Quote of the Day
February 11, 2026
Montie No 62-0711
Onyankopɔn no, Ɔbɔadeɛ no, kataa Ɔbaabunu Maria so, bɔɔ mogya ntini bi wɔ ne mu.
Afei, yɛn nyinaa nim sɛ–sɛ nkwa no firi ɔbarima no mu. Sɛnea akokɔ bedeɛ bɛtumi ato kosua, nanso sɛ ɔne akokɔnini nhyiaaeɛ a, erenhwane da, ɛnyɛ deɛ ɛwo ɔba. Enti na ɔbarima no yɛ Onyankopɔn. Na ɛyɛ ɛ—ɛ abɔdeɛ a Onyankopɔn…
Afei, mo Katolekfoɔ a mosom bo wɔ ha, ɛnyɛ sɛ mereka ama ayɛ mo ya, nanso sɛ moka sɛ, “Maria, Onyankopɔn maame a,” wiɛ hwan na na ɔyɛ ne papa, sɛ na Ɛno yɛ ne maame a? Moahu? Moahu? Ɔno, ɛnyɛ Onyankopɔn maame, na ɔyɛ incubator a Onyankopɔn de dii dwuma. Onyankopɔn de Maria dii dwuma, ɔnyɛ ɔkamafoɔ, ɔyɛ…na ɔnyɛ ntamgyinafoɔ, ɔyɛ ɔbaa bi a Onyankopɔn, Agya no, kataa no so, na ɛwɔ N’adebɔ tumi mu, a honam akɔnnɔ biara nni mu koraa no, bɔɔ nkwa ntini no a ɛyɛɛ Onyankopɔn Ba no wɔ ne mu. Enti, na Ɔnyɛ Yudani anaa Amanaman mu ni, na Ɔyɛ Onyankopɔn.
Dabiara Paanoo
Na nne bi firi soro baa sɛ, “wone Me dɔba, wo na wosɔ M’ani
Luka 3:22