26-0927 Onyankopɔn A Ne Mmɔborɔhunu Dɔɔso

Adɔfoɔ A Mo Yɛ Onyankopɔn Nsusuiɛnom,

Mo ne Onyankopɔn Asɛm a wɔhyɛɛ ho bɔ maa ɛnnɛ da yi a ada adie no. Na moyɛ saa ɛberɛ nyinaa. Ɛnyɛ afei na morebɛyɛ, mmom seesei mo yɛ Onyankopɔn mmammarima ne mmammaa no; ɛfiri sɛ na mo wɔ Onyankopɔn a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nsusuiɛ mu, wɔ mfitiaseɛ no pɛɛ.

Ansa na mpo Ɔbɛyɛɛ adekann ɛwɔ asase so ha no; ansa na biribiara reba no, na woye Ne Nsusuiɛnom no mu baako. Na Ɔnim deɛ ɛbɛyɛ wo din. Na Ɔnim ahosuo tiri nwi ko a wobɛnya. Ná Ɔnim deɛ ɛfa wo ho nyinaa.

Afei, ɛberɛ a wotee sɛ Ne Nne ɛte yerɛw wɔ w’anim no, na biribi wɔ wo mu a ɛteateaa mu kɛkɛ; wonim baabi a wofiri na woba Ɛhɔ. Na wonim sɛ ɛno na na ɛyɛ Nokorɛ no. Na wonim sɛ ɛno ne Onyankopɔn kwan a Ɔde ama nnɛ ɛfiri sɛ na saa Aba no wɔ wo mu ɛberɛ nyinaa.

Seesei Ɔde ɔkɔdeɛ ntaban resoa yɛn akɔ. Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ Ɔde N’adiyifoɔ toto akɔdeɛ ho ɛberɛ nyinaa. William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn kɔdeɛ somafoɔ a wɔada ne mu nokorɛ adie ma saa da yi. Ɛno ne ɔkɔdeɛ ntaban a ɛbɛsoa yɛn so de yɛn akɔ bɔhyɛ Asase no so, ɛfiri sɛ ɔno, Onyankopɔn kɔdeɛ diyifoɔ no, reboaboa Onyankopɔn nkransɛm ano, ɔrepaemufrɛ na Ɔreka N’Asɛm, rema N’Ayeforɔ awie pɛyɛ.

Yɛredi Onyankopɔn akyi ɛberɛ a yɛnam Ne nkwagyeɛ nkransɛm so di William Marrion Branham akyi no. Na Bible no kaa sɛ, “…wɔn ne wɔn a wɔannyeanie no anwuwu.” Ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn mmɔborɔhunu dɔɔso ma wɔn; ɛfiri sɛ na wɔredi N’ahyɛdeɛnom so.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛdi N’ahyɛdeɛnom so, na N’ahyɛdeɛnom kaa sɛ:
Meyɛ Onyankopɔn Nne ma mo. Ka deɛ ɛwɔ saa tapes no so NKUTOO. Me Nne nkutoo ne Ɛnne a ɛreka Nsɛm a mfomsoɔ biara nni ho. Wɔnam deɛ ɛwie pɛyɛ so aka na monam deɛ ɛwie pɛyɛ so tie firi Me Nne. Ɛne sɛ, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no ne deɛ wohia nyinaa, ɛfiri sɛ me, Nyankopɔn a Me mmɔborɔhunu dɔɔso no, de Ɛno ama mo. Ɛyɛ Me kwan a Mede ama saa da yi.

Onyankopɔn a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso no na Ɔyii wo too hɔ sɛ nya saa adiyie yi tie Saa Ɛnne no. Onyankopɔn a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso no na Ɔnim wɔ saa awieɛ berɛ yi, ɛberɛ a yɛbɛnya gyedie mfomsoɔ pii, ɛnne ne Nkransɛm no asekyerɛ ahodoɔ bebiree, a na yɛhia Ɛnne bi a Ɛwie Pɛyɛ, ɛne Ɔkwan a Ɛwie Pɛyɛ, a yɛbɛtumi akɔ hɔ sɛnea yɛbɛtumi atie ama yɛn ho, Asɛm baako biara, sɛdeɛ Ɔpɛɛ sɛ Ɔbɛka akyerɛ N’Ayeforɔ no pɛpɛɛpɛ.

