25-0608 Ɔkwankyerɛfoɔ

Nkransɛm: 62-1014E Ɔkwankyerɛfoɔ

PDF

BranhamTabernacle.org

Ayeforɔ Kuo Dɔfoɔ,

Afei Onyankopɔn asoma N’akwankyerɛfoɔ ɛberɛbiara, ɛberɛbiara nni hɔ a Ɔnni ɔkwankyerɛni, ɛwɔ mfirinhyia no nyinaa mu. Ɛberɛbiara Onyankopɔn anya obi a ɔgyina N’ananmu wɔ asase yi so, wɔ mfirinhyia nyinaa mu.

Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn nteaseɛ anaa onipa nsusueɛ nom biara so. Ɛno nti na Ɔde Ɔkwankyerɛni berɛ N’Ayeforɔ no; ɛfiri sɛ ɔwɔ nteaseɛ, sɛnea wobɛkɔ ɛne deɛ wobɛyɛ. Onyankopɔn NSESAA Ne nhyehyɛeɛ DA.  Ɔmmuu so da sɛ Ɔbɛsoma Ɔkwankyerɛni aberɛ Ne nkorɔfoɔ, nanso ɛsɛ sɛ wogye saa ɔkwankyerɛni no tom.

Ɛsɛ sɛ wogye Asɛm biara a Ɔnam Ne Kwankyerɛni so ɛka no di. Ɛsɛ sɛ wokɔ no sɛnea Ne Kwankyerɛni no ka sɛ kɔ no. Sɛ ɛba sɛ woretie  na woregye nne afoforɔnom di sɛ wo kwankyerɛni a, woreba abɛyera kɛkɛ.

Ɔhoteni Yohane etire du nsia ka sɛ na Ɔwɔ nneɛma pii a Ɔbɛka akyerɛ yɛn na wada no adi akyerɛ yɛn, ɛne sɛ na Ɔbɛsoma Ne Honhom Kronkron no ama wakyerɛ yɛn kwan na waka akyerɛ yɛn. Ɔkaa sɛ Honhom Kronkron no ne odiyifoɔ kwankyerɛni ma mfirinhyia biara. Ɛne sɛ, wɔsomaa N’adiyifoɔ no sɛ wɔnnyina Honhom Kronkron no ananmu ɛnkyerɛ N’Ayeforɔ kwan.

Wɔsoma Honhom Kronkron no sɛ Ɔmmɛdi Asafo no anim, ɛnyɛ mmarima kuo bi. Honhom Kronkron no ɛne nyansa nyinaa. Mmarima yɛ kyenkyenekyee, ɛmfa-meho.

Ɛnyɛ ɔbarima no, mmom Honhom Kronkron no a Ɔwɔ saa barima no MU no. Ɔbarima a Ɔyii sɛ Ɔbɛgyina Ɔno ankasa ananmu na wayɛ yɛn asase so ɔkwankyerɛni no, na yɛn Soro Ɔkwankyerɛni no di n’anim no. Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛdi saa Ɔkwankyerɛni no akyi. Ɛmfa ho ne deɛ yɛdwene, deɛ ɛtɔ aso mu, anaa deɛ ɔbarima foforɔ bi ka, yɛnni ho kwan sɛ yɛbɛpɛnsempɛnsem mu,  ɛyɛ ɔkwankyerɛni no nkutoo.

Onyankopɔn soma Ɔkwankyerɛni, na Onyankopɔn pɛ sɛ wokae sɛ ɛno ne N’akwankyerɛni a wapaw no.

Onyankopɔn apaw yɛn diyifoɔ ɔkwankyerɛni no sɛ ɔnka N’Asɛm. N’asɛm YƐ ONYANKOPƆN ASƐM. Odiyifoɔ kwankyerɛni no, na ɔno nkutoo, na ɔwɔ Asɛm no mu ɔsoro nkyerɛaseɛ.  Onyankopɔn kaa N’Asɛm firii ano guu n’aso mu. Ɛne sɛ, wontumi nnye akyinnyeɛ, ɛnsesa, anaa sɛ ɛnnyɛ adwene mu mpɛnsempɛnsem mu wɔ wo Kwankyerɛni no Asɛm ho da.

