Quote of the Day
January 31, 2026
Abibirem Akwantuo Ho Amanneɛbɔ 53-1114 .
Sɛ wɔgye wo nkwa a, ɛneɛ Yesu nsiane mma fam na Ɔmmɛgye wo. Wɔagye wo nkwa firi ɛberɛ a Yesu wuuiɛ no, nanso ɛnkyɛree koraa na wogyee wo nkwagyeɛ too mu. Ɛrenyɛ ade papa biara mma wo gye sɛ wogye tom, saa na ɛteɛ. Nanso ɛberɛ a Ɔwuuieɛ no, Ɔyii wiase bɔne biara firii hɔ. Na Onyankopɔn afam no, Ɔntumi nhunu bɔne, ɛfiri sɛ Kristo Mogya no kata so. Nanso sɛ wo wu, na wokɔ saa Mogya no akyiri a, ɛneɛ na wɔabu wo atɛn dada. Firi sɛ, Onyankopɔn aka sɛ ɛda a wobɛdie no saa da no na wo wu; enti sɛ woyɛ…woannye Kristo Mogya no antom a, woannye wo nkwagyeɛ amfiri Kristo hɔ, ɛneɛ wokɔ kɛkɛ, ɛno ara ne no. Sɛ woyɛɛ a, ɛneɛ woanya nkwagyeɛ, na ɛno—ɛno yi akyinnyeɛ biara firi hɔ.
Na afei, Mogya korɔ no ara, na ɛnam Ne mmaa ntampeɛ so adi afra wɔ ɛmu hɔ no, saa wo yareɛ. Sɛ wogye di a, gye tom, ɛmfa ho sɛnea wotee nka no. Ɛnyina atenka so, nwene da…ɛberɛ baako nni hɔ a Yesu kaa sɛ, “Wotee nka?” kaa sɛ, “Wogye dii anaa?” Ɛno…Ɛmfa ho sɛnea wote nka, wo deɛ gye di kɛkɛ. Wɔannye wo nkwa ɛfiri sɛ wo te nka sɛ woagye wo nkwa, wo yɛ anaa? Ɛnyɛ sɛ mete nka sɛ wɔagye me nkwa nti na wɔagye me nkwa no. Ɔbonsam bɛtumi de wo akɔ anwan ɛwɔ w’atenka ho. Onuabarima, wɔagye me nkwa ɛfiri sɛ me yɛɛ Onyankopɔn ahiadeɛ no. Ɛno nti na wɔagye me nkwa no. Ma menhu no sɛ ɔnam ɛno so bɛdi me so a. Saa na Onyankopɔn kaeɛ. M’atenkanom, ɛne no nni hwee yɛ. Mmom Bible no kaa sɛ wɔagye me nkwa, na me yɛɛ saa ahiadeɛ no, na ɛno ne sɛ-nti a menim sɛ wɔagye me nkwa no. Ampa atenka bi wɔ hɔ a ɛne no kɔ, nanso ɛnyɛ atenka no nkutoo; Ɛyɛ sɛ saa na Bible no kaaeɛ. Ɛno nti na…
Dabiara Paanoo
Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ , deɛ ɔtie M’asɛm no, na ɔgye deɛ Ɔsomaa Me die no, wɔ daa nkwa na ɔmma atemmuo mu, na mmom wafiri owuo mu aba nkwa mu.
Yohane 5:24.