25-1219
Asafo No Bɛkɔ Ansa Na Ahohiahia No Anaa? 58-0309E .
Oh, ɛda biara nni hɔ a na adwadie pii wɔ hɔ sɛ ɛnnɛ da yi, baabi a wɔtɔn car mono a wɔatwi no kakra bi ɛne adeɛbiara kɛkɛ. Dodoɔ pii, ara kɔsi sɛ, wobɛtumi atua bɛyɛ dɔlla ahanan anaa ahanum atɔ fridge afe wei, na afe a ɛdi hɔ no obiara mpɛ. Atwam. Anyabiaa wonhunu baabi a ewiase adwadie no ɛma wo yɛ adwumaden a ahomegyeɛ ɛnnim? Wobɛtumi atɔ car afe yi, na afe a ɛdi hɔ no ɛbia ɛyɛ papa te sɛ deɛ anka wobɛtumi atɔ saa berɛ no, nanso ɛboɔ a ɛsom no ɛso bɛte dɔlla apem ɛfiri sɛ wɔsesaa radiator mmuasoɔ no anaasɛ wɔayɛ nkwaseadeɛ ketewa bi wɔ ɛho. Ɛyɛ adetɔn ho adɛfɛdɛfe nsɛnkeka kɛkɛ, ɛde hyɛ Twerɛnsɛm ma.
“Sɛnea na ɛteɛ wɔ Noa nna no mu no, ɛne Lɔt nna no mu no.”
Dabiara Paanoo.
Na sɛnea nna a ɛdi nsuyire no anim no, na wɔredidi, na wɔrenonom, rewareware, deremema awareɛ, de kɔsii ɛda no a Noa hyɛnee adaka no mu no.
Mateo 24:38.
25-1218
Onyankopɔn Wɔ Ɛkwan Bi A Ɔde Ama 56-0108 .
Oh, sɛnea ɛsi yɛ anika! Wonim, ɛbia yɛn nyinaa yɛ Onyankopɔn mmɔfra a yɛdidi firi ntoa mu, ɛbia yɛbaka no saa. Na Onyankopɔn ama ntoa mmienu pɛ, Apam foforɔ ne Apam Dadaa no, na Ɔhwiee nnuanenuro guu ne nyinaa mu kɛkɛ. Na ɛberɛ a yɛkura Ne mu no, sɛ yɛrenom no, ɛnnyɛ sɛ yɛmen nko ara, mmom na yɛrenya ayaresa, ne nyinaa ɛberɛ korɔ no ara. Yɛ wɔ honhom mu nuanenuro. Ɛkɔ so ara ma yɛnyini frɔmfrɔm, ɛrema yɛn mpɔn mu yɛ denden, ne denden. Ɛyɛ. Ɛwɔ calcium ma nnompe no. Aane. Ɛwɔ vitamin B complex ma ntini nom no. Oh, ɛwɔ biribiara wɔ mu. Wɔgyaa Onyankopɔn nnuro adakawa no nyinaa too mu. Na ne nyinaa wɔ toa mu, de guu toa mu, ɛna Ɔbuee so wɔ Kalvary.
Enti, ɛnam Kalvary so no, yɛbɛtumi asan adi ɔgyeɛ nhyira nom biara a Yesu wuuiɛ maaeɛ no.
Dabiara Paanoo.
Awurade yɛ wɔn ahoɔden, na Ɔno na Ɔyɛ ɔgyeɛ ahoɔden ma deɛ Ɔno asra no ngo no.
Nwom 28:8.
25-1217
Nsuro 60-0609
Ma menka nkyerɛ mo nhyɛsoɔ som nkorɔfoɔ a mo wɔ ha, wɔ Methodist, Baasreni, sɛ saa nkorɔfoɔ a wɔwɔ ha yi a wɔfrɛ wɔn ho Pentekose no, ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ mmoanokuo, wontumi mmoaboa Pentekose ano. Wobɛtumi anya nhyɛsoɔ som bi, nanso Pentekose yɛ osuahunu ma “obibiara a ɔpɛ ma no mmra,” sɛ ɔyɛ Baptist, Baasreni, Methodist, tuntum, akɔkɔsradeɛ, dodoeɛ, anaa fitaa.
Ahosuo a ɛyɛ no ɛmma nsonsonoeɛ biara, sɛnea ɔyɛ kɛseɛ, sɛnea ɔyɛ ketewa, sɛnea ɔwɔ fam, sɛnea ɔnnyɛ, ɛmma nsonsonoeɛ ketekete; Ɛwɔ hɔ ma obiara a ɔpɛ. Ɛyɛ Onyankopɔn kwan a Ɔfa so de te N’Asafo ho. Ɛho nhia sɛ woyɛ anitefoɔ; Ɛho nhia sɛ wosua nwoma.
Na obiara nni Ne kuo no mu a na wanya nwomasua pɛn gye sɛ baako, na ɛno ne Paulo, ɛna Paulo kaa sɛ na ɛsɛ sɛ ne werɛ firi biribiara a ɔnim na ama no ahunu Kristo. Yɛmfa adwene a ɛmu dɔ tumi so na ɛhunu Nyankopon, yɛnam osuahunu bi a ɛfiri Honhom Kronkron no mu na ɛhunu Onyankopɔn.
Dabiara Paanoo.
Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a ɛmu yɛ den a ɛrebɔ firi soro baaeɛ, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma.
Asomafoɔ No Nnwuma 2:2
25-1216
Akwanhwɛ Nom 53-0507 .
Afei, bɔne nkyerɛ sɛ kɔ abɔtene nom nsa na toa so yɛ deɛ ɛmfata bio. “Monkɔ na monnye akyinyeɛ bio.” Amen. Ɛna ɛda hɔ no. Monim deɛ mehunu sɛ ɛyɛ ɔhaw kɛseɛ ɛma ɛnnɛ yi Pentekose Asɔre no? Gyinabea mu no, wɔnnim deɛ wɔyɛ. Moyɛ Onyankopɔn mmamarima ne mmamaa. Na mpɛn pii no morehwehwɛ sɛ biribi kɛseɛ bi bɛba, nanso moanya ɛno dada, kɛse-paa no a wɔbɛtumi de ama mo. Seesei, yɛyɛ Onyankopɔn mma no, ɛnyɛ sɛ yɛbɛyɛ, yɛyɛ mprempren yi. Na yɛabom atena wɔ ɔsoro mmeae hɔnom wɔ Kristo Yesu mu, mprempren yi ara. Oh, me. Sɛ gyedie a ɛte saa ɛba Asafo no mu a, ɔbonsam twe ne ho firi ɛhɔnom. Na seesei deɛ mowɔ…
Satan nni deɛ mmara ma ho kwan biara koraa wɔ Kristoni so. Ɛberɛ biara a wɔbɛgye onipa bi nkwa no, Onyankopɔn twerɛ check puduo akɛseɛ mua no nyinaa a ɛte sɛɛ kɛkɛ, na Ɔde Ne din ahyɛ aseɛ, kaa sɛ, “Ɛnie. Fa nkaeɛ no hyehyɛ mu.” Ɛbɔ wo hu anaa? Fa nkaeɛ no hyehyɛ mu. “Adeɛbiara a mopɛ no sɛ mobɔ mpaeɛ a, monye nni sɛ mo nsa ka. Wɔde bɛma mo.”
Dabiara Paanoo.
Na ɔka sɛ ɛberɛ a ɛsɛ mu no na matie woɔ, na nkwagyeɛ da no mu na maboa woɔ: Hwɛ ɛnnɛ ne adom berɛ. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.
II Korintofoɔ 6:2.
25-1215
Kasa Kyerɛ Bepɔ Yi 59-1123.
Afei, mepɛ sɛ me nya, beretia bi pɛ, ɛkyerɛ mo mfomsoɔ a ɛnni Asɛm no ho, (Moahu). Edikan no, mepɛ sɛ mohunu sɛ Onyankopɔn nimdeɛ ɛnni awieɛ. Ɔwie pɛyɛ ara a ma na Ɔnim biribibiara a na ɛbɛsi pɛn. Mogye ɛno di? Ansa na wɔbɔɔ wiase pɛn no, na Ɔnim sɛ yɛbɛtena ɛhanom anadwo yi sɛ Ɔyɛ ɔnni awieɛ a. Sɛ Ɔnyɛ ɔnni awieɛ a, ɛnneɛ Ɔnyɛ Onyankopɔn. Enti sɛ Ɔwɔ awieɛ dea a, Ɔte sɛ yɛn. Nanso deɛ ɛnni awieɛ, ɔkwan biara nni hɔ a wobɛkyerɛkyerɛ mu. Na biribiara a Onyankopɔn ka no yɛ deɛ ɛwie pɛyɛ; Ɔntumi ɛmma no ntu mpɔn anaasɛ Ɔntwe nsan. Ɛyɛ deɛ ɛwie pɛyɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wie pɛyɛ, na Ne Nsɛm yɛ deɛ ɛwie pɛyɛ. Ne bɔhyɛnom ntumi nni ntwo da. Afei, ɛsɛ sɛ wonya gyedie a ɛte saa wɔ Onyankopɔn mu ɛberɛ a wo kenkan Bible no ama woagye Ne bɔhyɛnom adi. Ɛsɛ sɛ wokae sɛ Ɔwie pɛyɛ. Ne Nsɛm yɛ deɛ ɛwie pɛyɛ; Ɛntumi nni ntwo da; Ɛntumi ntu mpɔn da; Wobɛfiri aseɛ no, ɛwie pɛyɛ.
Dabiara Paanoo.
Onyankopɔn deɛ, Ne kwan wie pɛyɛ; Wɔasɔ Awurade Asɛm ahwɛ: Ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no soɔ nyinaa.
II Samuel 22:31.
25-1214
Wode Anibereɛ Repere Apɛ Gyedie A Ɛberɛ Bi Wɔde Maa Ahotefoɔ No
53-0614A
Afei, Onyankopɔn de Ne Ho. Nokorɛ nie, Ɔno—Ɔnim, “Ɔmpɛ sɛ onipa biara bɛyera mmom Ɔpɛ sɛ ɛbɛyɛ a nnipa nyinaa bɛba adwensakra mu.” Nanso sɛ Ɔbɛyɛ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ Ɔhunu, na Ɔhunu ansa na adeɛ no asi pɛn, deɛ na ɔbɛnya nkwagyeɛ ɛne deɛ na ɔnya nkwagyeɛ. Saa na ɛteɛ.
Enti nnipa binom wɔ hɔ a wɔrenya, na na Onyankopɔn nim wɔ mfitiaseɛ no sɛ wɔrenya. Na mpo Ɔmaa Farao so ɛna Ɔprimm n’akoma wɔ saa botaeɛ no ara so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛkyerɛ Ne tumi. Ɛna Esau ne Yakob, ɛde kyerɛ sɛ Onyankopɔn yie no bɛtena hɔ ampaniampaa. Ansa na abɔfra no mu biara na—ɛberɛ a wɔwoo wɔn no, ‘nsa na wɔwoo wɔn no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Medɔ Yakob na metan Esau.” Saa na ɛteɛ. Ansa…
Hwɛ, woyɛ Kristoni ɛfiri sɛ Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ Kristoni. Afei, wobɛtumi abutu no. Ebinom…Onyankopɔn de obi bɛtena wo tebea hɔ. Nanso wo tebea no wɔ hɔ. Sɛ Onyankopɔn frɛ wo a, kɔ na kɔfa ɛno tena.
Dabiara Paanoo.
…mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yie mu den: na sɛ moyɛ weinom a, mo renhwe ase da.
II Petro 1:10.
25-1213
Wɔn A Wɔasra Wɔn Ngo Wɔ Awieɛ Berɛ No 65-0725m .
Honhom Kronkron no ne ɛdɔn yi mu Diyifoɔ; Ɔno a Ɔreda N’Asɛm mu nokorɛ adi, de Ɛho nyinasoɔ reba, na Honhom Kronkron no ne Mose dɔn no Diyifoɔ, na Honhom Kronkron no ne Mikaia dɔn no Diyifoɔ. Honhom Kronkron no a Ɔtwerɛɛ Asɛm no ba na Ɔbɛsi Asɛm no so dua.
Afei ɛdeɛn na ɛsiieɛ wɔ Mikaia berɛ so? Wɔkumm Ahab, na nkraman no taferee ne mogya, sɛnea Onyankopɔn asɛm kyerɛ no.
Mo atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, SAA NA AWURADE SEƐ; .da bi mobɛtwa deɛ moreguo no, mo akannifoɔ anifrafoɔ a modi anifrafoɔ anim! Me bo nnfui. Nokorɛ bi na mereka akyerɛ mo kɛkɛ. Na anka merenka wei sɛ ɛdan no mu wɔ ɛsoro hanom sɛ Honhom Kronkron no anka sɛ, “Ka no saa kwan no so a.” Maka bribi a ɛnyɛ nokorɛ akyerɛ mo pɛn gye sɛ deɛ Onyankopɔn maa nyinasoɔ sɛ ɛyɛ nokorɛ? Me nuanom, monsɔre, ansa na aka akyire dodo!
Dabiara Paanoo.
Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn wɔnsi no atwetweɛ; na deɛ onipa guo no ɛno ara na ɔbɛtwa.
Galatifoɔ 6:7.
25-1212
Ɛberɛ Koro Pɛ Bio Awurade 63-0120E .
Bible no kaa sɛ, “Saa, Laodikea ɔdefoɔ asafo mfirinhyia no ɛrenhia hwee, ɛna ɔnnim sɛ na ɔda adagya, n’ani afira, ɔyɛ mmɔbɔ, na ɔnnim mpo.” Afei, sɛ wahu obi a ɔnam ɛkwan no so reba, a na ɔda adagya ɛna n’ani afira, ɛna wobɛtumi aka akyerɛ wɔn sɛ wɔwɔ saa tebea no mu, na wɔda adagya, na na ɛsɛ sɛ wɔwura baabi na wɔde wɔn ho sie, wiɛ, ɛbɛtumi aba sɛ wobɛtumi de onipa no afiri ɛkwan no so aba. Nanso sɛ wɔdane wɔn ho, a wɔnni adwene mu tumi nom a ɛfata a ɛbɛma wɔn ahunu; Nanso seesei asɔre no ɛnni honhom mu tumi a ɛfata a ɛbɛma wɔn ahunu. Adagya, mmɔborɔyɛ, anifra, amanehunu, ohia. Kristo wɔ mfikyire, rebɔ mu, rebɔ mmɔden sɛ Ɔbɛba mu, na ɛnsoso mo se monhia hwee.
Menim sɛ ɛno yɛ adefoforɔ ma mo mu binom, nanso ɛyɛ Onyankopɔn Nokwasɛm. Saa na Asɛm no ka. Wɔnte anisoadehunu no ase.
Dabiara Paanoo.
Na akane no na moyɛ sum, nanso afei deɛ mo yɛ hann, Awurade mu: monnante sɛ hann mma.
Efesofoɔ 5:8.
25-1211
Onyankopɔn A Ɔrehinta Ne Ho Wɔ Sima Kwan So Afei Ɔreda Ne Ho Adi Ɛno Ara So 63-0317M.
Afei, kronkronyɛ kwantempɔn bi, nkorɔfoɔ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho kronkron. Na sɛ woyɛ saa a, ɛte sɛ deɛ mekaa kane no, ɛte sɛ ɛɛ…ɛbɛyɛ te sɛ ɔpɛtɛ bi a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde abuburo ntakra bɛtuatua ne ho, sɛ ɔbɛfa so ayɛ abuburo, ɛberɛ a ne su da so ara yɛ ɔpɛtɛ. Moahu? Ɔno, ɛyɛ…ɛbɛyɛ te sɛ Kwaakwadabi a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde ɛ—ɛ aborɔnoma ntakra bɛhyɛ mu, anaasɛ akokɔnini abankwa, ɛna ɔreka sɛ, “Woahu, meyɛ anomaa ahoɔfɛ ni.” Hwɛ o, ɛyɛ biribi a wɔayɛ.
Nanso ɛnsɛ sɛ akokɔnini abankwa ɛha ne ho sɛ ɛbia ɔbɛnya akɔkɔnini abankwa ntakra anaasɛ ɔnya. Ɛnsɛ sɛ abuburo no ɛha ne ho sɛ ɛbia ɔbɛnya abuburo ntakra anaasɛ ɔnya. Ɛberɛ tenten a ne su yɛ abuburo no, ɔbɛnya abuburo ntakra.
Na, hwɛ, holiness nkorɔfoɔ no firi aseɛ ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ mmaa no gya wɔn tiri nwi atenten na wɔhyɛ ntadeɛ nsa tenten, ɛne—ɛne saa nneɛma no nyinaa, ɛne skirts atenten, na wɔnhyɛ ayeforohyia kaawa nom anaa agudeɛ ahodoɔ biara.” Hwɛ o, ɛbɛyɛ wo ara aniso tenenee kronkronyɛ. Moahu? Moahu? Ɛno—ɛno—ɛno yɛ kronkronyɛ a wɔayɛ.
Dabiara Paanoo.
Onipa akwan nyinaa ho te wɔ ɔno ara ani so; Nanso Awurade na Ɔkari ahonhom no.
Mmɛbusɛm 16:2.
25-1210
Prɛko Bio 63-1117 .
Onyankopɔn nni mmananaa biara. Wɔba ɛmu. Tete Pentekose agya ne ɛna no, wɔ osuahunu bi ase, de wo bɛwuraa mu; Na woba asɔre no mu bɛtena hɔ kɛkɛ, na ɛno ara ɛma wo yɛɛ Pentecose ni? Ɔnni mmananaa. Ɔwɔ mmamarima ne mmamaa nkutoo. mmananaa biara nni hɔ. Ɛsɛ sɛ wutua ɛboɔ korɔ no ara na nya Honhom Kronkron korɔ no ara a wɔyɛeɛ no. Ɛsɛ sɛ woyɛ ɔbabarima ne ɔbabaa, ɛnyɛ ɔbananaa barima ne ɔbananaa baa. Ɔnyɛ tete nana-barima a ɔsosɔ nkɔdaa so, bɛtɛɛ, na ɔyɛ nhwɛhaa wɔ ne mmɔfra ho wɔ adeɛbiara mu, ɛhu wɔn mmɔbɔ. Ɔyɛ Onyankopɔn, deɛ Ɔwɔ hɔ Daa no! Saa na ɛteɛ, Mmamarima ne mmamaa!
Dabiara Paanoo.
Na mɛyɛ Agya ama mo, na mo bɛyɛ me Mmamarima ne mmamaa, Awurade Tumfoɔ no na Ɔseɛ.
II Korintofoɔ 6:18 .
25-1209
Onyankopɔn Wɔ Ne Nkorɔfoɔ Mu 50-0227 .
Asutire bi abue, a ɛretene fa baabiara kwa. Nom kɛkɛ kɔsi sɛ wontumi nnom bio kɛkɛ. Dua no, sɛ ɛnom dodoɔ a ɛwɔ hɔ ma no kɛkɛ a adɛn, ɛnka ɛbɛdaso awɔ ɔpɛ berɛ mu ɛberɛ nyinaa. Ɛno ne deɛ ɛyɛ Kristofoɔ haw. Wɔnnom dodoɔ sɛnea ɛsɛ. Wopɛ sɛ wonom kɔsi sɛ wobɛtrɛ mu kɛkɛ na woama obi foforɔ ahunu. Moahu? Pu bra. Nya adansedie. Fa hyɛ Onyankopɔn nsa. Gye di. Fa firi adi. Gye Onyankopɔn bɔhyɛ to wo ho so. Gyae ɛmu-gyae ɛmu kɛkɛ ma Onyankopɔn. Gye di. “Fa w’akwan hyɛ Awurade nsa” Ɔbɛma adeɛbiara a wopɛ aba mu.
Nanso Ɔntumi nyɛ kɔsi sɛ…ɛberɛ tenten a wokura mu no. Ka sɛ, “Afei, mɛhwɛ me ho sɛ mpontuo biara aba a, na mahwɛ sɛ wei bɛyɛ adwuma anaa.” Wodeɛ fa hyɛ Ne nsa; ma wo werɛ mfi deɛ aka no. Kɔdi adanseɛ wɔ nneɛma a wonhu mpo ho. Wodeɛ gye di. Ɛnyɛ deɛ wohu; Ɛyɛ deɛ wogye di. Ɛnyɛ deɛ wote nka. Wanka da sɛ, “Wotee nka?” Ɔkaa sɛ, “Wogye diieɛ anaa?”
Ɛno ɛne sɛnea wɔnam gyedie so agye wo nkwa. Ɛno ne sɛnea wɔnam gyedie so asa wo yareɛ. Na gyedie yɛ anidasoɔ mu ahotɔsoɔ, adansedie a ɛwɔ deɛ wonhunu, nka nhwɛ, nsɔ mu, nte panpan anaa aso nteɛ. Wo gyedi kɛkɛ. Tu ɛho anamɔn te sɛ nea mpo na ɛte saa. Amen.
Dabiara Paanoo.
Fa w’akwan hyɛ Awurade nsa; Fa wo ho to no so nso; na Ɔbɛma no aba mu.
Nnwom 37:5.
25-1208
Agyedifoɔ Ahodoɔ Mmiɛnsa 63-1124E
Ɔbarima baako, de akokoɔduru ɛgyina Ohio hɔnom, ɛberɛ pɛpɛɛpɛ no a wɔsaa Onua Kidd yareɛ no, ɛfirii adi baa nyinasoɔ-bea hɔnom ɛna ɔkaa sɛ, “Afei, Onuabarima Branham yɛ odiyifoɔ, akyinnyeɛ biara nni ho koraa, ɛberɛ a ɔwɔ ngosra no ase no. Nanso afei,” ɔsee, “Sɛ ngosra no firi ne so a,” ɔse, “Monnye ne nkyerɛkyerɛ no nni, ɛfiri sɛ Ɛyɛ mfomsoɔ.”
Na na ɔnnim, sɛ ɛberɛ a mete me dan mu no, Awurade yi kyerɛɛ me. Na me nante kɔɔ fam hɔ pɛɛ. Na na mo mu pii wɔ hɔ. Mekaa sɛ, “Adɛn nti na ɔbarima bi bɛka asɛm a ɛte saa, ɛberɛ a Asɛm no…” Afei, hwɛ, manka da sɛ meyɛ odiyifo; Ɔno na ɔkaaeɛ.
Na odiyifoɔ no, asɛmfua odiyifoɔ no, “Ɔdehunufoɔ,” Apam Da-…. Afei, odiyifoɔ brɔfo kasa afam no kyerɛ “ɔsɛnkafoɔ.” Nanso na Apam Dada no mu ɔdehunufoɔ no yɛ ɔbarima bi a na ɔwɔ “Asɛm no Nkyerɛaseɛ a ɛfiri Ɔsoro,” na wɔde Asɛm no a ɛba ne nkyɛn ɛne hu a ɔdikan hunu no na ɛda ne mu nokorɛ adi. Ɛno ne deɛ…..
Na ɔbarima bi a ɔreka sɛ onipa bi yɛ odiyifoɔ, na afei ɔreka sɛ ne Nkyerɛkyerɛ no yɛ mfomsoɔ? Sɛ ɛno ɛnyɛ sika-adwuma nhyehyɛe a, ɛyɛ deɛn?
Dabiara Paanoo:
Monnya Awurade mo Nyankopɔn mu gyedie na mo ase atim. Na monnya N’adiyifoɔ no mu gyidie na asi mo yie. 2 Berɛsosɛm 20:20.
25-1207
Ɔkwan A Wɔfa So Bɔ Fekuo 55-1009
Agyanom ne ɛnnanom yɛ me mmɔbɔ ɛnnɛ yi, me ankasa me yɛ ɔwofoɔ na menim botaeɛ baako; merebɔ mmɔden atwe me mma afiri yɛn kuropɔn yi mu yɛnni akristofoɔ sukuu wɔ hɔ. Na mepɛ sɛ mede wɔn kɔ baabi a wɔbɛtete wɔn wɔ sukuu mu ɛwɔ amansan sukuu pɔtee a awofoɔ nsa wɔ mu bie baabi a wɔbɛsua sɛnea yɛsi dɔ Awurade. Mɛtumi ama wɔn adekyerɛ wɔ fie, nanso wɔn ɛne saa ewiase nipadɔm no na ɛfiri adi; Ɔboronsam yɛ ɔyɔnkoɔ aniteewa bi na ɔpiapia ɛno wura wɔn mu. Sɛ wo kora wɔn wɔ Honhom no ase ara kɔsi sɛ wɔbɛduru mfie a ɛsɛ a wɔn nsa bɛka Honhom Kronkron no na wɔn ahunu deɛ ɛfa ho nyinaa a, afei Onyankopɔn bɛhwɛ deɛ aka no nyinaa so. Nanso ɛdikan no wɔ wɔ wɔn mmabunu nketewa ɛnna. Afei, obi biara dwene ne mma ho. Ɛberɛ a wɔ wɔ wo–wo ntaban ase no wo bɛtumi ama w’ani akɔ wɔn so. Nanso prɛko a wɔfirii ntaban no ase no, afei na ɔboronsam no anya Oscar kumaa dadaa biara ɔbɛtumi, wɔ abɔntene hɔnom de ne ho abɔ wo mmɔfra no a wɔyɛ annyeanie, ɛne atirimuɔden, ɛne aborosamfoɔ, ɛne biribiara a ɛka ho. Onyankopɔn boa yɛn.
Dabiara Paanoo:
Anidasoɔ wɔ hɔ yi tea wo ba, ɛmma wo kra ɛnya ahummɔborɔ wɔ ne su ho.
Mmɛbusɛm 19:18
25-1206
Deɛ Enti A Betlehem Ketekete 63-1214 .