Ɛsɛ sɛ wodi N’akyi, na, Ɔno nkutoo. Sɛ woannyɛ saa a, wobɛyera. Kae sɛ, sɛ wo gya No hɔ a, Onyankopɔn Ɔkwankyerɛni a wɔapaw no no a, wo nam Kwantenkorɔ, ɛnti yɛpɛ sɛ yɛbɛn ɔkwankyerɛni a Ɔpaww no no, na yɛtie na yɛdi Asɛm biara a Ɔnam ne so ka no so.

Yɛn Kwankyerɛni no akyerɛkyerɛ yɛn sɛ na Apam dadaa no yɛ sunsum ma Apam foforɔ no.

Ɛberɛ a Israel firii Misraim ɛrekɔ bɔhyɛ Asase so no, ɛwɔ Exodus 13:21 no, na Onyankopɔn nim sɛ wɔntuu saa kwan no bi da. Na ɛyɛ borɔfo kwansini aduanan pɛ, mmom nanso na wɔhia biribi a ɛne wɔn bɛkɔ. Na anka wɔbɛyera wɔn kwan. Enti Ɔno, Nyankopɔn, soma de Ɔkwankyerɛni berɛɛ wɔn. Exodus 13:21, biribi a ɛte sɛ wei “Mesoma Me Bɔfoɔ wɔ mo anim, Ogya fadum no, sɛ Ɔbɛkora mo wɔ kwan so”, sɛ Ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ saa bɔhyɛ asase yi so. Na Israel mma no dii saa Ɔkwankyerɛni no akyi, Ogya Fadum no (anadwo), Mununkum adekyeɛ. Ɛberɛ a ɛgyinaaeɛ no, wɔgyinaeɛ. Ɛberɛ a Ɛtuu kwan no, wɔtuu kwan. Na ɛberɛ a Ɔde wɔn bɛɛnn asase no so no,  na wɔmfata sɛ wɔbɛkɔ hɔ no, Ɔsan dii wɔn anim kɔɔ ɛserɛ no so bio.

Ɔkaa sɛ ɛno ne ɛnnɛ yi Asafo no. Anka yɛakɔ dadaada sɛ na yɛatenetene yɛn ho kɛkɛ na yɛte nhyehyɛe mu a, nanso akɔba sɛ ɛsɛ sɛ Ɔdi yɛn anim twa yɛn ho, na yɛtwa yɛn na yɛtwa yɛn ho.

Na ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn kwankyerɛni no akyi kɛkɛ ɛberɛ a ƆDII Ogya Fadum no akyi na Ɔtie firii Ogya Fadum no hɔ no. Ɔkaa deɛ Onyankopɔn kaaeɛ kyerɛɛ wɔn na na ɛsɛ sɛ wɔdi Asɛm biara a ɔkaaeɛ so. Ná ɔyɛ Ɔkwankyerɛni no Nne. Nanso wɔbisabisaa ɛne Ɔkwankyerɛni a na Onyankopɔn apaw no no gyee akyinnyeɛ,  ɛne sɛ, wɔdii akɔneaba wɔ ɛserɛ no so mfie aduanan.

Ná asomfoɔ pii wɔ Mose nna no mu. Na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔmmoa nkorɔfoɔ no, sɛnea Mose ntumi nyɛ ne nyinaa no. Nanso na wɔn asɛdeɛ ne sɛ wɔbɛsan wɔn akyi de wɔn nsa bɛtene deɛ Mose kaaeɛ no so akyerɛ nkorɔfoɔ no.  Bible no nka biribiara a saa mmarima no kaeɛ no, Ɛka deɛ Mose kaeɛ nkutoo sɛ ɛno ne Asɛm no a ɛkyerɛ nkorɔfoɔ no kwan.

Ɛberɛ a Onyankopɔn yii Mose firii hɔ no, wɔhyɛɛ Yosua sɛ ɔnni nkorɔfoɔ no anim, a ɛnnɛ yi ɛgyina hɔ ma Honhom Kronkron no.

Joshua anka asɛm foforɔ biara, saa ara nso na wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa Mose gyinabeae, saa ara nso na wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ deɛ ɔkwankyerɛni no kaeɛ no ase; Ɔkenkanee deɛ Mose kaeɛ no ara kɛkɛ na ɔka kyerɛɛ nkorɔfoɔ no sɛ, “Mo ne Asɛm no ntena. Mo ne deɛ Mose kaaeɛ no ntena”. Ɔkenkanee deɛ Mose kaaeɛ no nko ara.

