Dɔfoɔ Nwammaa,
Animuonyam ne akwanya paa a ɛyɛ sɛ yɛbɛka sɛ, “Yɛyɛ Onyankopɔn nwammaa, a Ɔsomaa Ne bɔfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson sɛ ɔmfrɛ na ɔmma no aduane a ɛyɛ Ne Manna a ahinta na wakora no.”
Yɛbo atɔ yɛn yam na yɛgye di sɛ saa Nkransɛm yi yɛ Onyankopɔn Nne a wɔasoma sɛ ɛnkɔma N’Ayeforɔ no nwie pɛyɛ. Yɛgye di sɛ ɛhono no rehwane firi ayuo no ho, na seesei N’Ayeforɔ no da Ɔba no Animpa, a ƆREPRESSE PLAY ama no abere.
Na ɛno ne deɛ ɛnti a yɛwɔ ha, damfo, tena Ɔba no Animpa kɔsi sɛ yɛn nnipa kuo ketewa a wɔwɔ ha no, kɔsi sɛ ɛbɛbere paa ama Kristo, abɛyɛ paanoo wɔ Ne pono so. Ɛno ne deɛ mepɛ sɛ ɛyɛ.
Obiara a ɔnnye nni sɛ PRESSING PLAY ɛne sɛ ɔretie Onyankopɔn Nne a wɔasi no pi no yɛ Ɛnne a ɛho hia paa sɛ wotie no, yɛ obi a ɔredwane afiri Awurade animpa.
Ɛsɛ sɛ wonya akokoɔduru gyetom, anaa sɛ woyɛ ho biribi. Wowɔ asodie bi, obiara wɔ, na ɛsɛ sɛ wode akokoɔduru gye saa nneɛma yi tom.
Nokorɛ ɛne hia a ɛhia paa saa anumnsɛm yi ɛyɛ ma ɛnnɛ da yi. Mpaapaemu pii wɔ wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no mu. Anyabia ɛho abɛhia pii sɛ wɔbɛbɔ tapes wɔ asɔredan mu atie Onyankopɔn Nne, anaasɛ afei ɛho abɛhia pii sɛ ɔsom adwuma no bɛka Asɛm no?
Onyankopɔn afrɛ na ɔde ɔsom adwuma no asi ha sɛ wɔmfa Asɛm no nsi nkorɔfoɔ no anim. Wɔyɛ Nwanhwɛfoɔ. Asɛm no kyerɛkyerɛ wei. Ɛsɛ sɛ yɛde obuo ma wɔn na yɛdi wɔn ni sɛ nnipa a Onyankopɔn afrɛ wɔn na ɔde wɔn asi hɔ.
Yɛntumi, na ɛnsɛ sɛ yɛka da sɛ wɔnyɛ Ayeforɔ no. Ɛno yɛ MFOMSOƆ na ɛnyɛ sɛdeɛ odiyifoɔ no kyerɛkyerɛɛ yɛn ne no. Mate sɛ nkorɔfoɔ ka sɛ: “Sɛ wɔremmɔ tapes no wɔ wɔn nsɔre mu a, wɔtia Asɛm no.” Ɛnsɛ sɛ woka biribi a ɛte saa da. Ɛno kyerɛ me sɛ wowɔ honhom a ɛnyɛ papa.
Mate sɛ afoforɔnom aka sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa ne BT tie bɔ mu anyɛ saa a wɔn afiri Onyankopɔn pɛ mu”. Ɛnsɛ sɛ woka biribi a ɛte saa da. Onyankopɔn nkutoo na Ɔnim deɛ ɔyɛ ɛne deɛ ɔnyɛ Ayeforɔ. Ɛno nyɛ Ayeforɔ no honhom sɛ ɔbɛka biribi a ɛte saa.
Nkorɔfoɔ a wɔ ne BT retie bɔ mu no bi mpo reka sɛ, “sɛ wokɔ asɔre kɔtie tapes no na woanmmɔ wɔ wo fie a woayɛ mfomsoɔ!” Ɛno nyɛ nokorɛ nuammarima ne nnuamaa. Sɛ worekeka saa a, GYAE, woayɛ mfomsoɔ. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ sɛnea WƆTE NKA SƐ AWURADE DI WƆN ANIM SƐ WƆNYƐ.
Asomfoɔ pii te nka sɛ asɛnka ne Onyankopɔn kwan a Ɔde ama ɛnnɛ. Yɛhunu nneɛma soronko kɛkɛ, ɛyɛ. Mpɛn dodoɔ sɛn na Onuabarima Branham yɛɛ ntotoho korɔ yi ara? Ɛnkyɛree koraa na yɛtee
no wɔ Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ, ɛberɛ a na nkorɔfoɔ rekasa fa Onuabarima Jackson ho sɛ wayɛ mfomsoɔ no, ɔkasa tiaa wɔn sɛ wɔreka biribiara atia ɔne n’asafo.
