M’adɔfoɔ Ayeforɔ Baabunu a Ɛnkekaeɛ Nni Mo Ho,
Anyabiaa, worenya anigyeɛ wɔ Asafo Mfirinhyia Nson no mu? Onyankopɔn ɛrema N’aYeforɔ nkenyan te sɛ deɛ ɛbi nsii da. Ɔrema yɛn Adiyie bebiree, Gyedie bebiree, ne ahotɔsoɔ bebiree ɛnam sɛ Ɔnim nnipasuo a yɛyɛ, ɛne deɛ yɛreyɛ sɛ yɛne Asɛm no ɛretena, Ne kwan a Ɔde ato hɔ ama ɛnnɛ da yi so.
Afei Ɔka kyerɛ yɛn: “Ɛfiri Kwasiada som no so ɛrekorɔ, wura wo honhom adwendwene mu. Ma Honhom Koronkron no mfɔ no wɔ wo mu na ma wonsa nka honhom mu nteaseɛ wɔ deɛ merebɛyɛ no nyinaa mu. Ɛyɛ M’asɛm Honhom a anyane a Me diyifoɔ a ne ho asɛm wɔ Malaki tri nan no kaaeɛ.
Ma yɛnkenkan na yɛnya Ne Nsɛm no kakra na yɛmfa nkɔ yɛn honhom nteaseɛ fa mu.
Onyankopɔn siesiee Ne kandini a Ɔde Ne Honhom ahyɛ no ma maa Ne Nnipakuo a Ɔde Ne Honhom ahyɛ wɔn ma; Ne bɔfoɔ; na Ɛde edin nsɔano too no so, nanso ɛnsɛ sɛ ɔda nadie. Ɛsɛsɛ ɔma no ka ne tirim, wahu. “Onipa biara nnim gyesɛ ɔno”.
Enti no Onyankopɔn de ɔkandini a honhom ahyɛ no ma maa N’aYeforɔ, kuo a Honhom ahyɛ wɔn ma. ƆKANDINI, ƐNYƐ AKANDIFOƆ ma Ne kuo a Honhom ahyɛ wɔn ma.
Ɛnkyɛre koraa, ɛhan bɔfoɔ kɛseɛ no a ɔbɛba yɛn hɔ no ɛreba wiase, a ɔbɛdi yɛn anim de yɛn akɔ. Honhom Koronkron kɛseɛ, ɛba wɔ tumi mu, na ɛbɛdi yɛn anim de yɛn akɔ Awurade Yesu Kristo hɔ.
Ɛhan bɔfoɔ kɛseɛ. Hwan ne Ɛhan bɔfoɔ kɛseɛ ma saa mfirinhyia a ɛtwatoɔ yi? William Marrion Branham. Ɛnnyɛ Honhom Koronkron no ho asɛm no na Ɔreka. Waba dada na ɔse, a ɔbɛba.
Deɛ ƆBƐDI Y’ƐANIM DE YƐN AKƆ. Yɛnim na yɛgyedi wɔ nokorɛ mu ɛyɛ Honhom Koronkron na ɛredi yɛn anim, nanso Ɔyɛ no pefee sɛ Ɔka Ne bɔfoɔ no ɛne Honhom Koronkron no bɔ mu na Ɔka sɛ Ɔno (Ne Honhom Koronkron) bɛdi yɛn anim (ƐNAM) Ne Han bɔfoɔ kɛseɛ no so.
Ɔtoa so ka wɔn bɔ mu berɛ a Ɔreka sɛ:
Ɛbɛtumi aba sɛ ɔnhunu,
Ɛnnyɛ sɛ Ɔreka sɛ Honhom Koronkron no ɛnhunu ɔno a ɔyɛ, na mmom N’asaase so bɔfo-somafoɔ no a Ɔno ayi no sɛ ƆNI YƐANIM NKƆ no.
Nanso ɔbɛduru ha ɛnna yi mu bi. Ɔbɛyɛ… Onyankopɔn bɛda no adi. Ɛnhia sɛ ɔno ara bɛda ne ho adi, Onyankopɔn bɛda no adi. Onyankopɔn bɛsi Ne Deɛ so gyina.
Bio, ɛnnyɛ sɛ Ɔreka sɛ Honhom Koronkron no bɛba ha ƐNNA YI MU BI, mmom Ne Han bɔfoɔ kɛseɛ a ɔbɛdi N’aYeforɔ anim. Ɛnhia sɛ ɔbɛda Ne ho adie, Onyankopɔn No ara ankasa nam ADIYIE so bɛda Ne kandini kɛseɛ no adi akyerɛ N’aYeforɔ.
