Dɔfoɔ Ɔbaabunu Asɛm Ayeforɔ,
Mete ha anɔpa yi a merenya ngosra mu atenka bi a ɛte saa ɛberɛ a metie, ɛkenkan na mesua saa Nkransɛm yi a Ayeforɔ no bɛtie Kwasiada. Me nipadua no nyinaa anya ngosra. M’akoma de anigyeɛ redi ahurusie a ɛte saa sɛnea menim, YƐN NYINAA DE NGOSRA KORƆ YI ARA BƐBOABOA YƐN ANO ABOM AFIRI WIASE AFANAA. Yɛbɛwɔ anigyeɛ mu, reyi Awurade ayɛ, ne nyinaa wɔ ɛberɛ korɔ mu, ɛberɛ a Ɔkasa kyerɛ yɛn mu baako biara na Ɔda N’Asɛm adi.
Ngosra no bɛyɛ kɛseɛ ara ma nkekamu ɛne nteatea mu bɛsi, “halelujah, amen, kamfo Awurade Din no” wɔ ewiase afanaa nyinaa wɔ ɛberɛ korɔ mu, ɛberɛ a yɛde yɛn ayɛyie nom ɛne yɛn som rebɔ aprɔ wɔ Ɔsoro.
Ɛdeɛn na ɛbɛsie? Onyankopɔn rebɛkeka N’Ayeforɔ abɔ mu na Wakasa akyerɛ wɔn. Yɛbɛyɛ Ɛkoro Bafua, wɔ adwene baako ɛne nteaseɛ baako mu ɛberɛ a Ɔda no adi na Ɔyi Ne ho adi kyerɛ yɛn.
Beaeɛ kɛseɛ biara nni hɔ a wobɛtumi akɔ, Ɛnne kɛseɛ biara nni hɔ a wobɛtumi atie; ngosra kɛseɛ biara nni hɔ a ɛsõ kyɛn Onyankopɔn Nne a ɛrekasa kyerɛ wo tẽẽ wɔ tapes no so.
Onyankopɔn ahwɛ N’Asɛm so firi mfitiaseɛ no na wama baabi a Ne mma nyinaa bɛtumi akɔ na wɔatie sɛ Ɔrekasa na Ɔkyerɛkyerɛ Ɔno ara Asɛm ase. Beaeɛ bi a ɛyɛ me sɛ, mewɔ anidasoɔ, mepɛ sɛ mehunu biara nni hɔ; Ɛyɛ Onyankopɔn beaeɛ a Ɔde ama sɛ tie SƐ AWURADE SEƐ NIE.
Sɛ wɔda no adi kyerɛ wo a, ɛte sɛ kanea kɛseɛ bi a wɔasɔ wɔ w’akoma ne wo kra mu…woteɛm sɛ, “ɛno nie. Mehunu. Me ne ONII NO A ƆNE ASƐM NO WƆ HƆ NO. ME NE ASƐM NO. ME NE AYEFORƆ NO. MADURU.”
Ɛrekɔ so, na wɔnnim. Hwɛ, ɛno ara ne no. Moahu? Yiw, owura. “Na baabi a Ɛnam-mono wɔ no, ɛhɔ na akɔdeɛ no bɛboaboa wɔn ano,” ampaniampaa ɛte sɛ wiase no. Moahu? Ɛno ne deɛ Ɛkaeɛ. Ɛdeɛn ne nam-mono no? Asɛm no. Ɔno ne Asɛm no, Ɛnam-mono no, Kristo! “Kristo a Ɔwɔ wo mu,” te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Nokorɛ paa a Ɛyɛ!
Ɛberɛ a yɛboa yɛn ano sɛ yɛbɛtie Asɛm no, yɛn dadwene nyinaa, yɛn adwennwene nyinaa, yɛn haw nyinaa yera kɛkɛ. Yɛn ani gye ɛberɛ a yɛhunu sɛ yɛnni biribiara a ɛsɛ sɛ yɛha yɛn ho wɔ ho; yɛyɛ N’Ayeforɔ. Ɛnyɛ sɛ Ɔka yɛn ho nko ara, MMOM ƆWƆ YƐN MU. YƐN NA YƐYƐ ABA ASƐM AYEFORƆ NO. Biribiara yɛ deɛ ɛwiɛ pɛyɛ. Ne berɛ nhyehyɛeɛ wie pɛyɛ. Yɛwie pɛyɛ.
Yɛbo atɔ yɛn yam paa na yɛn ani asɔ paa sɛ yɛbɛka sɛ yɛyɛ N’Asɛm baabunu a wɔawo no a wɔada no adie; Yesu Kristo te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem, Ɔwɔ yɛn mu ɛna Ɔte yɛn mu. Haleluia!
Yɛntumi ngo yɛn mudie mu wɔ ASƐM BAAKO HO. Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no.
Anyabiaa wohunuu ɔkɔdeɛ bi a wago ne mmudie mu pɛn? Dabi, owura. Mmudie ngogoeɛ biara nni ne mu. Saa ara na Kristoni kann nso ɛnyɛ saa. Ɔnyɛ mmerɛ. Ɔbɛkɔ ahayɔ kɔsi sɛ ɔbɛnya No. Amen. Yiw, owura. Ɔbɛnya ne Nam. Ɔpɛ Manna a ɛyɛ foforɔ. Ɔbɛsiane aba fam hɔ na wahwehwɛ kɔsi sɛ ɔbɛnya No. Ɔbɛtu akɔ ɔsoro na wakɔ soro. Sɛ biribibiara nni bonhwa wei mu a, ɔbɛma ne ho so akɔ soro kakra. Dodoɔ a wokɔ soro no, dodoɔ no ara na wotumi hunu. Enti ɛberɛ aso sɛ akɔdeɛ a wɔwɔ hɔ ɛnnɛ no ɛtu kɔ soro, hwehwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nom mu, ɛnsɛ sɛ monam mpɛtɛ aduane a wɔkumm no mfie bi a atwam so tena ase; firi mu fi.
Siesie wo ho Ayeforɔ, yɛbɛdi saa Manna foforɔ no, ɛberɛ a yɛretena ngosra kɛseɛ paa ɛwɔ hɔ no ase, Kwasiada yi wɔ prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu ɛberɛ a yɛtie Aba No Ɛne Ɛhono No Renni Adeɛ Mmɔ Mu 65-0218.
Yɛto nsa frɛ Ayeforɔ no firi ewiase afanaa sɛ wɔmmɛka yɛn ho mma yɛnto nsa nnidi wɔ Onyankopɔn Kwan a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama ɛnnɛ no so. Beaeɛ baako pɛ a AYEFORƆ no bɛtumi agye Asɛm biara so amen. Faako a Honhom Kronkron ngosra a ɛkorɔn no kasa na Ɛma N’Ayeforɔ no wie pɛyɛ ɛnam Pressing Play so na woretie na woregye N’Asɛm.
Onuabarima Joseph Branham.
Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Mateo 24:24
Ɔhoteni Luka 17:30
Ɔhoteni Yohane 5:24 / 14:12
Romafoɔ 8:1
Galatifoɔ 4: 27-31
Hebrifoɔ 13:8
1 Yohane 5:7
Adiyisɛm 10
Malaki 4.