N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
February 15, 2026

Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #3 64-0830M

Oh, me—medɔ No. M’akoma mu no medɔ No, sɛ menim m’akoma a. Megye di sɛ mo nso moyɛ saa. Enti yɛbom yɛ Ne mma. Yɛdɔ yɛn ho yɛn ho. Afei, mentumi nnɔ No a mennɔ mo. Na sɛ meka sɛ medɔ No na mennɔ mo a, Bible kaa sɛ meyɛ ɔtorofoɔ. Moahu? Na sɛ me…Sɛ wopɛ a—sɛ na wopɛ sɛ wodɔ me anaa wodɔ m’abusua…Na oyie a ɛwɔ hɔ ne sɛ, deɛ ɛwɔ ɛhen na mepɛ sɛ wo yɛ a, dɔ me anaa dɔ m’abusua a; dɔ m’abusua. Mɛpɛ sɛ mobɛdɔ Billy Paul kyɛn sɛ mobɛdɔ me. Sɛ ɛba mpu-ne-mpu a ɛte saa a ɛtwa toɔ no a, mɛpɛ sɛ moyɛ ɛno. Mepɛ sɛ motie me, ’firi sɛ Billy nyɛ ɔsomfoɔ. Mmom mepɛ sɛ motie me, deɛ meka kyerɛ mo no; nanso sɛ…sɛ wopɛ sɛ wodɔ obi a, dɔ wɔn ampa ara a, woka sɛ, “Mepɛ sɛ medɔ wo anaa Billy,” monnɔ Billy. Moahu? Saa ara na Onyankopɔn te nka wɔ yɛn ho. Na yɛrentumi…Ɛneɛ menim sɛ montumi nnɔ Billy a monnɔ me, ’firi sɛ ɔyɛ me fa. Moahu? Enti mentumi nnɔ Onyankopɔn a mennɔ mo, ɛfiri sɛ moyɛ Onyankopɔn fã. Na yɛdɔ yɛn ho yɛn ho.

Dabiara Paanoo
Ahyɛdeɛ foforɔ na Mede ma mo; sɛ monnɔ mo ho mo ho.
Yohane 13:34

An Independent Church of the WORD,