25-0309 Ɛkwan A Ɛda Asafo Mfirinhyia Nson No Ɛne Nsoano Nson No Ntam

Adɔfoɔ A Wɔasan De Mo Abɛsi Mo Gyinabea,

Me mmerɛ da sɛ mɛtie Onyankopɔn nne a ɛrekyerɛ yɛn onipa ko a yɛyɛ, baabi a yɛfiri, baabi a yɛrekɔ, adedie a yɛdie, ɛne sɛnea Ɔdɔ yɛn bebiree.

Honhom mu asɔfodie, adehye man, ɛrebɔ honhom afɔreɛ ma Onyankopɔn, aba a ɛfiri wɔn ano, a wɔde ayɛyie ɛremma Ne din.” Nnipa— bɛn paa ara ni! Ne nsa aka wɔn.

Awerɛkyekyerɛ ne asomdwoeɛ a yɛwɔ nko ara a ne sɛ yɛretie Onyankopɔn Nne a ɛrekasa akyerɛ yɛn, afei sɛ yɛde mmuaeɛ bɛma Agya ɛnam honhom mu afɔrebɔ a yɛde yɛn anofafa so aba, de  ayɛyie ɛrema Ne Din no.

Ewiase wei nyinaa ɛresi apinie. Abɔdeɛ ɛresi apinie. Yɛresi apinie na yɛretwɛn Awurade mmaeɛ no. Ewiase wei nni hwee ma yɛn. Yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛfiri ha na yɛakɔ yɛn Ayeforɔhyia Anwummerɛ Apontoɔ ne Daakye Fie, yɛne Ɔno ne wɔn a wɔ wɔ Hɔ dada no nyinaa, wɔ ɛberɛ twamu-tam no akyi pɛɛ, ɛretwɛn yɛn.

Momma yɛnsɔre na yɛnwoso yɛn ho! Yɛnkanyan yɛn tiboa, yɛnma yɛn ho so wɔ deɛ ɛrekɔ so mprempren yi ɛne deɛ ɛrebɛsie mpofirim wɔ anibɔtɛtɛ so.

Ɛbi nsii wiase abakɔsɛm mu da sɛ atumi aba sɛ Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa, bɛboa wɔn ano wɔ berɛkorɔ pɔtee no ara mu, sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn Nne a ɛrekasa na Ɔreda N’Asɛm adi akyerɛ N’ayeforɔ no.

Agyidifoɔ, bisa wo ho sɛ, ɛnne bɛn, ɔsomfoɔ bɛn, onipa bɛn, na ɔbɛtumi aboa Kristo Ayeforɔ no nyinaa ano abom?  Sɛ woyɛ Kristo Ayeforɔ a, wonim sɛ Ɛnne foforɔ biara nni hɔ kɛkɛ gye Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no.

Yiw, Honhom Kronkron no wɔ yɛn mu biara mu, asafo no dwumadibea biara, nanso Onyankopɔn no ankasa ka kyerɛɛ yɛn sɛ Ɔnam N’asɛm so na Ɔbɛbu wiase atɛn. Ayeforɔ no nim sɛ N’asɛm no ba Ne diyifoɔ no nkyɛn. Ne diyifoɔ no nko ara ne N’Asɛm no nkyerɛaseɛfoɔ a ɔfiri soro. Deɛ ɔkaaeɛ no, wontumi mfa bi nka ho anaasɛ wontumi nnyi bi mfiri mu. Ɛyɛ Asɛm no, a ɛwɔ tapes so no, na wɔde bɛbu yɛn nyinaa atɛn, na ɛnyɛ asɛm foforɔ biara anaasɛ saa Asɛm no nkyerɛaseɛ.

Ɛntumi nyɛ yie sɛ ɛnne foforɔ biara bɛka Ayeforɔ no abom. Onyankopɔn nne a ɛwɔ tapes no so nkutoo na ɛbɛtumi aka N’Ayeforɔ no abom. Ɛno ne Asɛm nkutoo a Ayeforɔ no nyinaa bɛtumi agye atom. Ɛno ne Ɛnne koro pɛ a Onyankopɔn ankasa  asi so dua sɛ Ɛyɛ Ne Nne ma N’Ayeforɔ no. Ɛsɛ sɛ N’ayeforɔ no kɔ Adwene  Baako mu ne Nteaseɛ Baako na ama wɔ ne No atena.

Som nwumadie no bɛtumi asom, akyerɛkyerɛfoɔ bɛtumi akyerɛkyerɛ, asɔfoɔ bɛtumi ayɛ asɔfo nwuma, nanso Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no na ɛsɛ sɛ ɛyɛ Ɛnne  a Ɛho hia paa sɛ wɔde bɛsi nkorɔfoɔ no anim. N’akyi no, hwee nni hɔ ma Ayeforɔ no.

Sɛ wowɔ ɛno ho adiyie a, ɛnneɛ wei ne deɛ ɛrebɛsie.

