Quote of the Day
January 30, 2026
Aboa No Agyirahyɛdeɛ No Ɛne Onyankopɔn Nsɔano No 61-0226
Na monkae, ɛberɛ pɔtee no a ɔbaabunu a wada no kɔɔ sɛ ɔrekɔtɔ ngo no, ɛno ne ɛberɛ a ayefokunu no baeɛ. Animuonyam. Monhu anaa? Sɛ Baaserefoɔ no ɛne Episcopaliafoɔ ne saa afoforɔ no, ba rebɛhwehwɛ Honhom Kronkron no a, ɛbɛyɛ ama wo sɛ wobɛtwitwa wo kanea no. Atwitwa, atwitwa, yiw, ɛhia ntwitwaeɛ. Pentekose, ɛyɛ sɛ motwitwa nkanea binom. Amen. Montwitwa ewiase yi mu pii mfiri mo mu.
Moawe nnaakyee pasapasa. Ntomaban no ayɛ basabasa. Monim saa ntomeban no yɛ ade kɛseɛ. Ná metaa hwɛ. Deɛ ɛyɛ Onyankopɔn ntomaban ankasa ɛne ɛ —ɛ ɔgyedini, ɔyɛ ntomaban. Hwɛ, ɔwɔ ogya wɔ n’ano baako, wɔ soro ha, ɛna ɔde ano foforɔ no ahyɛ ngo mu, retwe ngo ɛna ɛresɔ gya. Ɛɛ —asafo paa bi ni, tumi paa bi ni. Tenabea paa bi a wobɛnya. Hallelujah. Ɛrehyerɛn saa Asɛmpa hann korɔ no ara a ɛhyerɛn wɔ apueɛ fam no, ɛrehyerɛn wɔ atɔeɛ fam. Ɛhan bɛba anwumme-berɛ no. Sɔre, twitwa wo kanea, Pentekose. Twitwa wiase no gu; Twitwa wiase mu adeɛ a aba soɔ no gu; Twitwa wiase mu nneɛma no gu. Mo nsiesie mo ho; ɛdɔn no aduru.
Dabiara Paanoo
Wo na woma me kanea hyerɛn, O Awurade; me Nyankopɔn bɛma esum adane me hann.
Nnwom 18:28