Nkransɛm: 61-0730M Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel
- 26-1122 Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel
- 25-0202 Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel
- 16-1124 Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel
Adɔfoɔ A Moapue Aba,
Ansa na Ɔyɛɛ Mpatadeɛ no, ansa na Ɔhwiee Honhom Kronkron no guu pɛn no, ansa na wɔtwerɛɛ Apam Dadaa no nyinaa too hɔ no, na deɛ ɛda adie nom no ntumi mma. Ná ɛsɛ sɛ ɛtwɛn kɔsi saa berɛ yi. Na Ɔretwɛn Ne diyifoɔ ɛna Ɔretwɛn yɛn!
Afei nneɛma nyinaa retotɔ n’akwan mu aduru tiboɔ, akɔsi sɛ Onyankopɔn mma a wɔda adie no resan aba. Onyankopɔn Honhom baa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no mu pɛpɛɛpɛ saa, kɔsii sɛ ne som adwuma no ɛne Kristo deɛ no bɛsɛ paa, kɔsi sɛ ɛbɛka Ɔno ne N’Asafo abom. Onyankopɔn regye Ne mma Abayɛ ama Ohwim a ɛreba no.
Ɛberɛ kɛseɛ paa bi a yɛanya ɛberɛ a Honhom Kronkron no rekasa kyerɛ yɛn na Ɔreda N’Asɛm adi no. Nneɛma akɛseɛ rekɔ so, wɔ wiase, ɛna ne titire paa, ɛwɔ Ayeforɔ no mu.
Ewiase afannaa ntawantawa abɛn pɛɛ. Yɛbɛtumi ayɛ mfuturo wɔ anibɔtɛtɛ biara mu. Ɔba nyansafoɔ biara bɛtumi ate amanneɛbɔ no, tie amanyɔfoɔ no na hunu sɛ biribi reba abɛsi. Ehu rebunkanfa wiase nnipa so.
Dodoɔ sɛn na motee deɛ wɔaka ato hɔ sɛ ɛbɛsie yi, sɛ ɛnuru Ɔpɛpɔn da a ɛdikan no, wɔaka ato hɔ sɛ United States ne Russia mmienu bɛyɛ asaase a anane mu nsõ? Ɛno ara ne deɛ yɛhia. Ɛberɛ retwa mu ntɛm kyɛn sɛnea yɛredwene no. Mohunu? Enti, sɛ yɛabɛn ara kɔsi sɛ asase yi so nnipa mpo reka ato hɔ ɛfa saa adeɛ kɛseɛ yi a ɛbɛsi yi ho a, ɛbɛyɛ ama yɛn sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ, biribiara wɔ ɛberɛ ano pɛɛ, awie paemuka nyinaa, biribiara ayɛ krado, ’firi sɛ yɛnnim berɛ korɔ pɛɛ a yɛn Awurade rebɛto nsa afrɛ yɛn. Na sɛ Ɔto nsa frɛ, “Mommra soro ha” a, ɛbɛyɛ ama mo sɛ mobɛyɛ krado. Na ɛbɛba wɔ ɛdɔn a monwene ho mu.
Honhom Kronkron no wɔ yɛn ntam, Ɔnam Ne diyifoɔ so rekasa kyerɛ yɛn, rema yɛn asiesie yɛn ho sɛ yɛbɛforo akɔtwa Yordan. Yɛwɔ nteaseɛ wɔ deɛ ɛrekɔsoɔ no ɛnam Nwoma no akenkan ɛne Ne Nne a yɛretie wɔ tapes no so no. Onyankopɔn nam Ne bɔfoɔ so rekasa wɔ tapes no so wɔ wiase afanaa nyinaa de kyekyere Ne nkorɔfoɔ werɛ na Ɔka kyerɛ wɔn, “yɛwɔ awieɛ berɛ no mu, nanso monnsuro wiase wei, ɛfiri sɛ Meka mo ho, mpo ƐWƆ MO MU. Moyɛ M’Asɛm a ayɛ honam. Monni BIBIARA A ƐBƐBƆ MO HU.”
