Quote of the Day
February 17, 2026
Adɛn? 61-0128
Ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, Ɔmaa no…Ɔmaa…Ɔbonsam faa ne ti. Onyankopɔn yii n’akoma. Ɔbonsam nam n’adwene nsusueɛ so ma no susu biribiara ho–ma no Twerɛsɛm no mu nimdeɛ a ɛfiri adwene nsusuiɛ nom mu. Nanso Onyankopɔn kɔ n’akoma mu na Ɔnam Honhom no so di n’anim; Ɔma no gye nneɛma a n’adwene mu nimdeɛ nnim ho hwee di. Amen! Ɛno ma me nya nyamesom mu atenka kakra ɛberɛ a medwene ɛno ho, moahu.
Sɛ Onyankopɔn nsa ka onipa bi a, Ɔba n’akoma mu. Ɛno ne Onyankopɔn atenaeɛ a Ɔde ma akwankyerɛ. Na deɛ ɛnti a nkorɔfoɔ nom nsa, nom sigarete, to kyakya, di atorɔ, bɔ korɔno, na wɔtɔ kɔso yɛ deɛ wɔyɛ, wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛnya abotɔyam wɔ saa akɔnnɔdeɛ no a ɛwɔ wɔn akoma nu no. Onyankopɔn bɔɔ wɔn saa kwan no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi aba mu hɔ ama wobo atɔ wo yam wɔ akɔnnɔdeɛ biara a wowɔ ho. Nanso, akokoɔduru sɛn na obi bɛnya sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔde wiase nneɛma bɛma saa adeɛ a ɛsom bo no ayɛ komm?
Dabiara Paanoo
Na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛboro nteaseɛ nyinaa so no bɛkora mo akoma ne mo adwene so denam Kristo Yesu so.
Filipifoɔ 4:7