26-0329 Hwan Ne Melkisedek Yi?

Daa Nkwa Ayeforɔ Dɔfoɔ,

Hwan ne saa Ɛnne a ɔrekasa kyerɛ yɛn wɔ tapes no so no?

Ɛnam Adiyie a ɛfiri Onyankopɔn hɔ nkutoo so na yɛbɛtumi ahunu saa asɛmmisa no ho mmuaeɛ. N’Ayeforɔ a wɔahyɛ ato hɔ no nko ara na ɔbɛnya saa Adiyie no. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ N’Asɛm mu na ama yɛanya nteaseɛ wɔ ɔnii a Ɔkaa sɛ ɔyɛ: Ɔno nkutoo na Ɔkyerɛ N’Asɛm ase. Hwan na na ɔbɛbue na wada Nsɔano Nson no adi? Hwan na na ɔbɛda Bible mu ahintansɛm a asuma no nyinaa adi? Hwan na ɔbɛfrɛ na wadi N’Ayeforɔ no anim? Hwan na ɔbɛnya Nne a mfomsoɔ biara nni ho no?

Sɛnea Asɛm no kyerɛ no, ɛnyɛ obiara sɛ Melkisedek, Ɔno ankasa. Onipa a Ɔnni agya anaa ɛna, Obi a na Ɔnni nna mfitiaseɛ anaa awieɛ. Onyankopɔn, a Ɔbɛyɛɛ honam na Ɔdii aburo paanoo ne nam, ɛnomm buttermilk, na Ɔkasa kyerɛɛ Abraham. Ná Ɔyɛ Onipa a Ɔwɔ nipaban, a Ɔte onipa honam mu.

Saa Asɛm korɔ no ara kaa sɛ Melkisedek, saa Onipa no, saa Nipaban no, bɛtena ase na wada Ne Ho adi bio wɔ onipa honam mu sɛnea Ɔyɛ maa Abraham no, afei prɛko bio wɔ Yesu Kristo mu; nanso ɛnnɛ, wɔ Ne bɔfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson a ɔwɔ Adiyisɛm 10:7 no mu.

Ne Honhom bɛbunkam afa saa asase so ntamadan no so sɛnea ɛbɛyɛ a na Ɔbɛtumi akasa na Wada Ne Ho adi akyerɛ N’Ayeforɔ. Onyankopɔn Ankasa a Ɔte ase na Ɔrekasa wɔ onipa honam mu. Na N’Aba a ɛdikan mua a wasan de abɛsi hɔ no awie nyini. Na Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mua no abɛduru; Ná Onyankopɔn ne onipa yɛ Baako. Na Onyankopɔn rekasa ano gu aso mu kyerɛ N’Ayeforɔ sɛnea Ɔyɛ kyerɛɛ Abraham no.

Ɔbaa mu ɛna Ɔbɛtenaa ɛno mu, ɛwɔ Melkisedek Nipaban mu, afei akyire no yɛante Melkisedek ho asɛm bio da, ɛfiri sɛ Ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo, Melkisedek na na Ɔyɛ Ɔsɔfoɔ no nanso Ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo, afei, mo kwatii ɛno, ɛfiri sɛ ɛwɔ saa ɛsu no mu no na Ɔnim nneɛma nyinaa, na ɛbɛsi saa berɛ yi montumi nhunuu ɛno.

Ɛbɛsi saaberɛ yi…!! Ɛneɛ yɛn ne hwan?

Yɛn ani, yɛn tenten, deɛ na yɛteɛ biara no, na yɛwɔ N’adwene mu wɔ mfitiaseɛ no. Ansa na Ɔbɔfoɔ bi, nsoromma, Kerubim, anaa biribi foforɔ biara a na ɛwɔ hɔ. Ɔdwenee ho, Ɔkaaeɛ, ɛna yɛn nie.

Ɛno yɛ deɛ ɛnni awieɛ. Yɛntumi nte aseɛ wɔ y’ɛadwene nom mu, nanso ɛno ne Onyankopɔn. Onyankopɔn, ɛnni awieɛ!

Ɛsiane sɛ na yɛwɔ Ne mu wɔ mfitiaseɛ nti no, ɛdeɛn na ɛyɛ yɛn sɛ asase so ɛhanom asetena a ɛwuo yi kɔ n’awieɛ a?

Sɛ saa honam ntoma yi pa gu a, abɔdeɛ mu nipadua bi wɔ hɔ, Asɛm nipadua, nipadua a wɔamfa nsa na ayɛ, na saa nso so na ɛnyɛ ɔbaa na awo no, a ɛno mu na yɛkɔ. Afei saa nipadua no san n’akyi na abɛfa animuonyam nipadua no.

Nneɛma a ɛyɛ nwanwa paa a wɔde asie ama N’Ayeforɔ no. Hwɛ deɛ ɛrekɔ so seesei ara ɛberɛ a Ɔreda N’Asɛm adi akyerɛ yɛn ɛte sɛdeɛ ɛbi nsii da. Kasa fa ɔdɔ krataa bi a Ɔde kɔma N’Ayeforɔ! Ɛda paa bi a yɛwɔ mu.

Yɛwɔ Adiyie no na yɛnim sɛ ɛyɛ Melkisedek, Onyankopɔn Nne, a ɛrekasa kyerɛ yɛn wɔ tapes no so. Yɛwɔ Adiyie sɛ ɛyɛ Onyankopɔn kwan a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama ɛnnɛ. Ɛne sɛ, YɛNIM ONIPA A ƆYƐ NA YƐYƐ N’AYEFORƆ.

Saa Adiyie no reyɛ kɛseɛ ne kɛseɛ ɛda biara da. Adekyeɛ koro biara brɛ yɛn anigyeɛ bebree, Adiyie bebree.
Ayeforɔ no resiesie Ne Ho ɛnam sɛ ɔretena Ne Nne animpa, ɛberɛ a Ɔka akyerɛ Yɛn nnipa ko a Yɛyɛ, sɛdeɛ Ɔdɔ Yɛn pii, sɛnea Ɔntumi ntwɛn sɛ Ɔbɛka Yɛn ho!!!

Bra, siesie wo ho wɔ prɛmtoberɛ, ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ma deɛ ɛrehyehyɛ sɛ ɛbɛsie, ɛberɛ a yɛtie Melkisedek Nne no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: 65-0221E “Hwan Ne Melkisedek Yi?”

Twerɛnsɛm a wobɛkeken:
Genesis Ɛtire 18
Exodus 33:12-23
Ɔhoteni Yohane 1:1
Romafoɔ 8:1
2 Korintofoɔ 5:1
1 Tesalonikafoɔ 4:13-18
1 Timoteo 3:16 / 6:15
Hebrifoɔ 7:1-3 /13:8
Adiyisɛm 10:1-7 / 21:16.