N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
February 14, 2026

Ne Nsɛm A Ɛnni Ntwo 64-0120 .

Yesu Ankasa, ɛberɛ a Ɔbaeɛ no, na Ɔnim sɛ Ɔno ne Asɛm no. Ɔno, na N’adwene mu ɛnyɛ No ntanta wɔ ɛho. Ɛfiri sɛ, Ɔno, ɛberɛ a na wadi mfie dumienu pɛ no, Abarimaa ketewa bi, yɛhunu No (te sɛ deɛ ɛnora na mereka no) wɔ asɔredan no mu no, Ɔne asɔfoɔ no regye akyinnyeɛ. Na Ne nimdeɛ tumi boro wɔn atetensɛm  no so, na na Ɔrekyerɛkyerɛ wɔn, saa mmarima no. Na ɛberɛ a Ɔno Ankasa Ne maame baa Ne nkyɛn, na ɔyɛ ɛ… kaa asɛm bi a na ɛyɛ mfomsoɔ no, hwɛ Asɛm no sɛ ɛtenetene mfomsoɔ no.
Asɛm no tenetene mfomsoɔ no ɛberɛ nyinaa. Na sɛ anka nkorɔfoɔ no tumi hunu no ɛnnɛ nkutoo a, Asɛm no tenetene mfomsoɔ no! Adeɛ no nyinaa reyɛ mfomsoɔ. Nanso Onyankopɔn Asɛm na Ɛyɛ nokorɛ. Ɔkaa sɛ, “Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso Me Nsɛm no rentwam.”
Na Asɛm a wɔahyɛ ho nkɔm ama ɛnnɛ da yi no, tenetene ɛda no mu  mfomsoɔ no. Mote aseɛ anaa? Asɛm No Ankasa tenetene mfomsoɔ no.

Dabiara Paanoo
Sɛ asafo Awurade seɛ nie; “monhwɛ mo akwan yie.”
Haggai 1:7

An Independent Church of the WORD,