Message: 60-0518 Abayɛ #2
Ɛwoɔ Dɔfoɔ,
Moasiesie mo ho, Onyankopɔn mmamrima ne mmammaa a moada mo ho adie na wɔagye mo abayɛ sɛ mo bɛ bɔ mu atena ɔsoro mmeaeɛ hɔnom, ɛne Ayeforɔ no a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa aka abom, sɛ mo bɛtie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛkasa firi ano gu aso mu anaa?
Aane!!! Yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛka onipa ko a yɛyɛ pɛpɛɛpɛ kyerɛ yɛn.
Mefrɛ mo “ɛwoɔ” ɛfiri sɛ moyɛ. Mo—moyɛ me ɛwoɔnom. Monim biribi? Ma…Twerɛsɛm bi ɛba ɛhanom. Paulo kaa sɛ, “Metwe mo ho ninkunu (N’Asafo) Nyame sɛsoɔ mu ninkunu, ɛfiri sɛ megye mo awareɛ.” Ɛna ɛda hɔ no, ɛno na ɛwɔ no. Ɛno ne no. “Ɛfiri sɛ megye mo awareɛ, ɛyɛ mo ho adeɛ ma Kristo, sɛ ɔbaabunu a efi nni ne ho.”
Animuonyam nka Onyankopɔn, Ne bɔfoɔ de yɛn ama No awareɛ. Yɛyɛ mmaabunu a efin nni yɛn ho ma N’Asɛm, saa Nkransɛm yi, ma Ne Nne a ɛwɔ tapes no so no. Seesei wɔayɛ yɛn ho adeɛ ama Kristo.
Yɛbɛyɛ krado na yɛawura akwanhwɛ kɛseɛ mu Kwasiada. Yɛreba abɛkeka yɛn nsateaa, atiti yɛn kra, na yɛatwetwe yɛn akoma nom. Prɛko bio yɛbɛsan ateatea mu, reyi Awurade ayɛ, akeka mu “amen, haleluia”, te sɛ ɛberɛ a anɔpa nsoromma no bɔɔ mu too dwom na Onyankopɔn mma de anigyeɛ teateaa mu no; ɛberɛ a wɔhunuu nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no, ɛberɛ a Onyankopɔn de yɛn din nom too Ne Nwoma so ansa na ewiase fapem no.
Yɛbɛtumi ate aseɛ sɛ Papa Onyankopɔn atwɛn YƐN, firi wiase mfitiaseɛ, de bɛsi ɛnnɛ da yi anaa? Ɔhunuu baabi a yɛbɛda yɛn ho adi wɔ nna a ɛdi akyire no mu, na Watwɛn ɛna Wasi apinie sɛ yɛde Honhom Kronkron tumi no bɛsɔre ama Wada kokoa mu nneɛma a wɔde asie bɛsi ɛnnɛ no adie akyerɛ yɛn.
Mfirinhyia no nyinaa mu no, adiyifoɔ no atwɛn akɔsi saa ɛnna a ɛdi akyiri yi ama wɔada saa nneɛma yi adi. Papa Nyankopɔn kaa sɛ Watwɛn sɛ N’Asafo no bɛnyini afiri Lutheran mfirinhyia, Baptist mfirinhyia, Methodist mfirinhyia, Pentekose mfirinhyia, ɛna seesei akɔsi sɛ saa mmuasoɔ Boɔ no bɛtɔ so pɛɛ. Afei na wɔawie Ɛdansie no.
Bɔhyɛ nna no a Awurade kaa ho asɛm na Ɔpɛɛ sɛ ɛba no, seesei ɛrekɔ so na ɛrehyɛma wɔ yɛn ani so…ƐNE YƐN MU. Seesei yɛwɔ Kristo Yesu mu, yɛte Ɔsoro asomdwoeɛ mu, Ɔsoro nhyiranom mu, Ɔsoro Honhom mu, baabi a biribiara yɛ yɛn dea. Yɛwɔ bɔhyɛ Asase no so na adeɛ nyinaa yɛ yɛn dea.