Hwɛ saa mmarima yi! Wɔtwee wɔn akofena nom. Ná ɛyɛ deɛn? Ná n’akɔnnɔdeɛ yɛ nsuonwunu a yɛnom. David! Mfatoho paa ma ɛnnɛ, yɛn David, Kristo, yɛnim sɛ na wɔfrɛ no holy-roller, wɔayi No akɔto ɔfã baako, biribiara mu ntrasoɔ ni bi, a nsɔrensɔre no apo No. Wɔanya wɔn gyidie ne nneɛma a wɔahyehyɛ wɔ Buronya yi mu te sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ deɛ ɛdi kan no mu no. Yɛnim ɛno, nanso yɛnim sɛ saa Asɛm yi da so ara yɛ nokorɛ daa, na ɛsɛ sɛ Ɛba mu. Na Kristo apɛdeɛ ne sɛ mmarima, akofoɔ, bɛsɔre! Amen!
Oh, mommra, mmɛgyina me nkyɛn,wɔ m’afã. Megyina baabi a ɛyɛ hu. Ɛnnɛ meto akansie nkratoɔ! Saa tapes yi kɔ wiase nyinaa. Meto akansie nkratoɔ kɔma onipa bi, ɔkofoɔ bi a ɔdɔ Yesu Kristo, a ɔnim sɛ ɛwɔ sɛ saa nneɛma yi hyɛ ma ɛnnɛ, anuanom, mommra mmɛgyina m’afã na montwe Onyankopɔn Asɛm no. Moma mo werɛ mfi saa nsummura a ɛmu aweweɛ no ɛne nhyɛsoɔsom nom no a ɛntu mpɔn no a mo wɔ mu no. Montwe Onyankopɔn Asɛm foforɔ no, moma yɛmma Yesu Pentekose nsupapa foforɔ nnom!
Dabiara Paanoo
Na nnɔmmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu, na wɔ kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo na wɔde brɛɛ Dawid, nanso wampɛ sɛ ɔnom na ɔhwie gu maa AWURADE
2 Samuel 23:16
25-1205
Abrabɔ Mu Asɛm 52-0720A .
Na yɛn mu biara wɔ abrabɔ a Onyankopɔn de ama yɛn, na ɛsɛ sɛ yɛbɔ so bra. Na me…Wɔ m’ahobrɛaseɛ nsusueɛ mu no, sɛ mobɛhunu wei a,
mesusu sɛ abrabɔ a ɛyɛ papa paa wɔ wiase, ɛmfa ho sɛ ɛwɔ soro anaa fam, sɛ yɛbɛhunu Onyame akwan na yɛanante mu wɔ baabi a Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama yɛn sɛ yɛnnante.
Dabiara Paanoo.
Hu No w’akwan nyinaa mu no, na Ɔno na Ɔbɛkyerɛ w’akwan.
Mmɛbusɛm 3:6.
25-1204
Antikristo Nsɔano No 55-0311 .
Afei, mo asɛnkafoɔ, ɛne mo mmarima, ɔkwan korɔ no ara so. Ɛte saa. Ɛno ne nokorɛ no. Deɛ yɛhia ɛnnɛ, ɛne adadamu, anibereɛ so, Asɛmpa asɛnka nom bi. Yɛanya nufusuo a wɔayi ɛmu sradeɛ a ɛreyɛ asɛe pii, kɔsi sɛ adeɛ no ɛkeka. Deɛ yɛhia, san kɔ Azusa, san kɔ mfitiaseɛ no, san kɔ Pentekose. Saa na ɛteɛ. Amen. Onyankopɔn hu yɛn mmɔbɔ.
Oh, monim deɛ ɛnti a yɛnni asɔre no mu animuonyam no, monim deɛ ɛnti a adeɛ no te saa no? Ɛfiri sɛ yɛakɔwura biribi foforɔ mu. Oh, “M’ani nwu Yesu Kristo Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu.” Ɛnyɛ biribiara a ɛbɛma woayɛ gyedie ntrasoɔ ni. Ɛyɛ biribi a ɛbɛma w’adwene mu ada hɔ na wayɛ sɛdeɛ woteɛ no ara a, ɛma no yɛ adekann ma nkorɔfoɔ kɔsi sɛ wɔn kɔn bɛdɔ sɛ wɔbɛyɛ sɛ wo. Saa na ɛteɛ. Ewiase nyinaa bɛma wɔn ani so aka sɛ, “Me, sɛ anka mɛtumi ayɛ m’adeɛ te sɛ saa ɔbaa no nkutoo a. Sɛ anka mɛtumi abɔ abrabɔ a ɔbɔ no a.” Na afei, ɛno ne adeɛ a yɛhia.
Dabiara Paanoo.
Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no: na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.
Mateo 5:6.
25-1203
Nkorɔfoɔ no nyɛ nsiyɔfoɔ.
Sɛ Honhom Kronkron no, sɛ Yesu Kristo, da ɛmu nokorɛ adi sɛ Ɔka yɛn ho wɔ ha a, ɛneɛ pem kɔ so kɔsi sɛ wobɛduru Ne nkyɛn. Ɛte sɛ ɔbaa kumaa a na ɔwɔ mogyatuo ho asɛm no, ɛne nneɛma ahoroɔ a ɛsisiieɛ no nyinaa, ɛne atamfoɔ a na wɔwɔ n’akwan so nyinaa, ɔtɔ kɔɔ so ara kɛkɛ kɔsii sɛ ɔde ne nsa kaa No. Sɛ anka saa asafo yi, anadwo yi, bɛyɛ adekorɔ no ara a, bɛmia awura annyeanie ntɛtɛ biara mu a, ɛne Ɔboronsam ne ne annyeanie de mo nkrantɛ bɛbɔ ani, na wamia so akɔhunu sɛ woyɛ Onyankopɔn ba na woyɛ ɔdedifoɔ ma saa nneɛma yi, na Yesu Kristo gyina mprempren yi sɛ Ɔbɛkyerɛ wo sɛ Ɔne wo wɔ hɔ, sɛ Ɔbɛkora N’Asɛm. Mo nyɛ nsiyɔfoɔ, mma biribiara nsi mo kwan.
Ɛyɛ me nwanwa kɛkɛ. Sɛ gyedie to sɛkyɛ ampa ara a, biribi bɛtumi asi mo kwan? Monte aseɛ. Sɛ mote aseɛ ampaniampaa a, ɛno bɛyi akyinnyeɛ biara afiri hɔ. Ɛno ara ne no. Moahu?
Dabiara Paanoo.
Na afei, Onyankopɔn, hyɛ me nsam den.
Nehemia 6:9.
25-1202
Amusieɛ No 57-0420
Afei hyɛ no nso, Yesu, a Onyankopɔn tumi nyinaa da N’aba mu no, nanso, ɛberɛ a Ɔhyiaa Satan no, wamfa Ne tumi no mu biara anni dwuma da. Ɔtwee adwene sii Asɛm no nkutoo so! Ɔyɛɛeɛ. Ɔkaa sɛ “Wɔatwerɛ, “ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa bɛdi atena ase, mmom Asɛm biara a ɛfiri Onyankopɔn anom.”
Ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka sɛ wobɛtumi atena fie na woayɛ Kristoni a ɔyɛ papa ɛte sɛdeɛ anka wobɛyɛ wɔ asɔre? Wontumi nyɛ. Kenkan Asɛm no! Honhom Kronkron no aduane a Ɔdie ne Asɛm no. Bible no yɛ Onyankopɔn honhom aduane ma N’Asafo. Na Honhom Kronkron no ne Ɔnii a Ɔde Ɛno brɛ wo na Ɔde Ɛno to akoma no mu, na wode nnaaseɛ gugu Ɛso nsuo. Na Ɔsoro bɔhyɛ biara bɛyɛ deɛ Onyankopɔn kaa sɛ ɛbɛyɛ no ara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ. Ɛyɛ N’Asɛm, na Ɛyɛ Nkwa.
Dabiara Paanoo.
Mmom n’anigyeɛ wɔ Awurade mmara mu; Na Ne mmara ho na ɔdwennwene awia ne anadwo.
Nnwom 1:20.
25-1201
Deɛ Wɔasi So Dua Ne Adansedeɛ 62-0621E .
Monkae, asɛmfua yɛ nsusueɛ a wɔada no adi. Onyankopɔn susuu ho. Afei ɛberɛ a Ɔdaa no adi no, ɛsɛ sɛ ɛba mu, ɛfiri sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm na ɛyɛɛ wiase. Na wɔnam deɛ ɛnna adie so na ɛyɛɛ nneɛma. Na ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɔdwenee ho, ɛna Ɔkaaeɛ, na ɛsɛ sɛ ɛba mu. Ɛyɛ aba a ɛrenyini, na, anwanwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɛso aba ne berɛ so.
Na yɛbɛtumi afa N’Asɛm, na yɛahunu sɛ Ɔhyɛɛ bɔ wɔ ɛnna a ɛdi akyire no mu sɛ Ɔbɛyi saa nkorɔfoɔ yi afiri mu; Na Wayɛ adekorɔ no ara a Ɔyɛɛeɛ no, ɛte sɛdeɛ Ɔyɛɛeɛ wɔ Sodom ɛnna no mu no. Na yɛhwɛ ɛno ɛna yɛhunu saa nneɛma yi. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn bɔhyɛ no mu, na yɛba Ne nkyɛn, a yɛrehunu sɛ yɛato yɛn kra nom sɛkyɛ wɔ saa dwanekɔbea ahomegyebea yi.
Dabiara Paanoo.
Ɛfiri sɛ Ɔkaeɛ, na ɛbaa mu; Ɔhyɛeɛ, na ɛgyinaeɛ.
Nnwom 33:9.
25-1130
Onyankopɔn A Ɔrehyɛ Mose Dwumadie 53-0508 .
Ɔkaa sɛ, “Oh, oh, me—medwenee sɛ menyaa Honhom Kronkron no ɛberɛ a megye diieɛ no.” Wɔda so ara kyerɛkyerɛ saa, nanso ɛyɛ mfomsoɔ. Gyedie yɛ. Gyedie yɛ adepa ankasa. Gyedie wɔ…Abraham gyee Onyankopɔn diieɛ, na wɔnam so buu no sɛ, anaasɛ, tenenee, nanso Onyankopɔn maa no twetiatwa nsɔano sɛ ne gyedie nsɔano.
Anuanom, sɛ mowɔ Onyankopɔn mu gyedie korɔgyenn ankasa a, Onyankopɔn bɛma mo Honhom Kronkron asubɔ no sɛ bɔhyɛ no nsɔano, a ɛyɛ nsɔano, sɛ mowɔ gyedie. Mobɛtumi ayɛ ɛ—ɛ—ɛ adwene bi mu nsusueɛ, anaasɛ mobɛma nkorɔfoɔ agye adi, anaasɛ ɛbia mobɛka sɛ mowɔ gyedie, nanso sɛ mo wɔ gyedie kann a mfrafraeɛ biara ɛnni mu a, Onyankopɔn bɛma mo Honhom Kronkron asubɔ no sɛ bɔhyɛ no nsɔano. Amen. Seesei ɛno nyɛ nufusuo a wɔayi ɛmu sradeɛ, mmɔfra.
Afei kae, fa, gye di. Sɔ wo gyedie na gyae mu wɔ ɛhɔnom ne Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no bɛba wo so. Ɔhyɛɛ ɛho bɔ. Afei, onuabarima, bonsam yɛɛ te sɛ ɔyɔnkoɔ tɔtɔfeewa bi.
Dabiara Paanoo.
na ɔnyaa twetiatwa ho nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ne momonotoyɛ mu, gyidie a ɔde nnyaa tenenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifoɔ nyinaa agya na wɔabu tenenee no ama wɔn nso:
Romanfoɔ 4:11.
25-1129
Nneɛma A Ɛsɛ Sɛ Ɛyɛ 65-1205.
Afei kae, yɛdwene nipadua wei ho pii. Yɛhyɛ no ntadeɛ pii. Yɛyɛ nneɛma pii, a ɛho nhia, nsesaeɛ wɔ nsesaeɛ akyi nsesaeɛ, ɛne saa nneɛma yi nyinaa. Na—na, oh, ɛyɛ obiara kɛkɛ.
Ma obi mfiri biribi ase kɛkɛ. Wodeɛ painti wo steps ho kɔkɔɔ na hwɛ sɛ Jonesfoɔ no painti wɔn deɛ kɔkɔɔ. Wosesa firi Chevrolet kɔ Ford, na wɔntumi nnyina ano kɛkɛ. Ɛyɛ afɛ berɛ. Wodeɛ ma…ma ɔbaa bi nhyɛ ɛkyɛ bi ɛmfamera asɔre, hwɛ mmaa no nyinaa nya saa; ɛnkanka ne ɔsɔfoɔ yere no, moahu, wo deɛ hwɛ deɛ ɛsie kɛkɛ. Afei, ɛno yɛ nokorɛ. Ɛno ɛne nokorɛ turodoo no. Ɛyɛ afɛ berɛ. Onuabarima, ɛsɛ sɛ ɛyɛ afɛ berɛ. Na ɛno nyinaa—saa nnoɔma no nyinaa wɔ—wɔ botaeɛ bi nti.
Ɛmfa me ho sɛ me coat no n’afɛ ne me trɔwsa no a. Na ɛyɛ den ma me. Me yere anaa m’ase baa, ɛsɛ sɛ obi ka kyerɛ me ɛfa—ɛfa sɛ tie korɔ a mede ɛno bɔ. Ɛmfa me–me ho sɛ wɔyɛ afɛ mpo a. Mepɛ sɛ me suahunu ɛne Onyankopɔn Asɛm yɛ afɛ. Ɛno ne adeɛ no, ’firi sɛ ɛhɔ na mede m’ani asi sɛ mɛtena; Ɛnyɛ sɛ me ne Jones abusua no wɔ aseɛ mantwea hɔ, mmom wɔ animuonyam nohoaa baabi a Yesu wɔ, akɔ sɛ Ɔkɔsiesie baabi ama yɛn. Yiw, yɛpɛ ɛno. Yiw, owura.
Dabiara Paanoo.
Na adɛn nti na mo dwendwene ntoma ho? Monhwɛ wuram sukooko sɛdeɛ ɛnyini…
Mateo 6:28.
25-1128
Deɛ Enti A Na Ɛsɛ Sɛ Ɛyɛ Nnwanhwɛfoɔ 64-1221.
Yiw, ɛno nti na Mose hunuu sɛ saa Ɛnne yi a na akasa akyerɛ no no, yɛ Asɛm Ɛnne. Na ɔnim sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ Abraham, “W’ase ni bɛyɛ ahɔhoɔ obi man so mfie ahanan, nanso Mɛgye wɔn.” Na ɔhunuu sɛ mfie ahanan no awieɛ du na wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ.
Ɔbarima ne mmaa, Onyankopɔn hyɛɛ bɔ wɔ nna a ɛdi akyire yi mu sɛ Ɔbɛhwie Ne Honhom agu honam nyinaa so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛsoma Honhom Kronkron Asubɔ no, na Ɔbɛfrɛ Ayeforɔ a ɔnni nkekaeɛ anaa mpomponoeɛ. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ. Ntie saa apaafoɔ ahwɛfoɔ yi, wɔbɛdi w’anim afiri ɔkwan papa no so. Honhom Kronkron no ɛne Odwanhwɛfoɔ a Ɔbɛma wo nnwan aduane afiri saa Asɛm yi mu. Ɛberɛ nyinaa ɛnam Odwanhwɛfoɔ no so na ɛba. Ɔno ne yɛn Dwanhwɛfoɔ. Mo ntie No, mo ne Ne nnwankuo mu nnwan; Sɛ wo yɛ bi a, wotie Ne Nne. Ɛnyɛ deɛ obi foforɔ ka, wo tie deɛ Ɔno ɛka no. Ɛnne a ɛyɛ soronko no, wonnim ho hwee.
Dabiara Paanoo.
Yɛ hunuu Wo Nsɛm no, na mediieɛ; Na W’Asɛm no yɛɛ ahurusie ɛne anigyeɛ wɔ m’akoma mu: ɛfiri sɛ wɔde Wo din na afrɛ me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.
Yeremia 15:16.
25-1127
Ɛsɛ Sɛ Wɔwo Wo Bio 61-1231M.
Na sɛ wobɛtu anammɔn afa saa awoɔ yi ho no, ɛsɛ sɛ wofa nhyehyɛeɛ bi mu. Ɛte sɛ biribiara a ɛwɔ nkwa mu no, biribiara a ɛnya nkwa bio no, ɛwɔ sɛ ɛdi kan wu. Na wontumi nkura wo honhom korɔ no ara mu. Wontumi nkura wo suban korɔ no ara mu. Wontumi nkura wo nsusueɛ nom korɔ no ara mu. Ɛwɔ sɛ wo wu. Ɛsɛ sɛ wo wu te sɛdeɛ Ɔwuuieɛ no! Ɛsɛ sɛ wo wu wɔ N’afɔrebɔkyia no so no, te sɛdeɛ Abel de n’Adwaamaa no yɛɛeɛ no. Ɛsɛ sɛ wo ne w’Adwamaa no wu. Ɛsɛ sɛ wo wu.
Wu ma w’ankasa wo nsusueɛ, sɛ wɔbɛwo wo wɔ Ɔno nsusueɛ so no, momma adwene a na ɛwɔ Kristo mu no ara ɛntena mo mu bi. Ɛsɛ sɛ wodwene Ne nsusueɛ nom. Na afei, onuabarima, onuabaa, ma me mfa nyansa kwan so nka wei sɛdeɛ menim sɛnea yɛka no. Wo bɛyɛ dɛn atumi adwene Ne nsusueɛ nom na woapo N’Asɛm, na ɛnsoso woka sɛ wɔawo wo bio? Wodeɛ bisa wo ho saa asɛm no kɛkɛ. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Wontumi. Sɛ wɔawo wo bio a, wo wɔ Ne nsusueɛ nom. Sɛ Kristo adwene wɔ wo mo mu a, ɛnneɛ na mo yɛ abɔdeɛ foforɔ.
Dabiara Paanoo .
Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nneɛma dada no atwam; Hwɛ, nneɛma nyinaa bɛyɛ foforɔ.
II Korintofoɔ 5:17 .
25-1126
53-0729 – Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ Wɔ Genesis Ho.
Sɛ mekɔɔ wo pono ho ɛna mekɔtenaa ase wɔ hɔ, ɛna wo kaa sɛ, “Ɔsɛnkafoɔ, bra bɛto nsa ne me nnidi,” megye di sɛ wodɔ me. Na na wowɔ adua ɛne aborɔdwomaa ɛne carrots ne akokɔ-nam a wɔakyeɛ ɛne pumpkin pie, ɛne ice cream, biribiara bi wɔ hɔ. Adɛn, megye di sɛ sɛnea na wama me aborɔdwomaa no ho kwan no saa ara nso na mɛnya wɔ adua no ho. Adeɛ nkutoo a, megye di sɛ anka mɛnya akokɔ a wɔakyeɛ no ho kwan sɛnea na me wɔ ɛwɔ pie no ho no. Ne nyinaa wɔ ɔpono no so. Na adeɛ nkutoo a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ mɛka sɛ, “Mesrɛ wo, yi pie no bi ma me?” Na megye di sɛ wode ayamyɛ akoma pa, ɛdɔ a wo wɔ ma me no, wobɛka sɛ, “Ampa ara, me nuabarima, bu ne sini kɛseɛ a ɛfata.” Ɛte saa? Sɛ anka mɛka sɛ, “Wobɛma me aborɔdwomaa?” “Adɛn, me nuabarima, ampa ara, ɛnnie.”
Na ɔgyeɛ nhyira biara a Yesu Kristo wuuiɛ maaeɛ no na Ɔtɔɔeɛ wɔ Ne mpatadeɛ wɔ Calvary no, ɛda ɔpono no so na ɔgyedini biara te n’anim. Hallelujah! Sɛ me hia ayaresa a, meka sɛ, “Agya, yi ayaresa no bi ma me,” na mahwie agu me prɛte so na madi kɛseɛ…Afei, sɛ wopɛ sɛ ɔkɔm de wo ma wo wu a, kɔ so ɛ.
Dabiara Paanoo.
Enti sɛ mo a mo yɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, mprɛ ahe na mo Agya a Ɔwɔ soro no remfa nnepa remma wɔn a wɔbisa No?
Mateo 7:11.
25-1125
Akwanhwɛ 53-05-07
Mmɔfra montie wei. Onyankopɔn Asɛm… bɛdi Ɔboronsam so nkunim baabiara, beaeɛ biara, nhyehyɛeɛ biara ase,.. ɛberɛ biara.
Ɛberɛ a na Yesu wɔ ha no, na ɔyɛ Nyankopɔn. Na Nyankopɔn wɔ Kristo mu a ɔrepata twe wiase fam ne ho, nanso wamfa N’akyɛdeɛ no mu biara anni dwuma. Ɛberɛ a Ɔhyiaa bronsam no, ɔde Onyankopɔn ahennie no baa fam aa kɔsii sɛ Okiristoni a ɔyɛ mmerɛ paa no bɛtumi de adi dwuma. Ɛberɛ a Ɔboronsam baa ne hɔ no Ɔkaa sɛ, “Sɛ’ wo ne Onyankopɔn ba no a, hyɛ ma aboɔ yi….
Ɔkaa sɛ, “wɔatwerɛ”. Asɛm no. Ɔde No kɔɔ soro, bɔɔ mmɔden sɛ ɔde Asɛm no fa bi bɛsuma no. Na Yesu kaa sɛ, “Na wɔasan atwerɛ nso”.
Ɔmaa ne so kɔɔ bepɔ no atifi, kaa sɛ ɔnhwɛ ahennie wei nom nyinaa, “Me de bɛma wo sɛ Wo bɛsom me a”.
Ɔkaa sɛ, “wɔatwerɛ” Ɛna ɛwɔ hɔ no.
Na wɔatwerɛ, “Adeɛ biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, monnye nni sɛ mobɛnya, na mo nsa bɛka.” Ɛneɛ fa Onyankopɔn Asɛm so di Ɔboronsam so nkunim.
Dabiara Paanoo.
Obiara a ɔrenye Onyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu.
Marko 10:15
25-1124
Saa Ara Na Momma Mo Kanea Nhyerɛn Wɔ Nnipa Anim 61-0903 .
Me wɔ abɔfra bi wɔ animuonyam mu, a yɛtuu no hyɛɛ Awurade nsa kɛkɛ, yɛanmmɔ no asu.
Ɛfiri sɛ asubɔ wɔ hɔ ma bɔne fafiri, moahu, a ɛkyerɛ sɛ wanya adwene sakra. Saa abɔfra no nyɛɛ hwee a ɔbɛsakra wɔ ɛho. Ɛyɛ abɔfra, ɛnkyɛree koraa na wɔ woo no ewiase yi mu ha. Ɛnni tumi biara a ɛde reba ha, moahu, na ɛnni bɔne nom biara. Ɛberɛ a Kristo wuuiɛ wɔ asɛnnua no so no, Ɔwuu sɛ Ɔbɛyi ewiase bɔne afiri hɔ. Ɛnkɔsi sɛ saa abɔfra yi ayɛ biribi a ɔbɛnu ne ho wɔ ɛho no, Yesu Kristo mogya ɛyɛ mpatadeɛ.
Nanso seesei ɛna no ne agya no, awofoɔ, wɔ hokwan sɛ wɔsan de abɔfra no brɛ Onyankopɔn, abɔfra no a Onyankopɔn de maa wɔn no.
Dabiara Paanoo.
Deɛ wɔfiri honam mu awo no no yɛ honam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.
Yohane 3:6.
25-1123
Agyinamudeɛ 63-0901M.
Na Ne mu no, owuo biara nni hɔ. Ne mu no, awerɛhoɔ biara nni hɔ. Ne mu no, ɔbrɛ biara nni hɔ. Ne mu no bɔne biara nni hɔ. Ne mu no, yareɛ biara nni hɔ. Ne mu no owuo biara nni hɔ. Yɛwɔ Ne mu! Sɛ Satan bɔ mmɔden sɛ ɔde biribi, te sɛ yareɛ bɛma wo a, fa W’Agyinamudeɛ na fa Ɛno di dwuma kɛkɛ. Oh, me! Fa W’Agyinamudeɛ na fa Ɛno di dwuma, sɛ woyɛ adeɛ a Yesu Kristo atɔ. Agyinamudeɛ no gyina hɔ sɛ w’ahyɛntuadeɛ no, wɔatua.
Ɔka sɛ, “Sɛ wo wu a, woayera.”
Ka sɛ, “Woayɛ mfomsoɔ. Mewɔ adeɛ a woatɔ atuaka no. Meyɛ adeɛ a woatɔ atuaka. Mewɔ Agyinamudeɛ no.”
“Ɛdeɛn ne Agyinamudeɛ no?”
Ɔnim adekorɔ a Ɛyɛ. Nyɛ, ɛmmu no animtia. Ɔnim adekorɔ a ɛyɛ. Afei, ɛbia wo ne saa asɛnkafoɔ yi binom bɛkasa, na wɔ ne wo bɛgye akyinyeɛ. Ɛnyɛ Satan; ɔnim no yie. Moahu? Oh, yiw. Ɔne no bɔɔ mpu ne mpu, mprenu anaa mprɛnsa, wonim na ɔyɛɛ sɔhwɛ ho mfomsoɔ bi. Satan nim deɛ woreka ho asɛm no. Wodeɛ yi saa Agyinamudeɛ no kyerɛ kɛkɛ, ɔbɛtu. Aane.
Firi sɛ, ɛyɛ ɛdeɛn a? Ɛyɛ adeɛ a wɔasɔ ano. Ɔntumi mfa ahoɔden ɛmmue, na ɔmma biribi wɔ ɛmu hɔ a ɛmfata. Ka sɛ, “Yi wo nsa hɔ! Wɔasɔ m’ano.” Oh, me! Adeɛ a wɔasɔ ano! Yiw, owura! Wɔatɔ wo. Sɔ W’Agyinamudeɛ no mu wɔ wo gyedie a ɛnhinhin no so ɛwɔ Ne bɔhyɛ mu, hwɛ no sɛ ɔkɔ.
Dabiara Paanoo.
Na wanyane yɛn abom, na wama yɛn atena wɔ ɔsoro mmeae hɔnom wɔ Kristo Yesu mu.
Efesofoɔ 2:6.
