Quote of the Day
February 10, 2026
Adansefoɔ 53-0405E .
Ɛno nti na, anadwo yi, sɛ Kristofoɔ no mu pii nnyaa nkonimdie no, ɛne sɛ wɔn bɔne nom atete wɔn ntam afiri nhyira no ho; atwa so, afiri adi wɔ ɛserɛ so baabi, ankonam. Na y’ɛakoma sensɛn nsunoa dua a ɛrete nisuo no so, ɛfiri sɛ yɛntumi nnya asɔre nnwom no mu anigyeɛ.
Mekae akyɛ paa, ɛberɛ a na yɛba ha no. Na wɔrebɔ Ɛwɔ Asɛnnua No Ase Hɔ, wɔ sankuo so, ɛberɛ a na wɔrebɔ adɔma no, ɛne ɛmu ba. Ɛkame ayɛ sɛ wonhu aniwa a aseɛ awoɔ wɔ asɔredan no mu, obiara resu, brɛoo, dwoodwoo no. M’ani gye adadamu kwan so deɛ no ho kɛkɛ; dwoodwoo, Honhom Kronkron Tumi, dɛɛdɛ, abubuo. Ansa na yɛbɛtumi anya nkɔsoɔ biara da no, ɛsɛ sɛ yɛdikan bubu ansa. Monim, te sɛ ɔnwemfoɔ no, na odiyifoɔ no resiane akɔ Ɔnwemfoɔ no fie, sɛ ne mu bɛbubuo, sɛ wɔbɛsan ayɛ no bio. Na monim, sɛ mmubuo biara nni hɔ a, deɛ wɔreyɛ no bio nni hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔdikan bubu wo mu.
Dabiara Paanoo
Na afei, O Awurade, wo ne yɛn Agya; Yɛyɛ dɔteɛ no, na wo ne yɛn Ɔnwemfoɔ; Na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
Yesaia 64:8