Easter 2026 – Awurade Adidie Ɛne Nan Ase Hohorɔ Som Soronko

Aheman No Mu Mfɛfoɔ Dɔfoɔ,

Saa Easter yi bɛyɛ Easter mu kɛseɛ paa a Ayeforɔ no adi pɛn. Yɛatena Ɔba no Animpa, rebere, rehunu onii ko nom a yɛyɛ. Wɔreda Yesu Kristo mayɛ no adi wɔ yɛn mu biara mu wɔ ɛberɛ a N’Asɛm, Ne Nne, reteɛteɛm, Ɔkɔdeɛ dekɔ ɔkɔdeɛ, refrɛ yɛn afiri adi akɔ yɛn Ayeforohyia Anwummerɛ Apontoɔ ase.

Afe biara wɔ saa berɛ yi mu no Ayeforɔ kɔwura Easter naawɔtwe awieɛ a ɛreba akwanhwɛ kɛseɛ mu. Ɛberɛ a Ɔbɛka yɛabom afiri wiase afanaa nyinaa wɔ ɛnna-nan a ɛtoatoa soɔ, resom No, reda No aseɛ, reyi No ayɛ; ɛfiri sɛ Wasɔre na Ɔte yɛn mu biara mu. Ayeforokunu no ne Ayeforɔ no reyɛ BAAKO.

Ɔrema yɛn saa ɛberɛ soronko yi ama yɛatoto wiase nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa mu na yɛne No anya ɛberɛ kɛkɛ. Wiase yi mu nneɛma a ɛtwetwe adwene biara nni hɔ, ɛberɛ a yɛne No bɔ yɛn ankasa yɛn wiase no. Toto yɛn apono mu, dundum yɛn ɛlɛtrɔniks nyinaa ne biribiara a ɛtwetwe yɛn adwene firi Ne so.

Ɔpɛ kɛseɛ a yɛn mu biara wɔ ne sɛ yɛbɛbɛn No. Yɛpɛ sɛ yɛbɔ bra a ɛho ate pii ama No; ama yɛatena N’apɛdeɛ a ɛwie pɛyɛ mu daa. Ama yɛasiesie yɛn ho ama Ne Mmaeɛ no. Biribiara nni wiase yi mu, anaa y’ɛabrabɔ mu a ɛho hia sene wei.

Wama yɛn saa ɛberɛ soronko yi sɛ yɛne No bɛnya ɛberɛ kɛkɛ, akasa na yɛadwendwene Ne ho. Sɛ yɛbɛkɔ N’anim na yɛabue y’ɛakoma nom mu ama No. ƐBƐYƐ ABRABƆ NSESAEƐ AMA N’AYEFORƆ NO!

Ɔnim sɛ ɛbɛtumi ayɛ den ama mo mu binom a mo wɔ nkɔdaa, abusua, ɛne asɛdeɛ foforɔ a yɛwɔ, nanso sɛ yɛde ɛberɛ ketewa biara a yɛwɔ di dwuma ne No kasa, ɛtwe bɛn No, bue yɛn akoma mu ma No a, nsakraeɛ a ɛte saa bɛba yɛn ɛne No nanteɛ mu, kɔsi sɛ yɛnnyɛ sɛdeɛ yɛteɛ no.

Sɛdeɛ Ɔyɛeɛ wɔ Mose da no mu ɛberɛ a Ɔde Ne mma baa wɔn afiefie mu no, na wɔde mogya no apete na na wɔresiesie wɔn ho ama wɔn Akwantuo no; saa ara na saa Easter naawɔtwe awieɛ soronko yi bɛyɛ ama yɛn mu baako biara.

YAWOADA

Na ɛyɛ Yawoada anadwo na Awurade Yesu ne N’asuafoɔ dii Anwummerɛ aduane a ɛtwa toɔ no, ɛde kaee Twam Afahyɛ no ansa na Israel mma akwantuo no. Akwanya paa bi a yɛwɔ sɛ yɛne Awurade bɛto nsa adidie wɔ yɛn afiefie mu, ansa na yɛn naawɔtwe awieɛ kronkron no adu, na yɛasrɛ No sɛ Ɔmfa yɛn bɔne nom nkyɛ yɛn, na Ɔmma y’ɛakwantuo no mu adehiadeɛ nyinaa.