25-1122
Mo Se Hwan Nie? 64-1227
Afei monkae, saa nkorɔfoɔ yi ani gyee saa nhyira nom no ho. Wɔn ani gyee saa odiyifoɔ yi asɛnka ho, baako yi a wɔasra no no ho. Wɔgyee no diieɛ. Wɔdii n’akyi. Nanso ɔbi sɔree wɔ ɛserɛ no so, ɔbaako a ne din de—de Dathan, ɛne ɔbaako a ne din de Korah. Na wɔkaa sɛ, “Wei ayɛ sɛ ɔbaako-foɔ nsɛmsɛm. Mose dwene sɛ ɔno nko ara na Onyankopɔn afrɛ no.”
Saa ɔbaako-foɔ Nkransɛm no, na wɔmpɛ Ɛno. Daabi, na wɔmpɛ Ɛno. Na Onyankopɔn ne ɔdodoɔ anni da mmom ɔbaako-foɔ wɔ ɛberɛ pɔtee mu. Ɛberɛ nyinaa ɛyɛ ɔbaako-foɔ Nkransɛm. Ɛberɛ bɛn na Ɔne nnipa diieɛ, wɔ onipa baako pɛ akyi? Ɛyɛ ankorankora. Ɛnyɛ ɛkuo. Mo wɔ asodie ma Onyankopɔn, mo mu baako biara. Woka sɛ, “Oo, megye Ɛno di.” Wo deɛ…Deɛ woyɛ no, wode Ɛno kɔ adwendwene mu kɛkɛ. Wososɔ nsusuiɛ so.
Dabiara Paanoo.
Ɔbaa no kakyerɛɛ no sɛ, Owura, mehunu sɛ wo yɛ odiyifoɔ.
Yohane 4:19.
25-1121
Akyɛdeɛ Nom 56-1207 .
Afei, Onyankopɔn a na Ɔte Kristo mu no na Ɔnm Ne nne so na ɛkasa. Yesu kaa wɔ N’ahoɔdenneɛ yɔ mu, “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ: Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tiri mu nyɛ hwee, gye deɛ ɔhunu sɛ Agya no reyɛ na ɛno ara na ɔba no nso yɛ.” Ɛte saa anaa? Ɔhoteni Yohane 5:19.
Ɛnneɛ wannyɛ hwee wɔ Ɔno Ankasa mu. Odiyifoɔ biara anyɛ biribi wɔ ɔno ankasa mu da, kɔsii sɛ Onyankopɔn dii kan kyerɛɛ deɛ ɔnyɛ. Mfomsoɔ paa ara Mose yɛɛeɛ ɛberɛ a ɔfirii adi a ɔnni Onyankopɔn anisoadehunu na ɔbɔɔ Misraim ni no hwee fɔm, dwenee sɛ ɔde ne nsa bɛgye wɔn, ɛfiri sɛ ɔdwenee sɛ na ɔwɔ gyidie pii na ɔbɛtumi ayɛ, ɛnam sɛ wɔfrɛɛ no maa dwumadie no.
Ɛmfa ho dodoɔ sɛnea wɔafrɛ wo ama dwumadie no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na Ɔyɛ akannie no. Moahu? Odii ntwo wɔ ne sukuu korɔ ɛne n’asraafoɔ adwene ɛne ne nteteɛ sɛ Misrim kandini kɛseɛ no nyinaa mu. Nanso ɛdii ntwo, ’firi sɛ na Onyankopɔn wɔ nhyehyɛeɛ na ɛsɛ sɛ yɛdi dwuma sɛnea Onyankopɔn nhyehyɛeɛ teɛ. Ɛmfa ho ne deɛ yɛyɛ, sɛnea yɛaben wɔ nyansa mu, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛdi dwuma wɔ sɛnea Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ɛteɛ so. Amen.
Dabiara Paanoo.
Adeɛ biara a mehyɛ mo no, monhwɛ sɛ mobɛyɛ: mommfa bi nnka ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.
Deuteronomy 12:32
25-1120
Yɛnni Kuro A Ɛte Hɔ Daa Wɔ Ɛha 50-0200 .
Na mmabunu, monkae. Sɛ mo tiri ayɛ yie pii na ɛnnɛ mo wɔ agya ne ɛna bi a wɔte ase a, monnɔ wɔn, monni wɔn ni. Ɛdɔn no bɛba a mobɛdwene sɛ wɔ so sene wiase mu nnipa nyinaa, sɛ moanyɛ no seesei ara a. Na monnyɛ bi da, yɔnkoɔ nkumaa, momma saa asɛmfua a ɛgu nipa ho fi’ yi, “akɔkora,” ne “aberewa” ɛmfri mo mu ɛmma da.” Ɔno nnyɛ akɔkora ne aberewa. Ɔno yɛ paapa ne maame.
Na ɛnna yi mu binom ɛberɛ a wɔbɛpue afiri ɛdan no mu, wɔ funudaka a nhwire gu so no, wote sɛ wɔde wɔn wura fam wɔ asase ase no, ɔsɔfoɔ no ka sɛ, “Nson kɔ nson mu ɛne dɔteɛ…” Ɛrenyɛ “akokora” no saa berɛ no, anaasɛ ɛrenyɛ “aberewa” no, ɛbɛyɛ, “Ɛna.” Wobɛka wo nsa abom na wo resu. Saa na ɛteɛ.
Afei, ɛberɛ a ɛna te ase no, ma no nhwiren saa ɛberɛ yi, na fa papa nhwire ma no. Saa na ɛteɛ. Afei, na nhwire a ɛyɛ papapaa a wobɛtumi de ama wɔn ne sɛ wo bɛyɛ sɛtie ama wɔn. Na ɛno ne bɔhyɛ a ɛdi kan wɔ Bible mu, ahyɛdeɛ a ɛdi kan a ɛwɔ bɔhyɛ,
“ Di w’agya ne wo na ni: na ama wo nna a Awurade de ma wo wɔ asase so no aware.”
Dabiara Paanoo .
Tie w’agya a ɔwoo wo no, na mmu wo maame animtia ɛberɛ a wɔanyini no. Mmɛbusɛm 23.22 .
25-1119
India Akwantuo Ho Amanneɛbɔ 57-0126B .
Nanso anuanom me wɔ mo ho anidasoɔ pa ɛwɔ ha anɔpa yi, sɛ mobɛyɛ Onyankopɔn nnipa a mo ne Onyankopɔn Asɛm tena. Na moma biribiara a aka ɛtɔ nifa so kɔ bɛnkum so, nanso mo ne Asɛm no ntena pɛɛ. Ɛntwe wo ho. Ɛmfa ho sɛ woyɛ ɔpono ano ntiasoɔ wɔ adihɔ, yɛ ɔpono ano ntiasoɔ papa. Mmɔ wo ho mmɔden sɛ wo ne obi foforɔ bɛsi akan anaasɛ wobɛyɛ wei. Wodeɛ wura Asɛm no mu pɛɛ kɛkɛ, na tena hɔ ara, na Onyankopɔn de wo bɛsi gyinabea wɔ N’Ahennie mu, baabi a wobɛtumi akyɛn obibiara.
Na sɛ me nsatea nya adwene mu pɔ bi pɛn, sɛ ɛnam sɛ na ɛnyɛ aniwa, anka ɛrenyɛ nsatea bio nso ɛ? Anka mempɛ sɛ mɛhwere saa nsatea no. Ɛwom sɛ ɛbia m’ani ɛsom bo kɛseɛ deɛ, nanso m’ani gye saa nsatea no ho. Ɛyɛ me fã bi. Wote deɛ mekyerɛ no ase? Megye di sɛ wote aseɛ. Enti dwumadie beaeɛ biara, sɛnea ɛteɛ biara no, yɛ nea woyɛ biara. Na gyinabea a Onyankopɔn de wo asi no, tena hɔ na yɛ saa Asɛm no mu nokwafoɔ sɛnea wonim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no. Onyankopɔn bɛhyira so. Sɛ Ɔfa adwene mu pɔ bi ɛfa biribi foforɔ ho a, Ɔde wo bɛsi baabi a ɛhia Ɔno.
Dabiara Paanoo .
Na sɛ ne nyinaa yɛ akwaa baako a, anka nipadua no wɔ he?
Na seesei akwaa no dɔɔso deɛ, nanso nipadua no yɛ baako.
1Korintofoɔ 12:19-20 .
25-1118
Hwɛ 63-0428 .
Wɔayɛ gyedie sɛ ɛbɛhunu Onyankopɔn apɛdeɛ nom ne deɛ Ɔpɛ nom. Nimdeɛ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ayɛ saa. Gyedie nkutoo na wɔayɛ, ɛna wɔde ama adasa abusua, sɛ ɛbɛhunu deɛ ɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.
Na wo fa wo gyedie a woanya no, na ɛnhwɛ Asɛm no so a, ɛnneɛ twe wo ho ma ɛnka ɛno nko ara. Wo nyaa gyedie a ɛnnyɛ.
Nanso sɛ Nyame-ama gyedie a wowɔ no, twe wo kɔhwɛ Onyankopɔn Asɛm so a, wo wɔ santene no mu tẽẽ ɛne botaeɛ no mu. Oh, me! Onyankopɔn boa yɛn ɛdɔn yi mu, ɛdɔn kɛseɛ a yɛwɔ mu yi. Gyedie, a wɔayɛ no sɛnea ɛbɛhunu deɛ Onyankopɔn pɛ! Ɛkwan bɛn na wofa so hunu? Ɛnam afidie a wɔde twa N’Asɛm mu mfonini, Ne bɔhyɛ so. Wei yɛ Yesu Kristo adiyie mua.
Dabiara Paanoo.
Mompere gyedie a ɛberɛ bi wɔde maa agyidifoɔ no.
Yuda 1:3.
25-1117
Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ 2 54-0103E .
Ɛyɛ, wopɛ sɛ wohu deɛ “nsɛnhunu a ɛho nteɛ ɛkyerɛ”. “Asɛm a ɛho nteɛ…twe wo ho firi nsɛnhunu a ɛho nteɛ ho, ɛfiri sɛ ɛbɛdɔɔso.”
Afei, adeɛ a ɛdikan ne “nsɛnhunu a ɛho nteɛ, ɛfiri sɛ ɛbɛdɔɔso”. Afei, biribiara a ɛyɛ adedadaa ara kwa…kɔ so ara kasakasa kɛkɛ. Bible no kaa sɛ, Yesu kaa sɛ, “Momma mo ‘yiw’ nyɛ ‘yiw’ na mo ‘dabi’ nyɛ ‘dabi’, ɛfiri sɛ biribiara a ɛboro wei so bɛwie bɔne.” Ɛnsɛ sɛ wo yi nsɛnkwaa mpo na wo ne ɔfoforɔ di ayɛnsini. Onyankopɔn bɛma woabu akontaa wɔ asɛnhunu biara a woka ho. Wonim saa? Bible no kaa sɛ ɛsɛ sɛ wobu akonta wɔ asɛnhunu biara ho. Enti nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Nnipa a wɔyɛ penpen, wɔn ani abere, wɔwɔ ɔdɔ, ayamyɛ, na ɛnyɛ nkwaseasɛm kuo bi, wɔpene so ɛberɛ nyinaa…
Dabiara Paanoo .
Na nsɛnhunu a ɛho nteɛ no deɛ, yi wo ho firi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu.
2 Timoteo 2:16.
25-1116
Wogye Wei Di? 50-0115 .
N’awoɔ, ɛberɛ a wɔwoo Yesu wɔ asase so no, na ɛka bi wɔ Ne ho mfitiaseɛ no. Ɛberɛ nyinaa na mpapahweakwa foɔ na na wɔbue wɔn apono ma no, na wɔn a wɔtweetwee no mu dodoɔ no ara yɛ nnipa a na wɔ wɔ saa nna no mu nyamesom akuo mu ɛne–ɛne ateyiefoɔ akɛseɛ ɛne nnipa a wɔyɛ deɛ ɛtene. Na ɛkame ayɛ sɛ saa ara na akɔyɛ ɛnnɛ nso. Ɛyɛ ade korɔ.
Ɛnyɛ sɛ merebɔ mmɔden aka sɛ adefoɔ anaa sɛ ateyie foɔ ɛntumi ɛnnya ɔgyeɛ; wɔbɛtumi, sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase na wɔaba te sɛ wɔn a aka no a. Nanso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nam ɔkwan baako so na ɛba: ɛne sɛ bra, a yɛnim sɛ yɛnsɛ hwee na ne nyinaa ne Ɔno; na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛma Ɔno sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya mfasodeɛ nom afiri Ɔno hɔ.
Sɛ wonya biribi firi Onyankopɔn hɔ pɛn a, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase na yɛ obi a wonsɛ hwee wɔ N’anim, na wonnim hwee, gye sɛ botaeɛ baako; Ɛne sɛ, worebɔ mmɔden sɛ wobɛhunu Yesu. Afei sɛ wobrɛ wo ho ase a wɔ fam, Onyankopɔn bɛma wo so. Nanso sɛ wo ma wo ho so a, Onyankopɔn bɛhwɛ ahunu sɛ wɔabrɛ wo ase. Saa na ɛteɛ. Ɔkaa saa wɔ N’Asɛm mu.
Dabiara Paanoo .
Na deɛ ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no ɔno na wɔbɛma ne so.
Luka 14:11.
25-1115
Yehowa A Ɔdema 55-0817 .
Na me nuabarima, Ɔno a Ɔde ama dada wɔ Yesu Kristo mu no, Adwammaa no a wɔkumm no firii ewiase fapem no, wɔde ato hɔ ama wo yareɛ anadwo yi. Watwerɛ wɔ Nwoma mu. Wasoma Honhom Kronkron no. Ɔde akyɛdeɛ nom ahyɛ Asafo no mu. Afei, ɛnyɛ Onyankopɔn mfomsoɔ; Ɛbɛyɛ yɛn ankasa annyeanie. Anyabiaa ɛnyɛ nokorɛ? Sɛ yɛn nsa anka a, ɛnyɛ Onyankopɔn mfomsoɔ. Wode w’akoma nyinaa gye ɛno di, sɛ wɔde Yesu Kristo ama sɛ Adwammaa a wɔkumm no firii ewiase fapem no ama—ama wo nkwagyeɛ ne w’ayaresa. Wogye ɛno di? Ma wo nsa so.
Dabiara Paanoo.
Obi nni ɔdɔ kɛseɛ a ɛsene wei, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfonom.
Yohane 15:13.
25-1114
Ɛpo No So Adansedie 64-0307
Sɛ na wowɔ abarimaa ketewa bi a ɔte kwan mu, ɛna wo kaa sɛ, “dɔfoɔ Junior, ɛbɛyɛ a anka bra mu, ɔdɔfoɔ. Ɛbɛtumi aba sɛ, me nnim, wɔbɛtwi kaa afa wo ho.” Wo nnɔ saa abɔfra no. Ɛyɛ nokorɛ. Wobɛfiri adi akɔwae ne wedeɛ afiri ne ho, anaasɛ wobɛma no aba mu. Saa na ɛteɛ. Wo dɔ no.
Sɛnea Asɛmpa no teɛ ara no no. Onyankopɔn dɔ wo. “Na wɔn a Ɔdɔ wɔn no, Ɔtwe wɔn aso na ɔba biara a ɔba Ne nkyɛn no Ɔka n’anim.” Sɛ wontumi nyina asotweɛ ano a, moma mobo fu wɔ ho na mo firi hɔ kɔ a, ɛnneɛ na moyɛ mpena mma, monyɛ Onyankopɔn mma. Enti monkae, ɛyɛ Twerɛsɛm.
Afei asɛmfua a ɛfiri Ɔno hɔ, asɛmfua, bɛkyerɛ pii asene deɛ mɛtumi aka, nkwanna ɔpepem. Ɛyɛ Ɔno. Yɛnim Ne bɔhyɛ. Yɛnim deɛ Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛyɛ.
Dabiara Paanoo
Hwɛ, nhyira ne onipa a Onyankopɔn ka n’anim, enti mpo Otumfoɔ atenetene.
Hiob 5:17
25-1113
Nhyɛsoɔ 63-0803E .
Megye di sɛ ɛyɛ Paulo na ɔkaa sɛ, “Yɛyɛ Onyankopɔn nkrataa a Watwerɛ, a nnipa Nyinaa kenkan.” Sɛ wowɔ abɔntene so a, ɛna sɛ wowɔ w’adwuma mu a, ɛne baabi a wowɔ biara no, obi rehwɛ wo.
Na titiriw ɛberɛ a woaka na wɔapae mu aka sɛ woyɛ Kristoni akyi no, wɔbɛtwe abɛn ahwɛ wo yie paa saa ɛberɛ no, na ɛno ma wo nya nhyɛsoɔ wɔ–wɔ nnipa a wɔn atwa wo ho ahyia no so. Na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ deɛ yɛyɛ. Ɛfiri sɛ, sɛ yɛda nhyɛsoɔ a ɛmfata adi a, ɛnneɛ yɛde ahohora bɛto, ɛnyɛ yɛn ankasa yɛn ho pii, mmom deɛ yɛde ato yɛn ho so sɛ yɛyɛ no: Kristofoɔ. Yɛde ba bɛto Kristo so. Na obiara nni hɔ, sɛ yɛde bɛkɔ adwennwene mu a, anka worempɛ sɛ wode ahohora bɛba Kristo so da. Nanso adeyɔ a ɛmfata no, wɔ ɛberɛ a ɛmfata mu no, deɛ ɛteɛ biara no bɛda sɛso bɔne adi akyerɛ onipa a ɔrehwɛ wo no. Na wɔhwɛ obibiara, ɛberɛ a wobɛfa ato wo ho so sɛ woyɛ Kristoni no.
Dabiara Paaanoo .
Nso mese mo sɛ, Obiara a ɔbɛbɔ Me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim.
Luka 12:8.
25-1112
Agyinamudeɛ 63-1128E .
…Baabi a ɛbia wowɔ biara no, ɛdɔn no aduru. Na obiara tumi hunu kusuu a asɔre no ayɛ ɛnnɛ. Obiara tumi hunu bɔtee a dodoɔ no ayɛ, asɔremma dodoɔ no pii. Ɛfiri sɛ moafa no agodie so, moafa atenka nom ɛna moafa nneɛma foforɔ. Na mode mo ho ato onipa bi nyansa so, ato mmoanokuo binom nyamesom ho adesua so, ato wo maame asɔremma so, ɛne ɔsɔfoɔ a ɔnni hwanmmɔ bi so. Nanso ɛno nyinaa yɛ nneɛma pa, me nni hwee tia wɔn, ɛnkyɛn sɛnea na twetiatwa ɛyɛ ma Yudani no, nanso na ɛno ɛnyɛ Onyankopɔn dwumadie nhyehyɛeɛ. “Sɛ Mehu mogya no a,” na ɛno nkutoo!
Na ɛnnɛ Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn apam a Ɔne Onyankopɔn Apam nkorɔfoɔ no wɔ. Honhom Kronkron no, Nkwa a ɛwɔ Kristo a wɔanyane afiri awufoɔ mu no, ɛwɔ sɛ wɔda no adi wɔ nkorɔfoɔ no ntam wɔ asɔre no mu, rema No ayɛ ” te saa ara ɛnnora, ɛnnɛ, ne daapem. “
Dabiara Paanoo .
Ɔsomaa Ɔgyeɛ brɛɛ Ne man: Wahyɛ N’apam de kɔsi daa: Ne din yɛ Kronkron na anidie wɔ mu
Nnwom 111:9.
25-1111
Ɔgyeɛ A Ɛnam Atemmuo So 54-1114.
Sɔhwɛ nom ba; sɔhwɛ ɛmma da gye sɛ Ɔma wo adom a wo de bɛgyina ano. Na Wahyɛ bɔ sɛ Ɔbɛhyia wo wɔ akonno biara, ɛhɔnom ara pɛɛ, na Ɔbɛhyira. Enti ɛnneɛ, ɛhɔ na w’anidasoɔ…
Wobɛduru beaeɛ hɔ, woka sɛ, “Wiɛ, Onuabarima Bill, wɔn…mewɔ sɔhwɛ nom pii.” Ka kyerɛ me Kristoni baako a ɔnni sɔhwɛ. Yɛn amma aponotoɔ bi; Yɛaba akonno. Yɛafiri adi sɛ yɛaba ɛbɛko atia ɔtamfo no wɔ ha. Adɛn ampa ara sɛ, yɛnnhyɛ yɛn akodeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ yɛn kɛkɛ. Sɛ wobɛyɛ Kristoni, sɛ wɔbɛhwɛ wo kɛkɛ a, ɛnneɛ woyɛ —woyɛ…adɛn, mesuro baabi a wo wɔ no yɛ mfomsoɔ.
Dabiara Paanoo .
Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛyɛ nipa deɛ; na Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ a Ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro deɛ mobɛtumi soɔ, na mmom Ɔbɛma kwan a mode bɛfiri sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina.
1 Korintofoɔ 10:13 .
25-1110
Ɛpono A Ɛkɔ Akoma No Mu 59-1128 .
Afei, momma yɛnhwɛ onipa akoma mu, sɛ ɛwɔ apono wɔ ɛpono no mu a. Afei, nkorɔfoɔ ka sɛ, “Yesu, bra m’akoma mu, ɛfiri sɛ mempɛ sɛ mɛkɔ ateetee mu sɛ mewu a. Mepɛ sɛ megye wo tom sɛ m’Agyenkwa, nanso mempɛ sɛ wobɛyɛ m’Awurade.”
Afei, nsonsonoeɛ mapa wɔ mu. Ɔbɛtumi ayɛ wo Agyenkwa na Ɔda so ara nyɛ wo Wura. Sɛ ɔyɛ Awurade a, ɔyɛ Awurade wɔ ne nyinaa so. Wo fã biara, Ɔyɛ Awurade, gye No ɔfɛ so wɔ w’akoma mu baabiara.
Dabiara Paanoo .
Hwɛ, megyina ɛpono no ano, na mebɔ mu, sɛ onipa biara te me nne, na ɔbue ɛpono no a, mɛba ne mu, na me ne no adi adidi, na ɔne me adidi.
Adiyisɛm 3:20.
25-1109
Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu 65-0718E
…ɔsomafoɔ no, Nkransɛm no—Nkransɛm no, ɛne Asɛm no, na ɛyɛ adekorɔ pɛpɛɛpɛ. Odiyifoɔ no, Asɛm no, Nkransɛm no; ɔsomafoɔ, Nkransɛm, ɛne Nkransɛm, na ɛyɛ adekorɔ. Yesu kaa sɛ, “Sɛ manyɛ nnwuma a watwerɛ afa Me ho a, ɛnneɛ mo nnye Me nni.” Ɛno yɛ. Onipa biara ɛne ne nkransɛm yɛ bafua.
Ɛno nti na ɛnnɛ wɔnnye nni sɛ wɔreyɛ Onyankopɔn nnwuma no, ɛfiri sɛ wɔnnye Onyankopɔn Nkransɛm no nto mu. Wɔnnye Nkransɛm no nni.
Nanso wɔn a wɔgye Onyankopɔn dɔn a yɛwɔ mu yi die no, saa nnoɔma yi yɛ Aduane a ahunta. Dwene ho kɛkɛ, Onyankopɔn de Ɛno ahunta ara sɛ wɔhwɛ No pɛɛ na wɔnhu Ɛno. Kwan korɔ no ara na Elia faa so firaa Siria asraafoɔ no ani no. Kwan korɔ no ara na Onyankopɔn fira anyeannie no ani firi Aduane papa korɔgyenn, a ɛwɔ hɔ ma ɔba no ho, ɔgyedini no.
Dabiara Paanoo
Na sɛ deɛ ɔnnye nnie no pɛ sɛ ɔte ne ho kɔ a, ma no nkɔ.
1Korintofoɔ 7:15
25-1108
Onyankopɔn A Ɔrehyɛ Mose Dwumadie 53-0508 .
Ɛda bi no a obi, rekyerɛkyerɛ, ɔkaa sɛ, ɔrekasa fa Apollo ho, wɔ soro hɔ, saa Baptist ɔsɛnkafoɔ pa no. Paulo nante kɔɔ ne nkyɛn kaa sɛ, “Oh, yiw, woyɛ ɔyɔnko pa, nanso woanya Honhom Kronkron no ɛfiri ɛberɛ a wogye diieɛ no?”
Ɔkaa sɛ, “Oh, oh, me—medwenee sɛ menyaa Honhom Kronkron no ɛberɛ a megye diieɛ no.” Wɔda so ara kyerɛkyerɛ saa, nanso ɛyɛ mfomsoɔ. Gyedie yɛ. Gyedie yɛ adepa ankasa. Gyedie wɔ…Abraham gyee Onyankopɔn diieɛ, na wɔnam so buu no sɛ, anaasɛ, tenenee, nanso Onyankopɔn maa no twetiatwa nsɔano sɛ ne gyedie nsɔano.
Anuanom, sɛ mowɔ Onyankopɔn mu gyedie korɔgyenn ankasa a, Onyankopɔn bɛma mo Honhom Kronkron asubɔ no sɛ bɔhyɛ no nsɔano, a ɛyɛ nsɔano, sɛ mowɔ gyedie. Mobɛtumi ayɛ ɛ—ɛ—ɛ adwene bi mu nsusueɛ, anaasɛ mobɛma nkorɔfoɔ agye adi, anaasɛ ɛbia mobɛka sɛ mowɔ gyedie, nanso sɛ mo wɔ gyedie kann a mfrafraeɛ biara ɛnni mu a, Onyankopɔn bɛma mo Honhom Kronkron asubɔ no sɛ bɔhyɛ no nsɔano. Amen. Seesei ɛno nyɛ nufusuo a wɔayi ɛmu sradeɛ, mmɔfra.
Afei kae, fa, gye di. Sɔ wo gyedie na gyae mu wɔ ɛhɔnom ne Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no bɛba wo so. Ɔhyɛɛ ɛho bɔ. Afei, onuabarima, bonsam yɛɛ te sɛ ɔyɔnkoɔ tɔtɔfeewa bi.
Dabiara Paanoo.
na ɔnyaa twetiatwa ho nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ne momonotoyɛ mu, gyidie a ɔde nnyaa tenenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifoɔ nyinaa agya na wɔabu tenenee no ama wɔn nso:
Romanfoɔ 4:11.
