26-0125 Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #1

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Branham Tabernacle,

Nkyea nkɔma Yesu Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa, a wɔgye di sɛ Branham Tabernacle, Onyankopɔn Nne, na ɛyɛ wɔn fie asɔre baabi a wɔde Manna a ahinta a wɔakora na wɔde agu hɔ no rema Kristo Ayeforɔ no honhom aduane die no.

Wei ne me fie adwosuo; wei ne me headquarters; ɛha ne baabi a yɛ hyɛɛ aseɛ. Afei, fa ɛno to wo tiri mu ɛmfa ho deɛ ɛbɛsie biara. Afei, sɛ woyɛ ɔba nyansafoɔ a, wobɛkyere biribi. Ɛmfa ho deɛ ɛbɛsie biara, ɛha ne yɛn headquarters, ɛha yi ara aaa!

Ɛberɛ nyinaa agyedifoɔ bebree anya nteaseɛ a ɛyɛ mfomsoɔ anaa sɛ wɔde wɔn ankasa adwenkyerɛ anaa wɔn nkyerɛaseɛ ato deɛ ɔdiyifoɔ no kaa wɔ ha no so, nanso ɔreka akyerɛ ayeforɔ no tẽẽ, “Sɛ woyɛ ɔba nyansafoɔ a, wobɛkyere biribi, ɛha ne yɛn headquarters, ɛha yi ara!

Ɛdeɛn na na ɔde ɛno kyerɛ?

Ɛberɛ a na Onuabarima Branham wɔ ha no, dodoɔ no ante no ase na wɔdwenee sɛ ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no kɔ Arizona na wɔkɔdi n’akyi wɔ hɔ, ama wɔn aka Ohwim no ho. Onuabarima Branham maa wɔn mmuaeɛ a na ɛmu da hɔ pefee: MONTENA HA, BEAEƐ NO NIE.

Wɔn mu ekuo kɛseɛ no de wɔn ani kyerɛɛ saa kwan no so, na wɔpɛɛ sɛ wɔbɛkɔ wei na wɔayɛ saa, ɛwɔ ɛberɛ a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn ntena hɔ akyi. Montena hɔ, montena ɛha yi ara; beaeɛ no nie.

Nkorɔfoɔ maa wɔn ho so firii United States baabibiara sɛ wɔ kɔ Arizona, nanso ɔkaa no pefee kyerɛɛ wɔn: Montena ɛha yi ara, beaeɛ no nie!

Montena Jeffersonville? Ɛno ne deɛ ɔkaeɛ!

M’adiyie ne sɛ, na ɛyɛ Onyankopɔn, a ɔnam Ne diyifoɔ so rekasa na Ɔreka akyerɛ nkorɔfoɔ no, “MO NE TAPES NO NTENA.” Ɛno ne BEAEƐ NO!

Ɛhaa no paa ɛna ɔkaa sɛ na ɛsɛ sɛ ɔne saa nkorɔfoɔ no nyinaa yɛ biribi. Ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Asɔre bɛn mu na na ɔde wɔn bɛkɔ? Ɛhe na ɛsɛ sɛ wɔ kɔ? Ɛdeɛn na Onuabarima Branham kaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

Enti seesei, ɛsɛ sɛ mede mmɔfra no san ba ha ma wɔnya biribi die. Wɔ wɔ ɛserɛ no so aseɛ hɔ a ɔkɔm de wɔn.

Wanka sɛ ɛho bɛhia sɛ wɔbɛkɔ asɔre bi a ɛwɔ mpɔtam hɔ na wɔn akɔtie nsɛm kumaa bi a ɛsomboɔ a wɔbɛtumi adidi wɔ ho. Ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔde wɔn SAN BA HA ma wɔnya biribi di, anyɛ saa a ƆKƆM BƐKUM wɔn.

NNAMFONOM, M’ADIYIE.

Afei, ɛnyɛ sɛ prɛko bio yɛrente n’aseɛ yie, anaa sɛ yɛbɛka biribi a wanka, ɛnam sɛ yɛreka sɛ, “Onuabarima Branham pɛɛ sɛ ɔgyedini biara tu kɔ Jeffersonville na ama no ayɛ Ayeforɔ no.” Na Onuabarima Branham nim sɛ saa nkorɔfoɔ no nyinaa, ɛne ɔgyedini BIARA a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa, ntumi ntu nkɔtena Jeffersonville. Ɛno bɛyɛ deɛ ɛrentumi nyɛ yie. Enti na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛn? Na ƆREKA Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa no ABƆ MU wɔ TAPES a wɔatwe agu ahoma so no na wɔde asie sɛ ɛbɛyɛ aduane ama Ayeforɔ no.