Ɔsoro Agya, yɛn ani asɔ wei ho, ɛberɛ foforɔ a yɛaboaboa yɛn ano, saa Ɛnni-awieɛ fã yi. Na yɛrehwɛ anim anɔpa yi apɛ ahoɔden foforɔ a ɛbɛfiri Wo nkyɛn aba, ama yɛn akokoɔduro wɔ akwantuo a ɛda yɛn anim no. Yɛaboaboa yɛn ho ano sɛnea Hebrifoɔ mmɔfra no yɛɛeɛ wɔ anɔpatutuutu no, sɛ wɔbɛnya manna a wɔde ama wɔn anadwo no, sɛ ɛbama wɔn ahoɔden akɔwura ɛda no a ɛreba no mu. Yɛboa yɛn ano pɛ honhom mu Manna, anɔpa yi, sɛ ɛbɛma yɛn ahoɔden ama akwantuo no.

Momma yɛn nyinaa mfiri aseɛ anwummerɛ nɔn-nsia wɔ wo mpɔtam berɛ nhyehyɛeɛ so ntie Awurade Adidie 62-0204, na afei odiyifoɔ no de yɛn bɛwura yɛn Awurade Adidie ne Nan Ase Hohorɔ som soronko no mu ɛwɔ tape no awieɛ no, a wɔbɛbɔ wɔ Lifeline app no so (wɔ Borɔfo kasa mu), anaasɛ wobɛtumi adownloadu ɔsom no wɔ Borɔfo anaa kasa foforɔ mu ɛberɛ a wore-clicke link a ɛwɔ aseɛ ha no.

EFIADA

Momma yɛn ɛne yɛn mmusua nwura mpaebɔ mu anɔpa nɔn-nkono, na afei bio prɛmtoberɛ, reto nsa afrɛ Awurade sɛ Ɔmmɛka yɛn ho na Ɔmfa Honhom Kronkron no nhyɛ yɛn afiefie mu ma ɛberɛ a yɛtu yɛn ho hyɛ Ne nsa no.

Momma yɛn adwene nkɔ saa da no so wɔ Kalvary, ɛbɛyɛ mfie mpem mmienu a abɛsene kɔ no, na yɛnhunu yɛn Agyenkwa sɛ Ɔsensɛn asɛnnua no so. Momma yɛnkae ɛboɔ kɛseɛ a Ɔtua maa yɛn no. Na Ɔyɛ Onyankopɔn Ba a bɔne nni Ne mu no, nanso na ɛsɛ sɛ Ɔhunu amane te sɛ deɛ onipa foforɔ biara ntumi nkɔ mu, ɛfiri sɛ wɔde yɛn bɔne nom too No so.

Na ɛsɛ sɛ Ɔma No kɔ asamando wɔabua no fɔ (Moahu?), ɛfiri sɛ Ɔfaa yɛn bɔne nom. Na Kristo wuuiɛ, na ɛnyɛ sɛ ɔteneneeni; Kristo wuuiɛ sɛ ɔdebɔneyɛni. Moahu? Kristo Ankasa anyɛ bɔne da, mmom Ɔfaa yɛn bɔne too Ne Ho so.

Afei prɛmtoberɛ pae mu a momma yɛnka yɛn ho mmɔ mu wɔ yɛn afiefie mu ntie: 57-0419 Pɛyɛ No.

Afei momma yɛnsan nka yɛn ho mmɔ mu wɔ mpaebɔ mu wɔ ɔsom no akyi pɛɛ, mfa nkae yɛn Awurade asɛnnua mu bɔ no.

MEMENEDA

Prɛko bio momma yɛn nyinaa nkammom wɔ mpaebɔ mu anɔpa nɔn-nkono ne prɛmtoberɛ na yɛnsiesie yɛn akoma ma nneɛma akɛseɛ a Ɔbɛyɛ ama yɛn wɔ yɛn ntam no.

Metumi te sɛ Ɔreka sɛ, “Satan, bra ha!” Saaberɛ yi Ɔno ne Boss no. Ɔtene Ne nsa, ɛsɔ saa owuo ne asamando safoa no firi ne nkyɛn, de sɛn Ɔno Ankasa nkyɛn mu. “Mepɛ sɛ me bɔ wo kɔkɔ. Woadwa w’anum akyɛ dodo. Me ne Onyankopɔn teasefoɔ no Ba a wɔwoo no ɔbaabunu no. Me Mogya da so ara afɔ wɔ asɛnnua no so, na wɔatua ɛka no nyinaa! Wonni hokwan biara bio. Wɔagye afiri wo nsa mu. Fa saa nsafoa no ma Me!”

Afei prɛmtoberɛ pae mu a yɛn nyinaa bɛboa yɛn ano atie ASƐM no: 57-0420 Amusieɛ No

ƐDA A ƐHO HIA paa bi a wei rebɛyɛ ama N’Ayeforɔ wɔ ewiase afanaa nyinaa.

