔ Akɔdeɛ A Wɔboaboa Wɔn Ano,
Ɛdeɛn ne ade kɛseɛ a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa yi a ɛtwetwe adwene yi? Nnipa a ɛfiri wiase afannaa nyinaa reboaboa wɔn ano prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, tete wɔn afiefie ne ɔɔmo nsɔre mu de akwanhwɛ kɛseɛ, retwɛn sɛ wɔbɛte sɛ Onyankopɔn Nne ɛkasa kyerɛ wɔn.
Ɛyɛ nwanwa na nteaseɛ nnim ma wiase sɛ wobetie tapes no ara kɛkɛ. Wɔka sɛ yɛbɛtumi atie tapes no ɛberɛ biara. Woretie wɔ ɛberɛ korɔ mu mfa hwee mma. Ɛsɛ sɛ wotie ɔsom adwuma bi a ɛyɛ live, ɔsɛnkafoɔ bi, na ɛnyɛ tapes kɛkɛ. Wɔabɔ atenaseɛ wɔ wɔn atetesɛm nom mu.
Biribiara a ɛte sɛɛ nsii da wɔ wiase abakɔsɛm mu. Ɛdeɛn na atwetwe saa nkorɔfoɔ yi adwene ama wɔn nyinaa aka wɔn ho abom ɛberɛ korɔ mu sɛ wɔbɛtie saa Ɛnne no sɛ ɛfrɛ N’Ayeforɔ no? Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔrehyɛ Luka etire du nson nkyekyɛmu aduasa ma. Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔrehyɛ Adiyisɛm etire du nkyekyɛmu nson ma. Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔrehyɛ Hebrifoɔ 13:8 ma, Melkisedek wɔ onipa honam mu, sɛnea Ɔyɛ kyerɛɛ Abraham no.
Wɔretwɛn ɛna wɔde wɔn adwene rebubu sɛ, ɛdeɛn na Ɔbɛka? Ɛdeɛn na ɛbɛsi sɛ Ɔhyɛ aseɛ sɛ Ɔkasa a? Wɔpɛ sɛ wɔwɔ hɔ wɔ hook-up no so na wɔanya biribiara a Ɔka. Wɔpɛ Ɛno. Wɔpɛ sɛ wɔne Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa tie Ɛno wɔ ɛberɛ korɔ mu. Ɛfiri sɛ wɔgye di sɛ ɔno ne ɛnne a Onyankopɔn yii sɛ ɔnyɛ Ne Nne a ɛbɛfrɛ na adi N’Ayeforɔ anim.
Ɛwom sɛ ɛberɛ mu no nnɔnhwere pii na ɛda wɔn ntam deɛ, nanso wɔn nyinaa abom sɛ ƐKORO BAFUA, sosɔ wɔn nkrato-fidie, retie saa Ɛnne no kasa kyerɛ wɔn firi wɔn Fie Asɔre mu. Wɔtete Ɔba no animpa, rebere ɛna wɔretwɛn Mesia no Mmaeɛ no.
Wɔn akoma rebɔ ntɛmntɛm. Honhom Kronkron no reda deɛ ɛrekɔ so adi akyerɛ wɔn. Onyankopɔn atwɛn de bɛsi ɛda wei sɛ Ɔbɛda N’Asɛm adi na Waboaboa N’Ayeforɔ ano. Ɛrekɔ so, na wɔyɛ Ne fã bi. Deɛ ɛrekɔ so no mu nokwasɛm resosɔ gu wɔn akoma mu. Wɔakenkan ɛho asɛm wɔ Twerɛnsɛm no mu mfie ɔha nom pii, nanso saaberɛ yi ne adekann no. Asɛm no mu Adiyie no nam wɔn so reda adi. Odiyifoɔ no nkɔmhyɛ nom no reba mu.
Ɛberɛ a wɔte Ne Nne a ahoɔden wɔ mu wɔ saa ngosra kɛseɛ no ase no, Ɔpaa mu ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsiesie wɔn ho; ɛfiri sɛ anadwo yi ɔrebɛbɔ mpaeɛ ama wɔn mu baako biara. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ sɛ ɔhyɛ aseɛ sɛ ɔrebɔ mpaeɛ no a, monfa mo nsa nto wɔn a wɔyareɛ no so, ɛfiri sɛ Onyankopɔn su a ɛwɔ baabiara no ka wɔn ho wɔ baabiara, ɛmfa ho baabi a wɔwɔ: Texas, wɔ California, wɔ Arizona soro hɔ, Amerika Anaafoɔ, mpo kɔ asese a ɛwɔ kwaeɛbirentuo mu wɔ wiase afa no aka no. Baabiara a wɔretie afiri no, momfa mo nsa ntoto moho moho so sɛ yɛhyɛ aseɛ sɛ yɛrebɔ mpaeɛ a na Onyankopɔn bɛsa wɔn mu biara yareɛ, sɛ wɔgye di a, ɛfiri sɛ Ɛno yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie.
