25-0615 Kristo Ayeforɔ No Nkabom A Aniwa Nhunu

Nkransɛm: Kristo Ayeforɔ No Nkabom A Aniwa Nhunu 65-1125

BranhamTabernacle.org

Awuraba Dɔfoɔ A Onyankopɔn Ayi Wo,

Ɔkwan biara ɛnna ho, wo ne Onyankopɔn Honhom mu awosuo, N’adwene mu nsusueɛ nom a ada adi, na na wo wɔ Ne mu ansa na ewiase fapem.

Yɛntumi nkɔ akyiri, yɛte sɛ aburo korɔ no ara a ɛkɔɔ fam no pɛpɛɛpɛ. Yɛyɛ Yesu korɔ no ara, wɔ Ayeforɔ no tebea mu, a yɛwɔ tumi korɔ, Asafo korɔ, Asɛm korɔ no ara a nkwa wɔ mu na ɛte ase wɔ yɛn mu ɛreyɛ akɔduru etire, AYƐ KRADO AMA OHWIM NO.

Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛnam honhom mu wuo so, yɛatete yɛn ho afiri yɛn nkabom a ɛdi kan no ho, na seesei wɔawo yɛn bio, anaasɛ wɔasan agye yɛn awareɛ, akɔ yɛn honhom mu nkabom foforɔ no mu. Yɛn abɔdeɛ mu asetena dadaa ɛne ewiase nneɛma no nni hɔ bio, mmom Daa Nkwa. Aba a na ɛwɔ yɛn mu wɔ mfitiaseɛ no, ahunu yɛn!

Ɛdeɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ yɛn nwoma dadaa no de yɛn nkabom dadaa no afiri hɔ kɔ, yɛde kɔ baabi foforɔ. SEESEI ɛwɔ Onyankopɔn “Nwoma Foforɔ ” mu; ɛnyɛ nkwa nwoma no… dabi, dabi, dabi… mmom wɔ Adwammaa no Nkwa Nwoma no mu. Deɛ Adwaammaa no gyeeɛ no. Ɛyɛ yɛn awareɛ adansedie krataa, baabi a yɛn mu aba a ɛnni awieɛ no ɛtim no.

Woasiesie wo ho? Ɛno na ɛba no. Ɛbɛyɛ ama wo sɛ wobɛti wo ho na yɛ krado sɛ wo bɛyɛ dede na woateɛm animuonyam, Hallelujah, yi Awurade ayɛ, ato-mmienu ɛne ɔsoro ma.

“ Wopɛ sɛ woka kyerɛ me sɛ me nwoma dadaa no a ɛwɔ me mfomsoɔ nyinaa, ntwo a madie nyinaa…”
Onyankopɔn de too N’Awerɛfie Ɛpo no mu, na ɛnyɛ sɛ wɔde wo bɔne akyɛ wo nko ara, mmom wɔabu wo bem…animuonyam! “wɔabu wo bem.”

Na ɛdeɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ani so no, woanyɛ mpo da.
Wogyina Onyankopɔn anim a wo wie pɛyɛ. Animuonyam! Yesu, Asɛm no, faa wo gyinabea. Ɔbɛyɛɛ wo, sɛnea ɛbɛyɛ a wo, ɔdebɔneyɛni a wo ho nteɛ no, woabɛyɛ Ɔno, ASƐM NO. Yɛn ɛne ASƐM no.

Ɛno ɛma yɛyɛ N’aba nketewa a Ɔyi too hɔ firi mfitiaseɛ no. Yɛyɛ Asɛm a yɛreba Asɛm so, Asɛm so, Asɛm so, Asɛm so, na yɛreba Kristo tebea su mua sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi aba abɛfa yɛn ayɛ N’Ayeforɔ.

Ɛdeɛn na ɛrekɔ so MPREMPREN yi?

