22-1124 Philadelphia Asafo Mfirinhyia

M’adɔfoɔ Owurayerenom Yesu Kristo,

Ɛdeɛn na saa Kwasiada wei ɛbɛnya ama Yesu Kristo Ayeforɔ no? Ɛdeɛn na Honhom Koronkron no bɛda n’adie akyerɛ yɛn? Nhunumu a ɛwie pɛyɛ. Afei deɛ yɛnam adiyie so bɛnya nteaseɛ mua, adekann no a yɛde toto n’adaneɛ ho no ɛne ade pɔtee no a yɛde toto ne sunsum ho no. Yesu ne nokorɛ Nkwa paanoo no. Ne nyinaa ne Ɔno. Ɔyɛ Onyankopɔn Baako. Ɔyɛ Hebrews tire du mmiɛnsa nkyekyɛmu nwɔtwe. Ɔno ne Me ne nea Me ne.

Kristo, Ɔnam sɛ  Ɔreyi Ne ho adie wɔ honam so, na Ɔrehwie Ɔno ara Mogya, apepa yɛn bɔne nyinaa prɛkopɛ, ɛnam Ne ho a Ɔde bɔɔ afɔreɛ, ne saa nti no afei Wama yɛn awie PƐYƐ. Ne nkwa pɔtee no wɔ yɛn mu. Ne Mogya ate yɛn ho. Ne Honhom hyɛ yɛn ma. N’akyi ntampea asa yɛn yareɛ DADA. N’asɛm wɔ yɛn akoma mu ɛne yɛn anum. Ɛyɛ Kristo a Ɔwɔ yɛn abrabɔ mu na hwee nka ho, ɛberɛ a Ɔno ne N’asɛm akyi no, yɛn abrabɔ mu adeɛ nyinaa yera yɛ adegyengyan.

Anigyeɛ bɛhyɛ yɛn akoma mu ma ɛwɔ ɛberɛ a Ɔka kyerɛ yɛn sɛ ɛnam Ne Nyameyɔ ahyɛdeɛ so no, na Ɔnim nnipa pɔtee a wɔbɛyɛ N’ayeforɔ. Sɛnea  Ɔyii yɛn. Ɔferɛɛ yɛn. Ɔwuuieɛ maa yɛn. Ɔtuaa ɛka no maa yɛn na yɛ yɛ Ne dea, na Ɔno nkutoo. Ɔkasa na yɛ yɛ setie ɛfiri sɛ ɛyɛ yɛn anigyeɛ. Yɛ yɛ N’agyapadeɛ koro na Ɔnni foforɔ bi gyesɛ YƐN. Ɔyɛ yɛn Hene mu Ahene na yɛ yɛ N’aheman. Yɛ yɛ Ne daankwa ahonyadeɛ.

Ɔbɛhyɛ yɛn den na Ɔbɛnam Ne Nne Asɛm so ama yɛn ahyerɛn. Ɔbɛkyerɛkyerɛ mu pefee na wada n’adi sɛ Ɔno ne ɛnwan no Pono no. Ɔne ne Alpha ne Omega mmienu no nyinaa. Ɔyɛ Agya no, Ɔyɛ Ɔba no, na Ɔyɛ Honhom Koronkron no. Ɔyɛ Baako, na yɛne No yɛ Baako na yɛ wɔ Ne mu.

Ɔbɛkyerɛ yɛn boasetɔ, sɛnea Ɔyɛɛ Abraham, wɔ  nkyerɛkyerɛmu a ɛfa sɛnea ɛsɛsɛ yɛde ntoboaseɛ twɛn na yɛmia yɛani sɛ yɛ pɛ sɛ yɛnsa ka bɔhyɛ biara a.