Afei na wɔate aseɛ sɛ ɛnam mfirinhyia biara ne odiyifoɔ biara a aba anaa ɔbɛba so no, yɛbɛnya nnipa dodoɔ bi a wɔahyɛ ato hɔ sɛ wɔbɛtie saa Nkransɛm no, na wɔbɛdi Ɛno akyi. Wɔbɛbu wɔn ani agu nnipadɔm no so. Wɔbu wɔn ani gu annyeanie a ɔhwehwɛ mfomsoɔ a ɔka sɛ ɛyɛ mfomsoɔ
anaa sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn kwan a Ɔde ama no. Wɔne wɔn nni akyinnyegyeɛ biara. Wɔwɔ adeɛ baako a ƐSƐ SƐ WƆYƐ, ɛno ne sɛ wɔbɛgye adi ɛna sɛ wɔbɛnya Ne mu biribiara a wɔbɛtumi, anonom Ɛno akɔ mu te sɛ Maria a ɔtenaa Yesu Nan ase no. Ɛnnyɛ wɔn aniwuo, ɛyɛ ahohoahoa ara ma wɔn sɛ wɔbɛka sɛ ɔyɛ tape boy anaa tape girl a “ɔpresse play”.
Saa Ɛnne no abɔ wɔn kɔkɔ dada sɛ yɛbɛnya wɔn a wɔasra wɔn ngo wɔ awieɛ berɛ no mu a wɔbɛnya ngosra akɛseɛ, Honhom Kronkron no. Wɔbɛyi odiyifoɔ no nsɛm aka ɛne ɛdɔn no mu Nkransɛm no; de bɛto wɔn ho so sɛ agyidifoɔ, nanso wɔyɛ atorɔ ngosrafoɔ.
Wɔbɛbɛn ngosra kann no ara a ma sɛ anka ɛbɛyɛ yie a, ɛbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn ankasa no, nanso wɔnim sɛ wɔrentumi nnaadaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na WƆYƐ ASƐM NO. Wɔn na wɔyɛ nokorɛ Ayeforɔ no a wɔne Onyankopɔn Nne no tenaeɛ no.
Saa Ɛnne no paa mu ka kyerɛ wɔn sɛ ɛwɔ saa da yi mu no Ɛrenyɛ lemon, anaa grapefruit. Ɛno bɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛwɔ mu no. Mmom ɛbɛyɛ tangelo, lemon fã, ankaa fã, awoɔ mu afrafraeɛ. Ɛbɛyɛ te sɛ ankaa ara pɛ, nanso ɛrenyɛ yie, ɛfiri sɛ saa nkorabata foforɔ no bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu ɔha te sɛ mfitiaseɛ deɛ no. Wɔne saa mfitiaseɛ Ɛnne Asɛm no BƐTENA. Wɔrentu anamɔn wɔ Atoprɛ so. Wɔne onii ko no a Onyankopɔn no Ankasa paa mu kaa sɛ ɔyɛ NE NNE, N’ASƐM, a Ogya Fadum no ada mu nokorɛ adi no bɛtena.
Ɛdeɛn na ɛrekɔ so yi?
Onyankopɔn Aba a wɔahyɛ no ato hɔ no ntumi nyɛ biribi foforɔ biara gye sɛ wɔbɛdi akyire na wɔatie saa Ɛnne no, ɛfiri sɛ Ɛsom boɔ pii ma wɔn kyɛn nkwa. Wobɛtumi agye wɔn nkwa, nanso wontumi nnye saa Ɛnne no.
Ɛdeɛn ne adeɛ a ɛtwetwe adwene no?
Onyankopɔn, sɛnea Ɔtaa yɛ no, rehyɛ N’Asɛm ma.
Bra bɛka yɛn ho na yɛ odiyifoɔ no nkɔmhyɛ a ɛrehyɛ ma no fa bi Kwasiada yi wɔ prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie sɛ Twerɛnsɛm reda adie.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: 65-0725E “Ɛdeɛn Na Ɛtwetwe Aniwa Wɔ Bepɔ No So No?”
Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Mateo 21:1-4
Sakaria 9:9 / 14:4-9
Isaiah 29:6
Adiyisɛm 16:9
Malaki 3:1 / Etire a ɛtɔ so nan
Ɔhoteni Yohane 14:12 / 15:1-8
Ɔhoteni Luka 17:22-30