25-0126 Adiyisɛm, Ɛtire  Enum Ɔfa A Ɛtɔ So Mienu

Adɔfoɔ A Wɔwɔ Ahomegyeɛ Mu, 

Nokorɛ nie Awɔ berɛ papapaa a ɛwɔ yɛabrabɔ mu nie. Awurade mmae no abɛn pɛɛ. Wɔde Honhom Kronkron no asɔ y’ɛano; Onyankopɔn nsɔano a yɛagye atom sɛ biribibiara a Kristo wuuieɛ maaeɛ no yɛ yɛn dea. 

Seesei yɛwɔ yɛagyapadeɛ no ho ahotɔsoɔ, Honhom Kronkron no. Ɛno ne ahotɔsoɔ no, ntoaseɛ sika-tua no, sɛ wɔagye yɛn ahyɛ Kristo mu no. Yɛregye yɛn ahome  wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ nom mu, a yɛreda N’awia hann mu ɛreka yɛn ho hye; N’asɛm a wɔasi so dua, ɛretie Ne nne.  

Ɛyɛ yɛn nkwagyeɛ no mu ahotɔsoɔ. Yɛnni ɔhaw sɛ yɛrekɔ hɔ anaasɛ daabi, YƐREKƆ! Ɛyɛdɛn na yɛhunu saa? Onyankopɔn na Ɔkaa saa! Onyankopɔn hyɛɛ ɛho bɔ na yɛanya ahotɔsoɔ no. Yɛnsa anya aka na Kristo agye yɛn atom.

Ɔkwan biara nni hɔ a yɛnam so bɛtwe yɛn ho afiri Ɛho…nokorɛ nie, yɛwɔ hɔ! Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛtwɛn kɛkɛ; Wasiane a Ɔreyɛ Busuani -Gyefoɔ adwuma no mprempren yi. Yɛwɔ Ɛho ahotɔsoɔ mprempren yi. Yɛretwɛn ɛberɛ a ɔbɛsan aba abɛfa yɛn kɛkɛ. Afei, ɛberɛtia bi mu, anibɔtɛtɛso no, yɛn nyinaa bɛkɔ ayeforɔhyia anwumme-duane apontoɔ no ase.

Wo deɛ dwene deɛ ɛda yɛn anim ma yɛn no nyinaa ho. Ne nyinaa ntumi nkɔ yɛn adwene mu. Da biara da Ɔreda N’asɛm no pii adi, Ɔrema yɛn ahotɔsoɔ sɛ saa bɔhyɛ akɛseɛ weinom nyinaa yɛ yɛn dea.

Ɛwiase ɛregye gu; ogyahyehyeɛ nom, asaasewosoɔ nom, ɛne basabasayɛ wɔ baabiara, nanso wɔgye di sɛ wɔwɔ Agyenkwa foforɔ a ɔbɛgye ɛwiase nkwa, na ɔde wɔn yieyɔ mfirinhyia no bɛba. Yɛagye yɛn Agyenkwa no dada na yɛte yɛn yieyɔ mfirinhyia mu. 

Seesei Ɔresiesie yɛn ama Adiyie bebiree mpo ɛberɛ a yɛrebɛwura adiyisɛm ɛtire a ɛto so num no mu no. Ɔresiesie beaeɛ wɔ ɛha ama Nsoano Nson no anobue. Sɛnea Ɔyɛeɛ wɔ Adiyisɛm ɛtire baako no mu no, ɛrebue kwan ama Asafo Mfirinhyia Nson no.

Ɛdeɛn na ɛnna a aka wɔ awɔberɛ yi mu no wɔ ma Ayeforɔ no? Momma yɛnikan nhwɛ anim kakraa bi:

Seesei, menni berɛ. Me twerɛ too hɔ, nsɛm bi a ɛfa ho wɔ ha, nanso yɛn nhyiamu a ɛdi hɔ no ansa na yɛbɛtumi akɔ wei mu…Ɛbia me firi m’akwamma mu ba a anaa ɛberɛ foforɔ bi mu no, mepɛ sɛ menya saa Daniel naawɔtwe aduɔson yi na mede bɔ mu wɔ ha pɛɛ,  na mekyerɛ no baabi a ɛde kɔ Pentecose  ahosɛpɛ afahyɛ no, na ɛde no san ba saa nson pla-… nsɔano nson a wɔbɛbue ano wɔ ha ansa na yɛakɔ, na akyerɛ sɛ aduru awieɛ, weinom…

Ɛberɛ nwanwasoɔ paa ara a Awurade de ato hɔ ama N’Ayeforɔ. Ɔreyi Ne ho adi wɔ N’asɛm mu akyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbi nsii da. Ɔrehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛyɛ wɔn a Wayi wɔn no a Ɔreba abɛfa wɔn no. Ɔreka kyerɛ yɛn sɛ yɛwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ no mu ɛnam sɛ yɛne Ne Nne ɛretena, ɛne N’asɛm.

Ɛdeɛn na yɛreyɛ? Ɛnyɛ adeɛ baako, ahomegyeɛ ara kɛkɛ! Yɛretwɛn! Adwumaden biara nni hɔ bio, biribi a ɛha adwene biara nni hɔ bio, YƐREGYE YƐN AHOME WƆ ƐSO!

Bra ɛne yɛn ɛmɛgye ahome wɔ  Kwasiada wei prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne a WASISODUA no de nkransɛm no a ɔkaa no Ayɛwohomumɔ bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu no: 

“Adiyisɛm, Ɛtire  Enum Ɔfa A Ɛtɔ So Mienu “.

Onuabarima Joseph Branham