25-1107
Awuranom Anka Yɛbɛhunu Yesu 61-1224 .
Sɛ woka kyerɛ osuani bi sɛ, “M’ani bɛgye ho sɛ mɛhu Awurade Yesu.”
“Wiɛ, afei hwɛ, yɛdɔm asafo sɛɛ-ne-sɛɛ, siane bra bɛka ɛno ho, ka yɛn ho.” Moahu? Anaasɛ, “Na yɛyɛ…yɛdɔm sɛɛ-ne-sɛɛ fekuo na bra bɛka ho.” Na ɛno ne deɛ woteɛ.
Nanso Kristo Ankasa tenee Ne nsa wɔ Ne wuo so kyerɛɛ nnipa no, ɛna Ɔkaa sɛ, “Sɛ ayuo aba antɔ fɔm a, ɛno nko ara na ɛda hɔ.”
Oh, sɛnea ɛyɛ soronko! Yiw, owura. Sɛnea ɛyɛ soronko! Nanso wo nkwa ɛne Ne Nkwa hunu wɔn ho wɔn ho, ɛnyɛ asɔredan mu, ɛnyɛ ɛdan bi mu, ɛnyɛ gyedie bi mu, ɛnyɛ nnwuma pa mu, mmom wɔ asɛnnua no mu baabi a wɔabɔ wo ne Ɔno wɔ asɛnnua mu. Ɛhɔ na wohu Kristo. Wonfa papa a woyɛ so na ɛhu No, worehyɛ aseɛ foforɔ. Worehyɛ abrabɔ foforɔ ase, wonhu Kristo. Wohu Kristo wɔ owuo mu nko ara; ɛnyɛ mmoa adididaka mu, ɛnyɛ paemuka mu. Sɛ wobɛgye gyedie ne anansesɛm nom adie, wonhu Kristo wɔ hɔ.
Akoa nokorɛfoɔ de wo kɔ Ne nkyɛn, na Ɔno ne Asɛm no.
Dabiara Paanoo .
Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, sɛ ayuo baako antɔ fɔm anwu a, ɛwɔ hɔ korɔ no ara: na sɛ ɛwu a, ɛso aba pii.
Yohane 12:24.
25-1106
Saa Ara Na Momma Mo Kanea Nhyerɛn Wɔ Nnipa Anim
61-0903.
Nanso ɛte sɛdeɛ wowɔ kaa dadaa bi na woreforo bepɔ bi, na menim sɛ ɛberɛ a wofirii aseɛ sianee wɔ ɔfã foforɔ no na wonni breki nom. Anka me nsɔre ntia ɔbarima no, mereteɛteɛm atia no, ɛnyɛ ɔno, ɛyɛ kaa a ɔte mu no; Ɔrekɔ akɔpira.
Na ɛno ɛfa mmoanokuo nom ho. Medwene sɛ nkorɔfoɔ a wɔkura saa mmoanokuo nom no mu no, te sɛdeɛ ɛyɛ Onyankopɔn Ankasa no, na wɔgya Onyankopɔn Asɛm no hɔ no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkura mmoanokuo no mu no. Wiɛ, sɛ wɔyɛ saa a, mesuro sɛ wɔrebɛyɛ mfomsoɔ a ɛbɛma wɔn ahwere adehiadeɛ. Na ɛnyɛ sɛ me wɔ biribi tia onipa a ɔyɛ ankorɛankora no, mmom ɛyɛ kodoɔ no a ɔte mu no, moahu, mewɔ awerɛhyɛmu sɛ ɛnkɔduru. Mmoanokuo no ɛnkɔduru da, mmom Kristo bɛduru. Enti wo deɛ si firi—si firi mmoanokuo kodoɔ a nsuo nwunu ba mu no, kɔwura Sion hyɛma a ɛwɔ ahobammɔ no, hyɛmma dadaa no a ɛnnii ntwo da no, nanso wo duru ansa na ɛberɛ aso, Kristo.
Dabiara Paanoo.
Makasa akyerɛ wɔn, nanso wɔnteeɛ; Na mafrɛ wɔn, nanso wɔn ɛmmaa Me mmuaeɛ.
Yeremia 35:17.
25-1105
Honhom Mu Suahununom Ahyɛaseɛ 52-0713A
Apam Dadaa mu Nyankopɔn no yɛ Ɔfoforɔ no mu Yesu, ɛne ɛnnɛ da yi mu Honhom Kronkron no. Monim saa. Monnye ɛno nni anaa? Sɛ́ wobɛka Honhom Kronkron no ho abususɛm ɛnnɛ no, yɛ asotweɛ korɔ no ara, anaasɛ deɛ ɛboro saa koraa, sene sɛ woreka abususɛm afa Yesu Kristo, anaa sɛ Agya Nyankopɔn ho. Wonnye ɛno nni anaa?
Afei, ɛdeɛn bio? Afei, hwɛ. Sɛ wiase frɛ yɛn abɔdamfoɔ a. Sɛ wiase dwene sɛ yɛn adwene no ɛbɛyɛ sɛ ɛmu fa nni hɔ a…Hwɛ. Ɛnam sɛ saa nsɛnkyerɛnne nom puee wɔ baabi a mewɔ yi ara, ɛne saa Awurade Bɔfoɔ yi, ɛne deɛ ɛkeka ho, ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ me nko ara kɛkɛ, nnamfonom. Ɛdeɛn na ɛno kyerɛ? Ɛdeɛn na Onyankopɔn rebɔ mmɔden sɛ Ɔtwe mo adwene si so? Ɔrebɔ mmɔden sɛ Ɔbɛtwe mo adwene asi wei so, sɛ mereka nokorɛ no akyerɛ mo.
Dabiara Paanoo .
Na Ɔkaa sɛ: afei montie Me nsɛm: Sɛ odiyifoɔ bi wɔ mo mu a, Me Awurade Mɛda Me ho adi akyerɛ no wɔ anisoadehunu mu, na Mɛkasa akyerɛ no wɔ daeɛ mu.
Numeri 12:6.
25-1104
Kyerɛ Yɛn Agya No 61-0521.
Ɛna medɔ akɔdeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de Ne mma, N’agyapadeɛ, toto Akɔdeɛ ho. Na Onyankopɔn, Ɔno Ankasa, frɛ Ne ho ɔkɔdeɛ. Ɔyɛ Yehowa Ɔkɔdeɛ—Papa ɔkɔdeɛ. Yɛyɛ Ne nkɔdeɛ nketewa.
Ɔkɔdeɛ tumi tu kɔ soro sene anomaa foforɔ biara a ɔwɔ hɔ. Sɛ akorɔma bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdi n’akyi a, anka ne mu bɛtete wɔ ewiem. Enti wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ Kristosom a, wotete wo mu kɛkɛ. Ɛno ara ne no. Ɛnnyɛ papa biara mma wo. Yɛ Ɔkɔdeɛ. Nya awo-foforɔ, ɛsu asesa; Afei wobɛtumi aforo Jacob atwedeɛ no. Afei wobɛtumi aforo akɔ mmeaeɛ a ɛkorɔn paa no akɔ baabi a nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ yie ama wɔn a wɔgye di no. Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ɔkɔdeɛ, ɔgyedini. Mmɔ mmɔden sɛ…
Hebrifoɔ no ɛberɛ a wɔtwaa mu no, sɛ akɔdeɛ no, wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so no, asuasuafoɔ no redi akyire, Misrimfoɔ momonotofoɔ no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa na wɔhweree wɔn nkwa. Wontumi nyɛ wo ho sɛ Kristosom; Ɛsɛ sɛ woyɛ Kristoni. Saa na ɛteɛ.
Dabiara Paanoo .
Na deɛ weinom abɔ no no ani afira, na ɔnhunu akyirikyiri, na ne werɛ afiri sɛ wɔate ne ho afiri ne bɔne dadaa nom ho.
II Petro 1:9.
25-1103
Awuranom, Anka Yɛbɛhunu Yesu 61-1224 .
Me Buronya Nkransɛm, ne sɛ, ma mentene me nsa nhwɛ asɛnnua no so nkyerɛ mo anadwo yi. Amen. Na mo, ayuo aba, mo tetɔ wɔ Kristo mu wɔ hɔ na moawu. Ɛhɔ na mobɛhunu Ne Nkwa a ɛwɔ N’Asɛm mu, sɛ ɛte saa ɛnnora, ɛnnɛ, ne daapem. Ma ɛno nyɛ me Buronya Nkransɛm ma mo. Menntene me nsa nnhwɛ mmoa adidibea, nnhwɛ abɔfra bi mpa, nnhwɛ asɔre bi, nnhwɛ nhyɛsoɔsom bi nnkyerɛ mo. Nanso, “awuranom, anka yɛbɛhunu Yesu,” ɛnneɛ mɛtene me nsa ahwɛ Ne so akyerɛ mo. Ɔtene Ne nsa hwɛ Ne wuo, Ne sieɛ ɛne Ne wusɔreɛ kyerɛ mo. Na wama wo ankasa w’ayuo aba ate atɔ wɔ hɔ, na wo ama N’asɛm abɛyɛ adekann wɔ wo mu, na wobɛhunu sɛ Ɔte saa
ɛnnora, ɛnnɛ, ne daapem. “Awuranom, anka yɛbɛhunu Yesu.” Ɔte saa ɛnnora, ɛnnɛ, ne daapem.
Dabiara Paanoo .
Yesu Kristo te saa ɛnnora, ɛnnɛ, ne daapem.
Hebrifoɔ 13:8.
25-1102
Jairus Kokoam Gyedini Bi 55-0604 .
Na ɛberɛ a nsuo no ɛworoo so kɔɔ anim no, ɛmerɛ kumaa bi akyire no, Yesu kasaeɛ na Ɔkaa sɛ, “Monnsuro. Ɛyɛ Me.”
Petro kaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ Wo a, Awurade, ma me sɔhwɛ kakra bi kɛkɛ.”
Ɛna bisa na wo nsa bɛka. Enti Ɔmaa no sɔhwɛ no, na ɛberɛ a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔno akasa bɛyɛ no, ɔdii ntwo, na onipa foforɔ biara bɛdi ntwo. Ɔyii n’ani firii Yesu so na ɔfirii aseɛ hwɛɛ sɛnea asorɔkyeɛ no kɛseɛ teɛ. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ asorɔkyeɛ no ne no bɔ abira no, ɔfirii aseɛ sɛ ɔmem. Na onipa biara a ɔbɛhwɛ n’amanehunu no wɔ ɛberɛ a wɔabɔ mpaeɛ ama no akyi no, bɛmem wɔ ɛkwan biara so.
Wonhwɛ w’amanehunu no. Wo de w’ani si deɛ Ɔma bɔhyɛ no so no, Awurade Yesu Kristo. Fa w’ani si N’Asɛm so. Ɔno ne Oni ko a Ɔhyɛɛ bɔ no. Ɔhwɛ Ɛso sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛyɛ. Ɔde sie Ne nsa tokuru mu, na ɛda N’akoma mu baabi a ɛmu dɔ. Ɛsɛ sɛ Ne Nsɛm no yɛ Nokorɛ.
Yi w’adwene firi wo yareɛ so, firi wo haw nom so. Ma w’ani nsi Yesu so.
Dabiara Paanoo .
Awurade nkyɛ Ne bɔhyɛ ho.
II Petro 3:9.
25-1101
Sɛnea Ɔkɔdeɛ Ɛwoso Ne Pirebuo Mu 61-0122
Ɛno ne sɛnea Paapa Kɔdeɛ dwene fa Ne mma nkumaa ho, sɛnea ɔmema ne ho so tu mpasa. Ɔbɛteɛm agu wɔn so; wɔde nteɛteɛmu bɛma no mmuaeɛ. Ɔkaa sɛ, “Ɛno ara ne no. Me ne deɛ na Ɔwɔ hɔ no.”
“Amen, Paapa.”
“Me ne deɛ Ɛwɔ hɔ no.”
“Amen, Paapa.”
“Me ne deɛ Ɔbɛba no.”
“Amen, Paapa.”
“Me te saa ɛnnora, ɛnnɛ, ne daapem.”
“Amen, Paapa.”
“Meda so ara yɛ Ɔyaresafoɔ no.”
“Amen, Paapa.”
“Meda so ara ma Honhom Kronkron no.”
“Amen, Paapa.”
“Me te saa ɛnnora, ɛnnɛ, ne daapem.”
“Amen, Paapa.”
“Amen.”
Kwaakwadabi ketewa ka sɛ, “Kaw, kaw, kaw.”
“Wo kɔkɔsaky ketewa, ɛdeɛn na woreteɛteɛm wɔ ho no? Firi pirebuo no mu fi. ….Ɔpɛtɛ ketewa, wontumi nni ɔkɔdeɛ aduane biarabiara so.” Saa na ɛteɛ. Oh, me.
Dabiara Paanoo .
Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ woso ne buo, na ɔtu fa ne mma soɔ, trɛ ne ntaban mu fa wɔn, na ɔde wɔn gu ne ntaban soɔ.
Deuteronomium 32:11.
25-1031
Onyankopɔn Di N’Asɛm So #2 57-0307 .
Nnipa pii ka sɛ, “Wiɛ, ɛnyɛ nsonsonoeɛ biara deɛ megye die kɛkɛ, ɛmerɛ tenten a megye di firi m’akoma mu.” Wiɛ, sɛ ɛte saa a, wɔagye Kramoni no nkwa; wɔagye Budani no nkwa, ɛne wɔn a wɔaka nyinaa; wɔagye ɔbosonsomni no nkwa. Ɛfiri sɛ meka sɛ wɔbɛtumi ahyerɛn akyɛn yɛn da biara, sɛ ɛba mpaebɔ a, mmuadadie, honam mu atenka nom, anaa deɛ ɛkeka ho a; Ɔɔmo bɛtumi ahyerɛn akyɛn yɛn. Na nkwagyeɛ ɛmfa, anaasɛ ɛnnyina, biribi foforɔ biara so gye Onyankopɔn Asɛm; Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ Ɔka saa.
Nkwagyeɛ ntumi nnyina asɔre biara so, anaa gyedie biara so, hwee gye sɛ Onyankopɔn Asɛm, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Onyankopɔn Asɛm wie pɛyɛ ara a ma a Ɛmu ketekete baako renni ntwo da. Ɔsoro nyinaa bɛdi ntwo; Asase bɛdi ntwo. Yohane kaa wɔ—ɛwɔ Patmo Supɔ no so sɛ, “Mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, ɛfiri sɛ na ɔsoro a ɛdikan no ɛne asase a ɛdikan no atwam” Nanso Onyankopɔn Asɛm kɔɔ so ara, sɛnea ɛteɛ ara.
Dabiara Paanoo .
Wira no hye, na nhwire no poro gu: Nanso Awurade Asɛm tim hɔ daa.
1 Petro 1:24-25.
25-1030
Aboa No Agyirahyɛdeɛ No 56-0715 .
Tie. Wobɛtumi atena ɛmerɛ tenten a aduane nka ho, nanso wontumi ntena wɔ merekorɔ a worenom nsuo. Wo nipadua no mu ɔha mu abupɛn aduɔwɔtwe yɛ nsuo. Adeɛ a ɛdikan a Onyankopɔn faa so pɛn, Onyankopɔn Honhom no faa so pɛn, na ɛyɛ nsuo. Na wontumi ntena a nsuo nka ho. Na sɛ ɔsɔreɛ ho kom rede wo kra a; Tie, owura, Pentekose, ne Pilgrim Holiness, ne Baasreni, Baptisni, oni ko a woyɛ biara. Moahu? Sɛ ɔkɔm de wo, na sukɔm de wo a, fa Kristo yɛ sukɔm aduro mee na ma Kristo nyɛ wo Nyankopon. Ɛnnane wo ho na ɛnnom mfiri saa nsuhina dadaa a nsuo agyina mu akyɛ no mu. Deɛ ɛdi kan a wobɛhunu no, ɛbia wobɛyɛ wo ho sɛ nyamesomni pɛn, nanso w’aso asisi ama Nokorɛ no. Na monkae? “Wɔbɛbɛn paa kɔsi sɛ ɛbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn pɔtee no…” Na sɛ wobɛpo Asɛmpa no, ɛne sɛ wɔde aboa no agyiraeɛ bɛsɔ w’ano. Onyankopɔn hyɛ wo agyiraeɛ.
Dabiara Paanoo .
…na mmom nsuo a Mede bɛma no no bɛyɛ asutire wɔ ne mu a ɛpu kɔɔ nkwa mu afebɔɔ.
Yohane 4:14.
25-1029
Ahoyerayera 63-0901E.
Na, hyɛ no nso, na ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya. Onyankopɔn tiee no no, na Ɔmaa no ne mpaebɔ so mmuaeɛ no, na Ɔmaa no ɔbabarima no, ɔsan de no maa Onyankopɔn. Na ɛsiane sɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔrenyɛ pɛsɛmenkomenya ɛberɛ a Onyankopɔn maa no ne mpaebɔ so mmuaeɛ akyi nti, Ɔmaa no odiyifoɔ. Oh, na ɛno yɛ nhyira morosoɔ. Oh, ayɛ Ne mu ma kɛkɛ, saa nneɛma morosoɔ nketenkete a Ɔde ma no. Ɛnyɛ ɔbarima nko ara, mmom odiyifoɔ. Na mfie bebiree, pii na na Israelfoɔ ɛnyaa petee mu anisoadehunu. Samuel, mfie bebiree, pii odiyifoɔ a ɔdi kan no, ɛsiane sɛ ɛna bi kɔɔ ahoyerayera mu nti; a na ɔntumi nwo mma, na na watwam wɔ abawoɔ mfie mu, ɛbia na wadi mfie aduosia, aduɔson. Na ɔde ahoyerayera bɔɔ mpaeɛ, ɛsɛ sɛ ɔnya saa abɔfra yi! Ná ɛyɛ deɛn? Na Onyankopɔn akasa akyerɛ no, akyinyeɛ biara nni ho.
Wontumi nkɔ ahoyerayera mu kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛkasa akyerɛ wo. Oh, Asafo, monsɔre na monwoso mo ho! Monkanyan mo tibua, momma mo ho so, wɔ ɛdɔn yo mu! Ɛsɛ sɛ yɛnho yerayera yɛn anyɛ saa yɛbɛ wu! Biribi firi Awurade hɔ reba! Menim no SƐ AWURADE SEƐ NIE. Biribi reba, na ɛbɛyɛ ama yɛn sɛ yɛn ho bɛyerayera yɛn. Ɛda owuo ne Nkwa ntam. Ɛbɛfa yɛn mu na yɛrenhunu.
Dabiara Paanoo.
Na ɛberɛ no aduru sɛ atemmuo firi aseɛ Nyankopɔn fie. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie wɔn a wɔntie Onyankopɔn Asɛmpa no sɛn?
1 Petro 4:17.
25-1028
Prɛko Pɛ Bio Awurade 63-0120E .
Onyankopɔn pagyaa asɔre no sɛ ɛnyɛ ɛhan fie, sɛ Ɔbɛgyae Ne tumi nom mu, sɛ Ɔbɛsa ayarefoɔ yareɛ, anyane awufoɔ, tutu abonsam, atena kronkron yɛ mu, aka Asɛmpa mua no, ada Ɛno adi, nanso yɛfiri aseɛ yɛ nwaa bɛwura mu na yɛago susudua no mu.
Yɛfaa nhwɛsoɔ nom a ɛmfata. Mmaa no yɛɛ wɔn adeɛ te sɛ ɔsɔfoɔ no yere. Ɔmaa no tee nkensen, twitwaa ne tiri nwi, hyɛɛ gyantrafoɔ ntadeɛ ahodoɔ biara, wanka n’anim da. Na mmaa afoforɔ no ka sɛ, “Sɛ onuabaa Asomasi bɛtumi ayɛ a, me nso mɛtumi ayɛ.” Ɛmma ɛno ɛnyɛ mo nhwɛsoɔ. Moahu? Onyankopɔn kaa deɛ ɛyɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo, mo ne Ɛno ntena.
Dabiara Paanoo.
Na ɛnyɛ efideɛ nti na Onyankopɔn frɛɛ yɛn, mmom ahoteɛ mu ntira.
1 Tesalonikafoɔ 4:7.
25-1027
Hebrifoɔ Etire Mmienu #2 57-0825E .
Mepɛ sɛ motwerɛ Ɛno to hɔ. Bible no kaa sɛ, “Sɛ obi sɔre wɔ mo mu, na ɔka sɛɛ-ne-sɛɛ, na amma mu a, ma mo ntie, ɛfiri sɛ menkasaeɛ. Nanso sɛ ɔkasa wɔ Me Din mu, na deɛ ɔka no ba mu a, ɛnneɛ montie Ɛno.” Amen. “Ɛfiri sɛ meka saa odiyifoɔ no ho, anaa ɔsɛnkafoɔ, deɛ ɛteɛ biara. Sɛ deɛ ɔka no ba mu a, ɛnneɛ montie no.”
Afei, nnamfonom, momma yɛntie no, Honhom Kronkron no a Ɔrekasa wɔ yɛn ntam no, Ɔreda tumideɛ ahodoɔ, ɛne nsɛnkyerɛnne ɛne anwanwadeɛ nom adi. Mommma yɛntwi mfa Ɛno so te sɛ nsɛm a ɛtaa sisi ara kwa. Momma yɛnkae sɛ Ɛno yɛ Yesu Kristo, te saa ɛnora, ɛnnɛ, ne daa; resi N’Asɛm so dua. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Oh, anidie mu mo nyɛ. Montie no yie. Momma ade foforɔ biara nyɛ deɛ ɛtɔ so mmienu, wo fie mpo, wo kunu, wo yere, wo mma. Sɛnea ɛteɛ biara no, ma no ntɔso mmienu. Fa Onyankopɔn di kan. Woka sɛ, “Ɔnuabarima Branham, ɛwɔ me mma so?” Ɛwɔ biribiara so. Fa Onyankopɔn di kan. Ma No nni kan.
Dabiara Paanoo .
Mmom monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie, ne Ne trenee kane; Na saa nneɛma yi nyinaa wɔde bɛka mo ho.
Mateo 6:33.
25-1026
Menim Sɛ Medimafo Te Ase 58-0406S
Ɛyɛ Onyankopɔn botaeɛ sɛ ɔbɛma yɛn Honhom Kronkron a wɔahyira no no. Ɛyɛ Onyankopɔn botaeɛ sɛ ɔbɛkyerɛ yɛn nsɛnkyerɛnneɛ ne anwonwadeɛ ne ahoɔdendeɛ nom. Ɛyɛ Onyankopɔn botaeɛ, na biribiara ntumi nsɛe no. Ɛbia, tumi nom a ɛwɔ asamando nyinaa bɛtumi ato nkyea atia no, nanso ɛbɛdi nkonim. Yɛwɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ hɔ Daa. Ɛbia akyerɛkyerɛfoɔ wɔ hɔ, ɛbia isms bɛsɔre, ɛbia nhyehyɛeɛ akɛseɛ bɛsɔre, ɛbia nneɛma bi wɔ hɔ a akɔ yɛ sɛdeɛ anka ɛbɛsɛe no, nanso ɛntumi nsɛe da. Ɛyɛ Onyankopɔn botaeɛ sɛ ɛbɛhwɛ ahunu sɛ ɛbɛdi nkonim. Ɛnneɛ, ɛnyina me so, na ɛnyina wo so, sɛ ɛbɛsɛe anaasɛ ɛnsɛe. Ɛgyina Onyankopɔn so. Na yɛbɛtumi anya awerɛhyɛmu wɔ so, sɛ Onyankopɔn ɛmma yɛn agyapadeɛ nsɛe da, ɛfiri sɛ ɛyɛ Ne botaeɛ sɛ Ɔde bɛma yɛn.
Dabiara Paanoo.
Ɛyɛ Awurade: deɛ ɛyɛ wɔ N’ani soɔ no, ma Ɔnyɛ.
1 Samuel 3:18.
25-1025
Onyankopɔn Wɔ Ne Nkorɔfoɔ Mu 50-0227 .
Asutire bi abue, a ɛretene fa baabiara kwa. Nom kɛkɛ kɔsi sɛ wontumi nnom bio kɛkɛ. Dua no, sɛ ɛnom dodoɔ a ɛwɔ hɔ ma no kɛkɛ a adɛn, ɛnka ɛbɛdaso awɔ ɔpɛ berɛ mu ɛberɛ nyinaa. Ɛno ne deɛ ɛyɛ Kristofoɔ haw. Wɔnnom dodoɔ sɛnea ɛsɛ. Wopɛ sɛ wonom kɔsi sɛ wobɛtrɛ mu kɛkɛ na woama obi foforɔ ahunu. Moahu? Pu bra. Nya adansedie. Fa hyɛ Onyankopɔn nsa. Gye di. Fa firi adi. Gye Onyankopɔn bɔhyɛ to wo ho so. Gyae ɛmu-gyae ɛmu kɛkɛ ma Onyankopɔn. Gye di. “Fa w’akwan hyɛ Awurade nsa” Ɔbɛma adeɛbiara a wopɛ aba mu.
Nanso Ɔntumi nyɛ kɔsi sɛ…ɛberɛ tenten a wokura mu no. Ka sɛ, “Afei, mɛhwɛ me ho sɛ mpontuo biara aba a, na mahwɛ sɛ wei bɛyɛ adwuma anaa.” Wodeɛ fa hyɛ Ne nsa; ma wo werɛ mfi deɛ aka no. Kɔdi adanseɛ wɔ nneɛma a wonhu mpo ho. Wodeɛ gye di. Ɛnyɛ deɛ wohu; Ɛyɛ deɛ wogye di. Ɛnyɛ deɛ wote nka. Wanka da sɛ, “Wotee nka?” Ɔkaa sɛ, “Wogye diieɛ anaa?”