Abosomenom nie, wanya yɛn wɔ Yesu Kristo Adiyie Nwoma adesua mu. Yɛafa Asafo Mfirinhyia no ɛne Abayɛ no mu, na seesei yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtie na yɛasua Daniel Naawɔtwe Aduɔson No.
Afei deɛ ɛba ne Nsɔano, Ɔhaw mmusuo, Mmusuo no, ntutummɛ no, ɔbaa a ɔwɔ owia mu no, ɛne wɔretutu ɔtweaseɛ kɔkɔɔ no ase no, nsɔano no, mpem ɔha aduanan-nan no, ɛne nneɛma nyinaa.
Te sɛ Daniel no, yɛrekenkan ɛna yɛretie deɛ odiyifoɔ no kaa sɛ ɛbɛba mu no. Twerɛsɛm rehyɛ ma. Ɛberɛ paa a ɛwɔ hɔ ma Ayeforɔ no sɛ ɔretie wei saaberɛ yi ɛne tebea a ewiase wɔ mu ɛnnɛ no.
Wasɔ Asafo no ano. Atirimuɔdenfoɔ rebɔ atirimuɔden bebree. Nsɔrensɔre reyɛ nsɔre pii. Ahotefoɔ no retwebɛn Onyankopɔn. Honhom no akyɛdeɛnom no refiri aseɛ sɛ ɛyɛ mmɔho wɔ akuo nketewa no mu. Yɛwɔ awieɛ berɛ no mu.
Yɛte aseɛ sɛ ɛnna a ɛdi akyire no mu no, ɔkɔm bɛba, na ɛnyɛ paanoo ne nsuo nko ara, mmom sɛ woretie Onyankopɔn nokorɛ Asɛm no. Nnipa bɛkɔ apueɛ, atɔeɛ, atifi, ɛne anaafoɔ, rehwehwɛ sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn nokorɛ Asɛm no. Nsɔrensɔre no bɛboaboa wɔn ano na ɛmu amia paa a wɔnte Ɛno.
Nanso yɛnam Ne Nwoma no akenkan so ɛne Ne Nne a yɛtie wɔ tapes no so te aseɛ sɛ Nkorabata bi bɛpue afiri David mu. Saa ekuo ketewa no bɛpress play na wɔatie Onyankopɔn Nne wɔ tapes no so.
Ɛnnɛ da yi, mpaebɔ wei rehyɛ ma.
Awurade, yɛnam Nwomanom so, Wo Nwoma nso, so, Isaiah Nwoma, Yeremia Nwoma, Yakobo Nwoma, Yohane, Luka, Marko, Mateo, Adiyisɛm Nwoma, Wo Nwoma nyinaa, hunu sɛ yɛabɛn awieɛ no. Na yɛde yɛn ani akyerɛ Ɔsoro, wɔ mpaebɔ mu, nkotosrɛ mu, sɛ yɛbɛhunu baabi a yɛwɔ, Awurade. Yɛfiri aseɛ hunu sɛ adekyeɛ hann repue. Na, Awurade, yɛba Wo nkyɛn. Yɛn gyidie hwɛ Wo seesei. Yɛde adesoa biara, bɔne biara, annyeannie ketewaa biara a anka ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ ɛbɛha yɛn no reto nkyɛn, seesei yɛpere kɔ ɔsoro frɛ a ɛkorɔn no agyirahyɛdeɛ no ho, a yɛnim sɛ yɛn berɛ sua.
Ɛberɛ a ɛhu hyɛ wiase ma na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔnam aduane koraeɛ so bɛsiesie wɔn ho ama deɛ ɛreba no, yɛto nsa frɛ wo sɛ bra na bɛdi Manna a ahinta a Wasiesie na Wakora so dada ama N’Ayeforɔ no.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm:
61-0730M Gabriel Akwankyerɛ a Ɔde Kɔmaa Daniel.
Ɛberɛ:
Kwasiada, 12:00 P.M., Jeffersonville berɛ mu.
Twerɛnsɛm:
Nnwom 99
Adiyisɛm 1-3
Yeremia 32.
Adiyisɛm 5: 8-14
Yeremia 25:8-17
Daniel 9.
Mateo 24:15
Adiyisɛm 7