Nkransɛm: 65-0418E Onyankopɔn Ɔsesa N’adwene Fa N’asɛm Ho Anaa?
Dɔfoɔ A Moasan Aba Nkwa Mu,
Sɛnea yɛn akoma nom tu kɔɔ soro te sɛ Akɔdeɛ wɔ Easter Naawɔtwe awieɛ yi. Ɛda akyi adekyeɛ biara, Ne ngosra no yɛɛ akɛseɛ ne akɛseɛ. Awurade Adidie, Amusieɛ No, Pɛyɛ No, afei mpɔnpɔnsoɔ kɛseɛ a na Wasiesie yɛn ama no: Ɛyɛ Awia A Ɛrepue No…ANIMUONYAM, WASƆRE na Ɔte ase wɔ yɛn mu biara mu. Na Ɔreda N’Asɛm adi akyerɛ yɛn mu biara ɛte sɛ deɛ yɛntee da. Ngosra no hyɛɛ yɛn akoma nom mu ma-ma, N’animpa hyɛɛ mframa no ma; na ɛte sɛ deɛ Ohwim no abɛn.
Ɔkaa deɛ na asie mfie mpem mmienu a atwam nie kyerɛɛ yɛn, ɛna afei deɛ ɛrekɔ soɔ seesei wɔ afe mpenu ne aduonu nsia mu. Na Yesu ne Onyankopɔn Ayuo Aba a Ɛdi kan a wɔanyane no afiri awufoɔ mu. Ná Onyankopɔn wusɔreɛ Tumi anyane No. Na Onyankopɔn akanyan Ne nkwa, anyane No afiri awufoɔ mu, na Ɔno na na Ɔyɛ aduaba a ɛdi kan wɔ wɔn a wɔdedaaeɛ no mu. Ɔno ne deɛ ɛdii kan nyiniieɛ, Onyankopɔn Afiafi a wɔhimm no sɛ ɛnaaseɛ nkaeɛdum ma Onyankopɔn, ɛregyedi sɛ yɛn a yɛaka no bɛba. Ná ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi.
AFEI ƆDAA DEƐ ƐREKƆ SO NNƐ ADI KYERƐƐ YƐN. Te sɛ deɛ wɔhimm no wɔ Pentekose Da no ɛberɛ a nyegyeɛ bi firi Ɔsoro baaeɛ te sɛ adeɛ a ɛrehim, ahum bi a ɛte sɛ mframa a ano yɛ den himm wɔ nkorɔfoɔ no so. Na ɛrehim bio wɔ nkorɔfoɔ no anim sɛnea Ɔhyɛɛ bɔ wɔ Luka 17:30 ne Malaki Etire 4, ɛberɛ a wɔbɛda onipa Ba S-o-n no adi na wɔasan ahim no bio wɔ nkorɔfoɔ no so.
Afei, Hwan ne Onipa Ba no? “Mfitiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na Ɔtenaa yɛn ntam.” Na sɛ nkyerɛkyerɛ a yɛwɔ nyinaa, ɛne Onyankopɔn Asɛm a wɔasi so dua a; ɛnam Onyankopɔn Asɛm so, ɛnam nsɛnkyerɛnneɛ nom so, ɛnam anwanwadeɛnom so, yɛhunu nnɛ, sɛ ɛwɔ —ɛwɔ Luka nwoma a ɛwɔ ha yi mu, sɛdeɛ yɛaka afiri mu pɛpɛɛpɛ seesei ara no, anaa ɛ—ɛ Luka ti du-nson ne nkyekyɛmu aduasa; ɛne Malaki tire nan, ɛne Twerɛnsɛm ahodoɔ a yɛnim no, sɛ wɔasan ahim saa Asɛm no bio wɔ nkurɔfoɔ no so, sɛ onipa atetesɛm a nkwa nni mu no awu, na Onyankopɔn Ba no te ase bio a Honhom Kronkron asubɔ no wɔ yɛn ntam pɛɛ, na ɛrema yɛn Nkwa.
