Adɔfoɔ Ahotefoɔ a Wɔhyɛ Ntade-Fitaa,
Sɛ yɛte Onyankopɔn Nne sɛ ɛkasa kyerɛ yɛn a, biribi si wɔ yɛn kra mu tɔnn. Yɛn nipadua mu no nyinaa sakyera na ɛte sɛ deɛ ɛwiase a atwa yɛn ho ahyia no ɛtwa mu akɔ.
Ɔkwan bɛn so na obi bɛtumi akyerɛkyerɛ mu afa deɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn akoma mu, yɛn adwene mu, ɛne yɛkra mu, ɛwɔ ɛberɛ a Onyankopɔn Nne ɛda N’asɛm adie wɔ Nkransɛm biara a yɛtie no?
Ɛte sɛ yɛn diyifoɔ no, yɛte nka sɛ wɔama yɛn so akɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa na ɛte sɛ deɛ yɛn honhom ɛfiri nipadua a ɛwuo yi mu. Nsɛmfua biara nni hɔ a yɛde bɛkyerɛ dea yɛteɛ wɔ yɛn mu ɛberɛ a Onyankopɔn da N’asɛm adi kyerɛ yɛn ɛsene ɛberɛ biara.
Wɔde Yohane too Patmo supɔ so na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔntwerɛ deɛ ɔhunuiɛ no na ɔmfa nhyɛ nwoma bi a wɔfrɛ no Adiyisɛm mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkɔ mfirinhyia no mu. Wɔde saa ahinta nsɛm no asie kɔsii sɛ Ɔnam Ne bɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson a wayi no no so daa no adi kyerɛɛ yɛn.
Afei Yohane tee saa Ɛnne korɔ no ara wɔ ne soro na wɔmaa no so kɔɔ soro a ɛtɔ so mmiɛnsa. Saa Ɛnne no kyerɛɛ no asafo mfirinhyia no, Jewfoɔ mmaeɛ no, ɔhaw nom a wɔhwie guuieɛ no, Ohwim no, Mmaeɛ bio no, Mfirinhyia Apem no, ɛne Daa Fipam ma wɔn a Wagye wɔn no. Ɔmaa no so kɔɔ soro ɛna ɔsan yɛɛ ahoboaboa no nyinaa kyerɛɛ Yohane sɛdeɛ Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ no.
Nanso hwan na Yohane hunuuiɛ ɛberɛ a ɔhunuu ahoboaboa no? Ɔbiara nnim ankasa de bɛsi nnɛ.
Adeɛ a ɛdi kan a ɔhunuuiɛ wɔ mmaeɛ no mu ne Mose. Ɔgyinaa hɔ maa Ahotefoɔ a wɔawuwuo a wɔbɛnyane wɔn; mfirinhyia nsia a wɔdaaeɛ no nyinaa.
Nanso na ɛnyɛ Mose nkutoo na na ɔgyina hɔ, na mmom na Elia nso wɔ hɔ bi.
Hwan ne saa Elia a na ɔgyina hɔ no?
Nanso na Elia wɔ hɔ; ɔsomafoɔ a ɔwɔ hɔ ma ɛda a ɛdi akyiri no, ɔne ne dɔm, wɔn a wɔasakyera, Ohwimfoɔ no.
ANIMUONYAM…HALELUYA…hwan na Yohane hunuuiɛ sɛ ɔgyina hɔ?
Ɛnyɛ ɔbiara sɛ Onyankopɔn bɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson, William Marrion Branham, ne NE DƆM A WƆASAKYERA, OHWIMFOƆ…YƐN MU BIARA!!
Elia gyinaa hɔ maa ɛkuo a ɔɔmo nipadua sesaaeɛ no. Kae sɛ Mose na ɔdii kan, na afei Elia. Na ɛsɛ sɛ Elia yɛ somafoɔ wɔ ɛda a ɛdi akyiri no, sɛ ɔne ne kuo no bɛba owusɔreɛ…ɛbɛba…wiɛ, mekyerɛ ɛbɛba Ohwim no. Mose de owusɔreɛ no baeɛ ɛna Elia nso de Ohwim dɔm no baaeɛ. Na, ɛhɔ no, ɔɔmo mienu ɛgyina maaeɛ.