Ɛno ɛne sɛnea wɔnam gyedie so agye wo nkwa. Ɛno ne sɛnea wɔnam gyedie so asa wo yareɛ. Na gyedie yɛ anidasoɔ mu ahotɔsoɔ, adansedie a ɛwɔ deɛ wonhunu, nka nhwɛ, nsɔ mu, nte panpan anaa aso nteɛ. Wo gyedi kɛkɛ. Tu ɛho anamɔn te sɛ nea mpo na ɛte saa. Amen.
Dabiara Paanoo.
Fa w’akwan hyɛ Awurade nsa; Fa wo ho to no so nso; na Ɔbɛma no aba mu.
Nnwom 37:5.
25-1024
Hebrifoɔ Etire Mmiɛnsa 57-0901M .
Biribi wɔ…baabi a wokɔ, asɔre bɛn a wokɔ, ɛne ɔkyerɛkyerɛni ko a ɔkyerɛkyerɛ wo. Na wonim saa? Ɛwɔ—ɛwɔ biribi yɛ wɔ ho. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ deɛ ɛyɛ papapaa a yɛbɛtumi anya, enti yɛrenya deɛ ɛyɛ papapaa no; Ɛnyɛ sɛ ɛka yɛn kɔ nnipa mu ɛne deɛ ɛkeka ho, mmom Bible nkyerɛkyerɛ ankasa no.
Hwɛ, ɛberɛ bi a na Israel ne wɔn asraafoɔ afiri adi ɛwɔ ɛserɛ no so no, na wɔkɔɔ anwan ɛnna-nson na wɔn nsuo saaeɛ. Na na wɔrebɛhwere wɔn nkwa, wɔkaa sɛ, “Oh, sɛ anka na odiyifoɔ bi bɛn a!”
Na wɔn mu baako kaa sɛ, “Yɛwɔ Elisa wɔ aseɛ ha. Ɔno na ɔhwiee nsuo guu Elia nsa so.” Hwɛ n’aboafoɔ? Ɔkwan foforɔ so no, “Elisa nie a na ɔne Elia anya nhwebɔmu. Awurade Asɛm no wɔ ne hɔ.” Wote aseɛ? Ná wɔakyerɛkyerɛ no yie.
Dabiara Paanoo .
O Soma Wo hann no ɛne Wo nokorɛ: Ma wɔnnni m’anim kan.
Nnwom 43:3.
25-1023
Atwantam No 56-0121 .
Sɛ wɔdua wo Kristo Yesu mu a, biribiara a wohia wɔ asase so akwantuo mu no wɔ wo mu ɛberɛ a wo nsa ka Honhom Kronkron no. Na adeɛ nkutoo a ɛwɔ sɛ woyɛ ne sɛ nom, nom, na pu bra, pu bra. Nom kɛkɛ kɔsi sɛ wontumi nnom bio. Sɛ wo hia Ɔsoro ayaresa a, kɔ Onyankopɔn Asɛm mu na nom firi Ɛmu, kɔsi sɛ wobɛpu aba. Sɛ wohia Onyankopɔn mu bebiree a, kɔ so nom kɛkɛ, ɛrepu ba. Na Kristo ne Nkwa Asutire a ɛnwe da. Na sɛ woadua wo wɔ Ne mu a, adeɛ nkutoo a ɛsɛ sɛ woyɛ, ɛne sɛ nom Ne nneɛma pa na pu adeɛ biara a wohia no wɔ asase yi so akwantuo mu no bra.
Ne nyinaa yɛ ɔnom, ahomegye, asomdwoe. Ɛnyɛ deɛ wopere wo ho na wobɔ mmɔden na wotwe, wo—woko tia botaeɛ ankasa a woregyina hɔ ama sɛ woyɛ saa.
Kristosom ɛnyɛ biribi, Onyankopɔn nyɛ Obi a wobɛkɔ Ne nkyɛn a ɛsɛ wo srɛ, na wo su, na wopa kyɛw, na wo di mmuada, na kyene kɔm, ɛne biribiara a ɛte saa.
Dabiara Paanoo .
Na ɔbɛyɛ te sɛ dua a ɛsi nsubɔnten ho, a ɛso n’aba wɔ ne berɛ mu; N’ahaban nso mpo; na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.
Nnwom 1:3.
25-1022
Ɛdeɛn Na Ɛwɔ Wo Nsam No? 55-1120 .
Saa Bible yi ɛyɛ Onyankopɔn krataa. Na bɔhyɛ biara a ɛwɔ mu no yɛ wo dea, sɛ wobɛtumi agye adi na woafa nneyɔeɛ a ɛfata so agye atom mu a. Ɛwɔ wo mu, animuonyam mu anidasoɔ no, Kristo.
Hyɛ no nso. Afei ɛkwan bɛn na yɛfa so ba Kristo mu? Ɛdikan no, yɛnam gyedie so gye No, yɛregyedi. Deɛ ɛtɔ so mmienu, “ɛnam Honhom baako so, afei wɔbɔ yɛnyinaa asu kɔ Nipadua baako mu,” Korintofoɔ nwoma ɛdikan 12; anyabiaa ɛyɛ asafomma baako so? Ɛnam Honhom baako so wɔbɔ yɛn nyinaa asu kɔ Nipadua baako mu. Ɛno ne agyedifoɔ, a wɔagye Yesu Kristo adi dada a wɔabɔ wɔn asu akɔ Kristo Nipadua mu ɛnam Honhom Kronkron baako so. Ɛno tia me Baptist nkyerɛkyerɛ nom no kakra, nanso ɛno ne Bible no.
Meyɛ Baptistni ɛmmerɛ tenten a ɛtena Bible mu no; Ɛno akyi no me ne Bible no.
Dabiara Paanoo .
Ɔsee wɔn sɛ, moanya Honhom Kronkron no ɛfiri ɛberɛ a mogye diieɛ no?
Asomafo no Nnwuma 19:2.
25-1021
Ntutummɛ, Mfuntie, Mmɛbɛ, Nketekyire 59-0823
Ɛnti, sɛ ɛnnɛ biribi to kyema wɔ asɔre no mu, a ɛmma no nnya mpontuo sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ a, ɛwɔ me nsusueɛ mu no ɛsɛ sɛ yɛsan yɛn akyi kɔ Aduro a wɔatwerɛ no, hwehwɛ adeɛ pɔtee a ato kyema, a saa asɔre yi ɛnte apɔ saa a yareɛ wɔ yɛn asɔre mu no, bɔne yareɛ. Ɛnneɛ ɛwɔ sɛ yɛhwehwɛ hunu aduro korɔ a Oduruyɛfoɔ no twerɛɛeɛ, na yɛhwɛ sɛ yɛn asɔfoɔ a wɔma nnuro no rema yɛn Aduro a ɛfata anaa. Na, kae, wobɛtumi de biribi aka Twerɛsɛm nhwehwɛmu a ɛbɛn paa, na woakum ɔyarefoɔ no. Na ɛbia menka sɛ yɛayɛ, nanso anyabiaa sɛ yɛn nkorɔfoɔ a wɔma nnuro no binom de biribi aka Onyankopɔn aduru a watwerɛ no ho nso ɛ? Sɛ wɔayɛ saa a, wɔrekum ɔyarefoɔ no, rema wɔn wuwu wɔ bɔne mu.
Dabiara Paanoo .
Me nuanom adɔdoɔ, monnyɛ mfomsoɔ.
Yakobo 1:16.
25-1020
Mfomsoɔ A Ɛnni Asɛm A Onyankopɔn Aka No Ho. 56-0404 .
Wonim, me—me ɛnkyɛree koraa mereba no, na mereka akyerɛ mmarimaa no, mekasa faa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ɛberɛ nyinaa ho. Onyankopɔn mpɛ sɛ wobɛdi awerɛhoɔ. Wonim deɛ abufuo yɛ? Na saa kokoɔ dadaa no, ɛno yɛ nneɛma a ɛyɛ tan paa dadaa no mu baako. Na ɛno—ɛyɛ ɔha mu abupɛn aduosia adeɛ ɛde yareɛ ɛba yɛ abufuo. Yiw, owura, saa mmerɛtia abufuo a wo da no adie no, kae, wo hyehyɛ kokoram yareɛ, ayamkuro, anaa biribi a ɛte saa kɛkɛ, sɛ wo yɛ a. Sɛ woma obi ho abufuo hyɛ wo so ara a, “me nkɔ hɔ bio. Twɛn kɔsi sɛ mɛka m’adwene akyerɛ wɔn.” Ɛyɛ. Kae, wo na woreba abɛtua ɛho ka. Kɔ so ma w’ani nye kɛkɛ.
Anansesɛm tiawa no, ɔse na robin ketewa bi wɔ hɔ anɔpa bi, ɛte dua so reto nwom ama ne ho kafoɔ ketewa bi. Ɔhokani ketewa no tu baa n’ase ɛna ɔkaa sɛ, “Wonim, me—me, adeɛ baako bi ha me paa anɔpa yi.”
Ɔkaa sɛ, “Ɛdeɛn?” Kaa sɛ, “Yɛn robins yi hwee nha yɛn da.”
“Nanso ɛyɛ me nwanwa kɛkɛ sɛ saa abɔdeɛ mmɔborɔwa foɔ yi, nnipa a wɔmuna wɔn anim, wɔnante, ɛyɛ me nwanwa ɛbia wɔnni ɔsoro Agya a Ɔhwɛ wɔn so te sɛ deɛ yɛn robins yi ɛwɔ no.”
Ne nyinaa no no. Wontee sɛ wɔn mu baako wɔ mogya mmorosoɔ da, wo teeɛ?
Dabiara Paanoo .
Monni ahurisie wɔ Awurade mu ɛberɛ nyina: meka bio sɛ monni Ahurisie.
Filipifoɔ 4:4.
25-1019
Mo Ntie No 60-0712 .
Ɛnyɛ ntini nom na yɛde susu ɔbarima; ɛno yɛ aboa. Suban na yɛde susu ɔbarima.
Mahunu mmarima a wɔn mu duru yɛ pɔn ahanu na ntini wɔ wɔn ho nyinaa na na wɔnni barimayɔ ketewa baako wɔ ne mu. To abɔtɔfowaa bi firi ɛna bi nsa mu na ɛto no mmɔnnaa, ɛno ɛnyɛ ɔbarima; Ɛno yɛ aboa. Ɛno yɛ aboa a ɔyɛ kekrakekra. Ɔbarima yɛ suban. Na’ ɔbarima biara nni hɔ a ɔte sɛ Yesu Kristo da.
Nanso Bible no kaa sɛ na ahoɔfɛ biara nni hɔ a ɛbɛma yɛn kɔn adɔ No. Ebia Ɔyɔnkoɔ ketewa, abatire a ahwinhwan anaa biribi…Yɛn nyinaa sɛnea na ɛteɛ no yɛsumaa yɛn anim firii Ne ho. Nanso Ɔno…Na suban biara nni hɔ a ɛte saa da. Ɛno ne nea ɔbarima ankasa yɛ. Wonsusu ɔbarima ntini, mmom ɛnam mmɔtɔ nkotodwe a ɛwɔ ne trɔsa mu wɔ baabi a ɔbɔ mpaeɛ no. Ɛno ne sɛnea wo susu ɔbarima bi, ɛnam suban so. Ɛyɛ nokorɛ.
Dabiara Paanoo .
Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛne nnipa, na Onyankopɔn mmerɛyɛ yɛ den kyɛne nnipa.
1 Korintofoɔ 1:25.
25-1018
Ayɔnkofa A Ɛnam Ɔgyeɛ So 55-0403 .
Aboa nni ɔkra.
Nanso onipa wɔ ɔkra. na, ɛno nti, saa ɔkra no yɛ Onyankopɔn fã bi. Na mpo ɛwɔ n’ahweaseɛ tebea mu no, nanso, ɛyɛ asase so abɔdeɛ kuo nyinaa mu kɛseɛ paa ɛne onipa. Na afei ɛma ɛka ɔne ne Bɔfoɔ bɔ mu, ɔbɛyɛ onipa bi a n’ahoɔden boro onipa deɛ so ɛkame ayɛ sɛ, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba. Ɔbɛyɛ ɔmani ma ne Bɔfoɔ, ɛne adeɛ nyinaa Bɔfoɔ no. Na afei sɛ saa onipa a ɔwɔ hɔ no, a ɔne ne Bɔfoɔ no abɛyɛ ɔmani no, bɛyɛ ne Bɔfoɔ no fã bi, san ne ne Bɔfoɔ ba fekubɔ mu a, Ɔsoro Asɛm biara bɛyɛ adekann a ɛte aseɛ ma no, na ɔgye di.
Ɛnyɛ nwanwa sɛ nkorɔfoɔ ntumi nnye Ɔsoro ayaresa nni nnɛ! Wɔnni hwee a wɔde bɛgye adie. Ɛnkɔsi sɛ Onyankopɔn bɛba onipa akoma mu no, onipa ɛnyɛ papa pii nsene aboa a ɔyɛ kekrakekra. Ne nteaseɛ, ɔbɛdwene ɛho nyinaa asi, “Ɛbɛyɛ dɛn na wei atumi asi?” Na ɔkyerɛkyerɛ mu ma no yɛ deɛ ɛnhia.
Nanso sɛ Onyankopɔn fa Ne tenabea wɔ onipa akoma mu pɛn a, nteaseɛ no nyinaa yera. Onyankopɔn bɛdi kan. Amen.
Dabiara Paanoo.
Onyankopɔn bɔɔ onipa, wɔ Onyankopɔn nsɛso mu na Ɔyɛɛ no no.
Genesis 5:1.
25-1017
Akwanhwɛ 61-0207 .
Nanso ɛberɛ a mobɛba abɛhyiam no, oh, me, ɛno ara ne no, ɛberɛ a mobɛtie Onyankopɔn wɔ biribiara mu. “Wei bɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ M’asuafoɔ, ɛberɛ a mowɔ ɔdɔ ma mohomoho no.” Sɛ moyi nyamesom ho adesua no fã bi firi hɔ na mode ɔdɔ kakra hyɛ ɛmu hɔ a, ɛbɛyɛ nwuma, ɛne anwanwadeɛ nom, ɛne—ɛne ahoɔden deɛ nom. Nanso ɛsɛ sɛ yɛnya ɛno. Ɛma hwan? Ɛma obiara. “Oh, ɛma saa tete Assemblies of God kuo no, anaa tete Church of God ɛkuo no, anaa tete Oneness foɔ no, anaa Threeness, anaa Fiveness anaa deɛ wɔwɔ biara? Sɛ mɛdɔ wɔn? Na mentumi nnɔ wɔn; wɔyɛ antikristo.” Wo ankasa wayera, onuabarima, sɛ wodwene saa a. Saa na ɛteɛ. Wo ne Onyankopɔn ntɛm ɛntene. Sɛ wontumi ntene nsa bi ɛmma ɔtamfo kɛseɛ paa a wo wɔ na wo mmɔ mmɔden sɛ wobɛtwe no ama Kristo a, ɛnneɛ na Kristo Honhom nni wo mu. “Ɛfiri sɛ Ɔbaa Ɔno ara Deɛ mu, na Ne Deɛ annye No.” Nanso Ɔde Ne nkwa maa N’atamfo. Ɔyɛɛeɛ. Nokorɛ paa a ɛyɛ.
Na saa Onyankopɔn Honhom a ɔwɔ wo mu no ma wote nka saa ara fa obiara ho.
Dabiara Paanoo.
Afei a moayɛ aso ama nokorɛ no de adwira mo kra a deɛ afiri mu aba ne onuadɔ a nkontompo nnim no, momfiri akomam nnodɔ mohomoho dendennden.
1 Petro 1:22.
25-1016
Kasa Kyerɛ Ɔbotan No Na Ɛbɛma Ne Nsuo Aba 60-0723 .
Asɔre no yɛ atemmuo adwa no, baabi a Ɔsoro yɛ Onyankopɔn Atemmuo Adwa kɛseɛ, na abura nketewa no gyina hɔ ma nsɔre nketewa no nyinaa. Na atemmuo firi aseɛ wɔ Onyankopɔn fie. Moahu? Ɛha na atemmu no firi aseɛ.
Ɛno nti na menhunu deɛ enti a dodoɔ ara bɔ kwaadu sɛ mekasa dendennden dodo, na mebɔ mmɔden sɛ mɛma nkorɔfoɔ atenetene, na meka abrabɔ a wɔrebɔ kyerɛ wɔn, sɛnea wɔresiesie wɔn ho, na ka kyerɛ me sɛ merepira me som adwuma, ɛberɛ a atemmuo adwa no ɛne Onyankopɔn fie. Saa na ɛteɛ. Ɛha na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ aseɛ afiri, ɛha yi ara ne baabi a ɛwɔ sɛ atɛntenenee, ne tenenee, ɛne Onyankopɔn atemmuo ɛfiri asɛnkadua no ɛkɔ .
Dabiara Paanoo.
Na ɛberɛ no aba sɛ ɛsɛ sɛ atemmuo firi aseɛ wɔ Onyankopɔn fie.
1 Petro 4:17.
25-1015
Abayɛ #4 60-0522E .
Saa berɛ no ara na me firii aseɛ reba. Mehwɛɛeɛ, a na meda hɔ wɔ mpa no so, na mehunuu me nipadua dadaa a ɛwɔ wɔ ha yi rebɔ akɔkora na ɛretwintwam, aba awieɛ, na—na yareɛ adokoro no na awura amanehunu mu, na mehunuu me nsa a ɛgu m’atikɔ, na me dwenee sɛ, “Oh, ɛsɛ sɛ mɛsan akɔ saa adeɛ no mu bio?”
Na mekɔɔ so tee saa Ɛnne no, “ Pem kɔ so ara! Pem kɔ so ara!”
Mekaa sɛ, “Awurade, magye Ɔsoro ayaresa adi ɛberɛ nyinaa, mɛkɔ so agye adi. Nanso mɛpem akɔso anya saa akra nom no, enti boa me. Mɛnya pii wɔ hɔ mɛyɛ…ma me ntena ase, Awurade, na mede ɔpepem foforɔ bɛkɔ mu, sɛ wobɛma me atena ase kɛkɛ a.”
Ɛmfa me ho ne ahosuo, gyedie bɛn, ɔman bɛn mu ni, deɛ wɔyɛ, wɔn nyinaa yɛ baako sɛ a wɔduru hɔ a, na saa ahyeɛ nom no atwam.
Dabiara Paanoo.
Mpo sɛnea mesɔ nnipa nyinaa ani wɔ nneɛma nyinaa mu, ɛnyɛ me ankasa mfasoɔ na merehwehwɛ, mmom mfasoɔ a nnipa pii nya no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.
Korintofoɔ 10:33 .
25-1014
Adɛn Nti Na Ɛyɛ Den Ma Kristofoɔ Pii Sɛ Wɔbɛbɔ Kristofoɔ Abrabɔ? 57-0303A .
Hyɛ no nso, afei, “Mɛma wo honhom foforɔ, na Mede Me Honhom bɛhyɛ…” Hyɛ no nso, wɔde akoma foforɔ no hyɛ wo mfinimfini pɛɛ. Na Ɔde Honhom foforɔ no hyɛ w’akoma foforɔ no mfinimfini pɛɛ. Na Ɔde Ne Honhom hyɛ honhom foforɔ no mfinimfini pɛɛ.
Ɛte sɛ mainspring ….a ɛda watch a agye din mu no ara pɛ. Ɛberɛ a saa…Ɛberɛ a saa mainspring no ɛda watch no mfinimfini no, ɛdi saa watch no anamɔntuo biara so. Na ɛno ne asɛm no,— nnamfonom. Afei, mewɔ anidasoɔ sɛ mobɛhu wei. Na merenka sɛ mɛyɛ —bɔ mmɔden sɛ mɛkyinkyim anaasɛ mɛyɛ sɛ deɛ ɛmfa me ho; ɛnam sɛ Menim sɛ ɛda bi Me ne mo bɛgyina wɔ atɛmmuo mu nko ara nti na Mereka. Moahu, sɛ Honhom Kronkron no wɔ wo honhom no mfimfini a…Na saa watch no spring no ma anamɔntuo nkaeɛ no nyinaa ɛpene di dwuma pɛpɛɛpɛ ɛwɔ ɛhɔnom, ɛrehwɛ ama mmerɛ no ayɛ pɛpɛɛpɛ. Sɛ Honhom Kronkron no wɔ wo honhom no mfinimfini a, ɛma Honhom Kronkron no adeyɔ biara a ɛwɔ wo mu no ɛpene di dwuma sɛnea Onyankopɔn watch, Bible no ɛte pɛpɛɛpɛ. Saa na ɛteɛ.
Dabiara Paanoo .
Mɛma mo akoma foforɔ na mede Honhom foforɔ ahyɛ mo mu, na mɛyi ɛboɔ akoma no afiri mo honam mu na mama mo akoma a ɛyɛ mmerɛ .
Na Mede Me Honhom bɛhyɛ mo mu, na mɛma moanante wɔ M’ahyɛdeɛ mu na moadi M’atemmusɛm so.
Hesekiel 36:26-27
25-1013
Adiyisɛm Ɛtire Nan #3 61-0108 .
Na wohu akyɛdeɛ ne deɛ ɛkeka ho a ɛreforo ba asɔre no mu, ɛne saa akyɛdeɛ nom yi dwumadie. Ansa na wobɛma no akɔduru dwumadie so ɛne adeɛ nom so no, deɛ ɛdi kan…nya atenka sɛ ɛrehyɛ w’akoma so…Afei, ɔtamfo no yɛ onitefoɔ ankasa. Moahu? Na ɛno ara ne deɛ ɛma nsɔre no mu tete asinasini ɛberɛ biara, ɛyɛ nokorɛ adom akyɛdeɛ a mfomsoɔ wɔ ɛho dwumadie. Moahu? Adeɛ bi a Onyankopɔn rebɔ mmɔden sɛ Ɔbɛyɛ, na mfomsoɔ wɔ ɛho dwumadie, ɛbɛyɛ ara kwa —ɛbɛyɛ ara kɛkɛ…ɛnyɛ sɛ ɛbɛpira wo nko, mmom ɛbɛtete asɔre no nyinaa mu. Moahu? Pɛ ɛho akwankyerɛ. Fa wura Bible no mu ɛne mu, afei sɔ hwɛ na hwɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn anaasɛ ɛnte saa. Kɔ so ara sɔ hwɛ na tɔ kɔso hwɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ ɛnam ɛkwan no mu teenn na ɛne Asɛm no kɔ bɛnkorɔ mu a. Ɛnneɛ wo ho sɔnn, moahu.
Ɛberɛ tenten a Asɛm no aka sɛ ɛbɛba ha no, ɛbɛyɛ adwuma ɔkwan pɔtee wei so, ɛne no ntena hɔ pɛɛ. Ntwe wo ho mfiri ho da, ɛmfa ho deɛ obiara ɛyɛ, sɛnea akɔyɛ sɛ ɛyɛ ade kann. Sɛ ɛnna adi wɔ Tweyerɛnsɛm no mu firi Genesis kɔsi Adiyisɛm a, gya no hɔ. Mfa atoprɛ biara, yɛwɔ ɛnna a ɛtwa toɔ no mu ɛberɛ a Satan reyɛ nnaadaa ara sɛnea ɔbɛtumi.
Daa paanoo .
Na sɛ asafo Awurade Isreal Nyankopɔn seɛ nie: mommma mo adiyifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ no a wɔwɔ mo mu no nnnaadaa mo, na monntie wɔn adaeɛ a wɔsoso no. Yeremia 29:8.
25-1012
Hebrifoɔ Etire Nan 57-0901E .
Ɛnsɛ sɛ wode asɛmmisa biara ma Onyankopɔn. “Na Awurade na Ɔde ɔteneneeni anamɔn sisi yie.” Na sɔhwɛ biara a ɛba wo so no, ɛba bɛda wo mu nokorɛ adi. Na Bible no kaa sɛ, “Wɔsom bo ma wo kyɛn sika kɔkɔɔ.” Enti sɛ Onyankopɔn ma amanehunu kakra bi a ɛmu ɛnyɛ duru ba wo so a, kae, ɛyɛ nsiesie ma wo. “Ɛsɛ sɛ ɔba biara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no ɛdikan nya Onyankopɔn asotweɛ, na wɔsɔ no hwɛ, abɔfra- nteteɛ.” Yɛnnyi obiara mfiri mu. “Ɔba biara a ɔba no.” Na wɔyɛ saa amanehunu nom yi, wɔde ba sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu nneyɔeɛ a wobɛda no adie. Moahu? Ɛyɛ Onyankopɔn, wɔ saa asase yi a ɛda mu nokorɛ adi no so. Deɛ asase kyerɛ nyinaa ne no. Ɛyɛ beaeɛ a ɛda ɛmu nokorɛ adi, ɛne baabi a Ɔrebɔ mmɔden sɛ nokorɛ a ɛwɔ wo mu no bɛda adi.
Dabiara Paanoo .
Ade nyinaa mu no wɔhiahia yɛn ho, nanso yɛn home ntee; yɛn ho akyere yɛn nsnso yɛn ani ntanee. 2 Korintofoɔ 4.8.
25-1011
Gye Di Nko Ara 61-0427 .
Mepɛ sɛ mebisa mo biribi.
Anyabiaa Pentecose asɔre no ayɛ papa anadwo yi ɛnam sɛ ɛkyekyɛɛ ne mu bɛyɛ mmoanokuo ahodoɔ aduasa, anaasɛ ɛberɛ a ɛhyɛɛ aseɛ wɔ mfitiaseɛ no? Moahu? Bisa saa kɛkɛ. Sɛe ne sɛe ara na yɛda so resɛe. Anyabiaa mmaa ne mmarima a wɔwɔ yɛn Pentekose nsɔre mu no wɔn ho reyɛ te sɛ ahoteefoɔ bebiree, rebɔ mpaeɛ? Ka kyerɛ me wɔ kuro no mu baabi a wɔreyɛ mpaebɔ ahyiadie anadwo mũ nyinaa, adekyeɛ ne adesaeɛ, ɛma bɔne a wɔyɛ no wɔ kuro no mu te sɛnea na wɔyɛ no. Anyabiaa yɛn na yɛyɛ? Yɛresɛe pii.
