Dɔfoɔ Onyankopɔn Asɛm A Ɛte Ase,
Mfie wei nyinaa mede asie wɔ m’akoma mu, reyɛ Kristo nkatanim, Ogya Fadum korɔ no ara a ɛkyerɛkyerɛ Asɛm no ase, sɛdeɛ wɔhyɛɛ bɔ no.
Menim sɛ wei bɛyɛ ahoperepereɛ so ama nnipa pii, nanso sɛ wo bɛnya abotarɛ ama Onyankopɔn bɔfo somafoɔ simma kakra bi kɛkɛ a, na wo bisa Onyankopɔn hɔ adiyie pii a, megye di sɛ ɔno, ɛnam Onyankopɔn mmoa ɛne N’Asɛm so, ɛna sɛnea N’Asɛm kyerɛ no, ɔde Ɔno bɛba w’anim ha yi ara. Onyankopɔn, a Ɔreyi Ne nkatanim na Ɔreda Ne Ho adi, a Ɔrekyerɛkyerɛ aseɛ na Ɔreda N’Asɛm adi.
Nkanyan paa a akɔ so wɔ bosome a ɛtwaa mu yi mu wɔ Yesu Kristo Ayeforɔ no mu. Onyankopɔn, a Ɔreyi Ne ho Nkatanim sɛdeɛ ɛbi nsii da, a Ɔrekasa kyerɛ N’akoma mu dɔfoɔ, Ɔne No redi dɔ, Ɔrema No ahotɔsoɔ, Yɛne No yɛ Baako.
Ɛnan ase twentwɛn biara nnim, deɛ ɛnsi pi biara nni mu, akyinyeɛ biara nni mu, adwene mu naayɛ ho sunsum mpo nni hɔ; Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn: Onyankopɔn Nne a Ɔrekasa wɔ tapes so no yɛ ONYANKOPƆN KWAN A ƐWIE PƐYƐ A ƆDE AMA N’AYEFORƆ ƐNNƐ.
Ɔmaa saa kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho ɛnhia sɛ yɛbɛsɔne so, ɛnhia nkyerɛkyerɛmu, ɛnhia nkyerɛaseɛ, saa ara nso na nnipa mfa wɔn nsa nsosɔ mu wɔ ɔkwan biara so; Tie Onyankopɔn Nne korɔgyenn a Ɛrekasa ano gu yɛn mu baako biara asom kɛkɛ.
Na Ɔnim sɛ ɛda wei reba. Na Ɔnim sɛ saa Mana a ahinta no nkutoo na N’Ayeforɔ no bɛtumi adi, Ne nwan aduane. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛte biribiara gye Onyankopɔn Nne a ɛfiri Onyankopɔn Ankasa hɔ.
Yɛabɔ awura saa nkatanim no mu akɔ Shekinah animuonyam no mu. Ewiase ntumi nhunu Ɛno. Ɛbia yɛn diyifoɔ no ɛnka ne nsɛmfua no yie. Ɛbia ɔnsiesie ne ho yie. Ɛbia na ɔnhyɛ asɔfoɔ ntadeɛ. Nanso saa onipa wedeɛ no akyi no, ɛmu hɔnom na Shekinah animuonyam no wɔ. Ɛmu hɔ na tumi no wɔ. Ɛmu hɔ na Asɛm no wɔ. Ɛmu hɔ na kyerɛ paanoo no wɔ. Ɛmu hɔ na Shekinah animuonyam no wɔ, a ɛyɛ Ɛhan no a ɛma Ayeforɔ no bere no.
Na ɛnkɔsi sɛ wobɛwura mu wɔ saa sukraman wedeɛ no akyi no, ɛnkɔsi sɛ wobɛpue afiri wo wedeɛ dadaa no mu, wo nsusuiɛ dadaa no, wo gyedie dadaa no, na woaba Onyankopɔn Animpa no; afei Asɛm no bɛyɛ ateasedeɛ kann ma wo, afei na wɔabue w’ani akɔ Shekinah animuonyam no mu, afei Bible no bɛyɛ nwoma foforɔ, afei Yesu Kristo te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Wote N’Animpa, redi kyerɛpaano a ɛwɔ hɔ saa da no ma agyidifoɔ, asɔfoɔ nkutoo. “Na yɛyɛ asɔfoɔ, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, nnipa soronko, rebɔ honhom mu afɔreɛ ama Onyankopɔn.” Nanso ɛsɛ sɛ woba bɛwura mu, kɔ nkatanim no akyi, sɛ wobɛhunu Onyankopɔn a wɔayi Ne nkatanim no. Na wɔayi Onyankopɔn nkatanim no, ɛne sɛ N’Asɛm ada adi.
