N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
February 1, 2026

Woredua Bobe No Ɛne Baabi Wobɛdua No 59-0920 .

Sɛ Onyankopɔn nokorɛ Honhom no kɔ ɔgyedini no so a, deɛ Twerɛsɛm no ka biara no, ɔbɛka, “Amen.” Adɛn? Ɛyɛ Honhom Kronkron no a Ɔtwerɛɛ Bible no, wɔ ne mu, ɛrebɔ kimkim wɔ n’abrabɔ mu. Ɛmfa no ho ne onii a ɔte hɔ, anaa deɛ obi foforɔ ka. Ɛberɛ nyinaa ɛne Asɛm no kyɛ.

Atorɔ bi wɔ hɔ. Ɛyɛ dendennden. Ɛfiri wuram bobe a wɔanhyɛ da annua so. Ɛyɛ bobe kɛseɛ, ɛkata asase nyinaa so, nanso ɛyɛ owuo. Wɔato ɛmu bebiree agu nnipa no so.

Nanso, kae, “Aduane” ma ɛsan ba Nkwa mu, tete firi so na ɔde si baabi a ɛhɔ yɛ, a ɛyɛ Kristo Yesu. Sɛdeɛ N’Asɛm teɛ biara no, ma Ɛnyɛ “Amen,” mma wo. Afei Onyankopɔn Honhom no, afei, honhom mu anigyeɛ bɛtene te sɛ asubɔntene no. “Ɔbɛyɛ te sɛ onipa, dua, a atim asubɔntene ho. N’ahahan mpo. Ɔrentena ɔfɛdini tenabea anaa annyeanie nni no, anaasɛ onipa a ɔnsɔ Onyame ani a ɔdi wiase nneɛma akyi wɔ n’asetena mu, mmom ɔbɛso aba wɔ ne brɛ mu.” Aba bɛn? Sɛ wɔadua wo wɔ Kristo mu a, wobɛso honhom aduaba, Honhom Kronkron no honhom aduaba nom. Honhom Kronkron no te wo mu.

Dabiara Paanoo
Na ɔbɛyɛ sɛ dua ɛso n’aba neberɛ mu.
Nnwom 1:3.

An Independent Church of the WORD,