26-0920 Aba Bɔne No

Message: 65-0118 Aba Bɔne No

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ a woyɛ Wɔn mu Baako,

Sɛ nkorɔfoɔ bisa yɛn sɛ:

Asɛmmisa: Woyɛ wɔn mu baako “Press Play” tape nkorɔfoɔ a wɔgye di sɛ Onyankopɔn somaa William Marrion Branham sɛ ɔmmɔ dawuro mfrɛ
Onyankopɔn Ayeforɔ anaa?

Mmuaeɛ: YIW, meyɛ Wɔn Mu Baako.

Asɛmmisa: Wogye Asɛm biara a wɔkaa wɔ saa Tapes no so di anaa?

Mmuaeɛ: Monyi Awurade ayɛ, Meyɛ Wɔn Mu Baako.

Asɛmmisa: Ɛneɛ ɛsɛ sɛ wogye di nso sɛ ɛsɛ sɛ wo Press Play na tie Ne Nne na ama wo ayɛ Kristo Ayeforɔ anaa?

Mmuaeɛ: Animuonyam, ɛno ne onipa pɔtee a me yɛ, ɛno na me yɛ turodoo…Meyɛ Wɔn Mu Baako.

Asɛmmisa: Anyabiaa woreka akyerɛ me, wogye di ampaniampaa sɛ woyɛ Ne Dehyeɛ Aba a Wayie, apaw, ahyɛ ato hɔ firi wiase fapem sɛ wobɛgye N’Asɛm adi, sɛ wobɛyɛ N’Ayeforɔ, na woawie pɛyɛ wɔ N’ani so, bɔne biara nni wo ho, na ɛntumi mma sɛ wɔbɛdaadaa wo kɛkɛ anaa?

Mmuaeɛ: Haleluia, woatwa, ɛno ne me ɔha mu nkyekyɛmu ɔha ne du, ME YƐ Wɔn Mu Baako.

Sɛnea Yesu Ankasa kyerɛ no yɛn na yɛyɛ N’Asɛm nkyerɛaseɛ. Ahennie no mma no. Honhom Kronkron no a wɔada no adie. Aheman no Aseni no wɔ mfirinhyia wei mu.

Monim biribi? Ɛberɛ aso sɛ obiara hunu onii ko nom ankasa a yɛyɛ sɛdeɛ yɛnnya mfomsoɔ biara. Yɛbɛma Onyankopɔn afa Ne diyifoɔ so akasa na waboaboa ne nyinaa ano ama wo.

Saa Tumi korɔ no ara a ɛkasa maa ewiase baaeɛ no wɔ saa nnipa a wɔwɔ Honhom Kronkron no mu.
Saa na ɛteɛ. Mmarima ne mmaa, ɛberɛ aso sɛ yɛhunu nnipa ko a moyɛ. Ɔbonsam rebɔ mmɔden sɛ ɔde wo bɛsie akyire, ɔka kyerɛ wo sɛ woyɛ abomfea adeɛ ketewa bi. Monnyɛ saa. Moyɛ Onyankopɔn mmammarima ne mmammaa.

Nyameyɛ no nni Ɔsoro, Ɛwɔ mo mu. Haleluia!

Mmuaeɛ: Nyameyɛ nni Ɔsoro, ɛte ase na ɛte yɛn mu baako biara mu!

Wɔ adekyeɛ foforɔ biara, ahome biara a yɛhome no, Adiyie a Ɔde ama yɛn a ɛfa nnipa ko a yɛyɛ ho no ɛyɛ kɛseɛ ne kɛseɛ. Yɛn na yɛyɛ Asɛm a ɛteaseɛ a ɛte honam mu no.

Yɛnim wei ɛfiri sɛ Wama yɛn Adiyie no a ɛfa Ɔnii no a Ɔsomaa no wɔ yɛn da yi mu no ho; ɔno a Onyankopɔn Ankasa kaa sɛ Ɔbɛsoma no sɛ ɔmmɛka asɛm na ɔnkyerɛkyerɛ N’Asɛm wɔ Adiyisɛm 22.