Ɛyɛ Kristo Ayeforɔ no Nkabom a Aniwa Nhunu a ɛreboaboa wɔn ano firi ewiase afanaa nyinaa.
“Wei kɔ ɔman no nyinaa so. Wɔ New York, seesei du-baako apa ho miiti aduonu-num. Ɛkɔ Philadelphia soro hɔ no ɛne deɛ atwa ho ahyia no, saa ahotefoɔ dɔfoɔ a wɔtete hɔ ɛretie saaberɛ yi no, wɔ nsɔrensɔre a atwa ho ahyia no. Ɛkɔ soro, ɛba fam atwa Mexico ho ahyia, ɛtwa ɛsoro hɔ hyia wɔ Canada ɛne ɛhɔ nyinaa hyia. Borɔfo kwansini ahaanu baabibiara a ɛwɔ Amerika Atifi fam asasepɔn no so wɔ ha no, ɛkame ayɛ sɛ, nnipa wɔ so a wɔretie mprempren yi ara. Nnipa mpempem mmɔho mpempem ɛretie.

Na ɛno ne me Nkransɛm ma mo, Asafo, mo a moyɛ nkabom, honhom mu nkabom ɛnam Asɛm no so.

Ɔkaa sɛ ɛyɛ Kristo ne N’Asafo no honhom mu nkabom, na ƐREKƆ SO SEESEI ARA . Honam ɛreyɛ Asɛm, na Asɛm no ɛreyɛ honam. Yɛada yɛn ho adi, na yɛasi yɛn pi; pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ Bible no kaa sɛ ɛbɛsi ɛda wei mu no, na ɛrekɔ so saa ɛberɛ yi, ɛda biara da wɔ yɛn mu baako biara mu.

Onyankopɔn rebɛnya Asafo a nkekaeɛ nni mu. N’Asɛm, Ayeforɔ, nokwafoɔ, kann.
Yɛn na YƐYƐ Awurade Yesu Kristo AWURAA A WƆAYI NO.

Owura, Ɛyɛ Ɛberɛ Bɛn?

“Yɛanya adiyie no a ɛwɔ ɛnna a ɛdi akyire yi mu no, ɛma Awurade Nyankopɔn Nkransɛm no a ɛbɛboaboa N’Ayeforɔ ano abom. Mfirinhyia biara nni hɔ a Wɔahyɛ no bɔ. Wɔahyɛ ho bɔ wɔ saa mfirinhyia yi mu: Malaki etire nan, Luka tire du nson nkyekyɛmu aduasa, Ɔhoteni Yohane tire du-nan nkyekyɛmu du-mmienu, Yoel tire mmienu nkyekyɛmu aduasa nwɔtwe. Saa bɔhyɛ nom no te sɛnea Yohane Osubɔni no daa ne ho adi wɔ Twerɛnsɛm no mu ara pɛ.

Hwan na ɔhyɛɛ saa Twerɛnsɛm yi nom ma?

Ne bɔfo hoɔdenfoɔ a ɔto so nson, William Marrion Branham. Ɔnam nsususoɔ no so na Ɔyɛɛ no Ɛberɛ nyinaa. Ɔnam nsususoɔ no so ayɛ no ɛberɛ biara. Ɔsan yɛ bio wɔ yɛn da yi mu, Ɔreferɛ na Ɔreboaboa N’Ayeforɔ a nkakaeɛ nni wɔn ho no ano wɔ ɛda a ɛtwa toɔ no mu ɛnam Ne diyifoɔ so.

Animuonyam berɛ paa a Ayeforɔ no renya. Anoboaboa biara yɛ kɛseɛ ne akɛseɛ na ɛyɛ dɛ ɛne dɛɛdɛɛdɛ.
Ɛberɛ a ɛte sɛ wei ɛmmaa da. Akyinnyegyeɛ nyinaa ayera.

Bra bɛka yɛn ho ɛberɛ a yɛtie yɛn da yi mu bɔhyɛ Asɛm no ɛkasa, na ɛkyerɛ yɛn nnipa ko a yɛyɛ ɛne deɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn da yi mu. Kristo Ayeforɔ No Nkabom A Aniwa Nhunu 65-1125.

Onubarima Joseph Branham

Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Mateo 24:24.
Ɔhoteni Luka 17:30 / 23:27-31.
Ɔhoteni Yohane 14:12.
Asomafoɔ Nnwuma 2:38 .
Romanfoɔ 5:1 / 7:1-6 .
2 Timoteo 2:14.
1 Yohane 2:15.
Genesis 4:16-17 / 25-26 .
Daniel 5:12
Joel 2:28
Malaki 4