Ewiasefoɔ afam no, yɛyɛ wɔn a wɔatom, nanso yɛwɔ abotɔyam sɛ yɛhunu onii ko a Ɔyɛ yɛn Bolt na ɛyɛ ahohoahoa ma yɛn sɛ yɛyɛ Ne tape nuts, a wɔde N’Asɛm asina yɛn, ɛberɛ a ɛtwe yɛn kɔ Ne nkyɛn no.
Sɛ wɔmfaa tapes no ɛnsinaa mo a, mo nsɛ hwee sɛ dosopuo a mfasodeɛ ɛnni mu!!!
Afei, hyɛ no nso saa ɛberɛ yi, Onyankopɔn! Yesu kaa sɛ, “wɔn a Asɛm no baa wɔn nkyɛn no, wɔfrɛɛ wɔn ‘anyame’”, na ɛyɛ adiyifoɔ. Afei, ɛnyɛ sɛ na onipa no ankasa yɛ Onyankopɔn, na ɛnyɛ deɛ ɛsene sɛ Yesu Kristo nipadua no yɛ Onyankopɔn. Ná ɔyɛ onipa, na Onyankopɔn de no yɛɛ nkatanim wɔ N’akyi.
Da koro bi, Onyankopɔn kataa N’anim wɔ sukraman wedeɛ nom akyi. Da koro bi Onyankopɔn, de onipa honam yɛɛ nkatanim a na wɔfrɛ no Melchisedec. Onyankopɔn, de onipa honam yɛɛ nkatanim a na wɔfrɛ no Yesu. Onyankopɔn, de onipa honam yɛɛ nkatanim a na wɔfrɛ no William Marrion Branham. Onyankopɔn, de nnipa honam yɛɛ nkatanim a wɔfrɛ no N’AYEFORƆ.
Ɛho hia paa sɛ wobɛkae, nanso dodoɔ no ara di ntwo na wɔrehwehwɛ biribi foforɔ. Adeɛ a ɛtwa toɔ a Abraham hunuueɛ no, adeɛ a ɛtwa toɔ a ɛsiieɛ ansa na ogya no tɔɔeɛ na ɛbuu Amanaman mu wiase no atɛn, ansa na bɔhyɛ ba no baaeɛ, adeɛ a ɛtwa toɔ a Kristofoɔ asafo no bɛhunu kɔpem sɛ Yesu Kristo bɛyi Ne ho akyerɛ no yɛ Melchisedec, Onyankopɔn a Wada Ne ho adi wɔ honam mu, Ɔreda N’asɛm adi akyerɛ N’Ayeforɔ.
Biribi foforɔ biara nni hɔ a ɛbɛba. Biribi foforɔ biara nni hɔ a wɔahyɛ ɛho bɔ wɔ N’Asɛm mu. Ɔbarima biara nni hɔ, anaasɛ mmarima kuo a wɔbɛba abɛma Ayeforɔ no awie pɛyɛ.
Daabi! Wɔpɛ sɛ wɔba ha ɛba asɔre ɛbɛnya deɛ ɛwie pɛyɛ no. Moahu? Sɛ yɛn—yɛnya fekubɔ wɔ yɛn ho yɛn ho wɔ asɔre ha, nanso deɛ ɛwie pɛyɛ no ba yɛn ɛne Onyankopɔn ntam. Kristo Mogya no ɛne deɛ ɛma yɛwie pɛyɛ wɔ Honhom Kronkron no mu.
Saa Nkransɛm yi, Saa Ɛnne yi, Onyankopɔn Asɛm a wɔasi no pi no, rema Kristo Ayeforɔ no awie pɛyɛ.
Meto nsa frɛ mo mu baako biara sɛ mo mmra ɛne yɛn mmɛtie Onyankopɔn Ɛnne ɛberɛ a ɛma N’Ayeforɔ wie pɛyɛ Kwasiada wei prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Ayɛwohumumɔ da a ɛtɔ so du nson wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu, “Kristo A Wɔada No Adie Wɔ Mfirinhyia Nyinaa Mu.”
Onuabarima Joseph Branham.
Twerɛnsɛm a ɛsɛ sɛ wokenkan ansa na Nkransɛm no:
Deuteronomium 18:15.
Zekaria 14:6
Malachi 3: 1-6 .
Ɔhoteni Luka 17: 28-30 .
Ɔhoteni Yohane 1:1 / 4:1-30 / 8: 57-58 / 10:32-39 .
Hebrifoɔ 1:1 / 4:12 / 13:8.
Adiyisɛm 22:19 .