Anyabiaa, worenya honhom fa mu nteaseɛ no? Wo hunu deɛ ɔyɛ Ɛhan bɔfoɔ no a Onyankopɔn yii sɛ ɔni N’aYeforɔ anim no? Anyabiaa ɛka no wɔ ha sɛ ɔde batɔn no ama akandifoɔ foforɔ?
Wontumi ntena nkorɔn mmoro wo sɔfo so. Wodeɛ kae wei, hwɛ.
Ɛberɛ a afoforɔnom ɛnte yɛn aseɛ na wɔn tweetwee yɛn no, sɛnea yɛn ani agyeɛ ne aseda turodoo a yɛwɔ ma Adiyie a ɛma yɛka sɛ, William Marrion Branham ƐNE YƐ SƆFOƆ.
Afei ɛnam sɛ nkransɛm yi mu biara kɔma “ɔbɔfoɔ”- (onipa somafoɔ) ne kyɛfa yɛ asodie kɛseɛ ne akwanya nwanwasoɔ.
Ɔde Nkransɛm no kɔmaa Ne bɔfoɔ no, ɛna Ne bɔfoɔ no de ma Ayeforɔ no; ɛnnyɛ sɛ ɔsom dwuma no kɛkɛ, na mmom N’AYEFORƆ NO NYINAA na ɛwɔ Tape so ma ɔbiaa ntie. Wontumi mfa bi nka ho na wontumi nnyi bi mfiri mu, na ƐNHIA NKYERƐKYERƐMU BIARA.
“Ɛnkyɛ koraa Ɔɔba, na sɛ Ɔba a, ɔbɛba wo hɔ kane, na Ɔbɛgyina Asɛmpa no a waka no so na abu watɛn, na yɛbɛyɛ wo nkorɔfoɔ”. Me kaa sɛ, “Wokyerɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ masodie?” Ɔkaa sɛ, “wɔn mu biara. Wɔwoo ɔkandini.”
Sɛ atɛmuda kɛseɛ no ba a, Ɔreba Ne Han bɔfoɔ hɔ kane na Ɔbɛgyina asɛmpa no a ɔkaaeɛ no so abu n’atɛn kane. Yɛyɛ NE NKORƆFOƆ. Yɛn mu biara asodie da no so ɛnam sɛ ɔno na na ɔyɛ Onyankopɔn kandini a wayi no.
Fa wo honhom nteaseɛ to ɛno so. Deɛ Onyankopɔn bɔfoɔ kaaeɛ so na wɔbɛgyina de abu yɛn atɛn. Ne saa nti no, wopɛ sɛ wo de wo daa nkwa to atoprɛ wɔ deɛ obi se ƆKAAEƐ wɔ mmerɛ a wobɛtumi atie afiri ƆNO ara hɔ?
Ɛbɛyɛdɛn na obi agye adi sɛ ƆSOM DWUMA BI HO WƆ MFASOƆ DODOƆ KYƐN DEƐ ƐWƆ TAPE SO NO. Sɛ wogye saa adeɛ no di, anaa sɛ wonam adwene mu nsusueɛ bi so apene agye ato mu a, ɛbɛyɛ ama wo sɛ wo bɛsane w’akyi akɔ MFITIASEƐ ASƐM no so; ɛfirisɛ nsɛm a ɛwɔ tape nom so na ɛrebɛbu watɛn. Ɛne Asɛm no ntena sɛdeɛ ɔkaa No no.
Nanso saa ɔdiifoɔ yi bɛba na sɛdeɛ animkandifoɔ ma mmaeɛ a ɛdikan no teaa mu, “Hwɛ Onyame Adwamaa a ɔde wiase bɔne korɔ no,” saa mpo na akyingyeɛ biaa nni hɔ sɛ ɔbɛtea mu sɛ, “Hwɛ Onyame Adwamaa a, Ɔnam animuonyam mu ɛreba.” Ɔbɛyɛ wei, ɛfirisɛ mpo sɛdeɛ na Yohane yɛ nokorɛ somafoɔ ma wɔn a wayi wɔn no, saa ara nso na wei nso yɛ somafoɔ a ɔtwatoɔ ma wɔn a wayi wɔn ɛne ayeforɔ a, Asɛm awo wɔn no.
Hwan na ɔbɛyi yɛn akyerɛ Awurade Yesu? Ne Han bɔfoɔ kɛseɛ no, WILLIAM MARRION BRANHAM.
Bra, ɛne yɛn mmɛyɛ Ayeforɔ Baabunu a Ɛnkekaeɛ Nni ho, berɛ a yɛtie Ne bɔfoɔ somafoɔ kɛseɛ no sɛ ɔbrɛ yɛn Adiyie bebiree, Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, berɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no wɔ Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankoron aduosia mu. 60-12-07 – “Pɛgamɔ Asafo Mfirinhyia No”.
Onuabarima Joseph Branham.