N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
February 13, 2026

Mose 50-0110.

Mentia nwomasua. Nwomasua nom yɛ. Nanso nkorɔfoɔ sua nwoma kɔ akyire ara, kɔsi sɛ wɔdwene sɛ wɔnim kyɛn deɛ Onyankopɔn nim. Na afei  wɔfom botae no.

Ɛsɛ sɛ wo werɛ firi deɛ woasua nyinaa wɔ w’ankasa wo nimdeɛ mu ama woahunu Kristo. Wiɛ, wodeɛ bra sɛ abofra kɛkɛ na gye No tom. Ne nyinaa ara ne no. Saa kwan no na wofa so gye Onyankopɔn tom. Na dodoɔ ara a wobɛtumi ayɛ wo ho simple no, abrɛ wo ho ase bebiree no, na woatwe wo ho afiri wo ho, wo ankasa wo nsusuiɛ nom, fa Onyankopɔn Asɛm kɛkɛ wɔ ɛboɔ a Ɛsom so, na gye Ɛno di.
Na ɛnam gyidie so na saa nnoɔma yi ba, ɛnyɛ deɛ wobɛtumi ahwehwɛ mu ate aseɛ.
Worentumi nyɛ da. Onipa biara mmaa wiase da, ɔhotefoɔ biara nni hɔ, saa nso na obiara nni hɔ a wahwehwɛ mu ate Onyankopɔn ase da. Wontumi. Enti ɛnwene sɛ wobɛtumi ayɛ biribi a wɔn ntumi nyɛ, ’firi sɛ wɔn…ɛntumi nyɛ yie. Saa na ɛteɛ. Wodeɛ gye No di kɛkɛ. Ɛno ɛne deɛ Ɔpɛ sɛ woyɛ, ɛnyɛ sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛte No ase.

Dabiara Paanoo.
Onyankopɔn de Ne Nne prannaa bobom ma ne yɛ nwanwa;
Nneɛma akɛseɛ na Ɔyɛ a yɛntumi nte aseɛ.
Adwuma 37:5.

An Independent Church of the WORD,