Saa Nkransɛm yi, Saa Ɛnne yi, yɛ Onyankopɔn Asɛm a Waka ama ɛnnɛ na Ɛno bɛka Yesu Kristo Ayeforɔ no abom na ama no awie pɛyɛ.

Nam-mono ɛne deɛ akɔdeɛ die. Afei, wɔbu ɔkɔdeɛ wɔ Bible mu sɛ, odiyifoɔ. Odiyifoɔ yɛ ɔkɔdeɛ. Onyankopɔn—Onyankopɔn frɛ Ne Ho sɛ Ɔkɔdeɛ, ɛneɛ na yɛyɛ “akɔdeɛ nkumaa”, ɛɛ– agyedifoɔ no. Moahu? Na ɛdeɛn ne nam-mono no a ɔɔmo die no? Ɛno ne Asɛm no. Baabiara a Asɛm no wɔ no, ɛsu ankasa a ɛwɔ anomaa no mu no bɛyi ne ho akyerɛ.

Ɛhefa na Asɛm korɔgyenn, a wɔasi no pi, a mfomsoɔ nni ne nteaseɛ mu, a ɛyɛ Sɛ Awurade Seɛ nie ma ɛnnɛ no wɔ? Ɛwɔ baabi baako pɛ, Tapes No.

Mɛtumi akɔ so akɔ so, quote by quote, nanso saa Nkransɛm yi ɛne deɛ Onuabarima Branham kaaeɛ no gye Adiyie firi Onyankopɔn hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛnam adiyie so kenkan nkyerɛaseɛ a asuma no, mmom ka deɛ ɔkaeɛ no. Ɛfiri sɛ Ɛno ne ASƐM KORƆGYENN no.

Asɛmbisa ne Mmuaeɛ a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ ɛne deɛ MEGYE DIE.

Ɛnnɛ, asomfoɔ bebiree reka akyerɛ nkorɔfoɔ no sɛ ɛnam sɛ yɛwɔ Efie Tape Asɔre nti no yɛafiri Asɛm no mu ɛne deɛ Onuabarima Branham kaa sɛ yɛnyɛ no. Ɛyɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ baabi wɔfrɛ na wɔbu no sɛ asɔre no.

Ampa quotes bebiree wɔ hɔ a Onuabarima Branham ka wei pefee.

Afei, wo deɛ kɔ Full Gospel asɔre papa bi mu na nya efie asɔre.

Na mede m’akoma nyinaa gye di, ɛfiri sɛ ɔkaa saa. Nanso megye di yɛreyɛ saa ɛnam sɛ YƐREYƐ EFIE TAPE ASƆRE. Yɛn beaeɛ no ɛnyɛ deɛ ɛho hia ma Awurade. Ɛno yɛ ɛdan bi kɛkɛ. Mmom yɛn asɛdeɛ ma Awurade ne sɛ yɛne N’Asɛm bɛtena, ƐNYƐ BEAEƐ ANAA ƐDAN BI. Beaeɛ no ɛmma nkwa na ɛmma AYEFORƆ no nwie pɛyɛ, ASƐM NO YƐ SAA.

Sɛ mekɔ asɔre dan bi mu, nanso wɔn werɛ afiri ADEƐ TITIRI NO A: sɛ mɛte Onyankopɔn Ɛnne ɛnam Pressing Play so, ɛna deɛ wɔde asi ɛno ananmu ne sɛ woretie asomfoɔ a wɔreka Nkransɛm no ho asɛm NKUTOO, anyabiaa ɛno bɛma wo kra no adidi na ama wo amee paa? Ebia ɛbɛmee wo kra, me nuabarima ne me nuabaa, nanso ɛremmee Ayeforɔ no.

Ma memfa wei nhyɛ mu wɔ ha na menka sɛ nnipa mpempem pii na wɔwɔ hɔ a wɔnni asɔre dan a wɔbɛkɔ mu. Wɔn ayera anaa? Sɛ wɔnni ɔsɔfoɔ anaa asɔre a, ɛno kyerɛ sɛ wɔntumi nyɛ Ayeforɔ no anaa? Sɛ ɛfiri baabi a woteɛ no kɔ asɔredan bi mu yɛ borɔfo-kwansini ɔha a, ɛsɛ sɛ wokɔ saa asɔre no? Nanso sɛ mete akyirikyiri a, ɛnsɛ sɛ mekɔ? Ɛsɛ sɛ metie ɔsɛnkafoɔ wɔ ahoma so, nanso mentumi ntie tapes no? Ɛdankora no na odiyifoɔ no reka sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ yɛkɔ anaa?

Ɛhefa na na odiyifo no pɛ sɛ ɔde Ayeforɔ no ba?

Sɛ wontumi mma Tabernacle ha a, nya asɔre bi wɔ baabi; Kɔ ɛhɔnom.

