Nkransɛm: 64-0726E Mmura A Apaepae
- 26-0104 Mmura A Apaepae
- 24-0407 Mmura A Apaepae
- 22-0911 Mmura A Apaepae
- 21-0425 Mmura A Apaepae
- 19-1117 Mmura A Apaepae
- 17-1022 Mmura A Apaepae
- 16-0626E Mmura A Apaepae
Adɔfoɔ A Monom Firi Asutire Asubura Mu,
Buronya paa bi ɛne Afe Afoforɔ nom a yɛanya. Yɛagye atom na yɛabue Onyankopɔn akyɛdeɛ nom a Ɔde akɔma N’Ayeforɔ no so. Y’ɛAkyɛdeɛ a ɛdi kan ne Buronya akyɛdeɛ kɛseɛ paa a wɔde ahyɛ boa mu pɛn. Onyankopɔn no Ankasa kyekyeree Ne Ho hyɛɛ onipa honam mu ɛna Ɔde saa boa-mu-adeɛ no kɔmaa ewiase. Na ɛyɛ N’Akyɛdeɛ kɛseɛ a ɛdikan sɛ Ɔbɛsan de N’Ayeforɔ abɛsi hɔ.
Afei Onyankopɔn de boa mu adeɛ kɛseɛ foforɔ kɔmaa N’Ayeforɔ. Ɔdɔɔ yɛn pii ara ma Ɔba bɛdaa Ne Ho adi wɔ honam mu prɛko-bio sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi akasa afiri ano agu asom akyerɛ yɛn. Ná Ɔpɛ sɛ Ɔno Ankasa ne N’Ayeforɔ no yɛ Bafua.
Ɛna afei, nnamfonom, monnye m’ano nsi bɔne. Ma me mfa anidie mapa a ɛwɔ m’akoma mu nka wei, a menim sɛ deɛ ɛteɛ biara no meyɛ onipa a mewɔ Daa nkwa na mɛgyina Atemmuo anim ɛda bi: Nnipa mpempem pii na wɔrehwere wɔn akyɛdeɛ. Moahu? Wɔntumi nte aseɛ. Na wɔhwɛ, na wɔaaka sɛ, “Oh, ɔyɛ onipa ara kɛkɛ.” ɛno yɛ nokorɛ. Anyabiaa na ɛyɛ Onyankopɔn anaa Mose na ɔgyee nkorɔfoɔ no? Na ɛyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ Mose mu. Moahu? Wɔsuuiɛ pɛɛ ɔgyefoɔ no. Na ɛberɛ a Onyankopɔn somaa ɔgyefoɔ no kɔmaa wɔn no, wɔhweree sɛ wɔbɛhunu, ɛfiri sɛ na ɛnam onipa so, nanso na ɛnyɛ onipa no, na ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔwɔ onipa no mu.
Ɛnnɛ, prɛko bio, nnipa mpempem pii na wɔrehwere wɔn akyɛdeɛ ɛna wɔreka sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wotie tapes no, seesei yɛwɔ mmarimma afoforɔ a wɔasra wɔn ngo”, a ɛyɛ nokorɛ, nanso wɔnhunu sɛ ɛno NKUTOO ne Ɛnne a Onyankopɔn asi no pi, a ɛreka Sɛ Awurade Seɛ nie ɛnam saa ɔbarima no so. Saa Ɛnne no yɛ Onyankopɔn Urim ɛne Thummim, deɛ ɛyɛ Ne Osiwieɛ a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ.
Sɛ yɛretie Ne Nne wɔ tapes no so a na ampa ara yɛrenom afiri Onyankopɔn Asutire Asubura mu, a ɛnhia sɛ yɛbɛ pɔmpe, atwetweatwetwe biara nnim, nkekabom biara nnim, hwammɔdie biara nnim; yɛregye di kɛkɛ na yɛregye yɛn ahome wɔ Asɛm biara a Wɔaka so.
Ɛnam sɛ yɛretie saa Ɛnne no a ɛwɔ tapes no so no, sɛnea Yesu Ankasa kyerɛ no, yɛwɔ nokorɛ adansegyeɛ a ɛfa Honhom Kronkron no ho ɛwɔ yɛn da yi mu.
