Pesan: Patmos Anisoadehunu 60-1204E
- 24-1013 Patmos Anisoadehunu
- 23-0423 Patmos Anisoadehunu
- 20-1101 Patmos Anisoadehunu
- 19-0113 Patmos Anisoadehunu
- 16-0312 Patmos Anisoadehunu
M’dɔfoɔ Asɛm a Ɛwie Pɛyɛ Ayeforɔ,
Ɛdeɛn na ɛresie wɔ Ayeforɔ no ntam wɔ ewiase afannaa? Yɛrewura Honhom no mu, yɛre sɔre gyina ɛna yɛre tea mu, “Animuonyam! Hallelujah! Yi Awurade ayɛ “. Onyankopɔn ɛresoa yɛn ɛna ɔreda N’asɛm adi ama N’aYeforɔ.
Ɛnneɛma a yɛakenkan ɛne deɛ yɛateɛ wɔ yɛabrabɔ nyinaa afei na ɛreda ne ho adie. Onyaneɛ kɛseɛ ɛresi. Ɛnam Asɛm no sɛ ɛrehyerɛn sɛdeɛ ebi nsii da.
Yɛ te nka wɔ yɛn kra mu tɔɔnn. Biribi yɛ sononko, biribi resi. Yɛnya atenka sɛ Honhom Koronkron no resra yɛn ngo, ɔde N’asɛm rehyɛ yɛn akoma ne yɛn adwene mu ma.
Yɛtumi te sɛ Ɔrekasa kyerɛ yɛn: Menim sɛ ɔtanfo no retu mo so sa a ɛbi nsii da, nanso ma mmo nsuro, mo a mo yɛ nkumaa, MOYƐ ME DEA. Mede Me dɔ, akokoɔduro ɛne tumiyɛ ma mo. Ka Asɛm no kɛkɛ, na mɛyɛ. Me ne mo wɔ hɔ aberɛbiara.
Ɛfa yɛn adesua kɛseɛ wɔ Yesu Kristo adiyie no, yɛwɔ akwanhwɛ kɛseɛ naawɔtwe biara wɔ deɛ ɛdi soɔ a ɔrebɛda nadi akyerɛ yɛn. N’asɛm nkutoo ne yɛn dwanekɔbea, asomdwoe ne awerɛkyekyerɛ. Yɛdɛn y’ɛaso tie, tie bio, tie bio. Nkyekyɛmu baako biara a yɛkan no, yɛpɛ sɛ yɛ tea mu na yɛ keka mu berɛ a Asɛm no reda no adi wɔ yɛn anim no. Ohwim gyedie no reba Ayeforɔ no so, ɛrehyɛ yɛn kra nom ma.
Susu ho sɛ, beaeɛ biara nni wiase a wobɛtumi akɔ, nanso wo nsa ano pɛɛ, na wo tie Onyankopɔn Nne a ɛkasa kyerɛ wo na ɛda N’asɛm adie.
Sɛnea Onyankopɔn yii nkatanim no firii hɔ, twe kɔɔ akyire, na ɔmaa Yohane hwɛɛ mu na ɔhunuu deɛ asafo mfirinhyia biara ɛrebɛyɛ, na ɔtwerɛɛ wɔ Nwoma mu na ɔde berɛɛ yɛn. Na ɛberɛ no wiee duru no, Onyankopɔn somaa Ne bɔfo hoɔdenfoɔ no a ɔtɔ sɔ nson no brɛɛ yɛn sɛ ɔmmɛka, na ɔnna nenkyerɛaseɛ no nyinaa adi.
Yohane twerɛɛ deɛ ohunuuieɛ, nanso na ɔnnim nenkyerɛaseɛ. Na Yesu mpo nnim berɛ a na ɔwɔ asaase so ha yi. Mfirinhyia no nyinaa mu no, obiara nni hɔ a na ɔnim kɔpem ɛnnɛ da yi, saa berɛ yi, saa nkorɔfoɔ yi, YƐN, N’AYEFORƆ.
Sɛnea wada nadi akyerɛ yɛn sɛ saa na nkaneadua nson no ɛretwe wɔn nkwa ne wɔn han afiri akadeɛ a ɛwɔ saa kuruwa no ankasa mu. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛnea ɛmu baako biara de wɔn ntomaban nuu mu. Na asafo mfirinhyia baako biara mu somafoɔ no nam Honhom Koronkron no so redɛre wɔ ne ntomaban a anu Kristo mu, a ɛretwe nkwa pɔtee a ɛwɔ Kristo mu na ɔde saa Ɛhan no rema asafo no. Ɛna afei, yɛn da a ɛtwa toɔ somafoɔ no, ɔkɛse paa a ɔwɔ asomafoɔ no nyinaa mu no, nyaa nkwa korɔ no ara ne ɛhan korɔ no ara a ɛdaa adi wɔ abrabɔ a na ɛne Kristo asuma wɔ Onyankopɔn mu.
Ɛna yɛn bɔfo-hoɔdenfoɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ, na ɛnnyɛ asomafoɔ maako maako no nkutoo ho mfonini na na ɛwɔ hɔ, na MMOM YƐN MU BAAKO BIARA NSO, Onyankopɔn nokorɛ agyedifoɔ. Ɔnam ahwɛgorɔ kwan so agyina hɔ ama yɛn mu baako biara nso.
Yɛn mu baako biara nso yɛretwe firi asomafoɔ no farebea korɔ no ara. Yede yɛn nyinaa anu kuruwa korɔ no ara mu. Yɛawu ama yɛn ho na YƐN nkwanom asuma, abɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.
Sɛnea ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ɔreka sɛ onipa biara ntumi ɛnnyi yɛn mfiri Onyankopɔn nsa mu. Yɛn nkwa ho ɛntumi nte kyema. Yɛn abrabɔ a yɛ hunu no redɛre ɛna ɛrehyerɛn, na ɛrema ɛhan ne Honhom Koronkron no ahodadie. Yɛn mu, abrabɔ a yɛnfa yɛn ani nhunu no asuma wɔ Onyame mu na Awurade Asɛm na ɛma no aduane die.
Ako no yɛ hu. Ɔtamfo no refa abufuo sɛdeɛ ɛbi mmaa da, ɔreyɛ deɛ ɔbɛtumi biara de abu yɛn abam, sɛdeɛ yɛbɛbrɛ, nanso ɔntumi nyɛ. Onyankopɔn no ankasa de nipa ano kasa Kyerɛ yɛn ka sɛ, YƐ YƐ N’AYEFORƆ, A WAYIE, na ɛdi ɔboronsam so ABERƐBIARA.
Yɛn Awurade a ɔwie pɛyɛ, ɔrɛka N’asɛm a Ɛwie Pɛyɛ, ɔde Asomudwoe a Ɛwie Pɛyɛ rema N’ayeforɔ a Ɛwie Pɛyɛ.
Sɛdeɛ aberɛbiara no, yɛ to nsa frɛ ɛwiase sɛ wɔn mfa wɔn ntomaban mɛnu KURUWA PƆTEE, no mu, saa Nkransɛm yi, a yɛakora agu hɔ na yɛabɔ ho ban ama Ayeforɔ no. Yɛbɛma yɛn nne so na yɛatea mu prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne a ɛkasa na ɛda deɛ ɛsiieɛ wɔ: Patmos Anisoadehunu 60-1204E
Onua barima Joseph Branham.