Afei momma yɛnsan mmoa yɛn ano wɔ mpaebɔ mu bio wɔ ɔsom no akyi pɛɛ.

KWASIADA

Momma yɛnni kan nsɔre ntɛm sɛnea Onuabarima Branham yɛɛeɛ anɔpa no ɛberɛ a n’adamfo ketewa, anomaa a ne bo kɔɔ no nyanee no anɔpa nɔn-num no. Momma yɛnna Awurade ase kɛkɛ sɛ Wanyane Yesu afiri awufoɔ mu:

Ahemakye nnɔnnum yi no, m’adamfo kumaa a ne nebo kɔkɔɔ no tu baa mpoma no so ɛna ɔnyanee me. Na ɛte sɛdeɛ n’akoma ketewa no bɛpae, reka sɛ, “Wasɔre.”

Ɛbɔ anɔpa nɔn-nkono a prɛko bio momma yɛn nka mmɔ mu wɔ yɛn mpaebɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, mmɔ mpaeɛ mma yɛn ho yɛn ho na yɛresiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn Nne.

Ɛbɔ anɔpa nɔn-nkono ne fà a, yɛbɛka yɛn ho abom atie yɛn Easter Nkransɛm: 65-0418M Ɛyɛ Awia A Ɛrepue No.

Prɛmtoberɛ no, yɛbɛma yɛn nne so akyerɛ No ama Owusɔreɛ Tumi no.

Ɛbɔ anwummerɛ nɔn-mmiɛnsa a, momma yɛnsan nka yɛn ho mmɔ mu prɛko bio wɔ mpaebɔ mu, reda No ase wɔ NAAWƆTWE AWIEƐ NWANWASOƆ A ƆDE AMA YƐN ƐNE ƆNO NE N’AYEFORƆ WƆ WIASE AFANNAA NYINAA.

Ɛkɔma me nuammarima ne nenuammaa a ɛwɔ amannɔne ne no, ɛte sɛ afe a ɛtwaa mu no, mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ mo sɛ mo ne yɛn bɛka abɔ mu wɔ, mpaebɔ mmerɛ a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi mu nyinaa. Nanso, mehunu sɛ, sɛ yɛrebɔ Tapes no Yawoada, Efiada, ne Memeneda awia wɔ Jeffersonville berɛ mu no, ɛbɛyɛ den yie ama mo mu dodoɔ no ara, enti anidie mu firi wopɛ mu bɔ saa Nkransɛm no wɔ ɛberɛ a ɛyɛ ma wo mu. Nanso, mɛpɛ sɛ yɛn nyinaa bɛka abom Kwasiada anɔpa nɔn-nkono ne fà wɔ Jeffersonville berɛ mu, abɔ mu atie yɛn Kwasiada Nkransɛm no.

Mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ mo ne mo mmɔfra nso sɛ mommɛka Adebɔ dwumadie nom no ho, retwerɛ atenka nom a wonya, akwankyerɛ nom, a mo mmusua nyinaa bɛtumi abom anya ɛmu anigyeɛ. Yɛsusu sɛ w’ani bɛgye ho ɛfiri sɛ wɔn nyinaa gyina ASƐM a yɛbɛtie wɔ naawɔtwe awieɛ yi so.

Sɛ wopɛ naawɔtwe awieɛ yi nhyehyɛeɛ ho asɛm a, nsɛm a ɛfa ahosiesie ma Awurade Adidie som no ho a, nneɛma a ɛbɛhia ama Adebɔ dwumadie no, ne nsɛm foforɔ a, hwɛ links nom a ɛwɔ aseɛ ha no.

Momma yɛntoto yɛn nkrato-fidie nom no mu ma Easter naawɔtwe awieɛ no gye sɛ wode twa mfonini, ɛtie Quote Of The Day, ɛne sɛ wode bɛbɔ tapes no afiri Table app no so, Lifeline app, anaa sɛ link a wobɛtumi adownloadu.

Ɛyɛ animuonyam kɛseɛ bi ma me sɛ meto nsa frɛ wo ne w’abusua sɛ mode mo ho bɛba abɛka Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa ho no ama naawɔtwe awieɛ a ƆSOM, AYƐYIE NE AYARESA ahyɛ mu ma. Megye di sɛ ɛyɛ ampa ara naawɔtwe awieɛ a ɛbɛsesa w’abrabɔ afebɔɔ.

Onuabarima Joseph Branham.