Dɔfoɔ Tape Ayeforɔ,
Afei mo nkorɔfoɔ a mo wɔ tapes no mu.
Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi afiri aseɛ ada asekyerɛ a ɛwɔ saa nsɛmfua nketewa nsia yi mu adi ama yɛn, Yesu Kristo Ayeforɔ no? Ɛyɛ Adiyie a ɛwɔ ɛdɔn yi mu Nkransɛm ma yɛn. Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔnam ne bɔfoɔ somafoɔ so rekasa akyerɛ N’Ayeforɔ, “Menim sɛ mo ne Me Nnne bɛtena. Menim deɛ M’Asɛm a ɛwɔ saa tapes yi so bɛkyerɛ ama mo. Menim sɛ mobɛnya Adiyie sɛ saa Nkransɛm yi a Maka wɔ tapes no so no yɛ M’Agyinamudeɛ a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ.”
“Mede Me Nne ato saa magnetic tapes yi so; na ɛsɛ sɛ saa Nkransɛm yi ɛma Asɛm no nyinaa ba awieɛ. Ɛbɛba sɛ mpempem mmɔho mpempem na wɔbɛte Me Nne wɔ tapes no so na wɔbɛnya Adiyie sɛ wei ne Me som adwuma. Ɛyɛ Honhom Kronkron a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ. Ɛyɛ M’Agyinamudeɛ Nkransɛm”.
“Masoma asomfoɔ nokwafoɔ pii wɔ wiase nyinaa sɛ wɔnkɔbɔ Me som adwuma no ho dawuro. Ɛberɛ a wɔsan baeɛ no, wɔka kyerɛɛ Me, Yɛadi W’ahyɛdeɛ nom no so ɛnam bɔ a yɛrebɔ Wo tapes no. Yɛnyaa nnipa a wɔgyee Asɛm biara diieɛ. Wɔayɛ wɔn ankasa fie asɔredan a wɔde bɛgye Wo Nkransɛm no. Yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, dodoɔ a na wɔbɛba W’Agyinamudeɛ ase no, ɛdɔn no mu Nkransɛm no, bɛnya nkwagyeɛ.’”
Aduru ɛberɛ a ɛsɛ sɛ onipa biara hwehwɛ ne mu na ɔbisa ne ho sɛ, ɛnnɛ yi ɛdeɛn na ɛyɛ Onyankopɔn akwan a ɛwie pɛyɛ? Odiyifoɔ no Asɛm no ɛnnii ntwo wɔ ɛberɛ baako. Wɔada ɛmu nokorɛ adi sɛ ɛno NKUTOO ne nokorɛ no, adeɛ NKUTOO a ɛbɛka N’Ayeforɔ abom.
Deɛ ɔkaaeɛ biara no asi pɛpɛɛpɛ sɛnea ɔkaa no no. Ogya Fadum no da so ara ne yɛn wɔ ha. Onyankopɔn Nne no da so ara rekasa kyerɛ yɛn wɔ tapes no so. Ɛnkyɛree na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛberɛ nkutoo a Onyankopɔn bɛtwam yɛ ɛberɛ a ɔhunuu Agyinamudeɛ no. Ɛyɛ Ahoyerayera berɛ ma obiara sɛ ɔbɛhyɛ saa Agyinamudeɛ Nkransɛm no ase.
Yɛahunu Onyankopɔn Nsa kɛseɛ no wɔ saa awieɛ berɛ yi mu. Wama yɛn N’Asɛm mu nokorɛ Adiyie no na aba wɔ Agyinamudeɛ nsɛnkyerɛnne no ase. Afei, ɛberɛ a yɛwɔ Agyinamudeɛ nsɛnkyerɛnne no ase no, momma yɛnka yɛn ho mmom na yɛmfa ahoyerayera nkɔ Awurade Adidie no; ɛfiri sɛ yɛnim sɛ Onyankopɔn reyɛ ahoboa de adwudwam wɔ atɛmmuo mu.
Mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ mo mu biara sɛ ɔntie na ɔnya Awurade Adidie ne Ɛnan Ase Hohorɔ som saa Kwasiada yi, ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a wɔato din: Ahoyerayera. Ɔkaa no Ɛbɔ bosome no ne da a ɛdikan anwumerɛ wɔ Afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.
Nkransɛm no ɛne Awurade Adidie som no bɛba Voice Radio so a ɛhyɛ aseɛ friri anwummerɛ nɔn num ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu. Anidie mu ma wo bo ntɔ wo yam na yɛ wo som nɔn num wɔ wo mpɔtam hɔ berɛ mu sɛ wo pɛ a, sɛnea menim no, ɛbɛyɛ den ama yɛn amannɔne agyedifoɔ pii sɛ wobɛfiri wɔn som ase saa berɛ no. Wɔbɛma link bi a ɛkɔ ɔsom no downloadable file so.
Onuabarima Joseph Branham.
Twerɛnsɛm a wobɛkenkan ansa na ɔsom no:
Exodus 12:11.
Yeremia 29:10-14 .
Ɔhoteni Luka 16:16.
Ɔhoteni Yohane 14:23.
Galatifoɔ 5:6.
Ɔhoteni Yakobo 5:16.