Quote of the Day
January 8, 2026
Onyankopɔn Ɛnne A Ɛwɔ Ɛnna A Ɛdi Akyiri Yi MU 63-0120M.
Saa suayɛ nom yi nyinaa akyi no, atorɔ nne, atorɔ adiyifoɔ, nneɛma afoforɔ yi nyinaa a ɛresɔresɔre yi no, Yesu da so ara kaa sɛ, wei nyinaa akyi no, “Sɛ onipa bi bɛtie Me Nne na wadi M’akyi a.” Ɔno ne Asɛm no.Tie, Ne dwumadie a Ɔde ahyɛ yɛn nsa ɛnnɛ, wɔ saa ɛnne yi nyinaa mu. Deɛ, mekaa sɛ ɛbɛdi dɔnhwere pii na ɛde saa ɛnne yi nyinaa bɛba no. Na ɛma nnipa no adwene mu yɛ wɔn kɛserenee, ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ awerɛhoɔ. Na, ne nyinaa akyi no, wonnya akwanya a ɛtɔ so mmienu no, ɛsɛ sɛ wofa No seesei ara. Ebia na woannya akwanya anadwo yi. Ebia worennya akwanwa ɔkyena. Ɛyɛ seesei ara! “Sɛ wote Me Nne a, mpirim w’akoma, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ abufuhyɛ ɛnna no mu no. Seesei ara ne ɛberɛ no. Ɛberɛ a ɛsɛ no nie a sɛ onipa bi bɛtie Me Nne a.”
Dabiara Paanoo
Na Ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn deɛ yɛyɛ N’adidibea nkorɔfoɔ ne Ne nsam nnwan.
Ɛnnɛ sɛ mote Ne Nne a , mompirim mo akoma te sɛ abufuhyɛ no mu, ɛne nsɔhwɛ da no mu wɔ ɛserɛ no so:
Nnwom 95:7-8.