26-0308 Ɛnnɛ Da Yi Na Twerɛsɛm Yi Aba Mu

Nkransɛm: 65-0219 Ɛnnɛ Da Yi Na Twerɛsɛm Yi Aba Mu

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Ɔdehyeɛ Aba A Ɛkorɔn,

Ɛberɛ a yɛde ahopepereɛ atwɛn na yɛn kɔn adɔ no adu. Yɛaduru. Yɛhu sɛ ani reda hɔ wɔ yɛn ani so. Da biara nkɔmhyɛ rehyɛ ma, na yɛbɛtumi aka sɛ: SAA DA YI SAA TWERƐSƐM YI AHYƐ MA WƆ YƐN ANI SO.
Nkanyan paa a ɛnam Adiyie so rekɔ so wɔ Ayeforɔ no ho. Nkransɛm baako biara a yɛtie no, yɛte nka wɔ yɛn akoma ne yɛn kra nom mu, “Ɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ kɛseɛ na ɛyɛ nwonwa biara, Awurade?” Afei Ɔba yɛn ntam prɛko bio na wabɛma yɛn ngosra ɛberɛ a yɛtie Ne Nne ɛfrɛ yɛn na Ɛka sɛ, “Mo yɛ M’akoma mu Dɔfoɔ. Meyii Mo sɛ Mobɛyɛ M’Ayeforɔ. Sɛnea mehyɛɛ Mo bɔ no, Merebɛfa Mo. Menam Me kwan so. Ɛnkyɛ Yɛbɛbom wɔ Ɛnni-awieɛ mu”

Yɛteɛteɛm firi wiase afannaa nyinaa, a yɛretu ahum wɔ Ɔsoro de yɛn hallelujah nom, Animuonyam nom, ayeyie nom, ɛne ɔsom a yɛde ma No no. Satan adi nkuguo. Agya ayi yɛn adwene mu naayɛ nyinaa, deɛ yɛwɔ a na ɛnsisipi nyinaa, deɛ na yɛbubu wɔ yɛn adwene mu afiri hɔ. Yɛbɛtumi de yɛn akoma ne yɛn kra nyinaa abɔ dawuro sɛ, YƐN na YƐYƐ Abraham Adehyeɛ Aba a Ɛkorɔn no. Adehyeɛ Ayeforɔ ma Adehye-bɔhyɛ Ba no.

Awurade animpa no ayɛ nwanwasoɔ yie ɛberɛ a Ɔda N’Asɛm adi kyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbi nsii da. Ɔde N’Asɛm aka N’Ayeforɔ no abom, na Ɔde yɛn awura Adwene baako ɛne nteaseɛ baako mu sɛ ɛkoro bafua, retie Onyankopɔn Nne a ɛkasa na ɛnam N’Asɛm so ma yɛn ɛwie pɛyɛ.

Nkransɛm baako biara a yɛtie no te sɛ asutire a ɛrepu ba wɔ yɛn kra mu; ɛretu, ɛrepia, ɛrehuru foforɔ ɛfiri Onyankopɔn Ahenwa no so. Yɛrenom na yɛrenom na yɛrenom, rema yɛn kra nom ahoɔden.

Me Nuammarima ne Mmaa, yɛn na yɛyɛ Twerɛsɛm a ɛka sɛ Ɔbɛnya Asɛm Ɔbaabunu Ayeforɔ no a ahyɛ ma no. Yɛyɛ: Saa da yi saa Twerɛsɛm yi ahyɛ ma.

Onyankopɔn Ankasa firii Ɔsoro kasa kyerɛɛ Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no na Ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ wɔsomaa Yohane Suboni sɛ ɔnkɔdi Kristo Mmaeɛ a ɛdi kan no anim no, saa ara na wo Nkransɛm no bɛdi Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no anim, akɔ wiase nyinaa.” Ayeforɔ no bɛtumi aka sɛ: Saa da yi saa Twerɛsɛm yi ahyɛ ma.

Yɛbɛtumi ate aseɛ sɛ Onyankopɔn Nne ankasa nam nipa ano so akasa, atwe agu ahoma so, na wɔakora so ɛwɔ yɛn da yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi akasa akyerɛ yɛn mu baako biara Sɛ Awurade Seɛ nie? Wama ayɛ yie sɛ ɛho nhia sɛ yɛbɛfa obiara asɛm, obiara adwene, obiara nsusueɛ, tena ase kɛkɛ na tie Ne Nne a Ɛka N’Asɛm Korɔgyenn no kyerɛ yɛn tẽẽ.