Oh, yɛn adan no gu so reyɛ fɛ bebiree. Oh, yɛrekɔ soro wɔ dibea nom mu wɔ nsɔre a ɛkeka ho no mu. Nanso hwan na ɔpɛ sɛ ɔyɛ sɛ wɔn? Mepɛ sɛ meyɛ te sɛ Yesu. Na saa na ɛsɛ sɛ onipa biara pɛ sɛ ɔyɛ: te sɛ Kristo. Momma yɛmfa No mmra dwumadie beaeɛ hɔnom. Moahu? Na yɛyɛ… Ɛɛ– ɛɛ–ɛɛ nsɔre no rewuwu. Ɛnti ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho yɛ hare.Yɛnni dabi nyinaa… Yɛrentwɛn kɔpem sɛ—kɔsi yɛbɛyɛ no mfirinhyia Apem no mu. Sɛ yɛrebɛyɛ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no seesei ara, annyɛ saa a ɛrebɛwu. Biribi rebɛsi.
Dabiara Paanoo .
…Hwan na ɔwɔ Awurade afã? Ma no mmra me nkyɛn…
Exodus 32:26 na ɛwɔ hɔ.
25-1010
Onyankopɔn Apam A Ɔne Abraham Ɛne N’aseni Wɔ 56-0223 .
Afei, wɔ Eden turo no mu no, nnua mmienu na na ɛwɔ hɔ. Yɛnka no sɛ na wɔn mu baako a, ɛwɔ nifa so no, na ɛyɛ Nkwa Dua no; Na nimdeɛ dua no wɔ bɛnkum so. Na ɛberɛ tenten a onipa di firi Nkwa Dua a ɛyɛ gyedie no so no, ɔtena ase. Nanso deɛ ɛdi kan a ɔde ne se kaa nimdeɛ dua no, ɔtetee ne ho firii ne fekuo a ɔne Onyankopɔn bɔ no ho. Moahu ɛno?
Na afei hyɛ no nso ɛ, ɔretete ne ntam no mu no, ɔkɔso keka saa dua no ho, kɔso redidi firi saa dua no ho. Afei ɔde abɛwura mu akɔsi sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde saa nimdeɛ no bɛfrafra Onyankopɔn fekubɔ no mu. Na Onyankopɔn ammɔ onipa sɛ ɔbɛnam ne nimdeɛ so ahunu No. Na nimdeɛ a yɛwɔ nyinaa ɛnte Onyankopɔn ase da. Ɛnam adeɛ baako so na yɛhunu Onyankopɔn; Ɛno ne gyedie.
Dabiara Paanoo .
Mmom papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no, nni bi:
Genesis 2:17 .
25-1009
Sɔ Kanea No 64-0125 .
Ɛhan a ano yɛ den yɛ ɛhan a ɛyɛ atorɔ.
Te sɛ deɛ wani so yɛ wo naa ɛwɔ kwan so ara pɛ. Yɛfa kwan no so ɛna yɛhunu sɛ y’ɛani so na ɛyɛ yɛn naa. Ɛyɛ adwene mu nsusueɛ a ɛfa awia ho a ɛnyɛ nokorɛ. Na sɛ woduru hɔ a, ɛnya ɛnyɛɛ adeɛ biara mmom adeɛ a ɛyɛ atorɔ. Ɛfirisɛ, wontumi nnante wɔ awia a ano yɛ den mu, ɛfiri sɛ ɛma w’ani so yɛ wo naa, ɛberɛ nyinaa ɛrekyerɛ wo biribi a hwee ɛnnim.
Na sɛ nkorɔfoɔ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka akyerɛ wo sɛ Yesu Kristo ɛnte sɛdeɛ Ɔteɛ ɛnnora, ɛnnɛ ɛne daapem a, wɔredi w’anim ama w’ani so ayɛ wo naa. Ɛno ara ne no. Na sɛ wokɔwura asɔre mu na wokɔdɔm asɔre a, gyidie binom a adwoɔ anaa biribi a ɛte saa a, biribiara nni hɔ, ɛmmoro deɛ wo wɔ ewiase no na wo wɔ no so.
Ma menka nkyerɛ mo. Mo mpo Yesu Kristo Asɛmpa Hann no, a ɛde Honhom Kronkron awia
no a ɛka hye ɛba mo so no, ɛma mo yɛ abɔdeɛ foforɔ wɔ Kristo Yesu mu. Mo mmɔ mmɔden sɛ mobɛnante wɔ mfirinhyia foforɔ bi mu hann a ano yɛ den mu.
Dabiara Paanoo .
Weinom yɛ asubura a nsuo nni mu, mununkum mframa a ano yɛ den bɔ no korɔ; wɔn na wɔakora ɛsum kabii so ama wɔn afebɔɔ.
2 Petro 2:17.
25-1008
Wogye Wei Di? 53-0906A .
Na sɛ mmaa no, sɛ wahwɛ nko ara a, dɔla ɔpepepem ɔha pii a mmaa a wɔwɔ Amerika ɛhwere de keka wɔn nsa mmɔwerɛ so, adeɛ biara mo de toto mo srɛ—mo ano. Mennim deɛ adeɛ no ɛsiteɛ. Sɛnea ɛteɛ biara no, dɔla ɔpepem dodoɔ sɛn na saa nkorɔfoɔ yi ɛnya firii saa nneɛma a wɔde yɛ wɔn anim ɛne makeup a ɛte saa…
Na ɛberɛ a mmɔfra ahiafoɔ nkumaa a wɔ wɔ nohoaa ɛne asɛmpatrɛfoɔ a wɔtete ha kwa ɛfiri sɛ wɔntumi nkɔ. Wɔnni sika a ɛdɔɔso a wɔde bɛtoa so akɔ. Onyankopɔn bɛma wo ayi ano wɔ atɛmmuo da no. Saa na ɛteɛ. Ɛno ɛne nokorɛ no.
Aane, Kristofoɔ, morefrɛ mo ho Kristofoɔ, moreba a moasiesie mo ho ɛne make up. Ɔbaa baako pɛ na na ɔwɔ Bible mu a ɔkekaa n’anim pɛn na ɛno yɛ Jesebel. Wonim deɛ Onyankopɔn yɛɛ no? Ɔde no maa nkraman weeɛ.
Saa na ɛteɛ.
Na sɛ wohunu sɛ ɔbaa bi reyɛ n’adeɛ te saa na ɔrefrɛ ne ho Kristoni a, ka sɛ, “Wo ho te sɛn, Awuraa kraman nam?” Ɛno ne deɛ ɔyɛ: kraman nam. Onyankopɔn de no maa nkraman. Yiw, owura.
Oh, deɛ yɛhia ɛnnɛ ne nkane tete mmerɛ pa no mu Honhom Kronkron nkanyan wɔ nkorɔfoɔ no ntam a ɛbɛma mmarima ne mmaa asan akɔ Onyankopɔn teasefoɔ no nkyɛn bio.
Dabiara Paanoo .
Na adwene a ɛsi honam nneɛma soɔ yɛ owuo; na adwene a ɛsi Honhom nneɛma soɔ yɛ nkwa ne asomdwoe.
Romanfoɔ 8:6.
25-1007
Ahoɔden A Ɛwie Pɛyɛ A Ɛnam Mmerɛyɛ A Ɛwie Pɛyɛ So 61-1119.
Ɛhɔ, ɛno ara ne no, yɛn—yɛtua No ahome kum No. Yɛde yɛn…yɛpam No firi hɔ kɔ. Ɛfiri yɛn mu ohianiwaa paa so kɔsi ɔdefoɔ paa a ɔwɔ yɛn ntam, ɛfiri okumaa paa so kɔsi ɔkɛse paa so no, yɛyi Onyankopɔn firi yɛn abrabɔ mu ɛnam yɛn ankasa yɛho nti.
Maka no mpɛn pii sɛ, “Ɔtamfo kɛseɛ paa a me wɔ ɛne William Branham.” Ɔno na ɔsi Onyame kwan.
Ɔno na ɔyɛ akwadworɔ. Ɔno na ɛtɔ mmerɛ bi a ɔduru baabi a ɔdwene sɛ ɔbɛtumi ayɛ biribi afa ho, na, sɛ ɔyɛ a, ɛno pia Onyankopɔn firi mfonini no mu pɛɛ. Nanso ɛberɛ a mɛtumi ayi saa ɔyɔnkoɔ no afiri hɔ no, ɛberɛ a mɛtumi aduru baabi a ɔnni ɛkwan no mu no, ɛnneɛ Onyankopɔn bɛtumi ɛba hɔ na wabɛyɛ nneɛma a William Branham ɛnnim ho hwee.
Ɛno ne ɛberɛ a Onyankopɔn bɛtumi de wo adi dwuma. Ɛno ne ɛberɛ a Ɔbɛtumi de mo mu biara adi dwuma. Ɔbɛtumi de obiara adi dwuma sɛ a yɛfiri ɔkwan no mu a. Nanso ɛberɛ tenten a yɛwɔ ɔkwan no mu no, ɛnneɛ yɛntumi.
Dabiara Paanoo .
Hwɛ, megyina ɔpono no ano, na mebɔ mu, sɛ obi te Me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu ne no abɛdidi, na ɔno nso ne Me adidi.
Adiyisɛm 3:20.
25-1006
Adɛn? 60-1126 .
Oh, me. Yɛayɛ biribiara nkyerɛkyerɛ, ɛna yɛayɛ basaa ɛna ɛhu abɔ yɛn. Nsuro. Ɛdaano anadwo no mekasa faa ɛho, Nsuro, Ɛyɛ Me. Adeɛ nkutoo a na ɛbɛtumi aboa wɔn, na wɔrewuwu, nsuo refa wɔn; na Satan rekɔfa wɔn, na wɔdwene sɛ na Ɔyɛ saman, honhom bi; adeɛ nkutoo a na ɛbɛtumi aboa wɔn.
Na ɛnnɛ yi saa na ɛteɛ, adeɛ nkutoo a ɛbɛtumi agye wo afiri kokoram mu, adeɛ nkutoo a ɛbɛtumi agye wo afiri akoma yareɛ ho, nnuro nni ɛno ano aduro, adeɛ nkutoo a ɛbɛtumi aboa wo ɛne Adeɛ a wosuro no, suro sɛ ɛyɛ honhom bi. Ɛyɛ Honhom, Honhom Kronkron, Kristo a wada no adi wɔ yɛn abrabɔ mu. Gye no di seesei yi ara.
Dabiara Paanoo .
Na ntɛm ara Yesu kakyerɛɛ wɔn sɛ, momma mo bo ntɔ mo yam; Ɛyɛ Me a; Monnsuro.
Mateo 14:27.
25-1005
Yehowa A Ɔdema #2 64-0403 .
Nanso Onyankopɔn nhia obiara sɛ ɔbɛkyerɛ N’aseɛ. Ɔyɛ Ɔno ankasa nsɛm asekyerɛni. Ɔhyɛ bɔ no, afei Ɔma ɛba mu, na ɛno ne ɛho nkyerɛaseɛ. Ɛnsɛ sɛ obiara kyerɛ aseɛ. Onyankopɔn mmisa obiara. “Bible no ɛnyɛ adeɛ ɛyɛ ankorankora biara nkyerɛaseɛ” Obiara rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛka sɛ Ɛkyerɛ wei, ɛno. Ma Onyankopɔn nkasa mma Ne ho. Ɔno na Ɔyɛ. Ɔno na ɔhyɛɛ bɔ no; Ɔgyina ɛno akyi. Ɔyɛ, ma agyedifoɔ.
Nanso annyeaniefoɔ nsa nka hwee. Ɛnyɛ wɔn dea. Ɛrehyɛ aseɛ no, wɔawuwu. Wɔannya ananmusifoɔ mpo da. Biribiara nni wɔn mu. Wɔyɛ nipadua a wɔawuwuo. Wompɛ sɛ wobɛyɛ saa.
“Ma Honhom no nhyɛ wo ma!”
Dabiara Paanoo .
Na wɔde wɔn tiri bɛpempem firi ɛpo ano akɔ ɛpo ano, na afiri atifi akɔ apueɛ, wɔbɛkyinkyini ahwehwɛ Awurade Asɛm, nanso wɔrenhunu.
Amos 8:12.
25-1004
Onifrani Bartimaeus 61-0124 .
Sɛ wonnye nni sɛ Honhom Kronkron no yɛ ade kann a, sɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu, na ɛne no ntena kɛkɛ. Kura mu. Nnyae mu. Sɛ wonnye nni sɛ Ɔyɛ Ɔyaresafoɔ a, yareɛ anaa ɔhaw biara a wowɔ, seesei ara no, ntwɛn ayaresa santene no; Sɔ ɛmu kɛkɛ mprempren yi ara, na ka sɛ, “Onyankopɔn, meda Wo nsa so.”
Na Satan bɛka sɛ, “Wo ho nyɛ.”
Ɛno ne deɛ ɔka kyerɛɛ me. Mekaa sɛ, “Hwɛ-ha, Lucifer. Sɛ wonyɛ a…sɛ wopɛ a…sɛ wopɛ sɛ wote sɛ meredi adanseɛ wɔ Onyankopɔn animuonyam ho a, gyina ha. Nanso ɛnyɛ adeɛ sɛ worebɛwoso me afiri ɛho. Sɛ wopɛ sɛ wotie Onyankopɔn adansedie nom a, ɛne Ɔsoro ayaresa ho ayɛyie a, gyina hɔ. Merebɛma me nne so ateam ɛmmerɛ tentene a mɛtumi. Ɛne no ntena saa kɛkɛ. Gyina hɔ na tie. Me to nsa frɛ wo sɛ bɛtie. Gyina hɔ”
Ɛda a ɛdi kan, na ɛnyɛ papa, ɛda a ɛdi soɔ, na ɛnyɛ papa, ɛda a ɛdi soɔ, na ɛnyɛ papa. Mekɔɔ so gyinaa hɔ, dii adanseɛ, kamfoo Onyankopɔn kɛkɛ, merepem kɔwura ɛsum mununkum no mu. Ɔhyɛɛ bɔ bi. Awieɛ koraa no na ɛno na ɛda hɔ no. Ɛberɛtia bi akyi no, ɔbrɛ na wadwane afiri hɔ.
Dabiara Paanoo .
Ne saa nti no, mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase. Monsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo nkyɛn .
Yakobo 4:7.
25-1003
Worebɔ Mmɔden Sɛ Wobɛyɛ Ɔsom Bi Ama Onyankopɔn A Ɛmfiri Onyankopɔn Pɛ Mu 65-0718M .
Mfiri aseɛ sɛ moreyɛ moanokuo anaasɛ nsɔ bi nhwɛ da. Mmɔ mmɔden sɛ wode biribi bɛsi biribi foforɔ so.
Mmom tena ahobrɛaseɛ mu wɔ Awurade wo Nyankopon anim, ɛfiri sɛ ayɛ sɛdeɛ ɛnkyɛ koraa no apono no bɛbue akɔ bɔhyɛ Asase no so no. Ɛnneɛ momma yɛnfa nokorɛ nwomtoɔ no ɛne ahurusidie nkɔ mu, sɛ Ayeforɔ no ɛne Ayefokunu no tena ase wɔ Ahenwa no so a.
Tena ahobrɛaseɛ mu. Tena ase wɔ ɔdɔ mu. Monodɔ mo ho mo ho. Momma biribiara ɛmma mo ntam da. Sɛ wohunu sɛ biribi reba w’akoma mu tia obi a, ɛhɔ ara yi firi hɔ. Ma ɛmma…
Na Satan bɛyɛ deɛ Ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛwura mo ntam. Moahu? Ɛmma ho kwan ma no nsi. Ebia ɔyɔnkoɔ tɛkrɛma-kyɛm bi bɛba na wabɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe wo afiri Ɛho. Wodwene sɛ na wɔbɛtumi asesa Mose adwene afiri Onyankopɔn animpa, baabi a na wagyina ahunu Ɛno? Dabi, owura. Dabi. Yɛnnyi mfiri Ɛmu anaasɛ yɛmfa ɛnka Ɛho. Kora Ɛno sɛdeɛ Awurade kaaeɛ no ara kɛkɛ. Yɛmpɛ nhyɛsoɔ som biara. Yɛmpɛ mmoanokuo biara. Yɛmpɛ adwemmɔne biara. Yɛmpɛ ntɔkwa biara. Yɛpɛ Onyankopɔn, na Ɔno ne Asɛm no.
Dabiara Paanoo .
Monsɔ adeɛ nyinaa nhwɛ; na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.
1 Tesalonikafoɔ 5:21.
25-1002
Nnyetom Ne Adansedeɛ 62-0621E .
Kae, sɛ ɛnsɛ sɛ yɛba asɔre da sɛ yɛbɛyɛ nyamesomsɛm. Ɛnsɛ sɛ yɛba asɔre sɛ yɛde nyamesom adeyɔ bi bɛkata yɛn so kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛba bɛsom wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Ɛsɛ sɛ yɛma nokorɛdie a ɛmu dɔ…ɛsɛ sɛ yɛfiri yɛn akoma mu ankasa kyerɛ deɛ ɛnti a yɛreba ha no. Ɛnna no reyɛ nna bɔne. Ɛberɛ no yɛ ɛberɛ bɔne. Na yɛpɛ sɛ–yɛpɛ sɛ yɛma simma biara ɛho hia, na ne titiriw no, ɛberɛ a yɛwɔ Awurade fie no.
Dabiara Paanoo .
Ɛna Yesu kakyerɛɛ no sɛ: firi me so kɔ Satan; na wɔatwerɛ sɛ, wobɛkoto asɔre Awurade wo Nyankopon, na Ɔno nkutoo na som no.
Mateo 4:10.
25-1001
Onyankopɔn Akoa Hiob 55-0223.
Wonim, wɔkaa no ɛberɛ bi; Mennim sɛ wei yɛ deɛ yɛagye atom sɛ nokorɛ anaasɛ ɛnte saa, baabi a asɛmpatrɛfoɔ no ka kyerɛɛ me ɛwɔ—wɔ Palestina. Nanso, ɔkaa sɛ ɔhunuu a—a odwanhwɛfoɔ bi a ɔne nwan no reba. Ɛna ɔkaa sɛ, “Odwan baako, na ɛwɔ sɛ ɔma no so, na ɔde adeɛ ato ne nan ho akyekyere. Na ɔkaa sɛ, anyabiaa ” Owura, odwan no hwee ase, na ɔbuu ne nan mu anaa?”
Ɔkaa sɛ, “Dabi.”
Kaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛyɛɛ ne nan?”
Kaa sɛ, “Me na me buu mu”
Kaa sɛ, “Wobuu mu?” Kaa sɛ, “Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ a ɔyɛ ɔtirimuɔdenfoɔ paa sɛ wobɛyɛ saa.”
Ɔkaa sɛ, “Dabi.” Ɔkaa sɛ, “Hwɛ, saa odwan yi ɔmmua me, kɔ ara na na ɔrekɔ so mane firi kwan so, na na menim sɛ biribi rebɛku no. Enti na ɛsɛ sɛ mebu ne nan mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɛn me, na mama m’ani akɔ ne ho soronko kakra kɛkɛ, ama no aduane wɔ me nsa mu. Na ɛbɛma no adɔ me pii.”
Ɛnti ebia Onyankopɔn, ɛtɔ ɛmerɛ bi a, ɛsɛ sɛ Ɔma biribi kakra to wo, sɛ Ɔbɛtumi de wo abɛn No kakra kɛkɛ, adɔ wo aboro so kakra, na afei wama N’ani ako wo ho soronko kakra, ayaresa bi, na wobɛka sɛ, “Yiw, Awurade, megye di sɛ woyɛ.” Moahu? Ɛno ara ne no. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ saa? Anyabiaa Ɔnyɛ nwanwa? Yɛgye No di ara kɛkɛ
Dabiara Paanoo .
Na deɛ Awurade dɔ no no, Ɔtene no.
Mmɛbusɛm 3:12 .
25-0930
Nsɛnkyerɛnne A Ɛkorɔn 59-1227M.
Onua, sɛ mehunu Onyankopɔn, ɔsoro Nyankopɔn a, Ɔhweree N’ahenwa, N’ahoɔfɛ ɛne deɛ na Ɔyɛ nyinaa; Sɛ wɔbɛwo No wɔ mmoa agyanan so, wɔde ntoma a yɛde kyekyere mmɔfra akyekyere No, sɛ wɔbɛdi Ne nsɛnkyerɛnne ne N’anwanwadeɛ ho fɛw, sɛ wɔbɛfrɛ No ɔbonsam; anyabiaa ɛsɛ sɛ m’ani wu wɔ Ne ho anaa? Dabi, owura. Ma ewiase a yɛnim no ɛnyɛ deɛ wɔn pɛ sɛ wɔyɛ. M’afam no, Ɔyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkorɔn. Honhom Kronkron No a Ɔwɔ me mu no team. Ebia ɛbɛma me nneyɔeɛ ayɛ deɛ ɛmfa kwan mu na mayɛ ɔbɔdamni, ɛwɔ ewiase ani so, nanso mentumi mpo Ɔno a wayɛ dodoɔ a ɛte saa ama me no. Ɔsii mananmu wɔ owuo mu. Ɔsii m’ananmu wɔ Calvary. Ɔyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa. Ɔbrɛɛ Ne ho ase firii soro, firii ahenwa fitaa hyerɛnhyerɛn no so, sɛ Ɔbɛyɛ onipa; Sɛ Ɔbɛsɔ m’amanehunu ahwɛ, akɔ me nsɔhwɛ mu, sɛ Ɔbɛhunu sɛdeɛ Ɔbɛyɛ ntamgyinafoɔ a ɔfata wɔ me mu, sɛ ɔbɛdi m’anim na wakyerɛ me kwan akɔ Daa Nkwa mu. Na ɛnam Ne hia mu no, wɔama me ayɛ ɔdefoɔ. Ɛnam Ne wuo mu no, wɔama me Nkwa, Nkwa a Ɛnni awieɛ.
Mpo No. Mma w’ani ngu wɔ Ne ho. Mma w’ani ngu wɔ Ne ho. Mmom gye No awaawaa-atuu, na ka sɛ, “Yiw, m’Awurade dɔfo, ma me sɛnea wɔyɛeɛ wɔ Pentekose da no, Awurade. Ma me Honhom Kronkron no. Hwie gu m’akomam. Ɛmfa me ho deɛ mmabunu no ka no. Ɛmfa me ho deɛ wiase ka no. Menhwɛ wɔn. Meehwɛ Wo.” Ɛyɛ ɛdeɛn? Sɛ worekɔdɔm asɔre anaa? Dabi.
Nsɛnkyerɛnne a ɛkorɔn no, Immanuel, Onyankopɔn a Ɔne yɛn wɔ hɔ.
Dabiara Paanoo .
Enti Awurade Ankasa bɛma wo nsɛnkyerɛnne bi; Hwɛ, Ɔbaabunu bi bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ Ne din Immanuel.
Yesaia 7:14.
25-0929
Ɛberɛ A Ɔkɔdeɛ Ɛwoso Ne Pirebuo Mu 61-0122 .
Wonim, ɔyɛ ɔsoro anomaa. Ɔsan baa ebuo no mu saa. Ɔno nie a ɔtwa mu wɔ ebuo no mu dendennden sɛnea ɔbɛtumi, ɔrebɔ ne ntaban akɛseɛ no mu, ɛna ɔde ne ti bɔɔ saa ɛbuo no mu pɛɛ bio, ɛbɔɔ no kɔɔ n’akyi hwee fam, na mogya retu firi ne ntaban mu wɔ baabi a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔdebɛbɔ ɛbuo no mu sɛ ɔbɛpue no. Ɛbɔɔ no dendennden saa berɛ no, kɔsii sɛ ɔdaa hɔ. Ɛna n’ani a atɔ baha no pagya hwɛɛ ɛwiem.
Me dwenee sɛ, “O, Onyankopɔn, ɛnyɛ mmɔbɔ.” Afei biribi pemm m’akoma mu. Medwenee ho sɛ, “Dabi, ɛno ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ mmɔbɔ paa a mahunu pɛn, aboa bi a ɔhyɛ ebuo mu. Adeɛ a ɛyɛ mmɔbɔ paa a mahunu pɛn ne onipa a wɔwoo no sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba (Hallelujah.), a mmoanokuo bi abɔ no atenaseɛ, anaa sɛ gyedie bi a ɛka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Miracles ɛnna no atwam na yɛnni biribiara a ɛte sɛ Honhom Kronkron asubɔ.”” Ɛberɛ a ɔda saa nhyɛsoɔsom dadaa gyedie nom mu na ɔtwitwa n’ani te saa a…
Wɔwoo no sɛ Onyankopɔn ba. Gyedie nom de no hyɛ ebuo mu. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔpue. Amen. Oh, wɔwoo no… Na ɛno yɛ onipa nsa-ano-adwuma bi na ɛde saa ɔkɔdeɛ no hyɛɛ ɛmu hɔ. Ɛyɛ onipa bi nsa-ano-adwuma na ɛde mo gu saa gyedie nom ɛne nhyɛsoɔsom nom no mu. Wɔn nyinaa firi ɔbonsam. Yiw, owura. Gyedie abɔ onipa atenaseɛ: “Miracles ɛnna no atwam; biribiara nni hɔ a ɛte sɛ Honhom Kronkron mu anigyeɛ; biribiara nni hɔ a ɛte sɛ woreka kasahoroɔ; Ɔsoro ayaresa biara nni hɔ.” Oh, me. Awerɛhosɛm: Onyankopɔn mma, a wɔawo mo sɛ mo wɔ fawohodie, afei gyedie abɔ mo atenaseɛ.
Dabiara Paanoo .
Na abɔdeɛ no de anigyeɛ retwɛn Onyankopɔn mma ahoyie dendennden.
Romanfoɔ 8:19.
25-0928
Annyeannie Ɛnsi Onyankopɔn Kwan 62-0128M.