Asɛm no kyerɛ yɛn sɛ Adam hweree n’agyapadeɛ, asase no. Ɛfirii ne nsam kɔɔ nea ɔtɔn de maaeɛ, Satan. Ɔtɔɔn ne gyidie wɔ Onyankopɔn mu, maa aba a ɛwɔ Satan adwenkyerɛ mu. Ɔhweree biribibiara a ɛwɔ mu maa Satan nsa sɔɔ mu. Ɔgyaae mu firi ne nsam kɔɔ Satan nsam.

Onyankopɔn yɛ ewiase  Nyankopɔn, baabibiara, nanso na Ne ba, Adam, wɔ ɔno ankasa tumidie wɔ asase yi so. Na ɔtumi kasa, ɔtumi to din, ɔtumi ka, na ɔtumi ma abɔdeɛ gyina, na ɔtumi  yɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Ná ɔwɔ asase so tumidie mua a ɛkorɔn.

Adam hweree ne nyinaa, nanso animuonyam nka Onyankopɔn, deɛ ɛfirii ne nsa na ɔhwereeɛ nyinaa no, yɛn Busuani Gyefoɔ no agye, ɛnnyɛ obi foforɔ biara gye Otumfoɔ Nyankopɔn, a Ɔbɛyɛɛ Emmanuel, yɛn mu baako. AFEI, ƐYƐ YƐN DEA.

Yɛyɛ ne mmamarima ne ne mmamaa a yɛbɛdi ahennie na yɛne No ayɛ ahene ne asɔfoɔ. Yɛne No wɔ daa nkwa ɛne wɔn a yɛdɔ wɔn nyinaa. Yareɛ biara nni hɔ bio, awerɛhoɔ biara nni hɔ bio, owuo biara nni hɔ bio, daa nkwa a ɛnni awieɛ nko ara.

Sɛ yɛdwene ɛno ho a, yɛbɛyɛ dɛn ama ɔbonsam abrɛ yɛn ase? Ɛyɛ yɛdea, ɛnkyɛ koraa ɛhɔ na y’ɛani kyerɛ. Wama yɛn adekɛseɛ paa  a Ɔbɛtumi de ama yɛn. ƐNNA KAKRA BI AKYI  YƐN NKONIMDIE KƐSEƐ A ƐDA Y’ƐANIM no nam ntɛm so ɛremene nna kakraa yi mu sɔhwɛ ne nsɔhwɛ no.

Yɛgyedie nnyɛɛ kɛseɛ sei da. Y’ɛanigyeɛ no nkɔɔ soro  sei da. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ ɛne baabi a yɛrekɔ. Yɛnim sɛ yɛwɔ Nepɛ a ɛwie Pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛne N’asɛm ɛretena. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ne sɛ yɛne tapes no bɛtena na yɛagye Asɛm biara adi; Ɛnyɛ sɛ yɛte ne nyinaa ase, MMOM GYE ASƐM BIARA DI….na YƐGYE DI!

Gyidie nam otie so na ɛba, Asɛm no tieɛ so. Asɛm no ba Ɔdiyifoɔ no hɔ. Onyankopɔn Kaaeɛ. Onyankopɔn twe guu ahoma so. Onyankopɔn daa No adi. Yɛtie. Yɛgye Di.

Ɛnam Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so nkutoo na wobɛtumi anya saa adiyie yi.

Deɛ Kristo bɛyɛ wɔ awieɛ no nyinaa bɛda adi ama yɛn nawɔtwe wei, wɔ Nsɔano Nson no mu, sɛ Onyankopɔn bɛma yɛn kwan a. Wahu? Ne nyinaa yɛ. Wɔbɛda no adi. Na wɔada no adi, ɛberɛ a Nsɔano no ano ɛtete na wɔde ɛrema yɛn, ɛno na afei yɛbɛtumi ahunu sɛdeɛ saa ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ yi teɛ, ɛne ɛberɛ korɔ ne ɛkwan a ɛbɛfa so ayɛ.  Ne nyinaa ahinta wɔ saa ahintasɛm nwoma yi mu wɔ ha. Wɔama so, de Nsɔano Nson asɔ ano, ne saa nti no, Adwamaa no nkutoo na Ɔbɛtumi atete ano.

Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu no, Ayeforɔ no fã bi a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa bɛtie Onyankopɔn Nne  ɛbɛrɛ korɔ mu. Yɛde yɛn mpaebɔ ɛne sɛ yɛresom No no bɛma ahum atu wɔ ɔsoro. Meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ a yɛtie: Ɛkwan A Ɛda Asafo Mfirinhyia Nson No Ɛne Nsoano Nson No Ntam. Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔgyefoɔ bosome no ne da a ɛtɔ so du nson anwumerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu

Yɛsrɛ-Sɛ mo mma mo werɛ mfi nawɔtwe wei awieɛ ɛberɛ nsakraeɛ a ɛwɔ Jeffersonville no.

Onuabarima Joseph Branham .