24-1117 Sardi Asafo Mfirinhyia

Nkratoɔ: 60-1209 Sardi Asafo Mfirinhyia

BranhamTabernacle.org

Madɔfoɔ Tape Nkorɔfoɔ,

Sɛnea ɛyɛ yɛn ahohoahoa sɛ yɛfrɛ yɛn “Tape Nkorɔfoɔ”. Yɛn akoma de anigyeɛ tu mmirika naawɔtwe biara ɛnam nim a yɛnim sɛ yɛbɛka yɛn ho abɔ mu wɔ ewiase afannaa nyinaa ɛnam sɛ yɛretie Onyankopɔn ɛnne sɛ Ɔkasa kyerɛ yɛn.

Yɛnim, a akyingyeɛ baako nni ho, yɛwɔ Onyankopɔn Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛretena N’asem mu; ɛretie Ne nne ɛnam Ne bɔfo somafoɔ ahoɔdenfoɔ a ɔtɔ so nson no so.

Ɔsomafoɔ no a ɔyiieɛ maa yɛn da yi yɛ William Marrion Branham. Ɔyɛ Onyankopɔn kanea ma ɛwiase, ɛɛkyerɛ Onyankopɔn hann. Ɔreferɛ N’asɛm korɔgyenn ayeforɔ a ɔnam Ne bɔfoɔ so ayi wɔn.

Ɛnam ahwɛyie wɔ N’asɛm adesua mu no, Ɔnam Ne Honhom Koronkron no so ada no adi ama yɛn sɛ William Marrion Branham ne ɔbɔfoɔ a Ɔyiieɛ de N’adiyie ɛne ɔsɔm adwuma a ɛwɔ yɛn nna yi mu no hyɛɛ nensa. Yɛhu Ne bɔfoɔ, YƐN NSONOMA, ɛwɔ Nensa nifa mu sɛ Ɔde Ne tumi ɛrehyɛ nensa sɛ ɔna N’asɛm adi na ɔnferɛ N’aYeforɔ mmra.

Wama yɛn Ne ho Adiyie mua. Honhom Koronkron no ɛreyi Ne ho adi akyerɛ yɛn ɛnam Ne bɔfo somafoɔ a ɔtɔ so nson no abrabɔ so; ɔbɔfoɔ no a Ɔyiieɛ sɛ ɔnyɛ N’ani ɛmma yɛn da yi.

Sɛnea yɛn akoma ɛhyehye wɔ yɛn mu ɛwɔ berɛ a Ɔnam Nkransɛm baako biara so ka kyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ Ne botaeɛ sɛ Ɔde yɛn bɛba Nenkyɛn; ɛnam sɛ yɛ yɛ N’asɛm Ayeforɔ.

Ɔdɔ sɛ Ɔkakyerɛ yɛn bɔso bio , bɔso bio sɛnea Ɔyii yɛn ansa na ewiase fapem ɛwɔ Ne MU. Sɛnea na Ɔnim yɛn dada na Ɔdɔɔ yɛn.

Sɛnea yɛdɔ sɛ yɛte sɛ Ɔkasa na Ɔka kyerɛ yɛn sɛ Ɔnam Ne mogya so na Ɔgyee yɛn na yɛntumi mma afɔbuo mu da. Yɛntumi nyina atɛnmmuo mu, ɛfirisɛ bɔne nni yɛn so nkontabuo.

Sɛnea yɛne No bɛtena wɔ ɛberɛ a Ɔbɛfa N’asaase so David ahennie no, na yɛne No adi adeɛ; te sɛdeɛ Ɔyɛɛeɛ no wɔ ɔsoro aheman mu no, de ahoɔden ne tumi wɔ asaase nyinaa so. Abrabɔ wei mu sɔhwɛ ne nsɔhwɛ bɛyɛ sɛ adehunu bi saa berɛ no.

Nanso, Wabɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahwɛyie a ɛsɛsɛ yɛyɛ. Na mfirinhyianom no mu no, bobe mmienu no nyinii afa ne afa. Sɛnea aberɛbiara ɔtamfo no abɛn paa no; nnaadaa paa. Mpo Onyankopɔn na Ɔyii Judas, ɔkyerɛkyerɛɛ no wɔ nokware mu. Ɔnyaa ahintasɛm mu nimdeɛ kyɛfa. Ɔmaa no nyaa ɔsom dwuma mu tumi na ɔsaa ayarefoɔ yareɛ tutuu ahonhom mmɔne wɔ Yesu din mu. Nanso wantumi ankɔduru.

Wontumi mfa Asɛm no fa kɛkɛ nkɔ, ɛwɔ sɛ wo fa Asɛm no NYINAA. Ɛnkorɔfoɔ bi wɔ hɔ a akɔyɛ sɛ wɔde wɔn ho awura Onyame mu adeɛ bɛyɛ sɛ ɔha mu abupɛn ɔha nanso wɔnnyɛ.

Ɔkaa sɛ ɛnnyɛ deɛ ɛwie du ne sɛ Ɔde Ne ho adɔm asafo no nyinaa, anaasɛ mpo ɔsom nwuma nnum no a ɛwɔ Efiso tire nan no. Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ asafo mfirinhyia koro biara mu no, asafo no mane firi kwan so, na ɛnnyɛ asafomma no nkutoo na mmom asɔfokuo- nwanhwɛfoɔ no ti saa ara nso na nwan no.