ƐDEƐN NA ƐREKƆ SO NNƐ YI?

Na Onyankopɔn (B-A) S-o-n korɔ no ara a ɔfirii apueɛ fam baaeɛ na Ɔbɛdaa Ne mu nokorɛ adi sɛ Onyankopɔn a Ɔdaa adi wɔ honam mu no, yɛ Onyankopɔn (B-A) S-o-n korɔ no ara wɔ ɛhanom atɔeɛ fam asase so no, a Ɔreyi Ne ho akyerɛ wɔ asafo no ntam anadwo yi, te saa ara ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Ɔba no anwummerɛ Hann no aba. Saa da yi saa Twerɛsɛm wei ahyɛ ma wɔ yɛn anim.

ANYABIA YƐWƆ ONYANKOPƆN PƐ A ƐWIE PƐYƐ MU ƐNAM SƐ YƐREKA NA YƐREGYEDI SƐ: “WOREBƆ TAPES NO ƐNE ONYANKOPƆN KWAN A ƆDE AMA N’AYEFORƆ NO”?

ANYABIA BIRIBI WƆ HƆ ƐYƐ KƐSEƐ KYƐN SƐ WORETIE TAPES NO?

Ɛberɛ nyinaa wɔde Onyankopɔn gyina wɔ mmiɛnsa mu, sɛnea mekaeɛ anadwo a ɛtwaa mu no. Na Sodomfoɔ, Lɔtofoɔ ɛne Abrahamfoɔ wɔ hɔ. Ɛwɔ gyinabea korɔ no ara mu anadwo yi, wiase tebea no te saa ara.

Hyɛ no nso, Ɔnii no a Ɔtenaa Abraham nkyɛn no na Ɔyɛ Onyankopɔn Ankasa. Na afoforɔ mmienu no yɛ Abɔfoɔ somafoɔ.

ENTI HWAN NA ƆREKASA WƆ TAPES SO KYERƐ YƐN NO?

Ma memmisa wo biribi. Afei hwɛ nhyehyɛeɛ wei. Abraham frɛɛ saa Ɔbarima yi a Ɔkasa kyerɛɛ no no sɛ, “Elohim.” Hebri asɛmfua Elohim kyerɛ “Ɔnii no a Ɔdɔɔso no, Ɔnii no a Ɔnni Awieɛ no,” Elohim, Onyankopɔn Ankasa!

SƐN PAA NA ƐHIA SƐ WOBƐ PRESSE PLAY?

… “da bi Honhom Kronkron no bɛba abɛyɛ ade korɔ no ara, na sɛ woka asɛm baako tia No a, wɔremfa nkyɛ no da.” Ɛno ne ɛnnɛ da yi, a ɛsɛ sɛ Asɛm biara ɛsɛn bom. “Ka asɛm bi tia No, wɔremfa nkyɛ da wɔ wiase wei mu anaa wiase a ɛbɛba no mu.”

Yɛn naawɔtwe a ɛtwaa mu hallelujah nom no ɛne Awurade ayɛyie no na ɛyɛ ahosiesie kɛkɛ a ɛbɛma yɛn ayɛ krado ama deɛ ɛrebɛkɔ so Kwasiada wei, ɛberɛ a prɛko bio Ayeforɔ no ka bom na wɔtie ONYANKOPƆN a Ɔrehyɛ yɛn nkuran na Ɔrema yɛn awerɛhyɛmu sɛ yɛyɛ wɔn a Wayi wɔn no, na ɛnkyɛ Ɔrebɛfa yɛn akɔ yɛn Ayeforohyia Anwummerɛ Apontoɔ kɛseɛ no ase, afei yɛn Daakye Fie.

Wei ne ɛda a AWURADE ayɛ; yɛbɛdi ahurusie na yɛagye y’ɛani wɔ mu.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Ɔgyefuo da a ɛtɔ so du nkoron afe apem ahankoron aduosia num (65-0219)- “Saa Da Yi Twerɛsɛm Wei Ahyɛ Ma”.

Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Yohane Etire du nsia
Isaiah 61:1-2
Ɔhoteni Luka 4:16.