Na sɛ ɛsɛ sɛ yɛnya adiyie biara a, ɛwɔ sɛ wɔde ma yɛn, a ɛno ne Asɛm a wɔatwerɛ no bɔ abira a, ɛneɛ ɛnsɛ sɛ yɛgye da, ɛfiri sɛ saa pɛpɛɛpɛ ne adeɛ a Satan yɛɛeɛ maa Eve. Na ɔwɔ Asɛm no, nanso na ɔrekyinkyini hwehwɛ Ɛhan foforɔ bi, na Satan hwɛ hunuu sɛ wanya. Enti yɛmpɛ sɛ yɛde biribiara bɛka Asɛm no ho da, anaasɛ yɛbɛyi biribiara afiri Asɛm no mu, mmom yɛbɛgya No sɛnea Ɛteɛ no ara. Ɛne Asɛm no ntena saa ara, ɛfiri sɛ biribiara a ɛne no bɔ abira no yɛ annyeannie.
Dabiara Paanoo.
Dwendwene w’anammɔn ho, na ma w’akwan nyinaa ntim.
Mmɛbusɛm 4:26.
25-0927
Mfomsoɔ A Ɛnni Onyankopɔn Asɛm A Waka Ho 56-0404 .
Adom ɛne deɛ Onyankopɔn yɛ ma wo; Nnwuma ɛne deɛ woyɛ ma Onyankopɔn. Moahu? Ɛyɛ adom na ɛde wo ba Onyankopɔn nkyɛn; Ɛyɛ nnwuma na—na woyɛ ma Onyankopɔn. Moahu?
Afei, sɛdeɛ wɔnam gyedie so buu Abraham bem no, ɛfiri sɛ ɔgyee Onyankopɔn diieɛ. Paulo nam gyedie so buu no bem; Yakobo ɛdane no na ɔnam nnwuma so bu no bem. Nanso na Paulo reka deɛ Onyankopɔn hunuueɛ, ɛna na Yakobo reka deɛ onipa hunuueɛ. Sɛ woka sɛ woyɛ ɔgyedini, na afei woyɛ adeɛ a ɛne deɛ woka no bɔ abira a, ɛneɛ na wonyɛ ɔgyedini. Moahu? Sɛ woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, “Yiw, afei mede aniberɛ gyedi.” Onuabarima, wontumi nyɛ hwee gye sɛ woyɛ sɛnea wogye di no ara pɛ. Saa na ɛteɛ.
Dabiara Paanoo.
Ɛkwan no nie, monfa so.
Yesaia 30:21
25-0926
Worehyɛ Onyankopɔn Akodeɛ No Nyinaa 62-0607 .
Afei, wɔn anya ɔbarima bi a ɔrehim frɛdɛfrɛdɛ wɔ ewiem. Mo nim wɔn nyinaa teatea mu fa ho, “Yɛwɔ ɔbarima bi wɔ ewiem.” Adɛn, ɛno nyɛ hwee, mo nim, yɛn Kristofoɔ yɛanya baako wɔ ewiem mfie mpem mmienu. Saa na ɛteɛ. Ɛte saa.
Wɔreteatea mu ɛwɔ ɛno ho, ɛno nyɛ ade foforɔ, ɛno yɛ adedadaa ma yɛn, na yɛnim ɛno ɛberɛ nyinaa. Enti, moahu? Hwɛ, ɛno ara kyerɛ dodoɔ sɛnea yɛwɔ yɛn anim, wɔn ɛnhunu kɛkɛ.
Yiw, wɔreyɛ akwan akɛseɛakɛseɛ ne nneɛma akɛseɛ a ɛte saa na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asase so ayɛ beaeɛ papa ɛne deɛ ɛkeka ho, wɔn nhunu sɛ wɔn a wɔdwoɔ no na wɔrebɛdi so, enti ɛno na ɛda hɔ no.
Enti modeɛ— modeɛ…Hwɛ, Onyankopɔn ahyehyɛ ne nyinaa ama yɛn. Ɛne sɛ, adeɛ nkutoo a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, ɛne sɛ yɛbɛkura Ne mu kɛkɛ na yɛakɔ so ara. Moahu? Ɛne sɛ, gye ne nyinaa di, ɛno nko ara ne deɛ Ɔbisa yɛn sɛ yɛnyɛ, Ɔde yɛn bɛkɔ mu pɛɛ.
Dabiara Paanoo .
Ebinom de wɔn ho to nteaseɛnam so, na ebinom nso de wɔn ho to apɔnkɔ so; nanso yɛbɛkae Awurade yɛn Nyankopɔn din.
Nwom 20:7.
25-0925
Hebrifoɔ Etire Nson #2 57-0922E .
Nanso, afei, megye di sɛ Bible no kyerɛkyerɛ ɛfa ɔbonsam gyam a ɛredɛre ankasa ho. Bible no kyerɛkyerɛ saa, sɛ wɔbɛtwe bɔne ne atirimuɔdensɛm aso, afebɔɔ ɛne afebɔɔ. Afei ɛno ɛnyɛ deɛ Ɛnni Awieɛ. Ɛno bɛyɛ ebia mfie ɔpepepem du. Ebia ɛbɛyɛ mfie ɔpepepem ɔha, nanso ɛtɔ mmerɛ bi a ɛsɛ sɛ ɛnya awieɛ. Ɛfiri sɛ, biribiara a na ɛwɔ mfitiase no, ɛwɔ awieɛ. Ɛyɛ saa nneɛma nom a ɛnni mfitiaseɛ no, ɛnni awieɛ.
Afei mokae saa adesuadeɛ no? Sɛnea yɛbuu nkɔmpɔ sane kɔɔ yɛn akyi na yɛhunuu sɛ biribiara a ɛwɔ mfitiaseɛ no yɛ deɛ wɔadane no, moahu, adeɛpɔtee no adaneɛ. Na, awieɛ koraa no, ɛsan kɔwie Ɛnni Awieɛ bi. Na afei bonsam gyam nyinaa, amanehunu nyinaa, ɛne nkaeɛ a ɛte saa nyinaa, bɛyera ama Ɛnni Awieɛ. Biribiara a ɛhyɛ aseɛ no, ɛba awieɛ.
Dabiara Paanoo .
na wɔde owuo ne asamando guu ogya ɔtareɛ no mu. Wei ne owuo a ɛtɔ so mmienu no
Adiyisɛm 20:14 .
25-0924
Woregye Ɔkwan A Onyankopɔn De Ama Wɔ Awieɛ Berɛ No Mu 63-0115 .
Wohyɛɛ akokɔba ketewa bi nso ɛberɛ a ɔhwane firi kosua hono mu no? Ɔwɔ ano ntoasoɔ ketewaa bi wɔ ne hono no so, ɛse feafea fitaa ketewa bi. Na ɔyɔnkoɔ ketewa no a ɔwɔ mu hɔ no, ɛberɛ a nkwa firi aseɛ ɛba no, ɔfiri aseɛ bɔ ne tiri ketewa no nko. Ɛdeɛn na ɛno yɛ? Saa ɛse feafea ketewa no werɛwerɛ ɛhono no mu, na ɛma no yɛ nahanaha.
Ɛbere a ɔnya nkwa dodoɔ kakra no, ɔfiri aseɛ de saa ade ketewa no yɛ abɔsobaa bɔ so. Na ɛberɛ a wafiri ɛhono no mu apue awie no, ɔnhia no bio, ɛnti ɛtetɔ kɛkɛ.
Na adeɛ a ɛyɛ no, ɛyɛ ahobanbɔ ma baabi a n’ano kɔpem no. Sɛ na ɛnte saa a, anka ɔbɛnya ano a adidɛm, na anka ɔntumi nsosɔ n’aburo. Oh, me! Onyankopɔn akwan a Ɔde ama nkwanya! Onyankopɔn hyehyɛ no yie, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfiri hɔ apue. Ɔkwan papa biara nni hɔ. Anka adeɛ foforɔ biara bɛkum no. Ɛsɛ sɛ ɔfa ɔkwan a Onyankopɔn ayi ato hɔ so na ɛba. Afei, sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ ɔkwan bi anaasɛ wobɛsusu ɔkwan bi so a, wobɛkum no.
Ɛno ne ɔhaw a ɛwɔ Kristofoɔ asɔre no ho ɛnnɛ. Abɔ mmɔden sɛ ɛbɛgye ɔkwan bi a wɔayɛ atom, a anka ɛsɛsɛ wɔde animia bɛfa ne kwan so akɔwura Onyankopɔn Ahennie no mu.
Dabiara Paanoo .
Onyankopɔn deɛ, N’akwan wie pɛyɛ; Wɔasɔ Awurade asɛm ahwɛ: Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no de wɔn ho to No so nyinaa.
2 Samuel 22:31.
25-0923
Abraham Frɛ No 55-1116 .
Wobɛtumi asusu sɛ worefiri adi akɔ ha na woreka akyerɛ prako bi, sɛ, “Afei, hwɛ ha, Owura Prako, merebɛka akyerɛ wo, woayɛ mfomsoɔ”. Adɛn, Wobɛtumi adware no na woahyɛ no kootu, sɛ anka na wopɛ a. Ɛmfasoɔ biara ɛmma ɛno so; Ɔbɛsan n’akyi akɔ atɛkyɛ no mu ntɛm ara na wakɔboro bio. Ɛyɛ ne su. Ɛdikan no ɔyɛ prako. Na onipa biara, onipa biara a wɔnwoo no foforɔ no, ɛmfa ho sɛnea wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ deɛ ɛfata, sɛnea wo dwene sɛ woyɛ papa no, wo su yɛ ɔdebɔneyɛni, kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛsesa wo su. Amen.
Afei, saa na ɛteɛ. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛka saa. “Oh,” woka sɛ mpɔtam hɔ no me na me hyɛ ntadeɛ a ɛho twa paa. Me car na ɛyɛ papapaa. Me na me wɔ papapaa….” Ɛne no nni adeɛ baako yɛ.
Sɛ ɛsu no nyɛ… “Mantwa ntorɔ da. Manyɛ da…” Ɛne no da so ara ɛnni hwee yɛ. Ɛnyɛ w’ankasa wo mmɔdenmɔ a ɛfata, mmom ɛyɛ Onyankopɔn yie ɛne ɔfrɛ a ɛnni nyinasoɔ. Na nkwagyeɛ yɛ Yesu Kristo mmɔdenmɔ a ɛfata,
na biribiara nni hɔ a ankorankora biara bɛtumi ayɛ. Onyankopɔn, nam Ne dɔ so gyee onipa nkwa.
Dabiara Paanoo .
Nanso ɛnam Onyankopɔn adom so na mete sɛnea meteɛ yi
1 Korintofoɔ 15:10 .
25-0922
Baabi A Me Dwene Sɛ Pentekose Dii Ntwo 55-1111 .
Mose dii nnipa ɔpepem mmienu anim faa ɛserɛ no so. Na ɔdii wɔn anim mfie aduanan, na ɛberɛ a wɔpuee wɔ ɔfa foforɔ no, na deɛ wayɛ mmerɛ baako ɛnni wɔn mu.
Adɔkotafoɔ a mo wɔ ha anadwo yi, anaa sɛ mo mu bi nom, mompɛ sɛ mo hunu deɛ na dɔkota Mose wɔ, aduro ko a na wɔatwerɛ ama? Ɛdeɛn na ɔde maa saa nkorɔfoɔ no? Mmɔfra dodoɔ sɛn na wɔwoo wɔn anadwo biara? Mpaninfoɔ dodoɔ sɛn ne deɛ ɛkeka ho? Abubuafoɔ ne apakye dodoɔ sɛn? Ɛne ayamkekafoɔ dodoɔ sɛn, ɛne biribiara a ɛka ho, a wɔfaa mu anadwo no? Na Dɔkota Mose hwɛɛ ɛmu fa biara so.
Wobɛpɛ sɛ wohwɛ n’aduro adaka no na woahu aduro ko a wɔatwerɛ ama no? Wobɛpɛ sɛ wohu deɛ ɛteɛ? Momma yɛnhwɛ deɛ na ɛteɛ. Ɛno nie: “Mene Awurade a Me sa mo nyarewa nyinaa.” Amen. Ɛno nkutoo ne aduro a na ɔwɔ, na ɛyɛɛ adwuma maa nnipa ɔpepem mmienu.
Daa paanoo .
…Sɛ adekɛseɛ bi na ɔdiyifoɔ no ka kyerɛɛ wo a, anka wonyɛ anaa?
2 Ahenfo 5:13 .
25-0921
Kɔka Kyerɛ M’asuafoɔ 53-0405S .
Ná ɛyɛ anɔpatutuutu bi. Wɔkoraa Ne nipadua no wɔ asase mu, wɔ Homeda no akyi, a na ɛyɛ amammerɛ sɛ na wɔnyɛ biribiara wɔ Homeda da no. Enti Ɔwuu Efiada awia, nɔn mmiɛnsa ɛna Ɔsɔree Kwasiada anɔpatutuutu ankasa.
Seesei mepɛ sɛ meyi saa asɛmmisa yi ano korakoraa ɛberɛ a mo wɔ ha anɔpa yi wɔ saa owia apueɛ som yi mu. Nnipa pii ka sɛ, “Ɛneɛ ɛyɛ dɛn na Ɔkaa sɛ Ɔbɛda…na Ɔwɔ damena no mu, adekyeɛ mmiɛnsa ne anadwo?” Wanka da sɛ Ɔbɛyɛ saa.
Ɔkaa sɛ, “Wɔ saa nnansa yi mu no, na Mɛnyane Me nipadua.” Moahu? Afei, deɛ enti a Ɔyɛɛ saa ne sɛ na Dawid aka, wɔ Twerɛnsɛm no baabi baako mu, “Merennya Ne kra wɔ asamando, saa aaa nso na meremma Me Kronkron Ni no ɛnhunu porɔeɛ.”
Na Ɔnim sɛ ɔdasani nipadua kɔ porɔeɛ mu nnɔnhwereɛ aduɔson mmienu, adekyeɛ ne adesaeɛ mmiɛnsa akyi. Na ɛberɛ nom bi a ɛwɔ saa adekyeɛ ne adesaeɛ mmiɛnsa no mu no, na Onyankopɔn rebɛnyane No. Enti owuu wɔ Efiada awia nnɔn mmiɛnsa, ɛna Ɔsɔree Kwasiada ahemakye tutuutu.
Dabiara Paanoo .
ɛfiri sɛ worennya me kra wɔ asamando; Na worenmma wo Kronkron Ni nhunu ɛda mu porɔeɛ.
Nnwom 16:10.
25-0920
Ɛsɛ Sɛ Wɔwo Wo Bio 61-1231M .
Afei, mo nkorɔfoɔ a morekasa fa sɛ morebɛnya Honhom Kronkron no ɛne sɛnea ɛsɛ sɛ motwɛn ma ɛkyɛ saa no, ɛno nie. Ɛnkɔsi sɛ Onyankopɔn bɛgye saa afɔrebɔdeɛ no, ɛnkɔsi sɛ wɔde bɛto N’atɛmmuo so wɔ hɔ, ɛnkɔsi sɛ N’atɛmmuo no akum wo atenka nom ankasa! Ebia wobɛka sɛ, “Wiɛ, merebɛsesa me suban” Ɛnte saa. “Wiɛ, menim sɛ na menom tawa, na merebɛgyae tawanom.” Ɛno da so ara ɛnyɛ no. Ɛnkɔsi sɛ Onyankopɔn bɛgye saa afɔrebɔdeɛ no wɔ Ne kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia so no, N’afɔrebukyia yɛ atɛmmuo. Ɛdeɛn ne N’atɛmmuo? Owuo. Ɛno ne asotweɛ no.
“Ɔkra a ɔyɛ bɔne no,” ɛda so ara ɛyɛ saa, “ɛbɛwu.” Deɛ wo ayɛ ɛmfa me ho.
Yesu kaa sɛ, “bebiree bɛba Me nkyɛn saa da no, na wɔn aka sɛ, ‘Awurade, menyɛɛ wei na menyɛɛ saa?’ Ɔka sɛ, ‘Momfiri Me so nkɔ, mo a mo yɛ amumuyɛfoɔ.’” Moahu?
Sɛ ɛnam ogya no so gye saa afɔrebɔdeɛ no, na ɛkɔ soro saa, na nwisie no kɔ soro a, wo ne w’afɔrebɔdeɛ no sɔre kɔ ɔsoro ahunum mu, na wɔasɔ w’ano afiri ewiase nneɛma ho saa berɛ no. Yɛn kra wɔ N’afɔrebukyia so.
Dabiara Paanoo .
Monnyɛ aduane a ɛsɛe ho adwuma, mmom monyɛ aduane a ɛtena hɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo no ho adwuma: na Ɔno na Agya Onyankopɔn no ara asɔ N’ano.
Yohane 6:27.
25-0919
Ɛwɔ N’animpa 62-0909E .
Hwɛ saa gyantrani kumaa no wɔ Samaria aseɛ hɔ no saa da no, saa ɔbaa no. Ná adwene ɛne nipadua mu tebea a na ɔwɔ saa ɛberɛ no ɛyɛ bɔne. Yɛnim saa. Nanso ɛberɛ korɔ no ara a ɔhunuu sɛ wɔayɛ saa Mesiah no ho sɛnkyerɛnne no ara pɛ no, ɔkaa sɛ, “Yɛnim sɛ Mesia reba abɛyɛ wei. Ɛsɛ sɛ woyɛ Ne diyifoɔ “
Ɔkaa sɛ, “Me ne saa Mesia a wɔtwerɛɛ sɛ ɔmmra no.”
Ɔhunuu no. Wammisa asɛm baako bio da. Ntɛm ara ɔhyɛɛ asɛdeɛ no ase, sɛ ɔnim sɛ, wabɛhunu ɛno na wabɛdru Onyankopɔn animpa a, na ɛyɛ n’asɛdeɛ sɛ ɔka ɛho asɛm kyerɛ obi foforɔ. Hallelujah! Ampa. Onipa biara a ɔba Onyankopɔn Animpa no, wɔ asodie wɔ Onyankopɔn anim, ɛfiri saa simma no so rekorɔ, sɛ ɔbɛka akyerɛ obi foforɔ. Hwɛ Abraham, hwɛ Mose, hwɛ Petro, hwɛ Paulo. Berɛkorɔ a wɔbaa Onyankopɔn Animpa no, wɔhunuu wɔn ho sɛ
” adebɔneyɛfoɔ,” na wɔde wɔn nkwa sɔɔ wɔn adansedie ano.
Hwɛ saa awuraba kumaa no, wantumi antena bio, ɔkɔɔ kuro no mu na ɔka kyerɛɛ mmarima no, “Mommra mɛhwɛ ɔbarima no a ɔkaa nneɛma a mayɛ kyerɛɛ me no. Anyabiaa ɛnyɛ wei ne Mesia no?” Na wɔantumi ampow, ɛfiri sɛ na Ɛyɛ Twerɛsɛm. Ampa ara. Yiw, ɛsɛ sɛ wɔyɛ, onipa, ɛberɛ a yɛwɔ asodie sɛ yɛreka akyerɛ afoforɔ nom no sɛnea Mose yɛɛeɛ no, sɛnea Petro yɛɛeɛ no, sɛnea Paulo yɛɛeɛ no. Saa nneɛma yi akyi no, moahu Ɛno, na moaba N’animpa no, ɛyɛ mo asodie sɛ mobɛma ɔbi foforɔ nsa aka Nkransɛm no. Montumi mfa ntena hɔ saa kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ mode kɔma ɔbi foforɔ.
Dabiara Paanoo .
Na Ɔka kyerɛɛ wɔn: Monkɔ wiase nyinaa, na monka Asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ biara.
Marko 16:15.
25-0918
Onipa A Ɔredwane Afiri Awurade Anim 65-0217 .
Nanso ɛyɛ merɛ sɛ wobɛfa ewiase akwan so. Ɛyɛ merɛ sɛ wobɛtɛ nsuo ani wɔ asianeɛ mu.
Firi kɔ adihɔ na fa wo kodoɔ kɔtena asubɔntene no so. Wo nya wo tabono no na sɛ wode w’ani kyerɛ nsuo no atifi a, ɛnkyɛ koraa na ayɛ den ama wo. Nanso wodeɛ gyaɛ tabono no mu pɛnkoro pɛ na hwɛ sɛnea wotwam wɔ nnua no ho ntɛmntɛm, ɛresiane kɔ, nanso hwɛ baabi a worekɔ!
Sɛ nneɛma ɛretene yɔɔ a, kae, wode w’ani rekyerɛ—nsuo a ɛreworo guo kɛseɛ bi so wɔ aseɛ hɔ, biribi a ɛte saa. W’ani kyerɛ nsu sianeɛ no mu, na ɛrenkyɛ na wobɛkɔ saa nsu sianeɛ no so. Wo ne ewiase rehwe bom no yɛ merɛ kɛkɛ, sɛnea ɛkorɔ no, wo mpɛ saa. Dabi, owura. Nanso ɛsɛ sɛ wo res-…gye w’asɛdeɛ tom.
Afei, wogye Ɛno di, na wo ayɛ a-…wodwene sɛ Ɛno ne nokorɛ no.
Na asɛdeɛ a Onyankopɔn de ama yɛn wɔ saa da yi mu, sɛ yɛde saa Nkransɛm yi bɛba! Na ɛberɛ a merenyini yi, na menim sɛ me nna reyɛ tia no, mete asodie no mu atenka no kɛseɛ sene sɛnea mate nka pɛn. Yɛrepem kɔ anim, ɛsɛ sɛ yɛyɛ! Ɛsɛ sɛ yɛfiri aseɛ yɛ, wɔ baabiara a yɛbɛkɔ, na yɛka Nkransɛm no; Na—na yɛka kyerɛ nkorɔfoɔ no sɛ Yesu Kristoo reba, sɛ Ɔyɛ Onyankopɔn na ɛnkyɛ Ɔreba. Biribiara nni—anidasoɔ biara nni hɔ ma wiase gyesɛ Awurade mmaeɛ no.
Dabiara Paanoo
Anuanom, medeɛ mensusu sɛ me nsa anya aka biribi; nanso adeɛ baako pɛ na meyɛ, mema me werɛ firi deɛ atwa mu no, na metwe me mu mepɛ deɛ ɛwɔ anim no. Mepem kɔ m’anim sɛ mɛduru botaeɛ no ho, na makɔnya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimboɔ no.
Filipifoɔ 3:13-14
25-0917
Ɔkwan A Wɔfa So Nya Ayɔnkofa 55-1009 .
Adwene mu tumideɛ mmienu pɛ na ɛwɔ hɔ a ɛdi onipa so, na ɛmu baako yɛ—ɛne gyedie, a ɛso aba; Na ɔfoforɔ no yɛ ɛhu, a mfasodeɛ biara nni so koraa. Gyedie yɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn. Ɛhu firi ɔbonsam. Ehu ma wotɔ baha; ɛhu ma wo ho dwiriw wo. Na sɛ anka merebɛwu anɔpa a, mfasoɔ bɛn na mɛnya sɛ mɛyɛ bosoo ɛwɔ ɛho? Na sɛ wɔde anyinam ahoɔden rebɛka me nipadua anɔpa, na ɛsɛ sɛ me nkwa ba awieɛ ɔkyena anɔpa a, mfasoɔ bɛn na mɛnya a ɛwɔ sɛ mɛhaw me ho wɔ ɛho?
“Wiɛ”, woka sɛ mfasoɔ bɛn na anka ɛbɛwɔ mu sɛ wobɛnya gyedie?” Gyedie bɛtumi de ne nsa ahyɛ me bɔne fafiri krataa ase, ampa; Mfasoɔdeɛ wɔ gyedie mu. Mma ɛntɔ baha; Nsuro; ɛmma wobo mfu; tu gyedie anamɔn kɛkɛ na gye di. Na ɔkwan baako pɛ a wobɛtumi afa so anya gyedie, ɛsɛ sɛ wodi kan nya ɔdɔ, ɛfiri sɛ ɔdɔ de gyedie ba. Ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ …Nya ɛmu nteaseɛ. Ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ tutu suro nyinaa gu.
Dabiara Paanoo .
Na Ɔsee wɔn sɛ, adɛn nti na mo suro, O mo a mogyedie sua…
Mateo 8:26.
25-0916
Adansefoɔ 53-0405E .
Mede m’adwene bubu a anadwosuo no nyinaa na mpaebɔ ahyiadie rekɔso. Wonim, sɛ woreba sɔhwɛ bi so a…
Ɛha na ɛwɔ. Ɛno ne asafo no haw ɛnnɛ; mo de mo ho to mo ankasa nyansa ne mo ahoaden so, anka ɛwɔ sɛ mode bɛkɔ Awurade nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Saa na ɛteɛ. Ɛnnɛ yɛhyɛ aseɛ soma obi wɔ baabi, wiɛ, woka sɛ, yɛnfiri aseɛ na yɛnya afotuo kakra, na yɛhyia na yɛka sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛyɛ wei, anaa sɛ yɛkɔ ha, anaa yɛyɛ saa.”
Nanso Bible no, ɛnna no a ansa na wɔsomaa asomafoɔ no, wɔkɔhyiaa mu ɛna wɔkyenee kɔm bɔɔ mpaeɛ. Na Honhom Kronkron no kaa sɛ, “Montete me Paulo ɛmfiri Barnaba ntam”. Honhom Kronkron no! Monhyɛ no nso, ɛnyɛ onipa nsusueɛ; mmom Honhom Kronkron no redi anim, Ɔrema akwankyerɛ. Amen. Hyɛ no nso.
Afei, mpaebɔ ahyiadie, anadwo mũ nyinaa, ɛnti na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ deɛ wɔtumi yɛ ankasa. Na, ɔnuabarima, onipa biara a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni, ɛtɔ dabi anaa ɔfoforɔ a ɛsɛ sɛ wokyerɛ deɛ wotumi yɛ ankasa. Ɔbonsam rebɛfrɛ wo nsa.
Dabiara Paanoo .
Nanso me deɛ, wo Awurade na ne bɔ wo mpaeɛ, Oh Awurade, wɔ ɛberɛ a ɛfata mu: O Onyankopɔn, wɔ wo adɔeɛ kɛseɛ nti,
fa wo nkwagyeɛ nokorɛ gye me so.
Nnwom 69:13.