Saa nti no, ɛnam Ne tirimbɔ afotuo a ɛfiri ɔno ara ne pɛ mu no, Ɔno ara de Ne ho baaeɛ wɔ yɛn mfirinhyia no mu sɛ Ɔkandini Odwanhwɛfoɔ no wɔ Ne bɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson no som dwumadie mu sɛ ɔni Nenkrɔfoɔ anim nsan mmra nokorɛ mu ɛne tumi bebiree no a ɛwɔ saa nokorɛ no mu no.

Ɔwɔ Ne somafoɔ mu, na obi a ɔwɔ Onyankopɔn mayɛ no bɛdi ɔsomafoɔ no akyi sɛdeɛ ɔsomafoɔ no nam N’Asɛm so yɛ Awurade akyi di ni.

Mepɛ sɛ menya Onyankopɔn mayɛ na medi Ne somafoɔ akyi. Ɛne sɛ, yɛn, Branham Tabernacle afam no, ɛkwan baako pɛ a ɛde di ɔsomafoɔ no akyi sɛnea ɔnam N’Asɛm so di Awurade akyi ne PRESS PLAY na tie Onyankopɔn Ɛnne Korɔgyenn sɛ Ɔka nsɛm no a mfomsoɔ nni ho no kyerɛ yɛn.

Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene susu anaa yɛ hwehwɛ deɛ yɛretie no mu, deɛ ɛwɔ sɛ yɛ yɛ ne sɛ yɛbɛ Press Play na yeagye Asɛm biara a yɛretie adi.

Me tee sɛ Onuabarima Branham ɛka anumnsɛm a ɛtoasoɔ yi anɔpa hemaa bi wɔ Voice radio so. Ɛberɛ a meteeɛ no, ɛbɛtɔɔ m’akoma so sɛ wei ne atenka pɛpɛɛpɛ a me anaa yɛnya ɛfa sɛ yɛreka sɛ:

YƐ PRESS PLAY KƐKƐ NA YƐTIE TAPE NOM.

Ɛgyegyee te sɛ yɛn gyedie anodisɛm ma me.

Ɛno no deɛ nti a megye saa Nkransɛm yi die, ɛne sɛ ɛfiri Onyankopɔn Asɛm no mu. Na adebiara a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm akyi no, mennyɛ nni. Ɛbɛtumi ayɛ sɛɛ, nanso mɛdaso ne deɛ Onyankopɔn aka no atena, na afei manya ahotɔsoɔ sɛ mennyɛɛ mfomsoɔ. Afei Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ Ɔpɛ sɛ Ɔyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn. Nanso ɛnnahene a me ne N’Asɛm tena no, ɛnneɛ na menim sɛ ɛno ara yɛ. Megye ɛno di.

Animuonyam, ɔkaa no PƐPƐƐPƐ. Ɔsom nwuma foforɔ no nyinaa bɛtumi awɔ hɔ, ɛfirisɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ Ɔpɛ sɛ Ɔyɛ, afa onipa a Ɔpɛ sɛ Ɔnam ne so, Ɔyɛ Onyankopɔn. Nanso ɛnnahene a me ne N’Asɛm teɛ no, Ne Nne, Tape nom no, ɛneɛ na menim sɛ ɛyɛ. Megyedi.

Menim sɛ dodoɔ na wɔkenkan me nkrataa na wɔnte deɛ meka ase ɛne deɛ megye die sɛ ɛyɛ Awurade pɛ ma yɛn asafo no. Ahobraseɛ mu, ma me nti deɛ yɛn diyioɔ no kaaeɛ no mu prɛkopɛ bio:”Saa nkrataa yi wɔ hɔ ma m’asɔre nkutoo. Wɔn a wɔ wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛfrɛ Branham Tabernacle sɛ wɔn asɔre. WƆN A WƆPƐ SƐ WƆDA WƆN HO ADIE NA YƐFERƐ WƆN TAPE NKORƆFOƆ “.

Sɛ wo ne me nnyɛ adwene wɔ deɛ meka ne deɛ megyedi a, ɛyɛ kama ɔha mu abupɛn ɔha me nua mmarima ne mmaa. Me nkrataa no nni hɔ mma mo anaa sɛ ɛntia mo anaa monsɔre. W’asɔre de ne ho na ɛsɛ sɛ wo yɛ deɛ atenka di w’anim sɛ yɛ, nanso sɛdeɛ Asɛm no seɛ, saa ara nso na yɛdeɛ ɛteɛ, na wei na yɛgyedi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn kwan a wayie ama yɛn.

Yɛma obibiara akwaaba sɛ ɔne yɛn nka mmɔ mu Kwasiada biara prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu. Naawɔtwe wei, Onyankopɔn Nsonoma ma yɛn mfirinhyia, William Marrion Branham, de Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da ɛtɔ so nkoron wɔ afe apem ahankoron aduosia mu Sardi Asafo Mfirinhyia ɛberɛ yɛn.

Onuabarima Joseph Branham.