Quote of the Day
February 21, 2026
Nnwuma A Meyɛ Di Me Ho Adanseɛ 51-0413
Ne nyinaa akyi no, mɛpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn dɔ ano wɔ m’akoma mu kyɛn akyɛdeɛ nom a ɛwɔ Bible mu nyinaa. Saa na ɛteɛ.
Medwenee ɛho wɔ ha anwummerɛ kakra a atwam nie. Me babaa ketewa frɛɛ me, na meka kyerɛɛ no…Na ɔpɛ sɛ meba ne hɔ wɔ fie. Ɔdɔ me, oh, me. Na enti me–me… Ɔyɛ… Meka kyerɛɛ no sɛ mede abaduaba ketewa bi brɛɛ no. Nanso na ɔmpɛ abaduaba no. Ɔkaa sɛ, “Mepɛ wo, papa, ɛnyɛ w’abaduaba.” Moahu, ɔpɛ me.
Wiɛ, saa na medwene fa Yesu ho. M’ani gye N’akyɛdeɛ ne nneɛma a mede boa Ne nkorɔfoɔ ho, nanso mepɛ Yesu. Onyankopɔn dɔ, a wɔasɔ ano wɔ w’akoma mu, amia akɔmu ara akɔsi sɛ apia wiase nyinaa afiri wo mu na wonhunu hwee gye Awurade, sɛ wobɛdɔ No. Na ɛberɛ a modɔ mo ho mo ho no, modɔ Awurade. Sɛ moannodɔ mo ho mo ho a, montumi nnɔ Awurade. Ɔkaa saa. Saa na ɛteɛ. Na Onyankopɔn ntumi ɛmma mo mu.
Dabiara Paanoo
Ɛnam wei so na yɛhunu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma, ɛberɛ a yɛdɔ Onyankopɔn na yɛdi N’ahyɛdeɛ so.
1 Yohane 5:2