Nkransɛm: 65-0221M Awadeɛ Ɛne Awaregyaeɛ
Ayeforɔ Dɔfoɔ a Wɔasa Mu, Wɔayie, na Wɔahyɛ ato hɔ:
Mekae sɛ aberantewaa a na merenyini no, na merebɔ mmɔden sɛ mɛyi tape bi a mɛtie. Ɛberɛ a merekenkan ɛdin nom a ɛdedasoɔ no, ɛberɛ biara na medwene sɛ, mentie Awareɛ ne Awaregyaeɛ, ɛfiri sɛ ɛne me nni hwee yɛ; nnipa a wɔn awareɛ nko ara.
Afei da koro bi, ɛberɛ a na meretie Awareɛ ne Awaregyaeɛ no, Agya maa me Adiyie ma saa Nkransɛm no. Ne ngosra no baa m’akoma mu. Ɔne merekasa. Saa Nkransɛm yi YƐ me dea. ƆREka akyerɛ me sɛ Ɔyii me ansa na ewiase fapem. Wei ne m’awaregyeɛ afahyɛ. Mempɛ obiara gye Ɔno. Meyɛ nokwafoɔ na medi nokorɛ ma No, ɛne N’Asɛm, ɛne Ne Nne, NKUTOO. Yɛyɛ BAAKO.
Ampa ara na saa Nkransɛm yi kɔma anuanom mmarima ne mmaa bebree a na wɔn awareɛ na seesei wɔn agyae awareɛ no, ɛna Ɔreka deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ kyerɛ wɔn; nanso na nteaseɛ bi a na ƐWIE DU NA ƐYƐ KƐSEƐ koraa wɔ hɔ, na ɛsõ koraa, na ɛwɔ tumi kɛseɛ pii.
Na Okunu baako na Ɔwɔ hɔ, na na Ɔrefrɛ na Ɔrekasa kyerɛ N’Ayeforɔ a wɔayi wɔn bebree. NA ONYANKOPƆN NNE REFRƐ N’ASƐM AYEFORƆ KORƆGYENN, A WƆNFRAFRA MU. Deɛ onipa nguu ne ho fi anaa sɛ nsa nkaaeɛ. Obi a ɔyɛ nokwafoɔ na ɔdi nokorɛ ma Ɔno ɛne N’Asɛm nko ara. Ɔnii ko a na ɔwɔ abotɔyam koraa ma Ɔno ne Ne Nne.
Ɛnam N’Adom ne Mmɔborohunu so no, ɛnnɛ yɛbɛtumi aka, a adwenem naayɛ ho sunsum baako nni mu sɛ, YƐYƐ N’AYEFORƆ BAABUNU ASƐM. ANIMUONYAM!!
Ɔpɛɛ sɛ Ɔnya ahotɔsoɔ sɛ ano biara a ɛnsii pɔ nni hɔ sɛ ɛba sɛ Ɔrefrɛ N’Ayeforɔ a, enti Ɔno Ankasa baaeɛ na Ɔbɛtenaa onipa honam mu sɛ Ɔbɛda N’Asɛm adi na Wafrɛ N’Ayeforɔ no ama Ne ho. Na Ɔno ne Eliezer a Ɔbɛyi Ɔno Ankasa Ayeforɔ.
Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahwɛ ahunu sɛ ɔkwan biara nni hɔ a ɛbɛma y’ɛadwene mu ayɛ yɛn kesenaa ɛfa ɔnii a na ɔne yɛn wɔ awareɛ ayɔnkofa no, Ɔno Ankasa daa Ne nipa a Wayie mu nokorɛ adi ɛberɛ a Ɔnam mmoatia mframa a ɛsensɛn dua bi mu kasa kyerɛɛ no no. Afei Ɔkasa kyerɛɛ no wɔ anikan pefee so wɔ Ohio Asubɔnten no so wɔ mpempem pii anim.
Ɔmaa Ɔne no twaa mfonini mpo sɛnea ɛbɛkyerɛ na aka akyerɛ wiase, MEKA KYERƐƐ MO SƐ MƐSAN ABA BIO NA MABƐTENA HONAM MU. ƆNO NE ƆNII A MEYII SƐ MƐTENA NE MU, SƐ MƐFRƐ MO SƐ MO MMƐYƐ M’AYEFORƆ. ƐNYƐ ƆNO; ƐYƐ ME A MENAM NE SO REKASA. MEDE NE NNE REYƐ ME NNE KƐKƐ AMA MO. ME NE ƆNII A WAFRƐ MO NA ƆREMA MO AWIE PƐYƐ SƐ MO BƐYƐ M’AYEFORƆ A ƆWIE PƐYƐ.
Saa Nkransɛm yi Adiyie, N’Asɛm, Ne Nne, ɛna seesei nnipa ko a YƐYƐ no boro nnipa nsɛmfua so sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ mu a. Menim sɛ monim deɛ mereka no pɛpɛɛpɛ. Ohwim mu Gyidie rekɔ so. Ayeforɔ no resiesie Ne Ho ɛnam sɛ ɔretena Onyankopɔn Ankasa animpa, rema no wie pɛyɛ.
Akwanya paa bi a wiase wɔ sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn Nne sɛ ɛkasa kyerɛ wɔn; sɛ yɛbɛtena ase na yɛatie Asɛm koro biara ɛberɛ a Ɔkasa na Ɔda N’Asɛm adi na Ɔka kyerɛ yɛn nnipa ko a yɛyɛ. Biribiara nni hɔ a ɛte sɛ sɛ wobɛtena N’animpa, enti bra bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛte sɛ Ɔkasa kyerɛ N’Ayeforɔ, Nkransɛm no, “Awareɛ Ne Awaregyaeɛ”- 65-0221M.
Onuabarima Joseph Branham
Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na watie Nkransɛm no:
Ɔhoteni Mateo 5:31-32 / 16:18 / 19:1-8 / 28:19
Asomafoɔ no Nnwuma 2:38
Romanfoɔ nwoma 9:14-23
Timoteo nwoma a ɛdikan 2:9-15
Korintofoɔ nwoma a ɛdikan 7:10-15 / 14:34
Hebrifoɔ 11:4
Adiyisɛm 10:7
Genesis etire mmiɛnsa
Leviticus 21:7
Job 14:1-2
Isaiah 53
Hesekiel 44:22.