N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
February 9, 2026

Aboa No Agyirahyɛdeɛ No Ɛne Onyankopɔn Nsɔano No 61-0216

Abel ne n’adwammaa no wuu wɔ ɔbotan korɔ no ara so. Ɛsɛ sɛ ɔgyedini biara yɛ ade korɔ no ara: ɛne w’Adwamaa nwu wɔ ɔbotan no so. Adwammaa nni biribiara gye sɛ adeɛ baako, na ɛno ɛne nwi. Na ɛsɛ sɛ ɔhwere deɛ ɔwɔ nyinaa. Ɔnnwiinwii wɔ ho. Wodeɛ fa ɔyɔnkoɔ ketewa no na to no kɔ soro hɔ, sɛnea mekaeɛ no, adwammaa no yɛ komm wɔ ne nwitwitwafoɔ anim. Ɔma wɔyi ne ho nwi. Ɔnwiinwii wɔ ho. Adeɛ baako pɛ a ɔwɔ, ɔfiri ne pɛ mu hwere.
Na yɛka sɛ yɛyɛ Kristofoɔ. Obi twerɛɛ me krataa ketewa bi ɛda no na—asɛm tiawa bi na ɛyɛ sere, ɛnte saa, ɛwɔ me hɔ wɔ aseɛ hɔ, kaa sɛ, “Me wɔ hokwan; meyɛ Amerikani; mehyɛ ntadeɛ biara a mepɛ.” Kɔ so ara pɛɛ, ne nyinaa yɛ. Ɛno kyerɛ sɛ woyɛ abirekyire. Saa na ɛteɛ. Wodeɛ kɔso na hyehyɛ sɛ wopɛ a. Mmom kae, sɛ woyɛ adwammaa a, wo wɔ ɛho kwan, nanso wohwere w’ahokwan nom a wowɔ no ma Kristo. Me wɔ hokwan sɛ mɛbro nsa anadwo yi nso; Meyɛ Amerikani. Me wɔ hokwan sɛ mɛnom sigrete; Meyɛ Amerikani. Wo nso wowɔ, nanso yɛhwere ahokwan nom a yɛ wɔ no. Ma wɔntwitwa saa nneɛma no mfiri mo ho. Monyɛ m’oadeɛ sɛ mmeranteɛ animuonyamfoɔ, te sɛ nwurabafoɔ, monsiesie mo ho sɛ saa, na monyɛ m’oadeɛ te saa, na montena ase te saa. Monhwere ahokwan nom a mo wɔ.

Dabiara Paanoo
Enti, anuanom, megyina Onyankopɔn mmɔborɔhunu so tu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ a ɛyɛ koronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.
Romanfoɔ 12:1

An Independent Church of the WORD,