N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
January 7, 2026

Ɛpo No So Adanseɛ Bi  64-0307.

Monim, ɔhaw a ɛwɔ mu ne sɛ, morebɔ mmɔden sɛ mobɛnya Hollywood wɔ asɔre no mu. Adeɛ a ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ ne sɛ mobɛyi Hollywood afiri asɔre no mu. Moahu? Morebɔ mmɔden sɛ mobɛma m’oadan no ayɛ fɛ pii, morebɔ mmɔden sɛ mobɛma mo nhyɛsoɔ asafokuo no ayɛ kɛseɛ pii, kɔsi sɛ ɛbɛtwetwe nkorɔfoɔ no adwene. Yɛrentumi nkɔ wɔn afã. Ɛsɛ sɛ yɛnya wɔn wɔ yɛn afã. Biribiara a ɛte yerɛyerɛw, monkae, Hollywood de wiase nneyɔeɛ ɛte yerɛyerɛw, ɛberɛ a Asɛmpa no ɛhyerɛn wɔ ahobrɛaseɛ mu. Nsonsonoeɛ mapa wɔ deɛ ɛrete yerɛyerɛw ɛne deɛ ɛrehyerɛn ntam. Asɛmpa no hyerɛn wɔ ahobrɛaseɛ, ne ɔdwoɔ mu, ne ahobrɛaseɛ, ɛne tumi mu. Ɛberɛ a, Hollywood ɛte yerɛyerɛw, na obiara rebɔ osee-yee na wɔreteam, na wɔrekɔ hɔ. Moahu? Yɛnhia ɛno.

Dabiara Paanoo.
Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade anim, na Ɔbɛma mo so.
Yakobo 4:10.

An Independent Church of the WORD,