Wontumi mfa deɛ obi foforɔ kaaeɛ kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wofa deɛ Onyankopɔn kaaeɛ. Ɔkaa sɛ momma onipa biara asɛm nyɛ atorɔ, na Me deɛ nyɛ nokorɛ.

Enti, Onyankopɔn, a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso no, ama ɛkwan bi a N’Ayeforɔ bɛtumi atie Ne Nne 24/7, 365 days wɔ afe no mu, ɛnam Pressing Play, na wɔn asɔre aba nkwa mu ɛnam sɛ wɔretie Onyankopɔn Nne ɛkasa firi ano gu aso mu wɔ wɔn akomanom mu.

Yɛn na yɛyɛ N’Asɛm a ayɛ honam. Yɛn ankasa yɛnni tumi biara, nanso Ɔde Ɔno tumi ama yɛn. Yɛn mu baako biara wɔ Ɛno. Sɛ wopo Ɛno a, wobɛtena baabi a wowɔ no. Mmom sɛ wobɛgye Ɛno atom a, Ɛbɛyɛ deɛ ɛbro ɛtrasoɔ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn Ne mmɔborɔhunu dɔɔso.

Na ɛberɛ ɔbarima bi anaa ɔbaa bi, ɛmfa me ho tebea a wowɔ mu, wowɔ Onyankopɔn tumi no, ɛnam bɔhyɛ so ɛfiri sɛ Ɔyɛ ɔdefoɔ na Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛyɛ deɛ ɛboro ɛtrasoɔ no. “Sɛ woka kyerɛ saa bepɔ yi, ‘tutu’, na woanye akyinnyeɛ wɔ w’akoma mu a, mmom wogyedi sɛ deɛ woaka no bɛba mu a, wo nsa bɛtumi aka deɛ woaka no.” Wo ankasa wonni tumi nanso wo wɔ tumi a wɔde ama.

Ayeforɔ no bɛtumi aka abɔ mu na wɔawie pɛyɛ ɛnam sɛ wɔretie N’Asɛm a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama ɛnnɛ nkutoo: Ne Nne. Ɛno ne Ɛnne nkutoo a ɛbɛtumi aka Ayeforɔ no abɔ mu na ama no awie pɛyɛ. Ɛno ne Ɛnne nkutoo a Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛtie na YƐDI AKYIRE. Ɛte sɛ Mose, na Onuabarima Branham nim sɛ Ɔno ne deɛ wɔayi no sɛ ɔmfa yɛn mmɔfra yi nkɔ bɔhyɛ Asase no so ɛfiri sɛ wɔde bɔhyɛ no maa ɔno. Na ɛwɔ sɛ ɔsoa yɛn de kɔ bɔhyɛ Asase no so.

Yɛn kɔdeɛ diyifoɔ no kyerɛkyerɛɛ yɛn wɔ mfatoho so. Na Apam Dadaa no yɛ Apam Foforɔ no sunsum. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyie ɛne deɛ ɛwɔ sɛ yɛhwɛ animkwan wɔ saa awieɛ-berɛ yi mu. Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ faa Korah honhom ho, ɛne ɛfa Dathan ho, ɛne wɔn annyeanie fekuo nkorɔfoɔ no ho, sɛnea wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ sɛ obi no. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde biribi bɛwura Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu.

Na ɔɔmo mpɛ ɔbaakofoɔ dwumadie nhyehyɛeɛ no. Na ɔɔmo mpɛ ɛno. Na ɛwɔ sɛ ɔɔmo nya biribi yɛ. Korah kaa sɛ, “Adɛn, mmarima a wɔyɛ koronkoron pii kyɛn wo Mose, wɔ hɔ. Woyɛ te sɛdeɛ wo nkoa ara ne mpoano a ɛwɔ…anaa nko ara ne boba a ɛwɔ mpoano, mmom.” Ɛna ɔkaa sɛ, “Me–Me…ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. Na mmarima bebiree wɔ ha.”

Nuammarima ne mmaa, ɛnyɛ sɛ menam weinom a mereka ɛne nsɛm a mereyi ka yi so rebɔ mmɔden sɛ mɛtete nsɔre no mu, Honhom Kronkron no reyɛ ntetemu no. Tie saa Nkransɛm yi a yɛrebɛtie yi. Odiyifoɔ no ne onii a ɔrebɔ Ayeforɔ no kɔkɔ deɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ animkwan. Ɔreka akyerɛ yɛn deɛ saa honhom no yɛɛeɛ saa berɛ no, na ɔbɛyɛ bio wɔ yɛn da yi mu.