Ɔbɛkyerɛ yɛn pefee ɛda pɔtee mu a yɛ wɔ yi. Sɛnea asafo nkabom kubaatan no bɛnya ahoɔden wɔ amanyɔsɛm  mu, na wɔde ɔhyɛ bɛto aman mpanyinfoɔ so sɛ obibiara ɛni nenhyehyɛeɛ a adane mmara so nkɔdɔm no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnye onipa biara nto mu sɛ nsɔre gyesɛ wɔn badwakuo no wɔ tumidie wɔ wɔn so anaa sɛ wɔnam biribi so nya tumidie wɔ wɔn so. Ɔbɛda nadi sɛnea dodoɔ no bɛgye ato mu, ɛberɛ a wɔredwene sɛ wɔresom Onyame ɛwɔ mmoanokuo no yɛbea no so. Nanso Ɔka kyerɛ yɛn sɛ, “ma ɛnsuro, ɛfirisɛ ɛnnyɛ adeɛ sɛ wɔbɛdaadaa Ayeforɔ no, yɛne N’asɛm no bɛtena,  Ne Nne.”

Sɛnea ɛbɛyɛ awerɛkyekyerɛ sɛ yɛbetie sɛ Ɔka kyerɛ yɛn: “Sɔ mu yie, mia w’ani tɔ kɔ so. Mpa aba, na mmom fa Onyankopɔn akodeɛ no nyinaa  hyɛ, akodeɛ biara, akyɛdeɛ biara a mede ama woɔ da yɛn abam. Ma ɛmma wabamu ɛmmu makoma mu dɔfoɔ, kɔso fa anigyeɛ hwɛ w’anim ɛfirisɛ merebɛbɔ wo abotire, wo Hene mu Ahene ne Awurade mu Awuranom, wo Kunu.

Wo ne me nokorɛ asafo no; Onyankopɔn asɔredan no ankasa ɛnam Me Honhom Koronkron no a Ɔte mo mu no. Mo bɛyɛ fadum wɔ asɔre foforɔ no mu; fapem no ankasa no a ɛbɛkura ɛdan no. Me de wo bɛsi hɔ sɛ nkunimdifoɔ aka asuafoɔ no ne adiyifoɔ no ho, ɛfirisɛ M’amo mo adiyie a ɛfa M’asɛm ho, Me ankasa Me ho.

Ɔbɛda nadi pefee akyerɛ yɛn sɛ na Watwerɛ yɛn din wɔ N’adwamaa Nkwa Nwoma no mu ansa na ɛwiase fapem. Ne saa nti no, yɛbɛtena N’ahenwa no anim adekyeɛ ne adesaeɛ na yɛasom no wɔ N’asɔrefie. Yɛn ne wɔn a Awurade ani ku wɔn ho no; yɛ yɛ N’ayeforɔ.

Yɛbɛnya edin foforɔ wɔ berɛ a yɛrefa Ne din. Ɛbɛyɛ edin a wɔde bɛma yɛn sɛ Ɔfa yɛn ma Ne ho a. Yɛbɛyɛ Ɔno Owurayerenom Yesu Kristo.

Jerusalem foforɔ no firi Onyame mu wɔ ɔsoro aheman mu ɛresiane ba fɔm, Ayeforɔ a wɔasiesie no ama ne kunu. Owuo, awerɛhoɔ, anaa osuu nni hɔ bio. Saa nso na yɛrennya yawdie bio ɛfirisɛ nnoɔma dadaa no nyinaa atwa mu. Onyankopɔn bɔhyɛ nwanwasoɔ no nyinaa bɛhyɛ ma. Nsakraeɛ no bɛwie du. Adwamaa no ne N’aYeforɔ bɛbɔ atenaseɛ wɔ Onyankopɔn pɛyɛ no nyinaa mu daa.

Madɔfoɔ Owurayerenom Yesu Kristo,  SO ƐHO DAEƐ. Ɛbɛyɛ nwanwa akyɛn sɛdeɛ wobɛtumi asusu ho da.

Me to nsa frɛ obibiara sɛ wɔmmɛka yɛn ho saa Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛ Kunu, Yesu Kristo, nam Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson no so kasa na Ɔka wei nom nyinaa kyerɛ yɛn.

Onuabarima Joseph Branham

Nkransɛm: Philadelphia Asafo Mfirinhyia No. Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du afe apem ahankoron aduosia mu.