Quote of the Day
February 22, 2026
Onyankopɔn Di N’Asɛm So 57-0407M
Me gyedie gyina faako wɔ saa Ɔbotantim no so. Biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi apira wo da sɛ wɔto wo sɛkyɛ wɔ saa Beaeɛ hɔ a. Ebia ahum no bɛwoso na abɔ no, nanso me sɛkyɛ no gyina pintinn nkatanim no mu. Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi ato sɛkyɛ na wagye atom a, biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi awoso wo afiri ho da.
Sɛnea na ɔgyeɛ berɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn aso, na wɔn antumi anhunu no, saa ara na ɔgyeɛ berɛ aso, ɔhyɛ sɛ Asafo no mfiri ha nkɔ no. Abɛn.
Hwɛ, m’adamfo. Wɔnyaa ɛdeɛn? Deɛ ɛdi kan, Asɛm no. Ɛtɔ so mmienu, odiyifoɔ. Ɛtɔ so mmiɛnsa, Ɔbɔfoɔ a Ɔbɛdi wɔn anim, akyerɛ wɔn kwan. Obiara penee nhehyɛeɛ no so; wɔn mmiɛnsa no. Asɛm no ne odiyifoɔ no yɛɛ adwene; na odiyifoɔ no ne Asɛm no yɛɛ adwene; Ɔbɔfoɔ no ne wɔn mmiɛnsa no nyinaa yɛɛ adwene, wɔn nyinaa. Asɛm no; odiyifoɔ no; Ɔbɔfoɔ bi! Ná wɔn asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛfiri hɔ akɔ no.
Oh, nhyira nka Awurade Nyankopɔn Din no! [Onua Branham bɔ ne nsam pɛnkoro—Ed.] Yɛwɔ awieɛ berɛ no mu; Asɛm no, odiyifoɔ no, ɛne Ɔbɔfoɔ no, wɔn baasa nyinaa bom, adanseɛ kɛseɛ baako. Ɛberɛ nyinaa Onyankopɔn kaa sɛ, “Adansefoɔ baanu anaa baasa anom nsɛm so no, momma asɛm biara nnyina.”
Na nokorɛ diyifoɔ bɛpene Asɛm no so ɛberɛ biara; na Ɔbɔfoɔ biara bɛdi Nokorɛ Adanseɛ. Amen. Yɛasiesie yɛn ho ama sɛ wɔbɛhyɛ yɛn sɛ yɛnfiri ɛha nkɔ. Ampa ara.
Dabiara Paanoo:
Nanso deɛ ɔtie kɔkɔbɔ no ɔbɛgye ne kra.
Hesekiel 33:5