25-0112 Adiyisɛm, Etire Nan Ɔfa Ɛtɔ So Miɛnsa

M’adɔfoɔ A Wɔnni Awieɛ,

Ɛberɛ aso sɛ yɛyi y’ɛakodeɛ ntakrakyɛ  to hɔ na wura wo honhom adwendwene mu, ’firi sɛ Onyankopɔn ɛresiesie Ne ho sɛ Ɔde N’Asɛm mu Adiyie pii bɛma N’Ayeforɔ.

Ɔbɛda ahintasɛm a atwam no nyinaa adi akyerɛ yɛn. Ɔbɛka deɛ ɛrebɛsi daakye nyinaa no akyerɛ yɛn. Deɛ afoforɔ a wɔwɔ Bible mu nyinaa hunuuiɛ anaa wɔteeɛ kɛkɛ no, Ɔbɛda N’asɛm ɛne ɛmu nkyerɛkyerɛmu nketenkete biara adi akyerɛ yɛn.  

Yɛrebɛtie na yɛanya Bible mu agyinahyɛdeɛ nom nteaseɛ: Ateasefoɔ, Ahwehwɛ Po, Gyata no, Nantwie ba no, Onipa no, Ɔkɔdeɛ no, Mmɔborɔhunu Adwa no, Awɛmfoɔ, Mpanyinifoɔ, Ɛnne, Aboa, Mmoa Yɛbea.

Yɛbɛte na yɛanya Apam Dadaa no mu awɛmfoɔ no nyinaa ho nteaseɛ. Yuda: Apueɛ fam ɔwɛmfoɔ no; Efraim: Atɔeɛ fam ɔwɛmfoɔ no; Rueben: Anaafoɔ fam ɔwɛmfoɔ no; ɛne Dan: Atifi fam ɔwɛmfoɔ no. 

Biribibiara ntumi mma saa mmɔborɔhunu adwa no ho baabi a ɔntwa mu wɔ saa mmusuakuo no ho. Gyata no, ɔnipa nyansa no; Nantwibedeɛ: adwuma pɔnkɔ; Ɔkɔdeɛ: N’ahoɔhare. 

Sɛnea Ɔsoro, asase no, wɔ ntam, ɛne deɛ atwa ho ahyia nyinaa, na wɔyɛ awɛmfoɔ. Na n’atifi no yɛ Ogya Fadum no. Biribiara anka saa mmɔborɔhunu adwa no a, antra saa  mmusuakuo no.

Afei Apam Foforɔ no wɔ awɛmfoɔ: Mateo, Marko, Luka ɛne Yohane, a wɔrekɔ wɔn anim tẽẽ. Gyata na ɔwɛn apueɛ pono no, Ɔkɔdeɛ a ɔtuo no na ɔwɛn atifi pono, Yohane, ɔsɛmpakafoɔ no. Afei ɔduruyɛfoɔ a ɔwɔ ɔfã wei, ɔbarima Luka, no. 

Nsɛmpa nan no de Twerɛnsɛm biara wɛn Pentekoste Nhyira no de gyina deɛ wɔkaaeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Na afei ɛnnɛ yi, asomafoɔ no Nnwuma no de Nsɛmpa nan no di adanseɛ sɛ Yesu Kristo te sɛ deɛ Ɔteɛ ɛnora ɛnɛ, ne daa. 

Sɛ deɛ Onyankopɔn asra no kann no kasa a, Ɛyɛ Onyankopɔn Nne! Yɛpɛ sɛ yɛteam kɛkɛ sɛ, “Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade!”

Ɔkwan biaa nni hɔ a wobɛfa so atwe wo ho afiri Ɛno ho. Nokorɛ nie, yɛntumi ntwe yɛn ho mfiri Ɛno ho, ɛfiri sɛ ɛntwe Ne ho ɛmfiri yɛn ho. Wɔasɔ y’ɛano akɔsi yɛn gyeɛ Da. Biribiara nni hɔ daakye, biribiara nni hɔ mprenpren yi, amanenya,  ɔkɔm, sukɔm, owuo, anaa BIBIARA, a ɛbɛtumi atete yɛn afiri Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ho. 

Ansa na ɛwiase fapem no, wɔde yɛn din hyɛɛ Adwammaa Nkwa Nwoma no mu sɛ yɛbɛhunu Saa Hann YI, sɛ yɛbɛgye Saa Ɛnne yi, sɛ yɛbɛgye  Saa Nkrasɛm yi adi, sɛ yɛn nsa bɛka Honhom Kronkron a Ɛwɔ hɔ ma yɛn da no na yɛanante mu. Ɛberɛ a wɔkumm Adwammaa no, wɔde YƐN DIN hyɛɛ Nwoma no mu ɛberɛ korɔ no ara a wɔde Adwammaa no Din hyɛɛ mu no. ANIMUONYAM!!

Enti no, biribiara ntumi ntente yɛn mfiri saa Nkrasɛm yi ho. Biribiara ntumi ntete yɛn mfiri saa Ɛnne no ho. Biribiara ntumi ɛnye Asɛm yi mu Adiyie no mfiri yɛn nsam. Ɛyɛ yɛn dea. Onyankopɔn frɛɛ yɛn na Ɔyii yɛn na ɔde yɛn too hɔ. Adeɛ biara yɛ yɛn dea, Ɛyɛ yɛn dea. 

Ɔkwan baako pɛ na ɛwɔ hɔ a wobɛfa so anya weinom nyinaa. Ɛsɛ sɛ wode Asɛm no nsuo hohoro wo ho. Ɛsɛ sɛ wote Asɛm no ansa na woatumi awura mu wɔ Ɛhɔ. Na ɔkwan baako pɛ na wobɛfa so akɔ Onyankopɔn nkyɛn, ɛno ne Gyidie. Na Gyidie nam ɔteɛ so na ɛba, Onyankopɔn Asɛm tie, a ɛda adi firi kronkron mu Kronkronbea no mu kɔ mfirinhyia no mu somafoɔ no hɔ.

Enti, ɛha no, asafo mfirinhyia no mu bɔfoɔ no ɛrekyerɛ wɔ saa nsuo  no mu Ɔnii ko a ɔwɔ mu ha a ɔreda N’ahummɔborɔ, N’asɛm, N’atɛmmuo, Ne Din adi. Ne nyinaa da adi wɔ ɛhanom a woate wo ho ɛnam sɛ wo gye Ɛno die. Wo te aseɛ?

Ma ɛnyae Tape nom tie no, ɛne Ɛno ntena kɛkɛ. Hwehwɛ mu wɔ Asɛm no mu na hwɛ sɛ Ɛyɛ ampa a. Ɛyɛ Onyankopɔn Kwan a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ yi. 

Bra bɛka yɛn ho wɔ Awɔ Berɛ yi mu ɛberɛ a yɛka yɛn ho abɔ mu firi ɛwiase afannaa nyinaa na yɛtie Onyankopɔn Nne ɛda N’asɛm adi akyerɛ N’Ayeforo sɛdeɛ ɛbi nsii da. Ngosra biara nni hɔ a ɛsõ kyɛn sɛ wobɛmia play na woatie Ne Nne.

Ɛfiri m’akoma mu tɔnn, mɛtumi aka sɛ: M’ani agye yie sɛ mɛtumi aka sɛ me ne mo mu biaa yɛ Wɔn Mu Baako. 

Ɔnuabarima Joseph Branham.

Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu- “Adiyisɛm, Etire Nan Ɔfa Ɛtɔ So Miɛnsa”.

Prɛmtoberɛ: Jeffersonville berɛ mu.