Nokwasɛm nie, ɛnyɛ adeɛ sɛ merebɔ mmɔden sɛ mɛboaboa nnipa no ano ahyia wɔ ɔsom nwuma num no ho, wɔntumi nka Ayeforɔ no mmɔ mu kɛkɛ. Merebɔ mmɔden sɛ mɛka wɔn abɔ mu ahyia Onyankopɔn Asɛm Korɔgyenn no a yɛnfrafraa mu no ho, Ɛnne nkutoo no a ɛbɛtumi aka Ayeforɔ no abɔ mu no.

Ɛnnɛ yɛte nsɛm korɔ no ara, ɛnyɛ Onuabarima Branham nko-ara na ɔbɛtumi aka Nkransɛm no, wɔafrɛ yɛn sɛ yɛnka Nkransɛm no. Nokwasɛm nie wɔafrɛ wɔn, nanso afei, wɔnhunu hia a ɛho hia sɛ woretie saa Ɛnne no na woregye di sɛ Ɛyɛ ɔbaako-foɔ Nkransɛm, ɛde yɛ anoyienom nti a WƆMMƆ Onyankopɔn Nne wɔ wɔn nsɔredan mu, na wɔma wɔn som adwuma ho hia pii.

Na Bible kaa sɛ, “Na wɔkɔfaa Balaam kwan so, na wɔnam Korah kasatia nsɛnkeka so wuwuuiɛ.” Wuwuuiɛ wɔ kasatia nsɛnkeka mu! Ɛdeɛn na na ɛyɛ Korah kasatia nsɛnkeka no? “Adɛn, wodwene sɛ wo nkutoo na woyɛ
onipa kronkron? Adɛn, Onyankopɔn deɛ…Yɛn nyinaa yɛ kronkron. Asafo no nyinaa fata. Obiara…Yɛn nyinaa ɛkabom, ɛno ne deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” Ɛhɔ na wɔwuwuuiɛ no, ɛno. Na na yɛfata ampa. Ná yɛfata sɛ yɛyɛ saa.

Saa Nkransɛm yi, Ne Nne, ne Ɛnne nkutoo a wɔaka a ɛmu da hɔ pefee na Ayeforɔ no regye no turodoo. Nokorɛdiɛ som adwuma ne sɛ wobɛhyɛ nkorɔfoɔ no nkuran sɛ wɔne saa Ɛnne no bɛtena ɛnam sɛ woreka asɛm no na woreyiyi nsɛm firi Nkransɛm no mu ka. Nanso ɛnyɛ sɛ wɔreka Ɛho asɛm nko ara, mmom ƐSƐ sɛ wɔbɔ No wɔ wɔn nsɔredan mu, na wɔnka kyerɛ wɔn nkorɔfoɔ sɛ Ɛno ne ƐNNE A ƐHO HIA PAA, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ayeforɔ no bɛtumi atie Onyankopɔn Nne, afiri Onyankopɔn Ankasa hɔ.

Biribiara nni hɔ a ɛkyɛn sɛ woretie Onyankopɔn Nne. Ngosra kɛseɛ biara nni hɔ a ɛkyɛn ngosra a ɛwɔ tapes no so no. Ɔkwan foforɔ biara nni hɔ a wɔbɛfa so aka Ayeforɔ no abɔ mu gye Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no. ƆKWAN foforɔ biara nni hɔ a ƐWIE PƐYƐ gye sɛ wo PRESSING PLAY NA WOREGYE ASƐM BIARA A WORETIE DIE. Ampara ara ɛyɛ Onyankopɔn, a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso ma N’Ayeforɔ. Ɛyɛ Ne kwan a ƐWIE PƐYƐ ma ɛnnɛ.

Meto nsa frɛ mo sɛ mommra na mommɛka mmɔ mu nhyɛ ngosra kɛseɛ paa a ɛwɔ yɛn da yi mu ase Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie sɛ Onyankopɔn kasa na Ɔkyerɛkyerɛ Ne mma Asɛm a ɛwiɛ pɛyɛ no ɛnam sɛ Ɔrebrɛ yɛn Nkransɛm: Onyankopɔn A Ne Mmɔborɔhunu Dɔɔso No. 65-0119

Onuabarima Joseph Branham.

Twerɛsɛm a wobɛkan:
Efesofoɔ 2:1-5