25-0915
Ɛwɔ Abuburo Sukyerɛma Fitaa Ntaban No So. 65-1128E
Na wonim sɛ Kristoni ankasa no wɔmmu bɔne biara mpo ngu ne so koraa? David kaa sɛ, “Nhyira ne onipa a Onyankopɔn mmu bɔne ngu ne soɔ.” Sɛ wɔhohoro wo ho wɔ Odwammaa no Mogya mu a (ɛnyɛ nyaatwom-gyidie, mmom ampaniampaa, Odwammaa no Mogya), Onyankopɔn mmu biribiara a wɔayɛ ngu wo so, ɛfiri sɛ wohyɛ Mogya no ase na Ɔnhunu. Mogya afɔrebɔdeɛ bi wɔ hɔ; Adeɛ baako pɛ a Ɔbɛtumi ahunu wo ɛwɔ mu, ɛne sɛnea Ɔhunuu wo ansa na wiase fapem ɛberɛ a Ɔde wo din hyɛɛ Odwammaa no Nkwa Nwoma no mu. Ɛno ara ne deɛ Ɔbɛtumi ahwɛ, ɛfiri sɛ wɔagye wo afiri biribiara a wɔayɛ pɛn mu, wɔahohoro wo ho wɔ Odwammaa no Mogya mu. Ɛno nti nnaadaa biara nni wo mu, suban a ɛho nteɛ biara nni wo mu, ɛfiri sɛ Odwammaa no Mogya no ayɛ wei; Na Onyankopɔn ntumi mmu bɔne ngu wo so ɛwɔ ɛberɛ a wo wɔ bɔne-afɔrebɔdeɛ bi a ɛda hɔ retwɛn wo no.
Woka sɛ: “Wiɛ, ɛno ma me ɛhokwan pii, Onuabarima Branham, mɛtumi ayɛ deɛ mepɛ.” Meyɛ ɛberɛ nyinaa; ɛberɛ biara. Nanso sɛ onipa tumi hunu deɛ Yesu ayɛ ama no ankasa, na ɔdane ne ho na ɔyɛ biribi a ɛne no bɔ abira a, ɛkyerɛ sɛ ɔnnyee Kristo da.
Dabiara Paanoo.
Na Ne Ba Yesu Kristo Mogya no te yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.
1 Yohane 1.7.
25-0914
Anyabiaa Onyankopɔn Sesa N’adwene? 65-0427
Twerɛnsɛm nyinaa firi nkanyan mu. Mennye nni sɛ yɛwɔ hokwan baako, na wɔbɛbu yɛn fɔ wɔ ho, sɛ yɛde asɛmfua baako ka ho anaasɛ yɛyi asɛmfua baako firi mu a. Adiyisɛm 22 no ka saa. Megye di sɛ Ɔte saa ɛnora, ɛnnɛ, ne daapem.
Ampa ara mehyɛ Lutheranfoɔ no animuonyam ɛwɔ agyinaeɛ a wɔsiieɛ wɔ wɔn da no mu, Methodist foɔ wɔ ahoteɛ mu ɛwɔ wɔn da mu, ɛne Pentekose ɛwɔ wɔn gyinaeɛ ɛwɔ wɔn da no mu, nanso yɛwɔ ɛda foforɔ mu. Yɛwɔ ɛberɛ a yɛanya ayuo-dua, ayuo-mpɛsɛ, ayuo-ɛhono, ɛkame ayɛ sɛ Ayuo no, nanso Ayuo no hyɛ ɛhono no mu. Ɛhono abɔ Ayuo no kyidom kɛkɛ, sii awia katabene no kwan sɛ ɛbɛhye No. Na afei nhyɛsoɔsom no retwe ne ho afiri Ho, na ama No atumi ada Ɔba no Animpa abere. Enti yɛwɔ—yɛwɔ mu…
Mmoanokuo biara ni hɔ a ɛbɔsɔre bio. Wei ne n’awieɛ. Yɛanya, ɛberɛ biara bɛyɛ mfie mmiɛnsa akyi a nkransɛm bi hyɛ aseɛ no, wɔboa ano yɛ no ɛkuo.
Wei akɔ so bɛyɛ mfie aduonu, na mmoanokuo nni mu. Ɛntumi. Yɛwɔ Ayuo ɛberɛ mu, ɔtwa berɛ mu. Metumi te sɛ ɔtwa hyɛn kɛseɛ no reba. Yɛrekɔ fie da bi. “Ɔte saa ɛnora, ɛne daapem.”
Dabiara Paanoo .
Momma no nyinaa nnyini nkɔsi twaberɛ: na ɔtwa berɛ no mu no mɛka akyerɛ atwafoɔ no, monnikan mmoaboa nwura no ano na monkyekyere no atifi atifi nkɔhye, na afei mommoaboa ayuo no ano ngu m’asan so.
Mateo 13:30.
25-0913
Kristo No Nsɔano No 55-0312 .
Ahokeka fam no nko ara na ɛma nnipa binom ba asɔre. Nnipa binom ba asɔre bɛto nnwom kɛkɛ. Nnipa binom ba asɔre sɛ wɔbɛnya nnwom pa no mu anigyeɛ kɛkɛ, ɛno ara ne no. Nnipa binom ba asɔre, na wɔbɛdɔm asɔre sɛ wɔde wɔn atirimuɔdensɛm bɛsie kɛkɛ, anya din pa kakra ama wɔn ho wɔ mpɔtam hɔ. Ebinom firi akoma pa mu ba asɔre, nanso Onyankopɔn mfaa Ne nsa nkaa wɔn da. Nanso sɛ Onyankopɔn frɛ onipa a, “Onipa biara nni hɔ a ɔbɛtumi aba Me nkyɛn gye sɛ M’Agya di kan twe no. Na obiara a ɔba no Mɛma no Nkwa a ɛnni awieɛ, ama no so ɛda a ɛtwa toɔ no.”
Oh, mewɔ anidasoɔ sɛ wobehu. Onuabarima, ɛyɛ Honhom Kronkron no adwuma a ɛreda adie akyerɛ ankorankora no, ɛnyɛ honam atenka bi so, ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ, anaasɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ, anaa wei, ɛno, anaasɛ ɔfoforɔ no. Saa nneɛma no nyinaa yɛ, anamɔntuo nom no ɛne nwuma, ɛne nteateamu ɛne asa, ɛne woreka kasahoroɔ; Saa nneɛma no nyinaa yɛ. Nanso deɛ ɛdikan no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ honhom mu adiyie a Onyankopɔn de ama ankorankora no, sɛ Yesu Kristo ne Onyankopɔn Ba no, Ɔrefrɛ. Saa na ɛteɛ. Sɛ ɛno nni mu a, onuabarima, woreyɛ wo ho sɛ obi kɛkɛ, worepatu yɛ kɛkɛ.
Dabiara Paanoo.
Deɛ ɔfiri Onyankopɔn mu no tie Nyankopon Nsɛm.
Yohane 8:47.
25-0912
Onyankopɔn Wɔ Ne Nkorɔfo Mu 50-0227.
Onyankopɔn ntɔ ngu nhyɛsoɔ-som nom so. Onyankopɔn ntɔ ngu mechanical devices so. Onyankopɔn, Honhom Kronkron no, hwie guu nnipa so. Onipa yɛ Onyankopɔn ananmusini, na adeɛ a ɛyɛ Onyankopɔn den paa pɛn ɛne sɛ Ɔbɛnya onipa baako a ɔbɛgye ɔfoforɔ adi. Wogye ɛno di?
Wɔn antumi annye Mose anni, na Onyankopɔn maa no nsɛnkyerɛnne mmienu sɛ ɛna mu nokorɛ adi nkyerɛ nkorɔfoɔ no sɛ wɔsomaa no firii Onyankopɔn nkyɛn ɛwɔ wɔn gyeɛ ho nti.
Wogye ɛno ɛdi? Wiɛ, anyabiaa, Ɔnte sɛdeɛ Ɔteɛ ɛnnora, ɛnnɛ ɛne daapem?
Wogye di sɛ Ɔbɔfoɔ no a ɔne no kasaeɛ wɔ nkyɛkyerɛ no a na ɛredɛre mu no yɛ Apam Bɔfoɔ no? Na ɛte saa? Ɛyɛ. Ɔte saa ɛnnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Ɔwɔ ha seesei yi ara. Na saa nnoɔma korɔ no ara a Ɔyɛɛ no saaberɛ no, Ɔyɛ no ɛnnɛ. Na ɔda so ara yɛ anwanwadeɛ nom ɛne nsɛnkyerɛnne nom. Ɔyɛ ahoɔdendeɛ-yɛ Nyankopɔn. Na ɛberɛ nyinaa, Ɔnam anwanwadeɛ nom nɛ nsɛnkyerɛnne nom so yɛ adwuma wɔ ahoɔdendeɛ kwan so. Na Ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ wɔ ɛnna a ɛdi akyiri yi mu. Na yɛwɔ ɛnna a ɛdi akyiri no mu. Yɛwɔ hokwan sɛ yɛbɛhwɛ wɔn animkwan saaberɛ yi (Saa na ɛteɛ.) sɛ ɛbɛka Ne nkorɔfoɔ abom.
Dabiara Paanoo.
Hwɛ sɛdeɛ Ne nsɛnkyerɛnne yɛ akɛseɛakɛseɛ! Ɛne sɛdeɛ tumi ɛwɔ N’anwanwadeɛ nom mu! N’ahennie yɛ daa ahennie, na Ne tumidie firi awoɔ ntoatoaso so kɔsi awoɔ ntoatoaso so.
Daniel 4:3.
25-0911
Ɛberɛ A Wɔn Ani bueeɛ No Wɔhuu Sɛ Ɛyɛ Ɔno 64-0312 .
Onyankopɔn nhia nsɛm asekyerɛni biara. Mentumi nkyerɛ N’Asɛm ase, saa ara nso na obiara ntumi nkyerɛ N’Asɛm ase. Ɔyɛ Ɔno Ankasa nsɛm asekyerɛni. Ɛberɛ a Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ biribiara no, Ɔyɛ, na ɛno yi akyinnyeɛ firi hɔ. Ɛno ara ne deɛ ɛwɔ mu. Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ, na Ɔyɛɛ saa. Ɛno yi akyinnyeɛ firi hɔ. Ɔnhia obiara sɛ ɔbɛka sɛ wei yɛ Ɛno, anaasɛ ɛno yɛ Ɛno. Ɔno Ankasa yɛ. Yɛn nkyerɛaseɛ nom no nyɛ hwee mma Twerɛnsɛm no. Ɔno Ankasa kasa, na ɛno ne sɛnea ɛteɛ.
Ɛberɛ a mfitiaseɛ no, ɛberɛ a Ɔkaa sɛ, “Ma ɛnyɛ hann”, na ɛyɛɛ hann. Ɛno nhia nkyerɛaseɛ biara. “Ɔbaabunu bi bɛnyinsɛn,” ɛsiieɛ! “Mɛhwie Me Honhom agu honam nyinaa so,” Ɔyɛeɛ. Ɛnhia nkyerɛaseɛ biara.
Deɛ Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ no wɔ saa da yi mu no, Wayɛ. Ɛho nhia sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ aseɛ; Ɛkyerɛ ne ho ase. Ɔyɛ Ɔno Ankasa nsɛm asekyerɛni.
Dabiara Paanoo .
Me Awurade aka no: ɛbɛba mu, na Mɛyɛ.
Hesekiel 24:14.
25-0910
Satan Turom 65-0829 .
Ɛnneɛ, sɛ Hawa kɔn dɔɔ nimdeɛ a, na ɛyɛ bɔne.
Na sɛ yɛn kɔn dɔ nimdeɛ a, yɛpɛ Ph.D., LL.D., ɛyɛ bɔne sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɛno yɛ nsɛm a ano yɛ den, nanso ɛno ne Nokorɛ no. Ɛmfa ho sɛnea ano yɛ den no, ɛda so ara yɛ Nokorɛ no, wahu. Sɛ wo kɔn bɛdɔ nimdeɛ, nteaseɛ!
Adeɛ a ɛwɔ mu ne sɛ, ɛnnɛ yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛtintim… Onyankopɔn Asɛm wɔ nnipa no akoma mu. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛtintim yɛn ho. Nsɔre no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtintim asɔre no nkyerɛkyerɛ no, ɛwɔ onipa bi akoma mu.
Wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntintim Onyankopɔn Asɛm no. Paulo kaa sɛ, “Manfa onipa adɛfɛdɛfɛ nsɛm na ɛbaa mo nkyɛn, na ama mo gyedie agyina onipa nimdeɛ so; mmom menam tumi mu Honhom Kronkron no yikyerɛ mu na mo gyedie agyina Onyankopɔn mu”. Ɛna ɛda hɔ no.
Dabiara Paanoo .
Monhunuui? Montee?
Wɔmfirii mfitiaseɛ nka nkyerɛɛ mo? Ɛfiri asase nyinasoɔ so, montee biribiara asase aseɛ?
Yesaia 40:21.
25-0909
Abrabɔ A Ahinta Wɔ Kristo Mu 55-1110 .
Afei, anadwo yi yɛrebɛkasa afa Kronkron mu kronkronbea ho, tenabea a Onyankopɔn Ankasa teɛ.
Ɛwɔ saa nna no mu no, Ɔtenaa Ne ntamadan mu. Na ɛnnɛ Ɔte wo mu sɛ Ne ntamadan. Nanso ɛsɛ sɛ yɛma saa beaeɛ yi ɛyɛ atenaeɛ, ɛnyɛ adihɔ tenabea bi, anaasɛ kronkronbea a ɛdikan. Nanso ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn tena wɔ Koronkron mu kronkronbea hɔ, wo ne Nyankopɔn wɔ abrabɔ a ɛho teɛ, komm, a ahinta.
Yɛn ani gye dodo, biribi ha yɛn, ɛfa nneɛma pii ho. Ɛkyerɛ sɛ biribi tɔ sini wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ ɛnka asafo no ɛwɔ ɔkwan no so kwansini ɔpepem ɛboro deɛ ɔwɔ seesei no so. Yɛda so ara asan aba mmabunu berɛ mu aseɛ hɔ, akyinnyeɛ hunu, yɛreko, abufu hyɛ, ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ yɛte yɛn ho sie a yɛne Nyankopɔn wɔ Kronkron mu kronkronbea.
Dabiara Paanoo .
Nanso sɛnea Ɔno a Wafrɛ mo no yɛ Kronkron no, saa ara na monyɛ kronkron wɔ nkɔmmɔbɔ nyinaa mu;
1Petro 1:15.
25-0908
65-0718E Honhom Mu Aduane Wɔ Ɛberɛ A Ɛsɛ Mu .
Moka sɛ, “Adɛn nti na
Nkransɛm no ɛnfiri adi nkɔ saa mmeaeɛ akɛseɛ yi, saa crusades akɛseɛ yi, te sɛdeɛ ɛwɔ nhyɛsoɔsom nom ntam no?”
Ɛnyɛ wɔn Aduane. Ɛnyɛ deɛ yɛfrɛ no sɛ asɔre no Aduane. Ɛyɛ Ayeforɔ no Aduane. Ɛyɛ honhom mu Aduane wɔ ɛberɛ mu. Ɛbɛma wɔn yafunu yareɛ. Nnuane nnuro a ɛwɔ mu no dɔɔso dodo ma wɔn. Moahu? Moahu? Wo —wo —wontumi nyɛ. Nanso, mmɔfra no fam no, ɛyɛ Paanoo, Ɛyɛ Nkwa, Ɛyɛ Yesu Kristo te sɛ deɛ Ɔteɛ ɛnnora, ɛnnɛ ɛne daapem.
Dabiara Paanoo .
Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛdidi.
Yohane 21:12.
25-0907
Sɛ Ɔkɔdeɛ Woso Ne Pirebuo Mu No 61-0122 .
Te sɛdeɛ ɔbarima bi firii adi kɔɔeɛ…Ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no…too asau guu ɛpo mu. Na ɔtwe pieeɛ no, ɔnyaa sudanna, mmɔnkɔ, nkoterɛ, ɛne biribiara a ɛka ho.” Yii wɔn guu nsunoa hɔ. Ɛno ne ɔsɛnkafoɔ adwuma no. Yɛnnim ɛmu nsonsonoeɛ. Ɛmu bi yɛ mpataa; ɛmu bi yɛ nkoterɛ; ɛmu bi yɛ awɔwɔ; ɛmu bi yɛ mmɔnkɔ. Hwɛ mɔnkɔ dadaa no ɛberɛ a ɛwɔ hɔ no. Obi ka sɛ, “Animuonyam, hallelujah. Kamfo Awurade.” Ka sɛ, “Hump, hump, hump, hump, hump, hump. Mentumi nnye ɛno nni,” ɛhɔ ara ɔsan n’akyi kɔ nsuo no mu.
Ɔwɔ dadaa no yi ne ti ba soro kɛkɛ, ka sɛ, “na medwene sɛ me wɔ asɔre dan mu, nanso ɛyɛ holy-rollers.” Ɔno na ɔkorɔ no. Ná ɔyɛ deɛn? Ahyɛaseɛ no ɔyɛ ɔwɔ,
Ahyɛaseɛ no ɔyɛ mɔnkɔ, ananse a wabɔ aberewa
plunkety plunk, san kɔ atɛkyɛ tokuru no mu hɔ pɛɛ bio, ɛsan n’akyi wɔ ɛhɔ ara, hyɛ nika, ɔtwitwa ne tiri nwi. Yeah, nanso…”Sɛ prako kɔ n’atɛkyɛ mu no, na ɔkraman kɔ ne feɛ ho,” ɛna ɛda hɔ no. Mma wo bo mfu; yɛ komm tena ase kɛkɛ.
Dabiara Paanoo .
Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, saa ara na ɔkwasea sane kɔ ne nkwaseasɛm so.
Mmɛbusɛm 26:11.
25-0906
Sika Adwadie 63-0126 .
Daniel sii n’akoma mu pi sɛ ɔmfa ewiase ngu ne ho fĩ. Na ɔrebɛkora atetesɛm a na Onyankopɔn de ato hɔ, Onyankopɔn ahyɛdeɛnom so.
Adɛn nti na mo mmaa ne mmarima ntumi nyɛ saa ara? Nanso Marilyn Monroe anaa obi twitwaa wɔn tiri nwi, na afei ɔsɛnkafoɔ bi yere yɛɛ saa bi, na wo dwene sɛ woanya ɛho kwan sɛ wo yɛ. Ɛno mma wo ho kwan mfiri Onyankopɔn Asɛm mu.
Na mo asɛnkafoɔ a mo ma mo yere na wɔkyerɛ deɛ mo yɛ. Aniwuo paa ara ni! Ɛdeɛn a—ɛdeɛn a— ɛdeɛn asɛmfua bɛn a ɛma woyɛ ɔbarima. “Kristo somfoɔ ntumi nni ɔno ankasa fie so, ɛbɛyɛdɛn na ɔrebɛdi Onyankopɔn fie so?”
Woka sɛ: “Wiɛ, Onuabarima Branham, ɛno, ɛno, ɛno yɛ nneɛma nketenkete kɛkɛ.” Ɛyɛ.
Momma yɛntentene nneɛma nketenkete no, afei yɛakɔ adeɛ kɛseɛ so. Wahu? Afei yɛbɛka Honhom Kronkron no ho asɛm, ɛne ɛ—ɛne nneɛma a ɛfa sɛnea yɛn nsa bɛka Ɔsoro akyɛdeɛ nom.
Dabiara Paanoo .
Enti monte mo ho, na monyɛ kronkron, na Mene Awurade mo Nyankopɔn.
Leviticus 20:7.
25-0905
Onyankopɔn Nkaeɛdeɛ Nom A Wɔde Mmerɛsantene Asɔ Ahwɛ 57-0818
Megye di, nna yi mu baako ɛberɛ a saa Asafo kɛseɛ no…
Ɛberɛ a, abɔdeɛ nhwehwɛmu ka sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na atumi asane? Tumi a ɛtwe adeɛ ba fam ɛsɔ wo mu wɔ asase so.”
Seesei menya nyamesom mu atenka. Ma menka nkyerɛ mo.[Onuabarima Branham de ne nsa bɔ asɛnkadua no so mperɛ nsia—ed.] Saa Asafo a wɔde mmerɛsantene asɔ ahwɛ no bɛba da bi. [bɔɔ asɛnkadua no so prɛko bio na afei ɔbɔɔ ne nsa mu pɛnkoro.] Ebia wɔn mu fã bɛdeda asase mfuturo mu. Mennim baabi a wɔwɔ, nanso Onyankopɔn asɔ N’akadeɛ nyinaa ahwɛ. Da koro bi Ɔreba abɛdi anim: “Moni M’akyi!” Ɛnam ahunum mu tɔnn ɛne ahunum akyi, ɛne ahunum, ɛne ahunum, Ɔde Asafo a wɔde mmerɛsantene asɔ ahwɛ bɛkɔ Otumfoɔ Onyankopɔn Animpa.
Dabiara Paanoo .
Woasɔ m’akoma ahwɛ; Woabɛsra me anadwo; Woasɔ me ahwɛ, na worenhu hwee; Mabɔ me trim pɔ sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.
Nnwom 17:3.
25-0904
Wo Ne Onyankopɔn Nhyiamudie 59-1220M .
Ebia woyɛ ɔdebɔneyɛni, na woayɛ bɔne pii. Ebia wotwee nwisie kɔɔ wo mu saa kɔsii sɛ wontumi ntwe bio, na wontumi nnyae. Ebia wanom saa akɔsi sɛ wontumi nnom bio, na wontumi nnyae. Ebia woabɛduru baabi a bɔne ne honam akɔnnɔ ahyɛ wo ma saa, kɔsi sɛ ɛsɛ sɛ wode anibɔne hwɛ ɔbaa biara a wobɛhunu no. Anaasɛ, ebia woadane nneɛma pa a Ɔbɔadeɛ de maa w’ankasa no mpo. Ebia na woaba abɛpem. Ɛmfa me ho baabi a wowɔ, Onyankopɔn da so ara ayɛ krado sɛ Ɔbɛba wo nkyɛn, wɔ nhyiamudie bi mu, na Ɔne wo abɛtoatoa adwene.
Dabiara Paanoo .
Afei, mommra ma yɛnfa adwene, Awurade na Ɔseɛ: sɛ mo bɔne te sɛ damaram a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma na sɛ ɛyɛ kɔɔ te sɛ kɔbene mpo a, ɛbɛyɛ te sɛ odwan ho nwi.
Yesaia 1:18.
25-0903
Sɔ Kanea No 64-0125 .
Na ɛnnɛ Ayeforɔ Dua bi wɔ hɔ; Ɛhyɛɛ aseɛ firii mfitiaseɛ toɔ hɔnom akyirikyiri Pentekose Da no.
Montie, mo nkorɔfoɔ a modɔm asɔre! Asafo no anhyɛ aseɛ wɔ Nicea, Rome. Ɛhyɛɛ aseɛ wɔ Yerusalem, ɛwɔ Pentekose Da no, ɛhyɛɛ Asafo no ase. Afei ɛdeɛn na wɔyɛɛeɛ? Kɔɔ so ara boaboa wɔn ano kɛkɛ; na Onyankopɔn kɔ so twitwa nkorabata no. Afei wɔboaa Lutherfoɔ no ano; twitwaa nkorabata no; Wesley; twitwaa nkorabata no. Pentekose; twitwaa nkorabata no. Kɔsi sɛ abɛduru…
Nanso Onyankopɔn rebɛnya Ayeforɔ Dua! “Deɛ mfuntie adie nyinaa ɛne deɛ mmɛbɛ adie, “Mɛsan de abɛsi n’ananmu,” saa na Awurade seɛ. Malachi 4 ka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɛsan de yɛn aba mfitiaseɛ Gyedie no te sɛdeɛ na ɛwɔ Pentekose Da no, “Agyanom Gyedie no.” Yɛgye di sɛ ɛbɛba. Megye di sɛ afei na ɛberɛ aso ama no.
Mman no mu nsuo atwe na awo hoyaa.
Dabiara Paanoo .
…o mo nyaatwom foɔ, motumi kyerɛ ewiem tebea ase; Nanso montumi nhunu mmerɛ no mu nsɛnkyerɛnne no?
Mateo 16:3.
25-0902
Elia Ɛdeɛn Na Woteɛ? 59-0412E .
Ɛnyɛ ɛberɛ nyinaa na nneɛma a ɛyɛ dede no yɛ nneɛma akɛseɛ. Ɛnyɛ nneɛma a ɛyɛ dede no. Teaseɛnam bi bɛtumi akɔ afuo no mu; sɛ nnoɔma ɛnni mu a ɛbɛwoso, na akasa gyegyeegye na ayɛ dede pii, ɛbɛtumi asan abɛfa saa apopɔapɔ no ara so ɛberɛ a nnoɔma pa ahyɛ mu ma, na ɛrenyɛ fé mpo. Adɛn? Nnoɔma ahyɛ no ma. Deɛ asɔre no hia anadwo yi ne sɛ wɔbɛhyɛ no ma, a Onyankopɔn dɔ ahyɛ mu ma.
Owia tumi nonom nsuo galɔn ɔpepem baako a dede a ɛyɛ no sua sene sɛ yɛde pump bɛtwe nsuo kuruwa baako. Saa na ɛteɛ. Ɔ–ɔ Ɔsoro bɛtumi apete bosuo agu asase so nyinaa a dede a ɛbɛyɛ no ɛsua sene sɛ wo bɛpete w’aboboano nsensan so. Ampa ara. Anyabiaa woate sɛ planets no ɛretware wɔn ho pɛn? Nnoɔma akɛseɛ yɛ nnoɔma a ɛda dinn.
Hwɛ Honhom Kronkron no sɛ Ɔba mu anadwo yi a, sɛnea Ɛma biribiara yɛ komm. Nanso yɛdi honam atenka akyi, de mmirika di nneɛma nketenkete akyi, a yɛnte saa Ɛnne no.
Dabiara Paanoo .
Nanso Awurade wɔ
N’asɔrefie Kronkron no mu, ma asase nyinaa nyɛ komm wɔ N’anim.
Habakkuk 2:20