Nkransɛm: 60-0522M Abayɛ #3
Ɔbaabunu Dɔfoɔ A Efi Nkaa Wo,
Sɛ yɛ press play a, ɛyɛ ɛwoɔ a ɛwɔ ɔbotan mu, ɛyɛ anigyeɛ a wɔntumi nka, ɛyɛ nhyira mu ahotɔsoɔ, ɛyɛ sɛkyɛ ma yɛn kra, ɛyɛ yɛn anidasoɔ ne nyinasoɔ, ɛyɛ Tete Botan no, ɛyɛ biribiara a ɛyɛ papa, ɛyɛ Onyankopɔn Kwan a Ɔde ato hɔ ama ɛnnɛ da yi.
Ɛsiane sɛ yɛ Press Play nti, Onyankopɔn Nne agye yɛn awareɛ; asi yɛn asiwa ama Kristo, sɛ Ɔbaabunu a Efi nkaa no ama N’Asɛm. Yɛwɔ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Baako pɛ, Ɛnne Baako, Odiyifoɔ Baako, a ɔnam Honhom Kronkron so ɛredi yɛn anim.
“Nanso wei ne asafo no, merekyerɛkyerɛ mo. Wei ɛkɔ Tape so. Mepɛ sɛ nnipa a wɔtie tapes no ɛkae sɛ wei ɛkɔ ma m’asafo.
Sɛnea wɔasi no pi ama yɛn sɛ yɛ wɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu. Tapes no wɔ hɔ ma n’asafo. Ɔrekyerɛkyerɛ yɛn. Ɔreka akyerɛ yɛn, tie tapes no.
Ɔhyɛɛ Abayɛ nnidisoɔ yi aseɛ ɛberɛ a na ɔreka deɛ asie nnafua kakra bi a ɛtwaa mu ansa no. Afei, wɔ Nkransɛm biara mu no, ɔkasa fa ɛberɛ a na wakɔ nsakyeraeɛ mu no. Sɛnea ɛsɛ sɛ ɛhia sɛ ayeforɔ no ɛte deɛ ɛsiieɛ ɛne deɛ Ayeforɔ no ka kyerɛɛ no no.
Wɔnam yɛn diyifoɔ no Asɛm a ɔkaaeɛ de guu tapes so maa yɛn no so na ɛbɛbu no atɛn.
Ayeforɔ no a wɔwɔ ɔfã foforɔ no ka kyerɛɛ no sɛ yɛn Awurade bɛgye no atom. Afei ɔde yɛn bɛkyerɛ No sɛ ne som adwuma no nkonimboɔ nom, afei yɛbɛsan akɔ asase so bio akɔtena daa.
Asɛm biara a yɛteɛ no yɛ puduo a ɛsom boɔ. Yɛkɔ so yɛ Ho torɔtorɔm na yɛ yɛ Ho torɔmtorɔm kɛkɛ ɛberɛ a Ɔda pii adi ɛberɛ a yɛkenkan deɛ wɔafira no ntoma no.
Sɛnea yɛdɔ sɛ yɛbɛka Ho asɛm akyerɛ yɛn nua mmarimanom ne yɛn nua mmaa nom, “Anyabiaa wotee wei?”
“Ɔyii yɛn wɔ Ne mu ansa na yɛnyaa ewiase bi mpo” Ɛno ne yɛn apɛgyadeɛ. Onyankopɔn yii yɛn, ɛna Ɔmaa Yesu baaeɛ bɛtuaa ɛboɔ no. Sɛ deɛn? Ne mogya a ɛhwie guuiɛ no, na wɔammu bɔne biara antia yɛn. Ɛnnyɛ deɛ wo yɛ biara.
Afei, ɛno akyi pɛɛ no, wotee wei ase?
“Kronkron, kronkron, kronkron, mma Awurade.” Yɛn ani kyerɛ Kalvari, na biribiara nni hɔ a ɛbɛsi wo kwan! W’abrabɔ mu nanteɛ ankasa no, wonam Ɔhene no Kwantenpɔn no so, a wɔde Ngo a ɛsomboɔ asra woɔ, ɛrekɔ Kronkron mu kronkronbea. Hwew! Amen.
Ná yɛte sɛ Aaron poma no ara pɛ, poma dadaa bi a awoɔ a wakura no mfie aduanan wɔ ɛserɛ no so. Nanso seesei ɛnam sɛ yɛn adeda wɔ saa Kronkron Beaeɛ hɔ ɛnam sɛ yɛretie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛrekasa akyerɛ yɛn wɔ tapes no so no, yɛafefɛ ɛna yɛayɛ frɔmfrɔm, a Ne Honhom Kronkron ahyɛ yɛn ma, na yɛyɛ N’Ayeforɔ ɛreteɛteɛm dendennden:
- kronkron, kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, tapes no na ɛdikan wɔ yɛn akoma mu.
- Kronkron, kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, Ɔyii yɛn ansa no wɔreto ewiase fapem.
- Koronkron, kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, yɛn na yɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ no.
- Kronkron, kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, deɛ obi bɛka biara nsesa hwee, ɛnyɛ adeɛ sɛ yɛresan yɛn akyi wɔ tape bɔ mu, yɛrebɔ pii.
- Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, yɛde yɛn ani akyerɛ Calvary, na biribiara nni hɔ a ɛreba abɛsi yɛn kwan.
M’ani agye yie sɛ me ne dodoɔ a ɛwɔ ha a wɔnim sɛ Wei ne Onyankopɔn Asɛm a mfomsoɔ nni ho no bɛka yɛn akoma abom. Afei Ɛno, Ɛyɛ Asɛm biara ɛne Nokorɛ no, Ne mu Asɛm biara, Ne fã biara. Na ɛnam Onyankopɔn adom so, wama manya akwanya ahunu Asase no a da bi yɛbɛtu kwan akɔ so no.
Bra bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a odiyifoɔ no fa Asɛm biara na ɔtɔkɔso ɛyɛ Ho torɔtorɔm.Ɔbɛfa Ɛno de akɔ Genesis na wayɛ Ho torɔtorɔm, na wafa de akɔ exodus na wayɛ Ho torɔtorɔm bio, na mpo Ɔde akɔ Adiyisɛm; Na Ɛmu adeɛbiara yɛ Yesu!
Onubarima Joseph Branham
Nkransɛm:
Abayɛ ɔfa a ɛtɔ so mmiɛnsa 60-0522M .
Twerɛnsɛm:
Mateo 28:19.
Yohane 17:7-19.
Asomafoɔ Nnwuma 9:1-6, Etire 18 ɛne Etire 19 .
Romanfoɔ 8:14-19 .
1 Korintofoɔ 12:12-13 .
Galatifoɔ 1:8-18 .
Efesofoɔ Etire Baako .
Hebrifoɔ 6:4-6, 9:11-12 .