Adɔfoɔ A Wɔasene Mo Ti,
Afei, ɛhɔ, “wɔn,” ɛnyɛ ɔdebɔneyɛni no. “Wɔn,” kyerɛ sɛ, asafo a ɛwɔ saa da no mu, wɔnyaa Ɔbarima no a na Ɔyɛ Asɛm no ho mfomsoɔ. Ɛte saa? Wɔnyaa mfomsoɔ wɔ Ɔbarima no a na Ɔyɛ Asɛm no ho. Seesei wɔhu mfomsoɔ wɔ Asɛm no a ɛnam Ɔbarima no so reyɛ adwuma no ho.
Ɛfiri mfitiaseɛ no ewiase apo No, wɔayi No totwene, apo sɛ wɔ ne N’Asɛm bɛtena ɛnam sɛ wɔrekura wɔn atetesɛm, wɔn gyedie nom, wɔn nsusueɛ nom. Wɔhwere Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ɛberɛ nyinaa; Onyankopɔn, sɛ Onipa, a na Ɔyɛ Asɛm no, na seesei Asɛm no ɛnam onipa no so reyɛ adwuma.
Nanso yɛn da yi mu no Ɔkaa sɛ, “Mɛnya ɛkuo kumaa bi, kakraa bi a wɔayi wɔn. Na wɔwɔ me mu firi mfitiaseɛ no. Wɔbɛgye me na wɔagye M’Asɛm adi ɛne ɔbarima a mayi sɛ ɔmmɛda M’Asɛm adi no. Ɔbɛyɛ Me Nne ama wɔn.”
“Ɛnnyɛ wɔn aniwuo sɛ wɔbɛbɔ Me Nne ho dawuru. Ɛnnyɛ wɔn aniwuo sɛ wɔbɛka akyerɛ wiase sɛ Maba bio na Menam onipa honam so Mada Me ho adi sɛnea Mekaa sɛ Mɛyɛ no. Saa berɛ yi deɛ wɔrensom ɔbarima no, mmom wɔbɛsom Me, Asɛm no, a Ɛbɛfa ɔbarima no so akasa no. Wɔbɛdɔ Me na wɔde wɔn mu adeɛ nyinaa abɔ me ho dawuro”.
“Ɛne sɛ, mede deɛ wɔhia nyinaa ama wɔn sɛ wɔmmɛyɛ M’Ayeforɔ. Mede M’Asɛm abɔ wɔn ho ban; ɛfiri sɛ wɔYƐ M’ASƐM a wɔayɛ honam. Sɛ wɔhia ayaresa a, wɔka M’Asɛm. Sɛ wɔwɔ akwansideɛ biara a ɛsi wɔn kwan a, wɔka M’Asɛm. Sɛ wɔwɔ abɔfra a wamane afiri kwan so a, wɔka M’Asɛm. Adeɛbiara a wɔhia no, wɔka M’Asɛm, ɛfiri sɛ wɔyɛ M’Asɛm a ayɛ honam wɔ wɔn mu.”
“Wɔnim nnipa ko a wɔyɛ, ɛfiri sɛ Mayi Me ho adi akyerɛ wɔn. Wɔatena hɔ wɔ gyedie ɛne nokorɛdie mu wɔ M’Asɛm mu na wɔnam Me Nne so reka wɔn ho bom. Ɛfiri sɛ wɔnim Me Nne, M’Asɛm, Me Honhom Kronkron. Wɔnim, baabi a Asɛm no wɔ no Akɔdeɛ no bɛboa wɔn ano”.
Ɛberɛ a Ne diyifoɔ no ka N’Asɛm na ɔde kwaadu bɔ saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ɛfa Yesu Kristo asɛnnua a ɛtɔ so mmienu bɔ ho no na ɔpae ɔsɛeɛ ma wɔn no, na Ayeforɔ no regye n’ani. Ɛfiri sɛ yɛnim sɛ YƐYƐ N’Ayeforɔ a yɛasɔ N’Asɛm mu na yɛagye atom. Yɛteɛm firi yɛn akoma mu tɔnn na yɛka sɛ:
Me yɛ Wo Dea, Awurade. Mede me ho to saa afɔrebukyia yi so, adwira me ho sɛnea menim sɛ me yɛ me ho ara pɛ. Yi ewiase firi me mu, Awurade. Yi nneɛma a ɛporɔ firi me mu; ma me nneɛma a ɛmporɔ da, Onyankopɔn Asɛm. Ma mentumi mmɔ saa Asɛm no so bra paa, kɔsi sɛ Asɛm no bɛwɔ me mu, na me wɔ Asɛm no mu. Ma ho kwan, Awurade. Ɛmma me ntwe me ho ɛmfiri Ɛho da.
Nkwa wɔ hɔ, na owuo wɔ hɔ. Ɔkwan a ɛtene bi wɔ hɔ, na ɔkwan a ɛnteɛ bi wɔ hɔ. Nokorɛ wɔ hɔ, na atorɔ bi wɔ hɔ. Saa Nkransɛm yi, saa Ɛnne yi, yɛ Onyankopɔn kwan a ɛwie pɛyɛ a wɔde ama nnɛ. Bra bɛka Onyankopɔn Ayeforɔ hoɔdenfoɔ no fã bi ho ɛberɛ a yɛboa yɛn ano ɛhyia N’Asɛm a wada no adi no ho na yɛtie Nkransɛm a wato din: Kwaadu Bɔ. Ɔkaa no Kitawonsa bosome no ne da a ɛtɔ so nson anɔpa wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.
Onuabarima Joseph Branham .