Enti ɛhɔ na Honhom Koronkron no adanseɛ turodoo no wɔ! Ɔnkaa biribiara a ɛyɛ mfomsoɔ nkyerɛɛ me da. Sɛ, “Ɛno ne Honhom Kronkron no adansegyeɛ, ɛne onii a ɔtumi gye Asɛm no di.” Wobɛtumi agye No.
Onyankopɔn ama yɛn Asutire a yɛbɛtumi anom afiri mu simma biara wɔ ɛda biara. Ɛberɛ nyinaa ɛyɛ foforɔ. Ɛnyɛ biribi a ɛtaa faako bi, Ɛyɛ N’Asutire a ɛnsa da, ɛno ara boa ne ho; wo deɛ ɛwɔ sɛ Press Play kɛkɛ.
Sɛ worekasa afa AKYƐDEƐ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ a, wobɛtumi de w’adwene abubu ampaniampaa sɛnea saa Akyɛdeɛ yi ɛsi yɛ KƐSEƐ? Ɛnam sɛ wo Presse Play kɛkɛ na woretie Ne Nne ɛwɔ tapes so, ɛno nkutoo ne… ƐNNE KORO PƐ a ɛwɔ wiase a wonhia sɔneeɛ, ahuhuamoa anaa biribiara. Deɛ ɛwɔ sɛ wo yɛ ara ne sɛ tie kɛkɛ, gye di, na gye Asɛm biara so Amen.
Onyankopɔn Ankasa de saa kwan yi ama, NE KWAN BAAKO PƐ, sɛ wobɛnya daa nkwa, na mpo deɛ ɛhia dodoɔ paa, SƐ WOBƐYƐ N’AYEFORƆ. Yɛbɛtumi ada Ne kokom kɛkɛ na yɛama yɛn ahoɔden aduane afiri sɛ yɛretie afiri N’Asutire, Ne Nne, El Shaddai a Ɔrekasa akyerɛ N’Ayeforɔ.
Ma afe wei ɛnyɛ afe a Ɔbɛfa yɛn no, N’Ayeforɔ dɔfoɔ no. Yɛnam animhwɛ kɛseɛ so rehwɛ na yɛretwɛn. Ɛnkyɛ koraa yɛbɛhunu wɔn a yɛafe sɛ yɛbɛhunu wɔn no sɛ wɔayi wɔn ho apue. Yɛbɛhunu, wɔ ɛberɛtia bi mu, ani bɛbɔ ateɛ no, na yɛnni ɛhanom, wɔafrɛ yɛn akɔ yɛn anwumerɛ Ayeforɔ Apontoɔ no.
Awurade, sɛnea a yɛhunu sɛ wɔatrɛ saa didi-pono kɛseɛ no mu wɔ hɔ ama saa anwummerɛ aduane no, a ne tenten yɛ borɔfo-kwansini mpempem pii, redi yɛn ho-yɛn-ho anim-hwehwɛ ɛtwam wɔ didi-pono no ho, asraafoɔ dadaa a wɔwɔ akotwa, anigyeɛ mu nnisuo retene ɛsiane fa yɛn anim…Ɔhene no firi adi wɔ N’ahoɔfɛ mu, kronkron-yɛ mu, tu mpasa fa didi-pono no ho na Ɔde Ɔno Ankasa nsa pepa nnisuo no firi yɛn anim, reka sɛ, “Monnsu bio, ne nyinaa kɔ awieɛ. Monwura Awurade anigyeɛ nom no mu”. Ɔbrɛ nom a ɛwɔ kwan no so no renyɛ hwee ɛmma yɛn saa berɛ no, Agya, sɛ yɛduru ɛkwan no awieɛ no a.
Bra bɛka yɛn ho na nom, na nom, na nom firi Onyankopɔn Asutire a Ɔde ama ɛnnɛ no Kwasisda wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu. Ɛhɔ ne beaeɛ KORO PƐ a wobɛtumi adwodwo wo ho koraa na woaka AMEN ama Asɛm biara a woteɛ. Ɛno ne N’Asutire Asubura a Ɔde ama N’Ayeforɔ sɛ ɔnom mfiri mu.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: Kitawonsa da a ɛtɔ so aduonu nsia anwummerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu “Mmura A Apaepae.”
Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no:
Nnwom 36:9
Yeremia 2:12-13
Ɔhoteni Yohane 3:16
Adiyisɛm Etire Du mmiɛnsa.