Prɛko bio, ɛhefa ne baabi ɔdikan yii sɛ ɔde nkorɔfoɔ no bɛkɔ no? Ɛkɔ Branham Tabernacle, Asɛm no, tapes no. Ɛno ne deɛ Onyankopɔn de ama N’Ayeforɔ sɛ ɔnyɛ wɔ saa awieɛ-berɛ yi mu, na yɛreyɛ no da-biara ƐNE Kwasiada biara.

Sɛnea ɛbɛyɛ na obi ɛnte me aseɛ yie no. MERENKA SƐ ɛsɛ sɛ wo ne Branham Tabernacle tie tapes no na ama wo ayɛ Ayeforɔ no. MERENKA sɛ ɛnsɛ sɛ wo kɔ asɔre. MERENKA sɛ wontumi ntie asomfoɔ. Sɛ wogye ɛno di a woamane afiri Asɛm no ho. Mereka sɛ woretie Onyankopɔn Enne a ɛwɔ tapes no so no ɛne Ɛnne a ɛho hia paa a ƐSƐ SƐ WO TIE, na megye di sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ biara bɔ saa Ɛnne no, tapes no, wɔ wɔn nsɔredan mu. Nanso wɔama anoyie biara a ɛwɔ hɔ SƐ WƆREMMƆ TAPES NO. Sɛ ɛno ne w’asɔre a, ɛnnyɛ Asɛm no na ɛrema wo aduane die.

Ɛda adi pefee sɛ wei ne deɛ na ɔmpɛ sɛ ɛbɛsie ɛne deɛ na nkorɔfoɔ no reyɛ.

Na kɔ asɔre; ntena fie, nkɔ mpataayie, ɛne ahayɔ, ɛne nneɛma a ɛtete saa Kwasiada.

Ɛnyɛ saa na yɛyɛ. Yɛreboa yɛn ano hyia wɔ adeɛ baako pɛ a ɛbɛka Ayeforɔ no abom no ho, Saa Nkransɛm yi, Saa Ɛnne yi.

Prɛko bio, megye asɔrekɔ di. Nsɔre pii na ɛwɔ wiase a wɔde tapes no redikan wɔ wɔn asɛnkannua so, ayɛyie nka Awurade. Anyabiaa megye di sɛ ɛsɛ wo tena fie anyɛ saa a wonyɛ Ayeforɔ? DAABI DAABI, DAABI….menwenee ho da, ɛnye nii da. Mepɛ sɛ wo PRESS PLAY kɛkɛ ɛmfa ho baabi a wowɔ anaa asɔre ko a wokɔ.

Sɛ wo nni deɛ ɔreka no ho Adiyie a, ɛneɛ wobɛtumi aka no pefee sɛ, “Ɛho nhia sɛ mɛtie Ɔnuabarima Branham anaa sɛ mpo ɛsɛ sɛ me ne no yɛ ADWENE wɔ deɛ ɔka no nyinaa ho. Ɔkaa saa mpo, nnipa afoforɔ pii wɔ hɔ a Onyankopɔn-afrɛ wɔn”

Kɔ so. Yɛhyɛ no nso wɔ ha, ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ asɔre foforɔ a ɛne wo nyɛ adwene no mu?” Aane, me nnyɛ…ɛnyɛ me nko ara na me yɛ mpoano aboba, wo nim. Ɛwɔ hɔ—Onyankopɔn nkorɔfoɔ afoforɔ wɔ baabiara kɛkɛ; Mewɔ anidasoɔ sɛ meyɛ wɔn mu baako.

Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no na ɛyɛ M’ABOBA, ME BOTAN. Ɛyɛ Ɛnne no na mepɛ sɛ metie ɛne Ɛnne a mepɛ sɛ Branham Tabernacle tie.

Sɛ wopɛ sɛ woka yɛn ho a, yɛma wo akwaaba mmorosoɔ me nuanom mmarima ne mmaa. Ka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛbere a yɛtie Onyankopɔn Nne sɛ ɛkasa na ɛyi nsɛmmisa pii a ebia wowɔ wɔ w’akoma mu ano. Na wo ankasa tie sɛ nneɛma a maka wɔ krataa yi mu no amane afiri Asɛm no ho na mayɛ nteaseɛ mu mfomsoɔ wɔ deɛ Onyankopɔn reka akyerɛ N’Ayeforɔ no a.

Deɛ ɔka wɔ tapes no so no yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie. Ɛnyɛ deɛ meka sɛ ɔreka, anaa deɛ megye di sɛ ɔreka, na Onyankopɔn NKUTOO na Ɔbɛtumi ama wo nokorɛ Adiyie no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm 64-0823M Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ.