N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
February 2, 2026

Osiwieɛ 62-1230m .

Aane. Saa nneɛma yi mu biara ɛnwoso me, ɛfiri sɛ wɔakyekyere me abɔ sɛkyɛ bi ho. Paulo kaa sɛ “Oh, ɛfiri ɛberɛ a mehyiaa No no,” ɛwɔ saa kwan no so no, wɔakyekyere me abɔ sɛkyɛ bi ho. Ɔsesaa m’abrabɔ. Ɔde me hyɛɛ aseɛ yie.” Monkae, na Paulo nso dɔm mmoanokuo bi, kɛseɛ paa a na ɛwɔ mu wɔ asase no so, nanso wɔkyekyeree no bɔɔ osiwieɛ no ho.

Montie. Mepɛ sɛ meka biribi kyerɛ mo. Ná Ɔwɔ botaeɛ bi nti a Ɔgyee me nkwa. Na Ɔwɔ botaeɛ bi nti Ɔgyee wo nkwa. Na menam N’apɛdeɛ so, asi me bo, sɛ mɛyɛ; ɛmfa bi nka Ɛho, anaasɛ ɛnyi bi mfiri Ɛno mu. Adiyisɛm 22:19, sɛ wopɛ sɛ wotwerɛ ɛno to hɔ a. Ɛyɛ. “Obiara a ɔbɛyi afiri mu…” Masi me bo. Meresiesie me ho sɛ mɛfiri asɔre no mu, na monim saa. Na enti masi me bo sɛ ɛnam Onyankopɔn mmoa so, me ne Asɛmpa wei bɛtena kɛkɛ ɛberɛ tenten a mete ase no. Huh! Monkae, adom nie. Na nnipa ɔpepem pii na na wɔrewuwu wɔ bɔne mu ɛberɛ a Ɔgyee me nkwa no. Ná me ne hwan a na ɛwɔ sɛ Ɔgyeɛ? Ná ɔwɔ botaeɛ bi nti a, na Ɔregye me nkwa, na masi me bo sɛ mɛma saa botaeɛ no aba mu. Ɛmfa me ho. Ebia ɛbɛyɛ m’awieɛ, ebia, ɛrenkyɛ koraa seesei. Nanso, sɛdeɛ ɛteɛ biara no, meda so ara ato sɛkyɛ. Nsesaa da.

Dabiara Paanoo.
Nanso saa nneɛma yi mu biara ɛnwoso me, daa nso na me nkwa ho nhia me pii sɛnea me de anigyeɛ bɛwie me mmirikatuo no, ɛne ɔsom adwuma a menya firii Awurade Yesu hɔ no, sɛ menni Onyankopɔn adom no ho Asɛmpa no ho adanseɛ.
Asomafoɔ Nnwuma 20:24.

An Independent Church of the WORD,