N’Aba a ɛdi kan no anyini awie na wɔhimm no wɔ N’Ayeforɔ no anim. Honhom Kronkron no san kɔbɔɔ Papa Nyankopɔn amanneɛ na Ɔkaa wei faa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no ho:
Wo bɔfoɔ no renyini wɔ adom mu! Ɔrehwanehwane ɛhono no. Ɔfa saa nnwan no na ɔtumi kora wɔn te sɛ Wo ara. Ɔmfa ɛpo mu nwira mma wɔn nwe da. Ɔmfa awuduro mma wɔn da. Sɛ wɔba bɛka sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔdɔm asɔre no a,’ ɔka sɛ, ‘Ka w’ano tom, wonhia ɛno! Daabi, owura. Deɛ mohia nie, “Monsakyera m’oadwene na wɔmmɔ mo mu baako biara asu, wɔ Yesu Kristo Din mu, mma mo bɔne fafiri. Mobɛnya Honhom Kronkron no akyɛdeɛ no.”’
“Oo, ampa ara saa na ɔka anaa?”
“Yiw, Owura, ampa ara ɔyɛ.”
“Wiɛ, ɛno ara ne sɛnea Me twerɛɛ Ɛno.”
“Ɛno ara ne sɛnea ɔka No.”
“Wonim biribi? Mehunuu Archbishop Asomasi sɛ ɔka kyerɛ no sɛ ɔntumi mma kuro wei mu na ɔmmɛyɛ nhyiamudie. Nanso, Wonim, ɛkɔ yɛɛ sɛ medii n’anim, mekaa sɛ, ‘Kɔ sɛnea ɛteɛ biara.’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛbɛyɛ ama no sɛ ɔbɛtwe ne tapes no nyinaa asan, na ɛmma no mpue nkɔ abɔntene. Yɛkɔɔ sɛnea ɛteɛ biara!”
“Ɔno ne Me ba a Magye no abayɛ a matwɛn no no. Afei Mɛtumi afa ne so akasa na Mada M’ahintansɛm a asuma nyinaa adi akyerɛ Me nnwan.”
“Papa Nyankopɔn nwanwani”
“Afei wobɛpɛ sɛ mede amanneɛ a ɛfa Wo mma afoforɔ no ho bɔ Wo anaa?”
“Yiw, wɔn ho te sɛn?”
“Oh Papa…Wode wɔn bɛhoahoa Wo Ho. Wɔsɛ wɔn Papa. Saa archbishop adadafoɔ no da so ara reka adekɔrɔ no ara kyerɛ wɔn, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ saa tape nsɔre no sɛ wɔkɔtie Wo Nne. Wɔ se tapes no nyɛ Nne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wɔtie; ɛnne nom a ɛho hia bebree wɔ hɔ saa berɛ yi.”
“Wonim deɛ Wo Nnwan no ka kyerɛ saa asɛnkafoɔ no?”
“KA W’ANO TOM, YƐNE TAPES NO RETENA, YƐNE ONYANKOPƆN ƐNNE NO RETENA.”
“Ampa ara wɔyɛ?”
“Yiw, Owura, wɔte sɛ Wo ara.”
“Oh, sɛnea ɛsi yɛ nwanwa. Ɛno ma M’ani gye paa. M’atwɛn wɔn akyɛ yie. Seesei wɔn nso ayɛ krado ma ABAYƐ!!”
“Wɔbɛgyinagyina wɔn adwumayɛbea Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, atie Wo Nne. Wɔbɛboa wɔn ano abom wɔ wiase afanaa nyinaa na wɔato nsa aferɛ obibiara sɛ wɔmmɛka wɔn ho”.
“Anwanwasɛm, MƐBA ABƐKA WƆN HO.”
Ouabarima Joseph Branham.
Nkaebɔ: Mma mo werɛ mmfiri Ɛdɔn mu Nsakraeɛ no.
Nkransɛm: Abayɛ #2 60-0518.
Twerɛnsɛm:
Genesis 1:26
Efesofoɔ Etire Baako
Romafoɔ 8:19
Galatifoɔ 1:6-9
Hebrifoɔ Etire Nsia
Yohane 1:17