N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
February 18, 2026

Menim Sɛ Me Gyefoɔ Te Ase 58-0406S

Ɛberɛ a menim, sɛ ɛnnɛ, yɛ m’awoda, na merebɛbɔ akɔkora. Mehwɛ me ho wɔ ahwehwɛ no mu na mehu sɛ saa abarimaa ketewa no, a ɔsii saa asɔredan yi, ɛnyɛ saa abarimaa ketewa no bio. Ɔrebɛyɛ ɔbarima a ne mfie akɔ anim, mmatire a rekom kɔ anim, bɔdwesɛ a reyɛ dwono, tiri nhwi no a ɛrepa, nanso biribiara ntumi nni nkunim wɔ Onyankopɔn botaeɛ so. Biribiara ntumi! Eno nti mewɔ awerɛhyɛmu ɛwɔ bɔhyɛ “Esiane sɛ mete ase nti, mo nso mobɛtena ase” mu. Mede me ho bɔ tete Job, “Menim sɛ me gyefo te ase, na ɛda a ɛtwa toɔ no Ɔbɛgyina asaase no so.” Ɛyɛ botaeɛ a Onyankopɔn wɔ. Ɛsɛ sɛ mesom saa botaeɛ no. Ɛsɛ sɛ m’abrabɔ nyinaa bɛwura Ne botaeɛ, ɛne Ne nhyehyɛeɛ mu. Saa na ɛteɛ ma yɛn mu biara.

Dabiara Paanoo
…na wobɛhunu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn.
Sakaria 2:11

An Independent Church of the WORD,