N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
January 9, 2026

Montie No 60-0313 .

Ɛmfa ho ne kakra ara bi a woyɛ no, Ɔnim biribiara a woyɛ. Wɔtwerɛ ɛwɔ ɔsoro gu wo account  mu ma wo dodoɔ ara te sɛ  Billy Graham deɛ no, anaa sɛ Oral Robert deɛ, anaa sɛ nkaeɛ no mu biara a ɔwɔ ahyiadie nom akɛseɛ no. Ɛnyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛtɔ mmerɛ bi a yɛyɛ; Ɛyɛ nneɛma nketenkete a yɛgyae to hɔ no a yɛnyɛ no.

Afei, Yesu nyɛ Obi a Ɔde obuo ma akuokuo. Yesu hyiaa mu wɔ akuo ahodoɔ nyinaa mu, sɛdeɛ wɔn kɛseɛ teɛ nyinaa mu, ɛne asetena mu tebea ahodoɔ nyinaa. Ɛberɛ bi yɛwɔ Ne ho adanseɛ sɛ Ɔne nnipa ahanum rehyia; ɛtɔ berɛ bi a ɔne mpempem. Ɛberɛ bi yɛhunu sɛ Ɔne du-mmienu; ɛberɛ prɛko bi Ɔne mmiɛnsa, na mpo ɛkɔsi baako. Ɛmfa ho sɛnea ɛkuo no kɛseɛ teɛ, ade titiriw ne sɛ Yesu wɔ hɔ sɛ Ɔne saa ɛkuo no bɛhyia. Ɛmfa ho sɛnea w’asɔre no sua, anaa sɛnea ne kɛseɛ teɛ, nnipa dodoɔ a woka Asɛm no kyerɛ wɔn; Asɛmmisa no ne sɛ, mode mo ho ama Onyankopɔn ara  ma Yesu hyia wɔ mo nnipakuo no mu anaa?

Dabiara Paanoo.
Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no  fa wahoɔden nyinaa yɛ.

Ɔsɛnkafoɔ 9:10.

An Independent Church of the WORD,