Quote of the Day
February 20, 2026
Onyankopɔn Mfa Onipa Nkɔ Atemmuo Mu A Ɔnnikan Mmɔ No Kɔkɔ 63-0724
Biribiara a Onyankopɔn pɛ sɛ woyɛ no, ɛneɛ wodeɛ yɛ no yie paa sɛnea wonim sɛ yɛyɛ no. Ɛmfa ho ketewa, ɛmfa ho ketewa a ɛyɛ, ɛsɛ sɛ woyɛ.
Woka sɛ, “Wiɛ…” Ɔhaw a ɛwɔ mu, ne sɛ, yɛn mu biara pɛ sɛ ɔyɛ ɔnii a ɔdi hɔ no adwuma. Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛkuta bɔɔlo no, sɛnea yɛka no no, moahu.
Te sɛ saa watch yi a ɛwɔ ha no, seesei, akekadeɛ ketewa biara a ɛwɔ mu hɔ no wɔ ne gyinabea. Afei, ne fã biara ntumi nyɛ nsa. Afei ɛberɛ a mepɛ sɛ mehunu ɛdɔn a abɔ nko ara na me hwɛ nsa no. Nanso sɛ ntwahonan nketewa no a ɛwɔ mu hɔ no mu baako firi ne sibea a, ɛno ɛmma ɛberɛ a ɛyɛ nokorɛ.
Na saa na ɛteɛ wɔ nnipa ho. Yɛn nyinaa, Kristo Nipadua no, ɛsɛ sɛ wɔwɔ wɔn gyinabea, wɔ koroyɛ mu. Moahu? Ɛneɛ afei yɛbɛtumi ahwehwɛ ho ahyia na yɛahunu ɛberɛ bɛn a abɔ wɔ ɛda no mu. Moahu? Afei ewiase rehwehwɛ sɛ ɛbɛhunu deɛ ɛteɛ. Moahu? Moahu? Nanso wɔrehwɛ wo. Na sɛ woyɛ hairspring ketewa bi kɛkɛ, mainspring, anaa deɛ woteɛ biara no, wodeɛ yɛ adwuma papapaa no a wobɛtumi wɔ ɛno ho.
Dabiara Paanoo
Oh monnɔ AWURADE, mo a moyɛ N’ahotefoɔ nyinaa:
AWURADE hwɛ wɔn a wɔdi nokorɛ so, na Ɔtua deɛ ɔdi ahantansɛm no ka bebiree .
Nnwom 31:23