Honhom Kronkron no kɔɔ so sɛ ɛrehim na ɛrehim wɔ yɛn so kɛkɛ, ɛreda na ɛreda N’Asɛm adi…Tumideɛ, Akekadeɛ, owusɔreɛ tumi…
Afei, ɛberɛ a ɛyɛɛ sɛdeɛ Ɛntumi nyɛ kɛseɛ no, Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ:
Ɔmaa mehwɛɛ twam-tam no akyi, na mehunuu mo nyinaa wɔ hɔ…Wɔn a wodɔɔ wɔn pɛn no nyinaa, ɛne wɔn a wɔdɔɔ wo nyinaa, wɔde ama wo”. Moahu? Mehunuu wɔn nyinaa te saa wɔ hɔ. Ná ɛyɛ ɛdeɛn? Owusɔreɛ Tumi.
ƆHUNUU YƐN WƆ HƆ!! Wɔ twamtam no akyi…na yɛne No wɔ HƆ; yɛn adɔfoɔ a wɔadi y’ɛanim kan nyinaa…ɛnanom, agyanom, mmɔfra. Na yɛne wɔn ne wɔn a yɛnhyiaa wɔn da nyinaa wɔ hɔ: Mose, Elia, Petro, Paulo….na yɛn nyinaa bom wɔ hɔ.
Afei, te sɛ Honhom Kronkron dɔfoɔ a Ɔyɛ no, na Ɔmpɛ sɛ ne werɛ bɛfiri yɛn a yɛyareɛ, yɛwerɛ ahoɔ na yɛahwe yɛn, enti Ɔhimm Ne ho wɔ yɛn so bio sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi anya ayaresa afiri biribiara a na yɛhia ho.
Saa nkorɔfoɔ yi a wɔyɛ Ahennie no mu mfɛfoɔ, wɔn a wɔwɔ Owusɔreɛ Tumi no, kanyan No ma wɔn, Awurade, mprempren yi ara. Na ma Honhom no mfiri ɔkɔdeɛ so nkɔ ɔkɔdeɛ so, mfiri Asɛm so nkɔ Asɛm so, kɔsi sɛ Yesu Kristo mãyɛ no bɛda adi wɔ nipadua no mu biara mu, ama honam fam, honhom mu, anaa ahiadeɛ biara a ɛhia wɔn, ɛberɛ a yɛde yɛn nsa to yɛn ho yɛn ho so. Wɔ Yesu Kristo Din mu.
Saa Asɛm no. Saa Ɛnne no. ADEƐBIARA a yɛhia no wɔ tapes no so, Ayeforɔ. Onyankopɔn nsesa N’adwene wɔ N’Asɛm ho. Ɛnyɛ ko baako anaa sɛ atifi asɛm baako na ɛbɛtumi asesa, enti Ɔbuee kwan bi a N’Ayeforɔ bɛtumi de wɔn ankasa aso ate deɛ Ɔpɛɛ sɛ Ɔka kyerɛ wɔn PƐPƐƐPƐ.
Onyankopɔn akasa akyerɛ N’Ayeforɔ ɛna Wada BIRIBIARA adi. Wɔatwe agu ahoma so. Ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no ba Ayeforokunu no nkyɛn; ɛno ne Ne Kwan a ɛwie pɛyɛ a wɔde ama ɛnnɛ. Ɛyɛ SƐ AWURADE SEƐ NIE.
Onyankopɔn sesa N’adwene wɔ N’Asɛm ho da anaa? DABI. Ɔwɔ APƐDEƐ BI A ƐWIE PƐYƐ NE APƐDEƐ A ƆMA HO KWAN. Ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no wɔ N’APƐDEƐ A ƐWIE PƐYƐ mu. Apɛdeɛ a ɛwie Pɛyɛ anaa sɛ, beaeɛ a ɛwie pɛyɛ biara nni hɔ bio a ɛkyɛn sɛ wobɛtie Onyankopɔn Nne tẽẽ afiri Onyankopɔn Ankasa hɔ.
Me nsatoɔ a mede ma mo mu biara ne sɛ mobɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, sɛ montie Onyankopɔn Nne no a Ɛde Asɛm Korɔgyenn no brɛ yɛn. Ɛnhia ɛyɛ-me-sɛ biara, tena ase kɛkɛ na gye ASƐM BIARA SO AMEN…. beaeɛ foforɔ biara nni hɔ a wobɛtumi ayɛ, gyesɛ PRESSING PLAY nkutoo so.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: 65-0418E — Onyankopɔn Sesa N’Adwene Wɔ N’Asɛm Ho Da Anaa?
Yɛbɛfiri aseɛ wɔ kasapɛn aduosia baako.
Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no.
Exodus 19
Numeri 22:31
Ɔhoteni Mateo 28:19
Luka 17:30
Adiyisɛm 17.