Hwɛ ɛnnɛ da yi nsɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ.  Onyankopɔn nam Ogya Fadum so sii Mose pi. Ogya Fadum korɔ no ara so na wɔnam sii yɛn diyifoɔ no pi. Na Nsɛm a Mose kaaeɛ no yɛ Onyankopɔn Asɛm na wɔde guu Adaka no mu. Onyankopɔn diyifoɔ no kasaeɛ wɔ yɛn nna yi mu na wɔde Ɛno guu tape so.

Ɛberɛ a wɔyii Mose firii hɔ no, wɔhyɛɛ Joshua sɛ ɔnni nkorɔfoɔ no anim ɛnam sɛ ɔrekora Nsɛm a Mose kaaeɛ wɔ wɔn anim no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnye nni na wɔn ɛne Asɛm biara a Onyankopɔn Ɔkwankyerɛni no kaaeɛ no ntena.

Joshua kenkanee deɛ Mose twerɛeɛ  no Asɛmfua biara pɛpɛɛpɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu ɛberɛ nyinaa. Ɔde asɛm no sii wɔn anim ɛberɛ nyinaa. Asɛm a ɛwɔ hɔ ma yɛn nna yi mu no, wɔantwerɛ,  mmom wɔkyere guu ahoma so sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron no bɛtumi ama N’Ayeforɔ no ate deɛ Ɔkaeɛ no mu Asɛmfua biara  pɛpɛɛpɛ ɛnam Pressing Play so

Onyankopɔn nsesa Ne nhyehyɛeɛ da. Ɔno ne yɛn Kwankyerɛni. Ne Nne ne deɛ ɛrekyerɛ N’Ayeforɔ kwan na ɛreka wɔn bɔ mu  ɛnnɛ. Yɛpɛ sɛ yɛtie yɛn Kwankyerɛni no Nne nko ara ɛberɛ a Ɛnam Ogya Fadum no so Ɛdi yɛn anim no. Ɛyɛ Kristo Ayeforɔ no nkabom a aniwa nhunu no. Yɛnim Ne Nne.

Sɛ yɛn kwankyerɛni no ba asɛnkadua no akyi a, Honhom Kronkron no tɔ no so na ɛnyɛ ɔno bio, mmom yɛn Kwankyerɛni no. Ɔma ne tiri so wɔ wiem na ɔteɛm, “Sɛ Awurade Seɛ Nie, Sɛ Awurade Seɛ Nie, Sɛ Awurade Seɛ Nie!”

 Na Kristo Ayeforɔ no mu biara a ɔwɔ wiase nyinaa ba ne nkyɛn pɛɛ. Adɛn? YƐNIM YƐN KANDIFOƆ NO SƐNEA ƆKASA NO ARA PƐ.

Yɛn Kwankyerɛni yɛ  Asɛm No.

Asɛm No ba Odiyifoɔ no hɔ.

Odiyifoɔ no nko ara ne Onyankopɔn ɔsoro nsɛm asekyerɛni; N’asaase so kwankyerɛni.

Tena Asɛm no akyi! Oh, yiw, owura! Ɛne saa Ɔkwankyerɛni no ntena. Tena N’akyi pɛɛ. Nkɔdi N’anim, wo deɛ tena N’akyi. Ma Ɛno nni w’anim, ma ɛnkɔdi N’anim. Wo deɛ ma No nkɔ.

Sɛ wompɛ sɛ wobɛyera a, bra bɛtie yɛn Kwankyerɛni no ɛberɛ a Ɔnam N’asase so ɔkwankyerɛni a wapaw no no so ɛkasa saa Kwasiada wei prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu.

Onuabarima Joseph

 Branham .

Nkransɛm: 

62-1014E — Ɔkwankyerɛni .

Twerɛnsɛm: .

Ɔhoteni Marko 16:15-18 .

Ɔhoteni Yohane 1:1 / 16:7-15 .

Asomafoɔ Nnwuma 2:38 .

Efesofoɔ 4:11-13 / 4:30 .

Hebrifoɔ 4:12.

2 Petro 1:21.

Exodus 13:21.