Kasa fa deɛ wo yi ɛso nkatasoɔ, woreda no adie, ne Adiyisɛm.
Ɛno nie! Yɛnsa aka No yɛn ntam seesei, Honhom Kronkron, Yesu Kristo, Ɔte saa ɛnora, ɛnnɛ, ne daa. Woyɛ…Ɛyɛ asɛmpaka ma wo, Ɛyɛ adekyerɛ ma wo, Ɛrebɔ mmɔden sɛ ɛbɛma woahunu dea ɛtene ne dea ɛntene. Ɛyɛ Honhom Kronkron no ankasa a Ɔde nnipa ano ɛrekasa, ɛreyɛ adwuma wɔ nnipa mu, Ɔrebɔ mmɔden sɛ Ɔbɛkyerɛ ahummɔborɔ ne adom.
Yɛn na yɛ yɛ Ahoteefoɔ a Wɔhyɛ Ntade-Fitaa a Ne bɔfoɔ hunuuiɛ sɛ wɔfiri asaase afannaa nyinaa so ɛba bɛdi Nkwa Panoo no. Wabɔ yɛn kɔkɔɔkɔ na yɛne No aware na yɛanya N’asiwa mfeano wɔ y’ɛakoma mu. Yɛhyɛɛ yɛn ho bɔ maa No, ɛne Ne Nne nkutoo. Yɛnyɛɛeɛ, na yɛmfa ɛnne foforɔ biaa ngu yɛn ho fĩ.
Ayeforɔ no ɛresiesie ne ho akɔ soro te sɛ deɛ Yohane yɛɛeɛ no; akɔ Onyankopɔn Anim. Wɔbɛma yɛn so wɔ Ohwim Asafo no mu. Hwɛ sɛnea ɛno twa yɛn kra ho hyia kɛkɛ!
Ɛdeɛn na ɛdi hɔ a Ɔrebɛda no adi akyerɛ yɛn?
Atɛmmuo nom; bogyanamboɔ no, ɛne deɛ ɛgyina hɔ ma; ne fa mu dwuma a ɛdiiɛ. Ahwehwɛboɔ, ne aboɔ ahoroɔ no nyinaa. Ɔbɛfa weinom nyinaa asiane afa Hesekiel, akɔ akyiri wɔ Genesis mu, asan akɔ Adiyisɛm, asiane aba Bible mfimfini, akyekyere saa aboɔ ahoroɔ ne ahosuo no nyinaa abɔ mu.
Ɛyɛ Honhom Kronkron korɔ no ara, Onyankopɔn korɔ no ara, ɔrekyerɛ nsɛnkyerɛnneɛ korɔ no ara, anwanwadeɛ korɔ no ara, ɔɔyɛ ade korɔ no ara sɛdeɛ Ɔhyɛɛ bɔ no ara pɛ. Ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ a ɔnam Ne Nne tieɛ so ɛresiesie ne ho.
Yɛma mo akwaaba sɛ momɛka yɛn ho ɛberɛ a yɛwura ɔsoro mmeaeɛ wɔ prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, sɛ yɛbɛte sɛ Elia, Onyankopɔn somafoɔ ma mfirinhyia a ɛtwa toɔ yi mu, ɛda ahinta nsɛm a wɔde asuma wɔ mfirinhyia no mu adi.
Ɔnua Barima Joseph Branham
Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako afe apem ahankoron aduosia mu Adiyisɛm Etire Nan Ɛfa a ɛdi kan.
Anidie mu, kae Y’ɛafe Foforɔ Nkransɛm, Ɛbenada anadwo: Akansie No Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankoron aduosia mienu mu. Ɛkwan pa biara nni hɔ a wo de hyɛ Afe Foforɔ no ase.