Me Yesu na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi weinom ho adanseɛ ma mo wɔ nsɔre no mu.

Ɔsomaa Ne bɔfoɔ: William Marrion Branham, sɛ ɔnkasa wɔ NE NSƆRE mu…M’adamfo ɛno kyerɛ sɛ MOMƆ TAPES NO WƆ MONSƆRE MU.
Ɛno nhia mma adiyie mpo, ɛsɛ sɛ wokenkan kɛkɛ.

Sɛnea Asɛm no kyerɛ no, wei ne ɛberɛ a nnaadaa wɔ mu paa wɔ ewiase abakɔsɛm mu. Nokorɛ ne atorɔ honhom no bɛbɛn ho paa a anka ɛbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no ankasa sɛ ɛbɛyɛ yie a.

Onyankopɔn somaa NE BƆFOƆ kɔmaa nsɔre no. Yɛwɔ Ne Nne wɔ yɛn nsateaa ano. Yɛbɛtumi atie Asɛm biara pɛpɛɛpɛ deɛ Ɔkaeɛ. Ɛnhia mma nkyerɛkyerɛmu anaa nkyerɛase biara, deɛ ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no yɛ ara ɛne PRESS PLAY na GYE DI.

Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, nsesa asɛm ketewa baako anaa agyiraeɛ baako wɔ…tapes no so. Mfa wo nteaseɛ anaa wo nsusuiɛ nto so, tie Me Nne kɛkɛ na gye di. Ɛde bɛsi nnɛ no, ɛno ntumi nyɛɛ yie; nanso ɛnnɛ ɛyɛ ɛfiri sɛ Ɛno yɛ ɔkwan a Onyankopɔn de ama ɛnnɛ.

Ɛnkyɛree koraa na yɛtiee Asafo Mfirinhyia Nson no ɛne sɛnea ɛmu baako biara no, saa ahonhom no sɔree sɛ wɔbɛtwe nkorɔfoɔ no afiri nokorɛ Asɛm no ho. Sɛnea mfirihyia biara mu no, ɔbɔfoɔ no korɔ akyi no, deɛ wɔyɛɛeɛ de nkorɔfoɔ no kɔɔ gyidikasɛm anaa nkyerɛkyerɛ so; wɔn ankasa nkyɛn ɛne onipa adwenkyerɛ.

Ɛnnɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkum yɛn nhyɛsoɔ na wɔka sɛ, “Oo, wɔgye di sɛ tapes no ɛne Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie. Ɛsɛ sɛ wobɔ tapes no ɛwɔ w’asɔredan mu…ɛno yɛ nkwaseasɛm. Onuabarima Branham anka sɛ bɔ tapes no wɔ asɔredan mu. Afei ɛyɛ ɔsom adwuma no nne na ɛsɛ sɛ wotie.”

M’afam no, ɛno ne nsonsonoeɛ aba no! ƐSƐ SƐ MO PRESS PLAY na motie Onyankopɔn Nne wɔ mo nsɔre mu sɛdeɛ Ɛno ne Ɛnne NKUTOO a Onyankopɔn Ankasa ada mu nokorɛ adie. Ɛsɛ sɛ woyɛ setie ma Asɛm biara a Onyankopɔn kaaeɛ.

Me Yesu na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi adanseɛ weinom ɛma mo wɔ nsɔre no mu.

Saa ɔbɔfoɔ a wɔada ne mu nokorɛ adi no kasa wɔ yɛn Asɔre mu, ɛne sɛ meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ɛne N’Ayeforɔ a ɛwɔ wiase afannaa nyinaa no ho na yɛntie saa Ɛnne no ɛwɔ hook-up so prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, na yɛntie: 65-0118 “Aba Bɔne No”

Onuabarima Joseph Branham.