Menam krataa yi so reka Asɛm no afa deɛ megye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn kwan a Ɔde ama Branham Tabernacle no. Wɔyɛ yɛn nuammarima ne mmaa. Wɔdɔ Awurade ɛne saa Nkransɛm yi. Ɛno ne sɛnea wɔte nka sɛ Awurade redi wɔn anim. Monyi Awurade ayɛ.
Wɔhunu no ɔkwan baako so ɛna yɛhunu no ɔkwan foforɔ so, ɛyɛ. Menhunu no wɔ wɔn kwan so na wɔnhunu me deɛ. M’afam no, akwan pii na ɛwɔ hɔ a Onyankopɔn de ama, nanso ƆKWAN BAAKO PƐ NA ƐWIE PƐYƐ, NA M’AFAM NO ƐNO NE PRESSING PLAY.
Mebɔ mpaeɛ obi mfa m’ano nsi bɔne wɔ ɛha. Nsa a wɔde gu nnipa so ɛne mpaebɔ yɛ sɛdeɛ Asɛm no seɛ ɔha mu nkyekyɛmu ɔha. Ngo a wɔde sra ɛne mpaeɛ a wɔbɔ ma ayarefoɔ yɛ Onyankopɔn Asɛm sɛdeɛ Twerɛnsɛm no kyerɛ no. Onuabɛɛma Branham kaa Asɛm no na ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ ne mmienu yɛ Asɛm no. Nanso mepɛ ONYANKOPƆN KWAN A ƐWIE PƐYƐ A ƆDE AMA….GYE DI KƐKƐ ƐFIRI SƐ ONYANKOPƆN KAA SAA. Ɛno ne deɛ merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ.
Nanso afei ɛfa, ayaresa ho no, ɛyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu ara kwa sɛ Ɔno, “Ɛnam Ne mmaa ntampeɛ so na wɔsaa wo yareɛ.” Afei, ɛdikan no Asɛm no ka saa, ɛsɛ sɛ ɛno dɔɔso, nanso sɛ wonnye ɛno nni wɔ Asɛm no mu a, ɛneɛ akyɛdeɛnom wɔ Asafo no mu, te sɛ mmarima a wɔwɔ nkanyan sɛ wɔnim sɛnea wɔkyerɛkyerɛ saa, ɛno bɛma ani ada hɔ pefee ama wo, ɛno, ɛne, gyedie sɛ wobɛgye adie.
Megye ɔsom adwuma num no di. Megye Onyankopɔn nnipa a Wafrɛ wɔn sɛ wɔnka na wɔnkyerɛkyerɛ Asɛm no di. Nanso, megye di sɛ woretie Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no yɛ Onyankopɔn KWAN A ƐWIE PƐYƐ MA ME.
Meretie tapes no, ɛnni sɛ mete aseɛ mpo, SƐ MƐGYE ASƐM BIARA A METE ADI KƐKƐ. Onipa biara nni hɔ, ɔsomfoɔ biara nni hɔ, baabi foforɔ biara nni hɔ a mɛtumi akɔ a mɛgye ASƐM BIARA adi na mede me Daa nkwa akwantuo awieɛ no bɛto so, gye sɛ tapes no so.
Ɛbi nsii da ɛfiri mmerɛ ahyɛaseɛ, a Onyankopɔn ama Ne nkorɔfoɔ akwanya ne tumi sɛ wɔn ankasa bɛtie Ne Nne sɛ Ɛkasa ano gu aso mu. Wɔada ahintasɛm biara adi wɔ tapes no mu. Wɔayi asɛmbisa biara ano wɔ tapes no so. Biribiara a Ayeforɔ no hia a ɛbama no awie pɛyɛ no wɔ tapes no so.
Asɛm biara a wɔaka wɔ tapes no so no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Ebia mente aseɛ anaasɛ mentumi nkyerɛkyerɛ biribiara mu, nanso ɛnni sɛ meyɛ. Ɔhwehwɛ sɛ mɛka AMEN AMA ASƐM BIARA kɛkɛ, na TAPES no ɛne beaeɛ NKUTOO a mɛtumi ayɛ saa.
Nanso ɛberɛ a—ɛberɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ biribi soronko, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wogyina ma wo gyedie a wonim sɛ ɛyɛ Nokorɛ no, ɛhɔ na ɔfã a ɛyɛ den no wɔ, ɛno na amaneɛ no ba no, ɛhɔ ara.
Mede deɛ ɛwɔ me mu nyinaa gye di sɛ, yɛwɔ Onyankopɔn Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu na yɛwɔ suhyɛn a ɛrekɔ Niniwe. M’ani bɛgye ho sɛ wiase bɛka yɛn ho wɔ yɛn suhyɛn no mu Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛ Ne Nwammaa.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: a ɔkaa no Ogyefoɔ da du-nson wɔ afe apem ahankoron aduosia num mu (65-0217) “Onipa A Ɔredwane Afiri Awurade Animpa.”
Twerɛnsɛm a wobɛkeken:
Yona 1:1-3
Malaki 4
Ɔhoteni Yohane 14:12
Luka 17:30